Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 7/8 kr. 4-10
  • Anigye—Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Na Ama Woanya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye—Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Na Ama Woanya
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Ɔdɔ Ne Emu Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ Ne Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 7/8 kr. 4-10

Anigye​—Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Na Ama Woanya

Ɛsɛ sɛ wohome. Ɛsɛ sɛ wonom nsu. Ɛsɛ sɛ wudidi. Ɛsɛ sɛ woda. Wunim eyinom nyinaa. Wo nipadua hwehwɛ eyi ansa na woatumi atra nkwa mu. Nanso nneɛma pii ho hia [PAGE5]ansa na woatumi anya anigye Ɛda adi sɛ wuhia nea wode bɛkata wo ho ne dabere. Yiw, yehia honam fam nneɛma afoforo a afɛfɛde ne anigyede ahorow bi ka ho. Nnipa pii ka sɛ sika pii bɛma wɔn ani agye​—nanso pii a wɔwɔ sika no nso nni anigye.

Nneɛma ahorow bɛn na yehia na ama yɛanya anigye?

Susuw nhwɛso yi ho. Yɛtɔ kar. Onipa a ɔyɛe no ka n’ahiade ahorow ho asɛm kyerɛ yɛn: petrol ne nsu a yɛde begu mu, mframa a ɛsɛ sɛ enya wɔ ne tyre ahorow no mu, afiri mu ngo a yɛde begu mu ne nea ɛkeka ho. Yedi n’ahiade ahorow no ho dwuma. Ɛma ɛyɛ adwuma fɛfɛɛfɛ.

Nanso yɛn ahiade ahorow ne dɛn? Ɛyɛ hwanyann sen afiri biara de. Honhom bi wɔ onipa mu a ɛwɔ ahiade ahorow a ɛsen honam fam de. Gye sɛ yedi honhom a ɛwɔ yɛn mu no ahiade ahorow yi ho dwuma ansa, anyɛ saa a yɛrennya akomatɔyam ne anigye. Sɛ yɛbɛka a, anigye yɛ biribi a obi di ho dwuma wɔ ne mu. Wɔyɛɛ yɛn wɔ saa kwan no so. Ɛsɛ sɛ yedi nipadua ne honhom no nyinaa ahiade ho dwuma. Yesu daa eyi adi sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”​—Mateo 4:4.

Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ wɔ honam fam ne honhom fam ahiade ho dwuma a yedi no mu. Sɛ wubu w’ani gu biako so a, wobehu sɛ biribi atɔ sin. Wɔ n’abien nyinaa mu no, nea ɛho hia titiriw no na wobu wɔn ani gu so mpɛn pii. Asetra a anigye wom nkyerɛ afɛfɛde pii a wɔanya ma abu so. Obi a ɔwɔ anigye mma ɛnyɛ nea egyina TV anaa radio so dwumadi ne adwene a ɛkyerɛ sɛ onkogye n’ani wɔ disko no so ankasa. Otie Yesu asɛm a nyansa wom no sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mateo 5:3, NW) Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, pii a wɔde honam fam nneɛma di honhom fam de no kan no nni ahotɔ ne akomatɔyam na wonhu nea enti a ɛte saa.

Nyansahufo bi a wobu wɔn no nim nea enti a ɛte saa: Mprempren nneɛma nhyehyɛe no nye.

René Dubos ka sɛ: “Mprempren, mfiridwuma ho nyansahu de anibuei a ɛwɔ hɔ nnɛ no nam ɔkwan bi so a ɛbɛma adesamma asɛe wɔn ho, sɛ wɔanni ho dwuma ntɛm a. . . . [Aman a wodi yiye] no yɛ wɔn ade te sɛ nea wɔn nsusuwii ne wɔn nkate ho dwuma a wobedi no ntɛm ara so nkutoo na ɛsɛ sɛ yegyina bu yɛn bra . . . Enti ɛnyɛ abɔde nkutoo na ɛho aba asɛm na mmom adesamma daakye ankasa. . . . Minnye nni sɛ adesamma bɛkɔ so anya asetra kwan a ntease nni mu no ho koma a wɔrenhwere su horow a ɛma wɔda nsow sɛ nnipa no mu nea eye sen biara no. Ebia obi a ɔwɔ atɔe fam no bɛpaw ahyehyɛde foforo bi anaasɛ ahyehyɛde foforo bi bɛpow no.”

Erich Fromm pene so nanso ɔte nka sɛ “yebetumi anya ahyehyɛde foforo ne Onipa foforo sɛ ɛba sɛ yɛde ɔpɛ foforo si ɔpɛ dedaw a yɛwɔ ma mfaso, tumi ne ntease ananmu nkutoo a: suban, adekyɛ, ntease.” Ɔkaa amanneɛ bi a kuw bi a ɛwɔ Rome ma wɔbɔe a ɛkyerɛ sɛ ɛdenam nsakrae kɛse a wɔbɛyɛ wɔ sikasɛm nhyehyɛe ne mfiridwuma mu nkutoo so na ebetumi ama adesamma “akwati ɔsɛe kɛse a awiei koraa ɛbɛba wiase nyinaa” no ho asɛm. Fromm kae sɛ, wobetumi ayɛ nsakrae horow yi, sɛ nea edi kan no, wɔyɛ nsakrae titiriw wɔ Nnɛmafo nipasu mu a. . . . Nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu no, nkwa a adesamma abusua no benya gyina sakra a wɔbɛsakra onipa koma no so.” Albert Schweitzer gye toom sɛ ɔhaw ahorow no ho dwuma a wobedi no “gyina onipa koma a wɔbɛsakra no no so.”

‘Nsakrae koraa wɔ onipa suban mu? Koma no a wɔbɛma asakra?’ Yiw, Bible no daa eyi adi wɔ mfeha 19 a atwam ni no mu. Ɛkae sɛ: “Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho.” Afei nso, “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”​—Romafo 12:2; Kolosefo 3:9, 10.

“Nea ɔbɔɔ no no suban so”? Yiw, Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ onipa wɔ ne suban so no suban so! (Genesis 1:27, 28) Ɛno ne suban a ɛsɛ sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ obeyi akyerɛ. Wɔyɛɛ no wɔ saa kwan no so. Ɛno na ɛma ohu ne honhom fam ahiade ahorow. Na saa ahiade ahorow yi ho dwuma a onipa di no ma onya anigye!

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw a ɔyɛ adwuma na ama wadi n’atirimpɔw ho dwuma awie. Esiane sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ ne suban so nti, ɛho hia sɛ ɔyɛ adwuma a atirimpɔw a eye wom. Ɛno ma asɛm a emu yɛ den sɔre. Adwenemyare ho ɔdenimfo Smiley Blanton ka sɛ, “Wɔ nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ mu no, nnipa pii hu sɛ . . . wɔte sɛ afiri kɛse bi ho dade ketewaa bi a adwuma no so mpanyimfo de di dwuma. Adwuma abɛyɛ biribi a edi atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma a wɔakyekyɛ mu abedu baabi a ɛho nhia titiriw biara, na ama odwumayɛni no adan afiri no ho dade bi a wonnim a sɛ wotia so a, ɛma afiri no yɛ adwuma a obi foforo de ne nan atia so.”

Wɔ nhyehyɛe yi mu no, nnwuma pii de adwenemhaw ba na ayɛ nea atirimpɔw nni ho. Nanso ɛho hia sɛ yenya atirimpɔw wɔ asetra mu. Adwenemyare ho ɔdenimfo Viktor Frankl kyerɛwee sɛ: “Mmɔden a obi bɔ sɛ obenya atirimpɔw wɔ n’asetra mu no yɛ tumi titiriw bi a ɛwɔ onipa mu a ɛkanyan no. Metumi aka sɛ biribiara nni wiase a ebetumi aboa obi yiye ma watumi agyina tebea horow a enye sen biara ano sen adwene a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ atirimpɔw wɔ n’asetra mu.”

Nanso yɛbɛyɛ dɛn ate nka sɛ yɛwɔ atirimpɔw wɔ yɛn asetra mu? Yɛn asase no yɛ ade ketewaa bi wɔ amansan kɛse no mu. Yɛn mu biara yɛ nnipa bɛboro ɔpepepem anan a wɔwɔ ade ketewaa yi so no mu biako. Yɛn mu biara so sen aboawa ketewa bi a wɔfrɛ no amoeba no. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛn ho aba mfaso? Bible no mpo ka sɛ onipa ‘te sɛ sare a eguan, nhwiren a ewu, sunsuma a etwam kɔ, huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera. (Dwom 103:15, 16; 144:4; Yakobo 4:14) Gye sɛ . . . gye sɛ yɛne Oniiko a ɔwɔ tumi kɛse a ɔbɔɔ amansan no nya abusuabɔ ansa. Gye sɛ saa Onipa a ɔwɔ tumi a ɔno ara na ɔbɔɔ yɛn no wɔ atirimpɔw bi ma yɛn. Ɛno nkutoo na ebetumi ama yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw ankasa wom a ebetumi ama yɛn atra ase akyɛ sen sare, nhwiren, sunsuma ne huruhurow.

Na saa na asɛm no te pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn na ɔbɔɔ onipa na ɔmaa no adwuma a ɛne sɛ ɔnhwɛ asase no ne ɛso nnua ne ɛso mmoa ahorow so. Adwuma pa​—a adesamma antumi anyɛ koraa. Ɛnyɛ sɛ wantumi anyɛ nko na mmom ɔresɛe asase no ankasa. (Genesis 1:28; 2:15; Adiyisɛm 11:18) Esiane saa a ɔyɛ nti, wama atirimpɔw biako pɛ a enni awiei a ɔwɔ wɔ asetra mu no afi ne nsa.

Nnipa hia Onyankopɔn na nkate bi hyɛ wɔn “sɛ wɔnhwehwɛ Onyankopɔn, sɛ ebia wɔn nsa bɛka no na wɔahu no, ɛwom ampa sɛ, ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” (Asomafo no Nnwuma 17:27, NW) Ɔsoro ne asase a yɛte so no ma yehu sɛnea ɔbɔadeɛ a Ɔyɛ Opumpuni no te. N’ade a wonhu​—tumi, nyansa, Nyamesu​—ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho. Pii kyerɛkyerɛ sɛ asase ne nkwa a ɛwɔ so no bae denam adannandi so ara kwa a ɛyɛ nea enni nnyinaso na ntease nni mu. Esiane saa a wɔka nti, wɔpow nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ yɛn kwan ne su pa a onipa hia kɛse no. Wɔnam nnaadaa so twe wɔn akyidifo a wɔn ani afura no fi hokwan biako pɛ a wɔwɔ a ɛbɛma wɔanya anigye kɛse no ho.​—Romafo 1:20; Mateo 15:14.

Nanso adesamma nyinaa ne animdefo atitiriw mpo rehwehwɛ onyame bi na mpɛn pii wonhu onyame biara sɛ Onii a ɔne Otumfoɔ ampa no. Adwenemyare ho adenimfo pii hu ɔpɛ a onipa wɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom tumi bi a ɛkorɔn no. Rollo May kae sɛ, ɛdenam gyidi wɔ Onyankopɔn mu so no, “onipa no behu sua a ɔno ankasa sua ne yɛ a ɔnyɛ titiriw biara bere a wɔde no toto kɛse a amansan no yɛ ne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛwom ho no. Obehu sɛ nneɛma pii wɔ amansan no mu a ɛdɔɔso sen nea ɛwɔ ne okyinsoromma ketewaa no so, na ɔde bɛyɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ n’ade ma ɛne eyinom ahyia.”

C. G. Jung kae sɛ: “Obi a onni gyidi wɔ Onyankopɔn mu no ntumi nko ntia n’ankasa akɔnnɔ horow a ɛtwetwe no kɔ honam fam nneɛma ne ɔbrasɛe a ɛwɔ wiase no mu no ho no. . . . Nyamesom . . . yɛ awosu mu nkate a onipa nkutoo na ɔwɔ na da a ɛda adi no yɛ nea yebetumi ahu wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Sɛ adwene a ɛkyerɛ sɛ obi a ɔyɛ kronkron a ɔwɔ ade nyinaa so tumi a ɔwɔ baabiara [no] nyɛ nea wofi ahonim mu hu a, ɛnde ɛyɛ nea wofi ahonim mu gye tom. . . . Enti misusuw sɛ nyansa wom sɛ yebefi ahonim mu ahu wɔ a Onyankopɔn bi wɔ hɔ no; anyɛ saa a biribi foforo ba bɛyɛ onyame, na sɛnea ɛtaa ba no, biribi a ɛmfata na enni nyansa.”

Adesamma abakɔsɛm nyinaa ka wɔ nokwarem sɛ, onipa wɔ nkate bi wɔ ne mu a ɛhyɛ no sɛ ɔnsom biribi. Efi mmusua horow a wɔn ani mmuei koraa so kosi mmusua horow a wɔn ani abue kɛse so no, nnipa ayeyɛ anyame​—a mpɛn pii nyansa biara nni mu. Abo, nnua, bepɔw, mmoa ahorow, adesamma akannifo, sika, wɔn yafunu, Satan Ɔbonsam mpo (ɛno ne nea Satan pɛe sɛ Yesu yɛ) . Nyansapɛ a ɛfa adannandi ho a ɛne nyansahu nhyia abɛyɛ ɔsom a ɛwɔ hɔ nnɛ ma ɔpepem pii​—ɔsom a egyina “Siade Bosom” no nkutoo so. Bio nso, pii a wɔka sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no de wɔn ano nkutoo na ɛka na ‘wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa.’ (Yesaia 65:11; 2 Timoteo 3:5; Filipifo 3:19; Kolosefo 3:5; Mateo 4:9; 7:21) Gye sɛ wodi ahiade yi ho dwuma wɔ kwan a ɛfata so denam nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɔne Yehowa no a wɔbɛsom no so de ka ahiade afoforo nyinaa ho, anyɛ saa a onipa rennya akomatɔyam a edi mu anaasɛ anigye a enni awiei. Eyi ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na yɛanya anigye no fã titiriw.

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ. Ne Ba Yesu de ne nkwa too hɔ esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn nti. Ahyɛde abien a ɛsen biara ne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadɔ yɛn yɔnkonom. Ɔdɔ kata bɔne pii so. Wofi ɔdɔ mu de nteɛso a a ɛbɛma yɛayɛ ade trenee tete yɛn. Ɔdɔ yɛ pɛyɛ hama a ɛwɔ yɛn mu. Ɔdɔ yɛ Yesu asuafo agyiraehyɛde. Ɛyɛ ɔdɔ a ɛte sɛɛ a ɛne agape dɔ yi na ɛto ntwa da no.​—1 Yohane 4:8; Yohane 15:13; Mateo 22:36-40; 1 Petro 4:8; Hebrifo 12:6, 11; Kolosefo 3:14; Yohane 13:35.

Ɛne ɔdɔ a ɛyɛ Onyankopɔn su yi na ɔsomafo Paulo ka ho asɛm yiye wɔ 1 Korintofo 13:4-8 no: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.”

Ɛyɛ Onyankopɔn su a ɛne ɔdɔ yi na ɛsɛ sɛ yɛda no adi. Sɛ yɛn ani begye a, ɛne honhom mu ahiade a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma no. Fromm kae sɛ, “Kapitalist aman no nnyinasosɛm titiriw no ne nnyinasosɛm a ɛne ɔdɔ no bɔ abira” na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔdɔ ne adesamma asetra mu ɔhaw ahorow no ano aduru a eye na ɛfata, su a onipa biara hia ankasa.” Sɛnea Smiley Blanton kyerɛ no, ɛyɛ ahiade titiriw: “Sɛ yenni dɔ a, yɛhwere ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra nkwa mu no. Ɔdɔ kakra a obi benya ama n’ankasa ho yɛ su a onipa biara a ɔwɔ akwahosan a edi mu wɔ. Obu a ɛfata a obi benya ama ne ho ankasa yɛ nea ɛho hia titiriw ma adwuma ne biribiara a wotumi yɛ nyinaa. Sɛ yɛyɛ katee na yɛkasa tia yɛn ankasa abrabɔ a, ebia te a yɛbɛte nka sɛ yedi fɔ no bɛbrɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra nkwa mu no ase, na wɔ nsɛm a emu yɛ den mu no, ɛbɛma obi asɛe ne ho ankasa.”

Bere tenten ansa na wɔrebehu eyi no, Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ obi nya ɔdɔ ma n’ankasa ho ne afoforo bere a ɔkae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” no. Te sɛ ɔhonam no, ɔdɔ mu yɛ den bere a wɔde di dwuma no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, te sɛ gyidi no, ɔdɔ wu bere a wɔmfa nni dwuma no. Yi ɔdɔ adi kyerɛ na wubenya ho mfaso. Ɔdɔ kyerɛ adema. “Momma na wɔama mo.” Nanso obi a ɔwɔ ɔdɔ na ɔma afoforo nneɛma no nyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a obenya biribi afi wɔn nkyɛn. Adema ankasa yɛ akatua. Sɛnea Yesu kae no, “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” Wode ma a, wubenya, nanso ɛnyɛ nya a wubenya nti na ɛsɛ sɛ wode ma.​—Mateo 22:39; Luka 6:38; Asomafo no Nnwuma 20:35; Yakobo 2:26.

Adema ne adekyɛ na ɛnam a ɛnyɛ honam fam nneɛma na mmom nsusuwii, osuahu, anigye, apɛde, nkate ne awerɛhow mpo. Adwenemyare ho ɔdenimfo biako kae sɛ: “Ade biako a ɛma adesamma ani gye sen biara ne: anigye a wɔne afoforo kyɛ.” So wo nkutoo de ahodwiriw ahwɛ owia a ɛrekɔtɔ no pɛn a ɛkaa wo nko a, anka wone wo dɔfo bi na ɛrehwɛ? Anaa, so wo nkutoo ate asɛmpa bi a ɛyɛ anigye pɛn, nanso obiara nni hɔ a wobɛka akyerɛ no? Anaa, so wode ahodwiriw ahwɛ po a ahum retu wɔ so a asorɔkye kɛse a ɛma ne ho so kɔ soro a ɛbɔ begu po a abotan pii wɔ ano no ano ka ho pɛn na wodii yaw esiane sɛ w’adamfo biara nni hɔ a ɔne wo bɛhwɛ ade a ɛyɛ anigye yi nti? Anaa, so wuhuu biribi a ɛyɛ awerɛhow yiye a ɛkaa wo kɛse a worentumi nkyerɛkyerɛ mu nwie nkyerɛ obi foforo? Yɛpɛ sɛ yɛka yɛn nkate horow ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.”​—Romafo 12:15.

Ɛyɛ asɛm tiaa. Ɛyɛ nokware nso. Adwenemyare ho ɔdenimfo James Fisher kae sɛ: “Nnipa a wosusuw nneɛma ho yiye de kɔkɔbɔ ama wɔ asiane a ɛwɔ asase so ademude a wodi akyi no ho na wɔakamfo asetra kwan a ahopɛ nni mu akyerɛ.” Anigyede ahorow a eye yɛ nea wohu wɔ nneɛma nketenkete ne nneɛma a ɛyɛ fɛ a Onyankopɔn ayɛ no mu: ɔsoro a ɛyɛ haharaa a nsoromma pii hyerɛn wɔ hɔ, ɔhyew a owia de ba, mframa a emu yɛ wirududu. Nhwiren ahorow hua, nnomaa su ne mmoa nantew a ɛyɛ fɛ. Mmepɔw ne abotan atenten. Asubɔnten ahorow a ɛsen ntɛmntɛm ne asuten a ɛsen brɛoo, sare nsase a ɛyɛ fɛ ne kwae ahorow a ayeyɛ kusuu, sukyerɛma a ɛhyerɛn wɔ awia mu. Osu a ɛretɔ a egugu ɔdan atifi nnyigyei, mmɛbɛ su wɔ ɔdan a wɔkora nneɛma wɔ mu mu, mpɔtorɔ su wɔ abura mu ne nsu ani a apataa bɔ ma etwa kurukuruwaa bere a ɔsram apae.

Nnipa a wɔwɔ adamfofa su ma yenya anigye kɛse mpo, efisɛ wɔyɛɛ onipa sɛ abɔde a ɔwɔ adamfofa su a ɛho hia sɛ ɔne afoforo nya abusuabɔ. Ayamye mu a wofi susuw ne ho, ne mu a wofi mmɔborohunu mu so, nipadua a wɔde ka asɛm kyerɛ no brɛoo, serew a ɔdɔ wom, adeyɛ a ɔdɔ wom, abofra a ɔredi agoru a ɔreserew, akokoaa a ɔda mmofra mpa so a ɔreteɛteɛm, obi a wanyin a ɔwɔ osuahu pii wɔ asetra mu nidi ne nyansa a ɔwɔ​—eyinom nyinaa yɛ nneɛma a ɛma akomatɔyam.

Ɛyɛ sɛnea yɛte no na ɛho hia na ɛnyɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ho sɛ yɛte no. Ɛyɛ ɔdɔ a yɛwɔ no, na ɛnyɛ asetra mu gyinabea a yenya no. Ɛyɛ nea yebetumi de ama na ɛnyɛ nea yebetumi anya. Ɛyɛ ademude a yɛwɔ wɔ soro no na ɛnyɛ sika kɔkɔɔ pii a yɛwɔ wɔ asase so no. Ɛyɛ akomatɔyam ne nneɛma kakraa bi a yɛwɔ no na ehia mmom sen adwennwenne a nneɛma pii ka ho no. Ná sodifo kumaa a ɔyɛ adefo no wɔ nneɛma pii, na Farisifo no yɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ akronkronfo nanso na sodifo kumaa a ɔyɛ ɔdefo no nni anigye na na Farisifo no nyɛ akronkronfo. Onyankopɔn adwen horow a yebenya sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nyansa, ne nyansa yi a yɛde bedi dwuma de akyerɛ tumi a yɛwɔ kwan, ne nnyinasosɛm a yebedi akyi sɛnea ɛbɛyɛ a yebebu atɛntrenee, sua a yebesuasua no wɔ ɔdɔ a oyi adi kyerɛ no mu​—eyinom nyinaa ho hia na ama yɛadi nneɛma a yɛn kɔn dɔ no ho dwuma.

Na eyinom nyinaa ho hia ansa na yɛanya anigye.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Nkwa a yebenya no “gyina onipa koma a wɔbɛsakra no no so”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“Mmɔden a obi bɔ sɛ obenya atirimpɔw wɔ n’asetra mu no ne nkate titiriw a ɛwɔ onipa mu”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Sɛ yenni dɔ a, ɛma yɛhwere ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra nkwa mu no”

[Kratafa 6 mfoni]

Onyankopɔn na ɔbɔɔ onipa na ɔmaa no adwuma a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ asase no ne nnua ne mmoa ahorow a wɔwɔ so no so

[Kratafa 8 mfoni]

Anigyede ahorow a eye yɛ nea wohu wɔ nneɛma nketenkete mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena