Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 11-14
  • Nniso A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na Aba!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nniso A Eye Sen Biara—Ɛrenkyɛ Na Aba!
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tumi a Ahintaw a Ɛhyɛ Amammuisɛm Akyi
  • Asomdwoe ne Biakoyɛ​—Ɔkwan Bɛn So?
  • Dɛn Na Ɛrebɛba Nnansa Yi Ara?
  • Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ɔkwan Bɛn So Na Asomdwoe Betumi Aba Ankasa?
    Nyan!—1986
  • Ɛnnɛ, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Ɛbɛma Yɛanya Wiase a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 11-14

Nniso A Eye Sen Biara​—Ɛrenkyɛ Na Aba!

BAABI a nniso biara nni no, basabasayɛ na ɛwɔ hɔ. Eyi ada adi wɔ bere ne bere mu, bere a adwumayɛfo a wɔhwɛ ma wodi mmara so no tew atua anaa wontumi nyɛ wɔn adwuma no. Dɛn na efi mu ba? Nnipa amumɔyɛfo kakraa bi de hokwan a tebea no ma wonya no di dwuma de fom nneɛma anaasɛ wowia ade. Eyi da nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ onipa rentumi nnya ɔman a basabasayɛ nni mu gye sɛ nniso bi wɔ hɔ a ɛhyɛ mmara na ɛhwɛ ma wodi so na ɛde mfaso abrɛ yɛn nyinaa no adi.

Nanso afoforo bebua sɛ, mpɛn pii wafom nneɛma wɔ ɔkwan foforo so wɔ faako a nniso wɔ no​—amammuifo ne nnwuma akɛse nya sika esiane wɔn nkɛntɛnso nti. Adanmude, ne odwowtwa yɛ nneyɛe ahorow a ɛtaa kɔ so wɔ amammui mu. Wɔde aban nnwuma a ɛma wonya sika pii ma “nnamfo” a wɔyɛ adwumawuranom. Esiane eyi nti, amammuisɛm ama nnipa pii aba mu abu na wɔnhaw wɔn ho sɛ wɔbɛtow aba mpo. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ mpɛn pii nniso horow no ntumi nhwɛ mma wommu nnipa no nyinaa atɛn wɔ trenee mu.

Dɛn nti na mpɛn pii wɔ nsusuwii ahorow a eye ne nsɛm ahorow a wɔka fa adesamma yiyedi ho nyinaa akyi no, amammui de mpaapaemu ba na ɛsɛe adesamma asetra?

Tumi a Ahintaw a Ɛhyɛ Amammuisɛm Akyi

Sɛ yebebua asɛm yi a, ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ abakɔsɛm mu wɔ bɛboro mfe 1,950 mu wɔ bepɔw bi so wɔ Palestina. Ɛhɔ na wɔbɔɔ nkɔmmɔ soronko bi a ɛma yɛte asemmisa a ɛfa adesamma nniso ho no ase. Ná Yesu Kristo reba abefi ne baguam ɔsom adwuma no ase. Satan a ɔyɛ Onyankopɔn tamfo kɛse wɔ amansan tumidi ho no de hokwan a onyae no sɔɔ Yesu hwɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wagyaa ne mudi mu. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ Satan ‘kyerɛɛ [Yesu] wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam, [wɔ anisoadehu mu] na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.”​—Mateo 4:8, 9.

Esiane daa nhyira a adesamma benya nti, Yesu pow nea ɔde maa no no. Nanso dɛn na saa nhyiam a ɛho hia yi kyerɛ yɛn wɔ Satan ne wiase no nhyehyɛe ne “wiase ahenni nyinaa” no ho? Ɛne sɛ, Satan ne “wi yi ase sodifo” a aniwa nhu no no. (Yohane 12:31; 14:30; 16:11) Enti na ɔsomafo Yohane tumi kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na wiase a atwa yɛn ho ahyia a aka no nyinaa hyɛ Satan tumi ne ne nniso ase.”​—1 Yohane 5:19, The Living Bible.

Enti ɛyɛ Satan honhommɔne no na ɛhyɛ wiase no amammui nhyehyɛe no akyi. Ne hɔ na nnyinasosɛm ahorow a Machiavelli kyerɛw no fi ankasa. Satan ne “honhom a mprempren ɔyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn mma atuatewfo no mu no,” efisɛ ɔne “ahonhom a wɔwɔ tumi a wɔwɔ wim no sahene panyin.”​—Efesofo 2:2, The New English Bible.

Ebia ɛbɛyɛ den ama ebinom sɛ wobegye atom sɛ honhommɔne bi wɔ hɔ, tumi bi a aniwa nhu no a opiapia wiase no amammui sodifo no. Nanso eyi ne asɛntitiriw a ɛbɛma yɛate asɛm a Bible no ka a ɛfa asi a wodi wɔ amansan tumidi ho no ho asɛm nyinaa no ase. (Adiyisɛm. 12:7-9) Satan de amammui adi dwuma de apaapae adesamma mu na watwe nnipa adwene afi nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma trenee nniso a wɔbɛsan de aba a ɛne Onyankopɔn Ahenni nniso a ɛnam Kristo so no so.​—Mateo 4:23; 9:35.

Hwɛ sɛnea Satan adi​—nkonim! Ɛdenam amammui a ɛde mpaapaemu ba ne ɔmampɛ a ɔde adi dwuma so no, ɔde nnipa a “wɔama ɔman no so sɛ ɛyɛ onyame anaasɛ wɔde atoto Onyankopɔn ho wɔ abakɔsɛm mu” no adi dwuma. Wɔ ebinom fam no, na “ɔman no a wɔsom no sɛ ɔman no nyame no ho hia na ama wɔadu botae a wɔde asi hɔ ama ɔman no ho.” (Ideas in Conflict, Edward Burns) Ná Nasi Germany yɛ ɛho nhwɛso ankasa. Ɔbenfo Palmer ka sɛ, “Wɔannyina biribiara akyi kɛse sɛ som a wɔbɛsom Nasi nniso ne ne Kannifo no.” Mprempren mpo, amammuifo de adwinnade koro yi ara redi dwuma de ama wɔn botae horow anya nkɔso nanso epira adesamma. Esiane amammui mu pɛsɛmenkominya nti, ebetumi aba sɛ yɛn ase bɛtɔre.

Dɛn na ebetumi atwe nnipa afi nuklea ɔsɛe a wɔbɛbɛn ho no ho? So nniso bi wɔ hɔ a ebetumi aka adesamma abom? Dɛn na ɛho behia na ama nnipa nyinaa adi nokware ama trenee nniso biako?

Asomdwoe ne Biakoyɛ​—Ɔkwan Bɛn So?

Abakɔsɛm kyerɛwfo Edward Burns kyerɛwee sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ɔmampɛ so a wobedi na wɔama aba awiei na wɔde wiase nyinaa ahyehyɛde bi a etu mpɔn asi ananmu no yɛ ɔhaw ahorow a emu yɛ den sen biara a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu biako.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Nnipa afoforo nso abɔ mmɔden sɛ wobenya hwehwɛ a onipa hwehwɛ biakoyɛ no ano aduru. Spania ne Amerikani nyansapɛfo George Santayana “hui sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so ama akodi agyae gye sɛ wɔhyehyɛ amansan nyinaa nniso bi a ebetumi ama aman a ɛwɔ asase so nyinaa ayɛ n’apɛde. Amanaman Apam anaasɛ Amanaman Nkabom biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Dɛn nti na amammuifo no ntumi mfaa adepa a ɛne amansan nyinaa nniso yi mmae? Ade biako ne sɛ ɔmampɛ siw wɔn kwan. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo biako ka no: “Sɛ wɔfa ɔkwan biara so sɛ wobedi so anaa wobeyi afi hɔ a tete a wɔbɛtete adesamma nka ho a, ɛbɛyɛ den, bere dodow a yɛda so ara wɔ wiase bi a nitan ne ehu da so ara kɔ so wom kɛse mu no,” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Nhoma kyerɛwfo H. G. Wells ka sɛ: “Ɛho hia sɛ wɔma adesamma biakoyɛ ho asɛm tra nnipa no adwenem, ne sɛ ɛsɛ sɛ adwene a ɛkyerɛ sɛ adesamma yɛ abusua biako no yɛ nea wɔde kyerɛkyerɛ amansan nyinaa na wɔte ase.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

So nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛte saa no yɛ nea wobetumi ayɛ? Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ ade a wobetumi ayɛ nko; ɛyɛ ade a wɔatumi ayɛ ankasa! Wɔ henanom mu? Wɔ Yehowa Adansefo ɔpepem pii mu wɔ aman ne nsase 203 so. Eyinom asakra wɔn koma ne wɔn adwene dedaw. Yehowa Adansefo reboa nnipa bɛboro ɔpepem anan a wɔde wɔn ho abɔ wɔn no nso. Nsakrae horow bɛn na wɔama aba? Wɔama wiase nyinaa honhom bi a egyina ɔdɔ so rekɔ so wɔ wɔn mu. Wɔapow ɔmampɛ su a ɛne “abusua mu mpaapaemu, pɛsɛmenkominya, kateeyɛ, afoforo ho koma a wonni a ɛne ɔtaa na ɛnam no.”​—Ideas in Conflict, kratafa 502.

Bible no kaa nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse yi a wɔbɛyɛ wɔ awo ntoatoaso yi mu no ho asɛm siei. Yehowa hyɛɛ bɔ denam ne diyifo Yesaia so sɛ “wo mma nyinaa bɛyɛ nnipa a Yehowa akyerɛ wɔn ade, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13, NW) Wɔbɛkɔ so ayɛ eyi akosi sɛ “Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase nyinaa ma sɛnea nsu kata po so no.”​—Yesaia 11:9, NW.

Yesu nso kae sɛ ɛbɛyɛ saa amammui, aguadi, nyamesom nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne no fã: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Eyi kyerɛkyerɛ afie afie nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no mu. Wɔreka Ahenni nniso a ɛrenkyɛ ebefi soro aba abɛyɛ ade de ‘abubu [mprempren amammui] ahenni horow no nyinaa ma asa, na ɛno agyina hɔ daa’ no ho asɛm.​—Daniel 2:44.

Dɛn Na Ɛrebɛba Nnansa Yi Ara?

Nanso ansa na teokrase Ahenni nniso a ɛnam Kristo so no betumi adi asase nyinaa so tumi no, ɛsɛ sɛ nsɛm bi sisi ma ɛne Bible nkɔmhyɛ hyia. Adiyisɛm nhoma no ka ho asɛm. Ɛne:

“Ɔbea bi . . . Babilon kɛse no, asase so nguaman . . . nã.” (Adiyisɛm 17:3-5) Ogyina hɔ ma wiase nyinaa atoro nyamesom ahemman a ɛdaadaa “nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” pii no.​—Adiyisɛm 17:15.

“Aboa kɔkɔɔ” a ɔbea no te no so. Saa aboa a ɔyɛ “aboa kɛse no honi” a wɔaka ne ho asɛm dedaw wɔ adiyisɛm a wɔde maa Yohane no mu no gyina hɔ ma amanaman ntam ahyehyɛde a ɛkame ayɛ sɛ ɛma amammui nhyehyɛe ahorow nyinaa a ɛwɔ wiase yi mu ananmusifo bom hyiam no. Mfiase no na ɛyɛ Amanaman Apam. Mprempren de, ɛne Amanaman Nkabom no. Ɛyɛ nea ɛsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no. Ɛde ayɛ ne botae sɛ ɛbɛyɛ nea Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ no​—daa asomdwoe a ɛde bɛba.​—Adiyisɛm 13:1, 2, 15; 17:3, 8; 20:4.

Afei nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ esisi wɔ bere tiaa mu? Adiyisɛm ka kyerɛ yɛn sɛ “aboa kɔkɔɔ” no ne n’amammui atumfoɔ no ‘bɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa . . . na wɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:16) Dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so kasa yi kyerɛ? Amammuifo a wogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no bɛsɔre atia wiase nyinaa atorosom ahemman no na wɔasɛe no. Nanso eyi kyerɛ sɛ awiei koraa no, wɔbɛsɔre atia Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no ananmusifo anokwafo a wɔne Yehowa Adansefo no nso.a Dɛn na ebefi mu aba?

Eyi bɛma ‘nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so a obu atɛn na otu sa trenee mu’ a ɔne “Onyankopɔn Asɛm,” Yesu Kristo no afi soro ayɛ ho biribi. (Adiyisɛm 19:11) Enti amanaman no behu sɛ wɔrehyia Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon no. (Adiyisɛm 16:16) Saa trenee ko a wɔbɛko atia Satan ne ne “wiase” yi de amammui nhyehyɛe horow nyinaa bɛba awiei. Teokrase nniso a wɔbɛsan de asi asase so nyinaa bedi akyi aba. Wɔbɛma asase no aba paradise tebea mu na wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no atra so. Amammui a ɛsɛe ade begyae wɔ asase no so.​—Dwom 2:2, 9; 37:29.

Esiane sɛ ɛda adi sɛ amammui nhyehyɛe ahorow no nyinaa antumi anni adesamma ahiade akɛse no ho dwuma nti, so ɛsɛ sɛ wohwɛ nniso a ebetumi ama adesamma nyinaa koma atɔ wɔn yam no kwan? Esiane sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm wɔ bere a yɛte mu yi mu nti, yɛto nsa frɛ wo sɛ kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso no abɛn no mu yiye.​—Luka 21:25-33.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ nea Adiyisɛm no kyerɛ ma yɛn mmere yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules! a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York atintim no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Esiane amammui mu pɛsɛmenkominya nti, aka kakraa na wɔatɔre yɛn ase

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

“Ɛsɛ sɛ adwene a ɛkyerɛ sɛ adesamma yɛ abusua biako no yɛ ade a wɔde kyerɛkyerɛ na wɔte ase wɔ amansan no mu.”​—H. G. Wells

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena