Ná Meyɛ Rastani
NÁ ME ti nhwi yɛ atenten na esiane wii a menom nti, na m’aniwa ayɛ kɔkɔɔ. Na nneɛma ahorow te sɛ afe a wɔde srɛn ti, mprɛte a wɔde nhoma ayeyɛ anaasɛ nkuruwa ne din mpo a m’awofo de too me no ho nni me mfaso! Wubisa sɛ, ‘Dɛn nti na wopow nneɛma ahorow a eye na mfaso wɔ so a ɛte sɛɛ?’ Efisɛ na meyɛ Rastani. Rastasom yɛ nyamesom ahyehyɛde bi a ɛwɔ Jamaica supɔw no so nkutoo. Ma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebɛyɛɛ Rastani ne nea wogye di no mu nkyerɛ wo.
Ne nyinaa fii ase da koro bi, bere a na mete dua bi ase rekenkan me Bible na merenom ganja (wii) no. Rastani bi baa me nkyɛn na ɔbɛkaa me ho ma yɛnomee. Bere a na yɛrebɔ nkɔmmɔ no, ɔkae sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ a, onipa betumi afa so atra ase a ɔrenwu da. Na mepɛ sɛ mete ho asɛm pii. Enti ɔkaa Rastafo gyidi atitiriw no ho asɛm kyerɛɛ me.
Rastafo Gyidi Horow
Akyiri yi mibehui sɛ Rastafo no wɔ akuw ahorow ahorow a emu biara wɔ ne nsusuwii horow. Nanso wɔn nyinaa gye asɛm biako tom—ɛne sɛ, Ɔhempɔn Haile Selassie a ofi Ethiopia a wawu no ne Yesu Kristo a wasan aba ma wɔawo no bio no, ne sɛ, ɔne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade ne “Yuda abusuakuw mu Gyata” a ɔredi nkonim no.—Adiyisɛm 5:5.
Na me kyerɛkyerɛfo no de ne bo abɔ Rastafo ahyehyɛde bi a wɔfrɛ no Creation Heights no ho, enti mifii ase ne saa ahyehyɛde yi nso bɔɔ fekuw. Yɛbuu yɛn ho sɛ yɛkaabɔde ho-te sɛ nea mmoa ne nnua te no ara pɛ. Ná yɛde nidi ne osuro bu anyinam, apranaa ne abɔde afoforo a ɛyɛ nwonwa no —te sɛ nea Onyankopɔn kasa.
Yɛampene so sɛ yɛbɛwe mogyanam, mpataa anaasɛ biribiara a ɛte saa a, adwene no ne se saa mmoa yi wuwu ma wɔporow enti obiara a ɔwe wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnuadewa te sɛ ɛfan kɔ so nyin bere a wɔatwa ne dua no so no. Enti yesusuwii sɛ wɔn a wodi nnuan a ɛte sɛɛ no betumi anya daa nkwa. Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ den nkutoo a na obewu.
Kuw a miwom no huu oburoni biara sɛ ɔka abɔde ho nanso ɔba fam sen obibini a ɔne ‘abɔde wura’ no. Nanso Rastafo akuw horow tan aborɔfo kɛse esiane nkoatɔ mu nneɛma bɔne ne awudi, mmonnaato ne ayayade a aborɔfo yɛɛ abibifo no nti. Rastafo a wɔte saa no gye di sɛ ɛsɛ wotua aborɔfo a wɔyɛɛ abibifo nkoa no so kã denam ɔman anidan ne mogyahwiegu so na awiei koraa no, ɛsɛ sɛ abibifo nyinaa san kɔ wɔn asase so wɔ Afrika a ɛyɛ faako a wɔnam ɔhyɛ so yii wɔn fii hɔ no.
Ná nkyerɛkyerɛ a migye toom no yɛ tiaa bi. Ɔkannifo biara nni hɔ gye sɛ “ɔkronkronni” Haile Selassie a ansa na wobesi no ɔhene no na wɔfrɛ no Ras Tafari (a ɛno nti na edin Rastani no wɔ hɔ) no. Na me botae wɔ asetra mu ne sɛ menya adwene a ɛteɛ wɔ adebɔ ho ne nimdeɛ a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Onyankopɔn babarima. Na nneɛma a Onyankopɔn abɔ nkutoo na ɛsɛ sɛ mede di dwuma kɛse na mede nea onipa ayɛ no di dwuma kakraa bi. Ɛno nti na afẽ ho nni me mfaso no—ɛyɛ onipa na ɔyɛe. Enti memaa me ti nhwi fuwii te sɛ nea nhaban nyin wɔ nnua so no.
Esiane nsusuwii koro yi ara nti, mamfa prɛte ne nkuruwa ahorow anni dwuma—mede ntoa ahorow a wɔahohoro mu sii ɛno ananmu. Metow nneɛma ahorow a wɔde nhoma ayeyɛ gui a Bible no ka ho. Na migye di sɛ nneɛma ahorow a Onyankopɔn yɛe no yɛ me de na ɛsɛ sɛ mefa no kwa, ɛmfa ho sɛ hena na ɛyɛ ne de anaasɛ ɔhwɛ so. Enti misusuwii sɛ afoforo afumduan yɛ me de ankasa Wɔn a wɔka sɛ ɛyɛ wɔn de na wotwa ho bo no nni ho kwan sɛ woyɛ saa.
Kasa Mu Akwanside
M’asetra kwan foforo no de akwanside baa ɔkasa a mene wɔn a wɔnyɛ Rastafo no kae no mu. Wɔn yɛn fam no, yɛpow din ahorow a yɛn awofo de too yɛn no sɛ ɛyɛ ade a efi aman a wɔyɛ mfiridwuma wom no mu. Enti dinnsiananmu “I” a ɛyɛ Engiresi asɛmfua a egyina ho ma “me” no kyerɛɛ biribi titiriw. Ná Onyankopon ne “me” a odi kan na Rastani biara nso yɛ “me.” Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nsonsonoe a ɛda onipa biako ne ɔfoforo ntam no, yɛde nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ kɛseyɛ, sorokɔ ne nea ɛkeka ho ho kaa “me” ho. Enti esiane sɛ na misua nti, wɔfrɛɛ me, “me ketewa.” Yɛsesaa nnuan ahorow din mpo denam Engiresi asɛmfua “i” a yɛde sii ananmu no so. Enti Engiresi asɛmfua “banana” a egyina hɔ ma kwadu no bɛyɛ “ianana.”
Yɛsakraa Engiresi kasa no wɔ akwan horow bi so nso. Sɛ nhwɛso no, yɛn adwene ne sɛ obi ntumi nsan n’akyi a ɛkyerɛ sɛ ɔrentumi nsan mma efisɛ wɔrentumi mma bere nsan n’akyi. Enti “san w’akyi” ba bɛyɛɛ “bra w’anim.” Yɛsakraa nsɛmfua ahorow nso ma ɛne yɛn nsusuwii hyiae. Engiresi asɛmfua “oppressor” a ɛkyerɛ nhyɛsofo bɛyɛɛ “downpressor” efisɛ Engiresi asɛmfua “up” kyerɛ biribi a eye, biribi a wɔama so, bere a “down” a ɛkyerɛ ase no ne “oppressor” na ehyia no. Awiei koraa no, esiane saa nkyerɛkyerɛ yi nti na ɛyɛ den sɛ mede Engiresi kasa bɛka asɛm tiaa bi, ɛwom mpo sɛ na mede mfe anum akɔsukuu wɔ Cornwall Kɔlege a ɛwɔ kurow a wɔfrɛ no Montego Bay no mu de!
Saa nkyerɛkyerɛ foforo yi maa akasakasa sɔree wɔ me ne m’awofo ntam esiane sɛ na mimmu ade na na mede kasa-fi a ɛsen biara domee wɔn nti. Na sɛnea me nipadua te ne m’abrabɔ de ahohorabɔ reba abusua no so. Awiei koraa no, me papa ka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mifi fie hɔ kɔ. Enti mefaa me nneɛma kakraa bi na mekɔe sɛ merekodi asetra kwan a migye dii sɛ ɛbɛma manya akomatɔyam ankasa no akyi.
‘Abɔde Mu Aba Ahorow’ Ano a Meboaboae
Ɛno akyi no, mebɛyɛɛ obi a ɔnom wii pii. Bere a manom bi no, na memfa asetra mu nneɛma nyɛ hwee. Ná metra ase susuw nneɛma ho kosi sɛ mete nka te sɛ nea mefra abɔde ahorow a atwa nnipa ho ahyia no mu a meyɛ abɔde no fã. Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛtra ase asusuw nneɛma ho no ma mebɛyɛɛ onihawfo. Migyaee m’adwuma sɛ odwontofo sɛnea ɛbɛyɛ a mede bere pii bedi dwuma wɔ bepɔw so na me ne Onyankopɔn adi nkitaho: na me ne Rastafo afoforo baanu na na ɛte ɔsese mu wɔ hɔ.
Bere a bere twaam no, yɛn sika fii ase sae. Enti yefii ase sɛ yɛbɛsesaw yɛn “Agya no abɔde” no bi afi nkurɔfo a sɛnea yɛn gyidi kyerɛ no, wɔnam ɔkwan a ɛnteɛ so ka sɛ ɛyɛ wɔn de na wɔatwa ho bo no hɔ. Enti sɛ edu anadwo a, yekowia nneɛma wɔ mfuw a ɛbemmɛn no mu. Wɔkɔkaa saa adewia yi ho asɛm kyerɛɛ polisifo na wɔne yɛn bɛyɛ atamfo bere nyinaa. Yehuu wɔn sɛ atamfo a wɔpɛ sɛ wɔpam yɛn fi “abɔde” mu. Sɛ edu adekyee a, wotwa yɛn ɔsese no ho kyia, totow atuo, wɔhwe yɛn na wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yemfi kurow no mu nkɔ. Nanso sɛ edu anadwo a, na ɛyɛ soronko koraa—yɛn nso yɛkɔboaboa ‘abɔde mu aba’ no ano.
Bera bi wɔkyeree me na wɔbɔɔ me sobo sɛ makyere obi asie nanso akyiri yi wogyaee me.
Eyi hyɛɛ me den na ɛma migye dii kɛse sɛ meyɛ ‘Onyankopɔn babarima.’ Nanso wɔkyeree me nea ɛto so abien wɔ nneɛma ahorow anum a wɔkyerɛ sɛ mayɛ no ho—adewia a nneɛma sɛe ka ho, matow ahyɛ obi so, mikura awifode, mikura wii, na mereka afiri a ɛho akã.
Saa bere yi de na ɛte sɛ nea Onyankopɔn werɛ afi me efisɛ polisifo no hwee me kɛse na wɔde me kɔtoo afiase asram abiɛsa na wɔamma obi ammegyina m’akyi na wɔayi me. Wɔ bere tiaa bi akyi no, wodii m’asɛm. Nanso nnipa atitiriw pii a wonim me srɛɛ sɛ wonhu me mmɔbɔ na ɛno gyee mo fii afiase a anka wɔde me bɛto no mu. Nanso m’ayɔnkofo baanu a wɔyɛ Rastafo a me ne wɔn bɔ paa no annya no saa. Wɔde obiako too afiase mfe anan a adwumaden a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ka ho, na wɔbaraa ɔfoforo no nso sɛ ommfi ɔmantam a ofi mu no mu nkɔ baabiara da. Akyiri yi wokohuu me mfɛfo Rastafo baanu sɛ wɔawuwu a wɔde wɔn ahyɛ kotoku mu; ɛda adi sɛ wɔde wɔn ho kɔbɔɔ ahɔho a wɔtɔn nnubɔne ho.
Me Gyidi Ho Nsɛm a Mibisae
Saa ɔhaw ahorow yi ma mibisae sɛ ebia nneɛma ahorow a migye di no yɛ nokware anaa. Nea ɛka eyi ho no, me mfɛfo Rastafo no mu binom de adwene foforo bae—wɔnyɛ Onyankopɔn mmabarima bio na mmom wɔn mu biara yɛ Onyankopɔn ankasa. Mampene so sɛ megye ɛno atom. Eyi ne nsɛm afoforo a yɛn adwene nhyia wɔ ho ma yɛtentan yɛn ho yɛn ho. Enti awiei koraa no, misii gyinae sɛ mɛsan akɔ fie—nanso wɔ m’adwene mu no na meda so ara yɛ Rastani. Na metaa ne me mfɛfo Rastafo no di nkitaho.
Afei na mepɛ sɛ me ne obi bɛkasa nanso na wɔn a wɔnyɛ Rastafo no nte me kasa no ase. Mekaee awerɛkyekye a minyae bere a mekenkan Bible no bere bi no, enti mifii ase kenkanee bio. Bere na merekenkan no mihuu kyerɛw nsɛm ahorow a ɛma me susuw nneɛmaho. Sɛ nhwɛso no, mekenkan wɔ Dwom 1:1 sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu.” Mihuu me mfɛfo Rastafo no sɛ wɔyɛ “abɔnefo,” esiane adwene foforo a wonyae a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn no nti. Bio nso, mekenkan wɔ 1 Korintofo 11:14 sɛ: “Obrasu ankasa nkyerɛ mo sɛ ɔbarima siw atimum kusuu a, ɛnhyɛ no anuonyam?” Nanso na me ti nhwi yɛ atenten.
Nkakrankakra mifii ase bisaa nneɛma ahorow a na migye di no ho asɛm pii. Mifii ase nyaa ɔpɛ bi sɛ mɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Migye toom sɛ Rastasom antumi anni m’ahiade ahorow no ho dwuma: hia a ɛho hia sɛ minya oniiko a Ɔbɔadeɛ no yɛ no mu ntease a emu da hɔ, nnyina- so a ɛyɛ nokware a ɛbɛma manya daa nkwa, onuayɛ a egyina ɔdɔ ne ntease so ne nea enti a nsisi wɔ wiase asetra mu no ase.
Mmuae Horow a Ɛma Akomatɔyam a Minyae
Nanso na minnim faako a ɛsɛ sɛ medan kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a menya akomatɔyam ankasa. Ɛtɔ bere bi a metra ase na misu hwehwɛ mmoa na mesrɛ ɔbɔadeɛ no sɛ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ onipa bɛn no ɔmmoa me. Afei da koro bi Yehowa Adansefo baanu baa m’awofo fie na wofii ase kaa Bible no ho asɛm. Manyɛ aso kɛse biara kosii sɛ wɔbɔɔ Harmagedon din.
Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Minim ho asɛm nyinaa. Na mɛtra ase ahu.”
Wɔn mu biako bisaa me sɛ, “So wugye di sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ɔdansefo ma Yehowa?”
“Hena ne Yehowa?”
Bere a mibisaa saa no, ntɛm ara obuee Dwom 83:18 a ɛhɔ kenkan sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni asase nyinaa so” no.
Na eyi ne bere a edi kan a edin Yehowa Adansefo no akyerɛ biribi ama me. Kan no na mibu Adansefo no sɛ wɔyɛ asɔre kuw a mibu ne nyinaa sɛ ɛyɛ atoro no mu biako ara kwa. Nanso afei de mede anigye gyee Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no fii wɔn nkyɛn. Mifii ase kenkanee ntɛm ara.
M’ani gyee ti a ɛne “Hena Ne Nyankopɔn” no ho kɛse. Mekae sɛ na mitumi tra ase bɔ edin “Yehowa” no denneennen toatoa so mpɛn pii te sɛ abofra a ɔresua asɛmfua foforo. Wɔ bere tiaa bi mu no wodii m’ahiade a ɛne oniiko a nokware Nyankopɔn no yɛ a mehu no ho dwuma.
Afei ti a ɛne “’Trenee Nniso Ma Asase Dan Paradise” no dii trenee nneɛma nhyehyɛe a mete nka sɛ ɛsɛ sɛ yenya wɔ asase so no ho dwuma. Hwɛ aseda ara a mede mae sɛ mihui sɛ ɛrenkyɛ asase no nyinaa bɛdan paradise a ɛso mframa mu tew na efi biara nni mu no! Na m’ani gye anidaso a ɛkyerɛ sɛ mɛtra ase daa a ɛho renhia sɛ mitu kɔtra mmepɔw a atew ne ho so sɛnea ɛbɛyɛ a meguan afi anibuei a enye ho no ho!—Dwom 37:9-11, 29; Luka 23:43; Adiyisɛm 11:18.
Enti mibenyaa adwene sɛ ɔkwan a menam so som Onyankopɔn a mapaw no yɛ nea ɛnteɛ. Enti meka kyerɛɛ m’abusuafo no mu biako sɛ ontwitwa me ti nhwi atenten no mma me na mifii ase ne m’ayɔnkofo a wɔyɛ Rastafo no twaa abusuabɔ nyinaa a me ne wɔn wɔ no mu. Nanso na eyi nyɛ mmerɛw. Wobuu me sɛ ɔfatwafo na wohunahunaa me sɛ wobekum me. Nanso eyi ammu m’aba mu. Metee nka sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma magyae Bible no sua efisɛ mahu biribi a etumi di m’ahiade ahorow no ho dwuma ankasa.
Bere a misiesiee me ho wiei no, mekɔɔ Ahenni Asa a ɛwɔ kurow no mu no so. Wɔ bere tiaa bi akyi no, ɔkwampaefo bi (Yehowa Adansefo bere nyinaa ɔsɛnkafo) yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne me besua Bible no daa. Na ne yam ye na na ɔwɔ boasetɔ. Ná ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔte saa.Ɛtɔ bere bi mpo a, ɔnte nea meka no ase esiane me Rastafo kasa no nti.
Bere a mihuu nokware a edii me honhom fam ahiade ahorow ho dwuma no, metee nka sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ meka asɛmpa yi kyerɛ m’awofo. Me maame tiei na ankyɛ biara ɔne me kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so. Nsakrae a meyɛe wɔ sɛnea misiesie me ho ne me nipasu mu no maa me papa nso ani gyei kɛse. Bere a mifii ase suaa ade akyi bɛyɛ asram asia no, mihyiraa me nkwa so sɛ mɛsom Yehowa na wobɔɔ me asu. M’ani san gyei bere a wɔbɔɔ me maame asu wɔ asram kakraa bi akyi no.
Bere a misusuw me kan asetra ho na mihu sɛ wɔakunkum me nnamfo paa a woyɛ Rastafo no mu baanu na afoforo da so ara wo afiase no, meda Yehowa ase sɛ meresom no nnɛ! Nnipa afoforo a me ne wɔn kyɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ne fekuw a me ne me nuanom Kristofo a wɔwɔ ɔdɔ no bɔ no ama manya asetra a anigye ne akomatɔyam Wom mprempren ampa. Nea ɛka ho no, mewɔ anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛne daa nkwa wɔ trenee Nhyehyɛe Foforo a wobedi adesamma nyinaa ahiade ahorow ho dwuma koraa wom no.
(Dwom 145:16)—Nea wɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Na migye di sɛ nneɛma ahorow a Onyankopɔn ayɛ no yɛ me de na ɛsɛ sɛ mefa no kwa ɛmfa ho sɛ hena na ɛyɛ ne de
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]
M’ani gyee anidaso a ɛne sɛ mɛtra ase da no ho