Woate Yehowa Ayeyi wo Nsupɔw no So
Wɔ 1969 mu no, Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Obasan, ɔbea warefo a ɔwɔ ne mfinimfini mfe mu a na ɔyɛ Seventh-Day Adventistfo Asɔre a ɛwɔ Belau a ɛyɛ nsupɔw a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Pasifik atɔe fam no mu no ɔbea sofo no. Wofii dapɛn dapɛn Bible adesua ase, ɛwom sɛ na ɔsɛmpatrɛwfo no ntumi nka Palauan kasa no yiye ara de.
Bible mu kyerɛw nsɛm biako a Obasan ani gyee ho ne Dwom 37:10, 11, faako a ɔkenkanee sɛ Yehowa atirimpɔw ma ahobrɛasefo ne sɛ wobenya asase no adi na wɔatra ase wɔ asomdwoe bebree mu no. Ankyɛ biara na ohui sɛ Yehowa benyan wɔn a wɔnteɛ no mpo na wama wɔn hokwan a ɛbɛma wɔanya daa nkwa wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu.—Asomafo no Nnwuma 24:15.
N’ani gyei kɛse bere a osuaa Onyankopɔn dɔ, n’atɛntrenee ne hwɛ a ɔnhwɛ obi anim no ho ade no. Asɔfo kɔɔ ne fi da biara da na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wagyae Bible no a ɔne Yehowa Adansefo sua no. Obisaa wɔn nsɛm a ɛfa Bible no ho nanso wannya mmuae a ɛfata. Da koro wɔka kyerɛɛ no wɔ asɔredan no mu sɛ onni asɔre no anim wɔ mpaebɔ mu. Na onim sɛ sɛ ɔbɔ Yehowa mpae a, ɛbɛma ne mfɛfo asɔrekɔfo no akasa atia no kɛse. Nanso sɛ wammɔ Yehowa mpae a, ɛnde na ne mpae no ne nea ogye di wɔ ne koma mu no bɛbɔ abira. Enti ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔbɔɔ Yehowa mpae na eyi ma ogyaee asɔre no wɔ bere tiaa bi akyi. Ntɛm ara ɔkɔkaa asɛmpatrɛwfo no ho wɔ asɛm a wɔka wɔ afie afie no mu.
Ná ne kunu sɔre tia n’asɔre “foforo” no. Ná ɔbow nsa na ohunahunaa no sɛ ɔbɛkɔ asɛmpatrɛwfo no fi na wakɔtow peaw a wɔde kum mpataa awɔ wɔn. Obasan ka sɛ: “M‘abusuafo ani wui bere a wohuu me sɛ mereka asɛm wɔ afie afie mu no. Me nnamfo pii ne me gyaee adamfofa na mprempren sɛ misusuw nsɛm a esisii no ho a, mihu sɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa mmoa a, anka mantumi antoa so.” Asɛmpatrɛwfo no boaa no ma ɔtee Kristosom mu nnyinasosɛm a ɛfa ɔyere ahobrɛase ho no ase na ɔbɔ amanneɛ sɛ bere a ɔde eyi dii dwuma akyi na okwatii akasakasa a ɔne ne kunu nya no, “ogyaee sɔre a ɔsɔre tia no no na awiei koraa no ofii ase suaa ade.”—Efesofo 5:22.
Wɔbɔɔ Obasan asu wɔ 1971 mu na wayɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no fi 1975. Nnipa baanan a ɔne wɔn suaa ade no anya nkɔso abedu baabi a ɛsɛ sɛ wohyira wɔn nkwa so ma Onyankopɔn na wɔde nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Waboa nso ma wɔakyerɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne nhoma afoforo ase afi Engiresi kasa mu akɔ ne kurom kasa a ɛyɛ Palauan mu. Ɛdenam nnipa te sɛ Obasan so no, kyerɛwsɛm no renya mmamu: “Wɔnhyɛ [Yehowa] anuonyam, na wɔnka n’ayeyi wɔ [nsupɔw ahorow so].”—Yesaia 42:12.