So Yenim Nea Bible No Kae Mfitiase Hɔ?
NANSA YI nkurɔfo taa si amanneɛbɔ ahorow a wɔte no ho apini a ɛnyɛ emu nsɛm no nkutoo nti na mmom dɔ a ɛredɔɔso nso nti. Ɛyɛ den sɛ obi bɛte ase koraa na ɔde ne nyinaa asie ne tirim. Na esiane sɛ wontumi nhwehwɛ mu na ama wɔahu sɛ ɛte saa pɛpɛɛpɛ nti, ama nnipa binom adwenem ayɛ wɔn naa wɔ nea wɔte ne nea wohu no ho. Mpɛn pii wɔkenkan amanneɛbɔ ahorow na wogye tom sɛnea ɛte no. Nkurɔfo de di dwuma na wɔtra ase ma ɛne no hyia.
Nanso sɛ ɛba Bible no so a, nnipa pii bu wɔn ho bem wɔ yɛ a wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ ho no ho. Mpɛn pii wobisa sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu me bra ma ɛne Bible no hyia? Mɛyɛ dɛn atumi ahu ampa sɛ ‘n’amanneɛbɔ ahorow’ a wɔka sɛ efi Onyankopɔn hɔ no fi ne hɔ ankasa? Na sɛ ɛte saa a, mɛyɛ dɛn ahu sɛ adu yɛn nkyɛn—wɔ mfehaha pii yi nyinaa akyi—a ɛnsakrae?”
Ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ nokware a nhoma a ebetumi de nsakrae a ɛtra hɔ daa aba obi nipasu mu—yɛ no mu yiye—sɛnea nnipa pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ Bible no yɛ no. Bible no ankasa hyɛ nhwehwɛmu a ɛte saa ho nkuran. Bible ɔkyerɛwfo bi kae wɔ ɔkwan yi so sɛ: “Adɔfo, munnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa? Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.”—1 Yohane 4:1.
Nanso ɛsɛ sɛ obi de nokwaredi ne koma pa yɛ nhwehwɛmu a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ obegye nneɛma a obehu a ɛyɛ nokware no atom, ɛwom mpo sɛ ebia ɛne kan nsusuwii ne adwene horow a okura no bɛbɔ abira koraa de. Nanso so obi betumi ayɛ nhwehwɛmu a ɛte saa a ɛbɛma nokware a Bible no yɛ ada adi no ankasa?
Wɔasi Nokware a Bible no Yɛ So Dua
Ɛwom sɛ Bible no yɛ nhoma a akyɛ de, nanso ɛda adi kɛse sɛ tete Bible nsaano nkyerɛwee pii ada nokware a ɛyɛ no adi. Saa tete nsaano nkyerɛwee yi mpempem pii wɔ nhomakorabea ahorow mu na ankorankoro wowɔ pii wɔ wiase nyinaa. Ɛda no adi sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no atumi atra hɔ bere tenten na wɔahwɛ so akyerɛw bi pɛpɛɛpɛ de abesi yɛn bere yi so.
Wubetumi ahwehwɛ eyi mu. Sɛ nhwɛso no, Sukuu a Ɛhwehwɛ Apam Foforo Kyerɛwnsɛm no mu a akyɛ a ɛwɔ Germany no de akyerɛw no 5,300 mu ɔha biara mu 95 a wɔayɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔahwɛ so no sini anaa mfonini ama nyansahufo sɛ wɔnhwehwɛ mu. Enti wɔ ɛho ɔbenfo akwankyerɛ ase no, wobetumi de sɛnea nsakrae biara nni Bible a wɔakyerɛw no mu de besi yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu no akyerɛ nsrahwɛfo a n’ani gye ho no, sɛ ɔyɛ obi a onni ho nimdeɛ anaasɛ ɔyɛ ɛho ɔbenfo no. Bere a ɛda bere a wodii kan kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne papyrus nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ a akyɛ sen biara a wɔkyerɛwee no ntam no yɛ tiaa na ɛmmoro mfe 25.
Enti Bible no nsɛm a ɛka no yɛ nokware sen tete nkyerɛwee afoforo. Karl Ringshausen kyerɛw wɔ ne nhoma Das Buch der Bucher (Nhoma a Ɛsen Nhoma Nyinaa) kratafa 3 no, sɛ:
“Julius Ceasar kyerɛw ne Commentaries on the Gallic War wɔ afe 52 mu ansa na wɔrewo Kristo. Nanso wɔkyerɛw nea akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ a wɔde nsa na akyerɛw no wɔ afeha a ɛto so akron wɔ Kristo wu akyi no mu. Helani nyansapɛfo Plato traa ase fi 427 besi 437 ansa na wɔrewo Kristo; wɔkyerɛw ne nyansapɛ nhoma ahorow no mu nea akyɛ sen biara wɔ Kristo wu akyi mfe 895 mu. Ɛkame ayɛ sɛ mfe apem anaa nea ɛboro saa da bere a wɔde kyerɛw nea edi kan no, bere a wodii kan kyerɛw tete nhoma ahorow no ne nea akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ no ntam.”
Na ɛdefa nhoma a ɛwɔ hɔ fi saa bere no dodow ho no, nhoma The Bible From the Beginning no ka sɛ: “Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, tete nsaano nkyerɛwee (MSS) no dodow yɛ kakraa bi, sɛ wɔde toto Bible no ho a. Tete nhoma biara nni hɔ a wɔadi ho adanse te sɛ Bible no.”
Bible no ne Nnɛyi Nhoma Ahorow
Sɛ wɔde Bible no toto nnɛyi nhoma ahorow ho a, ɛte dɛn? Nea ɛyɛ anigye no, adwenem naayɛ wɔ nhoma ahorow a wodii kan kyerɛwee no ankasa ho, na ɛte saa mpo wɔ nnɛyi nhoma ahorow a wɔn akyerɛwfo awuwu a ɛwɔ hɔ no ho. Nhoma ahorow a wɔka sɛ wɔde kasa tia nhoma afoforo akyerɛwfo te sɛ Germanfo akyerɛwfo Geothe, Schiller, Holderlin ne afoforo pii nhoma wɔ hɔ. Eyinom yɛ mmɔden ahorow a wɔbɔe sɛ wɔbɛsan akyerɛw kyerɛwsɛm a wodii kan kyerɛw no wɔ nyansahu kwan so no. Mpɛn pii abenfo adwene nhyia wɔ emu nsɛm ahorow a wɔkyerɛwee a ɛne ɔkyerɛwfo no ankasa nsɛm a odii kan kyerɛwee no ho.
Mpɛn pii ɛba saa wɔ amammuisɛm mu mpo. Bere a Mao Tse-tung wui akyi no, nkurɔfo de bere tenten twɛn ne nhoma a ɛto so anum no. Abenfo a wɔwɔ China nyaa adwene sɛ twentwɛn a wɔtwentwɛn yi a woyii no adi no ase no fi ɔman no mu amammui akannifo no adwene a enhyia ma enti wɔantumi annye nsɛm a awiei koraa no ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ ɛyɛ Mao na ɔkyerɛwee no antom no. Bere a awiei koraa no woyii nea ɛto so anum no adi no, abenfo pii adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ nokware a ɛyɛ no ho.
Nea Enti a Bible no Yɛ Soronko Koraa
Hwɛ sɛnea Bible no yɛ soronko wɔ nhoma a nnipa akyerɛw nnansa yi ara yi ho! Ɛwom sɛ akyɛ de, nanso yɛ a emu nsɛm yɛ nokware no ma ɛyɛ soronko koraa. Ɛyɛɛ dɛn na eyi baa saa? Ɛyɛɛ dɛn na wotumi kyerɛw Bible no wɔ bere tenten a atwam no mu nanso ɛyɛ nokware saa ma enti yebetumi agye atom sɛ sɛnea emu nsɛm te mprempren no yɛ nokware?
Nea edi kan no, wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so san kyerɛwee anaasɛ wɔboae no mu pii wɔ obu ma Bible no ne ne Kyerɛwfo a ɔyɛ Kronkron no. Wonim Masoretefo (Yudafo Bible adenimfo kuw bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so asia ne du Y.B. ntam) no no sɛ, na wɔde boasetɔ kan Bible no mu kyerɛw nsɛm no mu asɛmfua biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ mfomso bi anaasɛ wɔrennyaw Kyerɛw Kronkron mu nkyerɛwde biako mpo. Ebia na wɔafa saa ɔkwan yi so bere tenten ansa na wɔn bere no reba sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ mfomso wɔ Bible no a wɔhwɛ so san kyerɛw no mu. Ebetumi ayɛ akyerɛwfo no su yi ho asɛm na Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no: “Ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, nkyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.”—Mateo 5:18.
Mmɔden a akyerɛwfo yi bɔe sɛ wɔbɛma nokware a Bible no mu kyerɛw nsɛm no yɛ akɔ so atra hɔ no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛkame ayɛ sɛ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no mu Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no ano no mu nsɛm a Yesaia nhoma no nyinaa ka ho ne Kyerɛwnsɛm a yɛwɔ wɔ hɔ mprempren no hyia pɛpɛɛpɛ no mu.
Nea ɛto so abien no, na saa nhomanimfo ne akyerɛwfo no mu fã kɛse ara ani gye nea na ɛwom no nkutoo ho—kyerɛwsɛm a ɛyɛ kronkron no a wɔbɛkyerɛw—ɛnyɛ anuonyam a wobenya ama wɔn ho. Nokwarem no, mpɛn pii saa mmarima yi de wɔn ankasa anuonyam, ahonyade, akwahosan ne wɔn nkwa ankasa mpo bɔɔ afɔre de hwɛe sɛ wobɛkyerɛw nsaano nkyerɛwee no pɛpɛɛpɛ anaa wɔde bɛma nhomanimfo a wɔde bedi dwuma de aboa ma wɔakora Bible no kyerɛwsɛm no so.
Sɛ nhwɛso no, na Konstantin von Tischendorf wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu atu kwan akɔfa anhweatam so wɔ afeha a ɛto so 19 no mfinimfini mu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka afeha a ɛto so 4 no mu Bible nsaano nkyerɛwee a ɛyɛ nokware sen biara no. Na wadi kan ahu wo kɛntɛn a wɔtow nwura gu mu mu wɔ St Catherine nkokorafi a ɛwɔ Bepɔw Sinai so no mu.
Nea ɛto so abiɛsa no, na nnipa a na wɔn ani gye ho kɛse sɛ wɔbɛkyerɛw Bible no mu nsɛm sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ no wɔ ɔdɔ kɛse ma Onyankopɔn Asɛm. Te sɛ Dwom no kyerɛwfo no, wɔn ani gyee Onyankopɔn Asɛm no ho na wodii ahurusi wɔ Bible no mu nsɛm a wɔmaa afoforo tee no ho.—Dwom 1:1, 2.
Nea ɛto so anan no, ade a ɛho hia titiriw sen biara a ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi ne sɛ Bible no Kyerɛwfo Kronkron no na ɔde honhom kaa nkurɔfo ma wodii kan kyerɛw Kyerɛw Kronkron no. Ɔmaa mmarima a wɔkyerɛw Bible no nyaa mmoa a wohia a ɛbɛma wɔakyerɛw nsɛm a akanyan onipa nkate sen biara na aboa no ma ‘ɔde atoto nneɛma yiye’ ama no no. (2 Timoteo 3:16, 17, NW) Ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɔbɛhwɛ n’Asɛm a wɔbɛkyerɛw no so wɔ nokware mu abedu yɛn bere yi mu.
So wobɛpɛ sɛ wubehu pii afa saa mmarima a Onyankopɔn de wɔn dii dwuma kyerɛw nsɛm a ɛyɛ nokware yi ho? Asɛm a ɛfa nnipa a wɔkyerɛw Bible no ho bɛba Nyan! ahorow a ebedi eyi akyi aba no mu.
[Picture/Box on page 25]
Biblia Hebraica Stuttgartensia, no fã bi, a ɛyɛ Leviticus 11:42, faako a wɔakyerɛw Hebri nkyerɛwde Waw no kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ mfinimfini asɛmfua wɔ Pentateuch no mu mfinimfini.
Aleppo Codex no fã a ɛwɔ Dwom 80:14 (Engiresi, nkyekyem 13) a, ɛkyerɛ faako a wɔama Hebri asɛmfua ‘A’yin no so de kyerɛ sɛ ɛyɛ Dwom no mu asɛmfua a ɛwɔ mfinimfini.
[Box]
Tumi a wotumi hu faako a asɛmfua a ɛwɔ mfinimfini no wɔ yi kyerɛ sɛ na Masoretefo no akan nkyerɛwde a ɛwɔ nhoma anum a Mose kyerɛwee ne Dwom no mu kyerɛwsɛm no mu nyinaa. Ɛda ahwɛyiye a akyerɛwfo no yɛe de kyerɛw Bible no pɛpɛɛpɛ no adi.