Ɔsɔretia A Ano Yɛ Den Wɔ Amerika Kusuu Fam
MFIRIHYIA 100
“SƐ WƆATAA me a, wɔbɛtaa mo nso.” “Wɔde wɔn nsa beso mo mu na wɔataa mo . . . Na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti . . . , na wɔama wɔakum mo mu binom. Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.”—Yohane 15:20; Luka 21:12-17.
Yesu nsɛm a yɛafa aka asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ pefee sɛ wɔbɛtaa ne nokware akyidifo. Nanso dɛn ntia? Obua sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”—Yohane 15:19.
So eyi aba saa wɔ asomfo a wogyina Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no ananmu a wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo yi fam? Sɛ saa a, ntease ahorow bɛn nti na wɔataa wɔn? So ɛyɛ wɔn ho a wɔde hyehyɛ amammuisɛm mu anaasɛ gyina a wogyina nyamesom mu ɔko ne anidan ahorow akyi nti? Dɛn na mfirihyia 100 a atwam no ho kyerɛwtohɔ kyerɛ?
Ɔsɔretia a Edi Kan wɔ United State
Bɛyɛ mfe 32 (1884-1916) no, na Charles Taze Russell ne Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani. Na ɔyɛ ɔsɛmpakafo kokodurufo ne obi a ɔkyerɛw nhoma ahorow pii. Ɔde akokoduru kasa tiaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ, ɔkra a enwu da ne hell-gya a ɛwɔ hɔ daa ho nkyerɛkyerɛ ahorow no. Wɔ bere bi mu no na wotintim Rusell Bible mu nsɛm ahorow no dapɛn biara wɔ atesɛm nkrataa bɛyɛ 3,000 mu wɔ United States, Canada ne Europa. Esiane eyi nti na wɔkasa tia no bere nyinaa, ne titiriw no asɔfo no. N’atamfo pii kasa tiaa ɔno ankasa de bɔɔ mmɔden sɛ wobegu n’anim ase. Obuu ntwirifo yi dɛn? Ɔkae bere bi sɛ: “Sɛ wugyina sɛ wode wo nan bɛbɔ ɔkraman biara a ɔbobom gu wo so a, worennu akyiri.”
Osii gyinae sɛ ɔrensɛe bere ne sika pii wɔ asennibea ahorow, efisɛ ɛno bɛma n’asɔretiafo a wɔne asɔfo no agye din kɛse mmom. Na ogye mmara a Yesu hyɛe no di: “Na dua pa biara nni hɔ a ɛsow aba bɔne nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛsow aba pa. Na dua biara n’aba na wɔde hu. . . . Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi.” Russell pɛe sɛ ɔbɛma aba pa a efi ne som adwuma mu no abu no bem.—Luka 6:43-45.
“Ebinom Bo Befuw”
Nanso ɔsɔretia a ano yɛ den sen biara bae bere a Russell wui akyi bere tiaa bi. Wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no na watintim nhoma ahorow a wɔde sua Bible no a wɔfrɛ no Studies in the Scriptures. Na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛkyerɛw nea ɛto so ason ne nea etwa to anaasɛ sɛnea ɔkae no. “Sɛ Awurade de hokwan no ma obi foforo a obetumi akyerɛw.” Russell wui wɔ 1916 mu, na adwumayɛfo a wɔwɔ Asafo no ti dwumadibea a ɛwɔ Brooklyn no kyerɛw nea ɛto so ason a wɔfrɛ no The Finished Ministry no wiei na woyii no adi wɔ July 1917 mu. Wɔ asram kakraa bi mu no na wɔakyekyɛ 850,000.
Na nhoma no pa Kristoman mu asɔfokuw no ne amammuisɛm mu nnaadaa a ɛne ɔman ho dɔ a ɛbɛma wɔagye nnipa pii a afã abien no nyinaa akunkum wɔn wɔ wiase nyinaa ko no mu atom no ho ntama kɛse. Nhoma no nnianim asɛm no kae sɛ: “Ebinom benwiinwii na wɔahwehwɛ nhoma yi ho mfomso bi; ebinom bo befuw na ebinom bɛkɔ akɔka asɔretiafo no ho.” Na asɛm a ɛtoo Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no mu yɛ den. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?
Wɔ April 1917 mu no, United States kae sɛ ɛretu Germany so sã ma enti ɛde ne ho hyɛɛ Wiase Nyinaa Ko I mu ankasa. Ná, Britania Ahemman a Canada ka ho de ne ho ahyɛ ɔko yi mu dedaw. Nsɛm ahorow a esisii yi ne nkyekyem ahorow kakraa bi a na ɛwɔ The Finished Mystery nhoma no mu maa asɔfo no nyaa hokwan sɛ wɔbɛbɔ mmɔden asɛe Bible Asafo yi.
Wɔ February 12, 1918 mu no, Canada aban no baraa Ɔwɛn Aban Asafo no! Dɛn na ebetumi aba sɛ ɛma ɛbaa saa? Atesɛm krataa mu asɛm bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Esiane mmara horow a ɛma ho kwan sɛ wɔnhwehwɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nti, Ɔman no Kyerɛwfo ahyɛ sɛ wɔmmara nhoma ahorow bi wɔ Canada a nea ɛka ho ne nhoma a Amanaman Ntam Bible Asuafo Fekuw [Ɔwɛn Aban Asafo no baa no din wɔ Canada] atintim a wɔato din sɛ ‘STUDIES IN THE SCRIPTURES—The Finished Mystery no.’ . . . Wɔbɛbɔ obiara a okura nhoma ahorow a wɔabara yi mu bi kã bɛyɛ $5,000 na wɔde no bɛto afiase mfe anum.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Henanom na na Wɔhyɛ Ɔsɔretia no Akyi?
Akyiri yi Tribune a wotintim wɔ Winnipeg, Canada no kae sɛ: “Wɔ adapɛn kakraa bi a atwam no mu no, Ɔsɔfo Charles G. Paterson a ɔyɛ St. Stephen Asɔre no Sɔfo no fi asɛnka agua so kasa tiaa nsɛm bi a efi ‘The Bible Students Monthly’ a ɛbae nnansa yi biako mu no. Akyiri yi no, Aban Mmaranimfo Panyin Johnson somae sɛ wonkogye nhoma no biako mfi Ɔsɔfo Paterson hɔ mmra. Wogye di sɛ eyi na ɛde hyɛ a wɔhyɛe sɛ wɔmmara no bae.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Ɛda adi sɛ asɔfo bi a wɔyɛ ɔmampɛfo na wɔmaa ɔsɔretia yi bae.
Wɔ United States no, ɔmantam bi a ɛwɔ New York, asennibea de nhoma mae sɛ wɔnkɔkyere Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo J. F. Rutherford ne n’ahokafo paa no mu baason. Wɔtotoo wɔn ano sɛ “Wɔahyɛ da sɛ wobebu mmara so, wɔremmrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi ase na wɔpow sɛ wɔremmfa wɔn ho nhyɛ sraadi nnwuma ahorow a United States of America asase so ne po so asraafo yɛ no mu . . . [denam] kyekyɛ a wɔkyekyɛ nhoma bi a wɔato din sɛ ‘Volume VII. Bible Studies. The Finished Mystery’ wɔ United States of America nyinaa no so.”
Wɔ bere a na ɔko ne ɔmampɛ a ano yɛ den rekɔ so no mu no, wodii nnipa baawɔtwe a wɔatotõ wɔn ano no asɛm wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so na nea ekowiei ne sɛ wɔde wɔ mu baason a mmaranimfo Rutherford ka ho no mu biara too afiase mfe 20. Wɔde nea ɔto so awɔtwe no too afiase mfe 10. Esiane sɛ na wɔasan de asɛm no akɔdan asennibea no dedaw nti, wɔsrɛe sɛ wɔmma obi nnyina wɔn akyi na wonyi wɔn. Katolekni Temmufo Manton ampene wɔn adesrɛ no so.
Awiei koraa no, bere a wɔadi asram akron wɔ Atlanta afiase akyi no, wɔmaa obi gyinaa Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo yi akyi, na woyii wɔn a na wɔtwɛn sɛ wobedi wɔn asɛm a wɔde akɔdan no. Akyiri yi, wɔkyerɛe sɛ wodii mfomso ahorow 125 wɔ asɛm a wodii kan dii no mu. Enti wobuu J. F. Rutherford ne n’ayɔnkofo no bem. Wɔ nokwarem no, okogyinaa obi ananmu dii asɛm sɛ mmaranimfo wɔ United States Asennibea Kunini no anim, biribi a na ɛrentumi nyɛ yiye, sɛ anka wobuu no fɔ wɔ bɔne bi ho a.
Asɔfo ne Nnipakuw Basabasayɛ
Nanso nsɛm ahorow a esisii yi maa ɔsɔretia ahorow a asɔfo de anigye hyɛɛ mu den bae. Wosusuwii sɛ esiane ɔmampɛ a wɔpow nti, eyi yɛ hokwan a wɔanya a wɔde bɛsɛe Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no prɛko.
Amanneɛbɔ bi ma yɛtee sɛ: “Wɔ kurow bi a ɛwɔ Oregon Mansin mu no mu no, Odikro no ne asɔfo baanu boaboaa nnipakuw bi ano na wɔtaa [Amanaman Ntam Bible Asuafo] Fekuw no mu ɔsɛmpakafo biako fii kurow no mu na wodii n’akyi kɔɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu. Ɔsɛmpakafo no guanee nanso nnipakuw no kyeree n’adamfo a ɔka ne ho no, na wohwiee ngo a wɔde gugu mfiri mu ne amã guu ne ho. . . .
“Wɔ Los Angeles no, asɔfo no hoahoaa wɔn ho sɛ wɔbɛkyere Bible Asuafo no na wɔremma obi mmegyina wɔn akyi na wayi wɔn. Asɔfo yi mu binom kɔɔ afiewuranom nkyɛn na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobetu afiewuranom no aso ma wɔagye wɔn adan afi wɔn a wɔde ama wɔn ma wotua ho ka bere nyinaa a wɔyɛ Amanaman Ntam Bible Asuafo Fekuw no mufo no nsam. . . .
“April 22, 1918 mu wɔ Wynnewood, Oklahoma no, wodii kan de Claud Watson too afiase na afei wɔhyɛɛ da yii no maa nnipakuw bi a wɔyɛ asɛnkafo, adwumawuranom ne nnipa afoforo kakraa bi ma wosum no hwee fam na wɔmaa obibini bi bɔɔ no mmaa na bere a n’ani so atetew no kakra no wɔmaa ɔbɔɔ no mmaa bio. Afei wohwiee amã ne ntakara guu ne ho nyinaa.”
Nanso so ɔsɔretia a efi nyamesom ne amammuifo a wɔaka abom hɔ yi sɛee Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no? Amma saa. Wɔ September 1919 mu, bere a wɔayi J. F. Rutherford ne n’ayɔnkofo afi afiase akyi asram asia no, Bible Asuafo no yɛɛ nhyiam wɔ Cedar Point, Ohio. Ɛhɔ na J. F. Rutherford kae sɛ wɔretintim nsɛmma nhoma foforo bi a wɔbɛfrɛ no The Golden Age. Wɔ mfe pii a atwam no mu no, nsɛmma nhoma yi de akokoduru apa “wi yi ase nyame,” Satan ne n’adwinnade abiɛsa a ɔnam so de adesamma yɛ nkoa—atoro nyamesom, amammui a ɛyɛ n’ade sɛ akekaboa ne adwuma akɛse—ho ntama. The Golden Age (akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Consolation) twee adwene sii Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo so no so sɛ ɛne nniso biako pɛ a eye ma adesamma nyinaa.—2 Korintofo 4:4.
Ɛnnɛ, wɔfrɛ nsɛmma nhoma koro yi ara sɛ Nyan!, na ɛne nsɛmma nhoma a wɔrekenkan mprempren no. Mprempren wotintim wɔ kasa horow 54 mu na ɛkame ayɛ sɛ wɔkyekyɛ nea wotintim biara ɔpepem 9. Mprempren sɛ wɔkyekyem a, wotintim Ɔwɛn-Aban a wɔbaraa wɔ aman horow pii mu wɔ Wiase Nyinaa Ko II mfe a emu yɛ den no mu no biara a ɛba no 10,200,000 wɔ ɔkasa 102 mu! Ɛno ne nsɛmma nhoma a wotintim wɔ kasa horow pii mu sen biara wɔ wiase nyinaa. Saa nokwasɛm ahorow yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔ mfirihyia 100 a wɔde abɔ dawuru na wɔataa wɔn akyi no, Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no ayɛ den sen bere biara!
[Kratafa 10 mfoni]
Asɔfo no de nhoma The Finished Mystery dii dwuma de kanyan ɔtaa