Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 8/8 kr. 14-17
  • Bere a Obi a Wodɔ No Wu. . .

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Obi a Wodɔ No Wu. . .
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɛbɛyɛ Sɛ Mfomso Bi Aba”
  • “Ogyaw Yɛn Hɔ!”
  • “Anka Ɔrenwu, Sɛ Me . . . ”
  • Nea Wobɛyɛ A Ɛbɛma Woatumi Agyina Ano
    Nyan!—1985
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow No Ano?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • So Saa Ara Na Obiara Te Nka?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
  • Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 8/8 kr. 14-17

Bere a Obi a Wodɔ No Wu. . .

Ná Ricky ne Mary Anne aware wɔ anigye mu bɛyɛ mfe 18 na na wɔwɔ ɔba biako. Nanso bɛyɛ afe biako no, na Ricky te yaw nka wɔ ne mmati mu. Ebeduu ahohuru bere mu wɔ 1981 mu no, na emu ayɛ den na na ɔrebubu nkakrankakra. Oprehyɛn a wɔyɛe no ntɛm daa no adi sɛ n’akyi dompe a ɛwɔ soro no ahon. Asram pii akyi no, Ricky wui wɔ February 2, 1982 mu a na wadi mfe 48. Mary Anne kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Na ɛyɛ den ma me sɛ megye atom. Bɛyɛ bere tenten bi no na ɛte sɛ nea ɔbɛsan aba fie.”

SO WO anaa obi a wunim no anya osuahu a ɛte saa ara? Ebia sɛ obi a wodɔ no no wu a, wobɛda nkate ne su ahorow bi a wonnaa bi adi da no adi. Ebia wubebisa sɛ wubetumi ahyɛ wo ho den anaa. Anaa, te sɛ Mary Anne no, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom, ɛwom sɛ bere bi atwam de.

Nanso wubetumi ahyɛ wo ho den​—ɛnyɛ sɛ wo werɛ befi ne mmom wobɛhyɛ wo ho den? Wubisa sɛ, ‘Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?’ Wiɛ, ansa na yebetumi abua no, eye sɛ yebehu sɛnea obi te nka bere a ne dɔfo bi awu no ho asɛm pii. Nnansa yi Nyan! bisabisaa nnipa dodow bi a wɔn adɔfonom bi awuwu no nsɛm. Nsɛm a wɔkae no pue wɔ nsɛm ahorow yi mu. Ebetumi ayɛ awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ afoforo te nka te sɛ nea wote nka no. Na te a wobɛte sɛnea wodii wɔn nkate horow ho dwuma ase no betumi ayɛ mmoa kɛse ama wo.

Mary Anne rekyerɛkyerɛ sɛnea ɔtee nka wɔ Ricky wu no akyi pɛɛ no mu no, ɔkae sɛ: “Na meka ne ho asɛm bere nyinaa. Na ɛyɛ ɔkwan a menam so kae no. Meyɛɛ basaa wɔ afe a edi kan no mu. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ na ama wo nhyehyɛe akɔ so pɛpɛɛpɛ. Wode wo ho hyɛ saa nneɛma yi mu araa ma wunnya bere mfa nni nea ɛfa wo nkate ho no ho dwuma.

“Wɔde me kɔtoo ayaresabea esiane sɛ minyaa mogya mmoroso nti. Awiei koraa no, bere a na meda ayaresabea na m’ade me ho afi ofie ne biribi foforo biara ho adwennwene ho no, afei mitumi susuw nea ato me no ho. Na ɛte sɛ ‘Sɛ mifi ha a ɛhe na mɛkɔ?’”

Ade a wɔntaa nyɛ? Ɛnte saa ankasa. Sɛ wote wo dɔfo bi wu nea edi kan a, nea ɛtaa ba ne sɛ w’adwene yɛ basaa. Sɛnea afoforo a ebi ato wɔn no ka no: “Wote nea wɔka kyerɛ wo no nanso wonte ne nyinaa. Wode w’adwene si nokwasɛm a asi mprempren no so kakra na woayi afi so kakra.”

Ebia saa basaayɛ yi bɛyɛ te sɛ aduru bi a ɛmma wonte yaw nka. Ɔkwan bɛn so? Death and Grief in the Family nhoma no ka sɛ: “‘Ɛyɛ ahobammɔ bi a ɛma adwene no kyere nea asi no mu fã kɛse nkakrankakra.” Ebia basaayɛ a ɛte saa no bɛboa wo ma woagyina nkate nyinaa a ade a woahwere no ma wunya no ano. Sɛnea Stella a ɔyɛ okunafo a ɔwɔ New York City kyerɛkyerɛ mu no: “Wo ho dwiriw wo. Wonte biribiara nka.”

“Ɛbɛyɛ Sɛ Mfomso Bi Aba”

Nea ɛka titirii a woyɛ mfiase no ho no, ɛtaa ba sɛ wobɛka sɛ nsɛm ahorow bi nyɛ nokware. Mpɛn pii nea wɔte wɔ awerɛhowdi no mfiase ne sɛ “Mfomso bi aba!” Wɔ ebinom fam no, ɛyɛ den sɛ wobegye ade a wɔahwere no atom, ne titiriw sɛ ɛnyɛ wɔne wɔn dɔfo no na ɛwɔ hɔ bere a owui no a. Stella ka sɛ: “Manhu bere a me kunu wui; esii wɔ ayaresabea. Enti na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ wawu. Ɔkɔɔ aguadidan mu saa da no, na na ɛte sɛ nea ɔbɛsan aba.”

Wunim sɛ wo dɔfo no awu de, nanso ebia wo su ahorow ne nneɛma a wokae bɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, Lynn Caine kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Widow mu sɛ: “Sɛ biribi a ɛyɛ serew si a, meka kyerɛ me ho sɛ ‘Oh twɛn kosi sɛ mɛka eyi ho asɛm akyerɛ Martin anadwo yi! Ɔrennye nni.’ Ɛtɔ bere bi a, mema telefon so sɛ merefrɛ no na me ne no abɔ nkɔmmɔ wɔ m’adwumayɛbea. Nokwasɛm a ɛyɛ no na ɛma migyae bere nyinaa.”

Afoforo ayɛ nneɛma a ɛte saa te sɛ mprɛte dodow a ɛnsɛ sɛ wɔde sisi hɔ a wɔde sisi hɔ bere a wɔrebedidi anwummere anaasɛ nea wawu no aduan a ɔpɛ yiye a wɔkɔtɔ wɔ aguadidan mu bere nyinaa no. Ebinom mpo soso nea wawu no ho dae anaasɛ wosusuw sɛ wohu no wɔ mmorɔn so. Ɛnyɛ nea ɛntaa mma sɛ wɔn a wɔawu agyaw wɔn hɔ no besuro sɛ wɔn adwene resɛe. Nanso eyinom yɛ nneɛma ahorow a wɔtaa yɛ wɔ nsakrae kɛse a ɛte saa a ɛba obi asetra mu no ho.

Awiei koraa no, yaw no kɔ so na ebia ɛma nkate horow a wunsiesiee wo ho sɛ wubedi ho dwuma no sɔre.

“Ogyaw Yɛn Hɔ!”

Corrine a ne kunu awu bɛyɛ mfe abien a atwam ni no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me mma no yɛ basaa na wɔka sɛ, ‘Wagyaw yɛn hɔ!’ Meka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ ɔno na ogyaw mo hɔ. Onni nea ɛtoo no no so tumi biara. Nanso afei, misusuw sɛ, ‘Mereka eyi akyerɛ wɔn, nanso mete nka saa ara!’” Yiw, ahodwiriw a ɛyɛ ne sɛ, mpɛn pii abufuw ba bɛka awerɛhow no ho.

Ebia ɛbɛyɛ nnuruyɛfo anaa ayarehwɛfo a wɔn bo afuw wɔn bere a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ anka wɔyɛ pii de hwɛ nea wawu no. Anaa, wɔn bo befuw nnamfo ne abusuafo a ɛte sɛ nea wɔka anaa wɔyɛ nea ɛnteɛ no. Ebinom bo fuw nea wawu no, esiane sɛ obuu n’ani guu n’akwahosan so nti. Sɛnea Stella ka no: “Mekae sɛ me bo fuw me kunu efisɛ minim sɛ anka ɛremma saa. Ná ɔyare paa nanso obuu n’ani guu nnuruyɛfo kɔkɔbɔ ahorow no so.”

Na ɛtɔ bere bi a, wɔn bo fuw nea wawu no esiane asɛyɛde ahorow a ne wu no ma ɛbɛda nea wawu agyaw no hɔ no so nti. Corrine kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mintumi nni asɛyɛde ahorow nyinaa a ɛfa hwɛ a wɔhwɛ ofie ne abusua no ho dwuma. Worentumi nkɔfrɛ afoforo wɔ biribi ketewa biara ho. Ɛtɔ bere bi a, ɛno ma me bo fuw.”

Mpɛn pii nkate foforo di abufuw akyi ba​—afobu.

“Anka Ɔrenwu, Sɛ Me . . . ”

Ebinom te afobu nka esiane abufuw nti​—ɛne sɛ, ebia wobebu wɔn ho fɔ esiane sɛ wɔn bo afuw nti. Afoforo bu wɔn ho fɔ wɔ wu a wɔn dɔfo bi awu no ho. Wɔka kyerɛ wɔn ho sɛ, “Anka ɔrenwu, sɛ mema okohuu oduruyɛfo ntɛm a” anaa “mema okohuu oduruyɛfo foforo a” anaa “mema ɔhwɛɛ n’akwahosan so yiye a.”

Wɔ afoforo fam no, afobu no kɔ akyiri sen saa, ne titiriw no, sɛ wɔn dɔfo no wui mpofirim a wɔnhwɛ kwan a. Wofi ase kaakae mmere horow a wɔn bo fuwii anaa wɔne nea wawu no nyaa akasakasa no. Anaa, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔamfa wɔn ho nyinaa amma nea wawu no sɛnea ɛsɛ sɛ anka wɔyɛ no. Nsusuwii horow te sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ anka​—anaa ɛnsɛ sɛ​—meyɛ eyi anaa eyi.’

Mike a ɔyɛ aberante a ɔwɔ ne mfe aduonu mu no ka sɛ: “Me ne me papa annya abusuabɔ pa da. Na ɛyɛ nnansa yi mfe no mu na mifii ase ne no kasae. Mprempren [efi bere a me papa wui no] nneɛma pii wɔ hɔ a mete nka sɛ anka ɛsɛ sɛ meyɛ anaa meka ho asɛm.” Nokwarem no, ebia nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mprempren ɔkwan biara nni hɔ a wonam so bɛyɛ saa no bɛma abasamtu ne afobu no anya nkɔso.

Ɛwom sɛ aware mu ɔhokafo, ɔwofo, onuabarima anaa onuabea wu yɛ yaw de, nanso ebinom ka sɛ nea ɛyɛ yaw kɛse sen ne nyinaa ne wu a obi ba wu.

[Kratafa 16 adaka]

Nea Wɔtaa, Yɛ Bere a, Wodi Awerɛhowa

Akomatu-ntraso​—(“Mente nka biara”)

Nsɛm a wonnye ntom​—(“Ɛbɛyɛ sɛ mfomso bi aba!”)

Abufuw​—(“Ɛbɛyɛ dɛn na watumi agyaw me hɔ saa?”)

Afobu​—(“Anka ɔrenwu, sɛ me . . . ”)

Adwennwenne​—(“Afei dɛn na ɛbɛba me so?”)

Adwenemyare ho suro​—(“Misusuw sɛ m’adwene ho reka”)

[Ase hɔ nsɛm]

a Eyi nkyerɛ sɛ awerɛhowdi gu ahorow ahorow ankasa a ɛyɛ nnidiso nnidiso. Ɛsono onipa biara. Enti ebia nneɛma a awerɛhowdi ma wɔyɛ no mu den ne bere a egye no bɛyɛ nea nsonsonoe kɛse da ntam.

[Kratafa 15 mfoni]

“Wawu? Minnye nni!”

[Kratafa 16 mfoni]

Wɔn a wɔawu agyaw wɔn no mu pii te afobu nka: “Sɛ anka me . . . ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena