Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 9/8 kr. 15
  • “Asusow” Wɔ Tete Hela

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asusow” Wɔ Tete Hela
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Bere A Osu No Annyae Tɔ
    Nyan!—1983
  • Yɛn Bɔfo No Dɔ Yɛn, Na Odwen Yɛn Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm a Wɔka Wɔ Fiji Nsupɔw no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 9/8 kr. 15

“Asusow” Wɔ Tete Hela

Osutɔ ho asaw ne ho mpaebɔ ahorow ahorow yɛ nea nnipa a wɔtraa ase wɔ tete bere no mu nyinaa de wɔn ho hyɛɛ mu, na na ɛte saa ara wɔ Helafo fam. Wɔ wɔn amanne horow pii mu no, nea na agye din kɛse wɔ akuafo a wɔyɛ ahiafo a wɔtete nkuraase no mu ne perperuna a ɛne mpae a wɔbɔ srɛ anyame no sɛ “asusow” ntue no.

Perperuna yɛ nhwiren kɔkɔɔ bi a efifi wɔ Greece nkuraase wɔ awɔwbere mu. Nanso na ɛsɛ sɛ osu tɔ wɔ fefɛw bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnɔbae pii wɔ twabere mu. Sɛ osu antɔ a, ebetumi ayɛ asiane ama nkuraasefo no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsrɛ anyame no ma wɔaboa wɔn na wɔahyira wɔn​—na wɔama osu atɔ ama wɔn​—no akuafo ahiafo a wɔtete nkuraase no yɛ wɔn perperuna amanne no.

Wɔ afahyɛ no mu no, wɔboaboa mmeawa no ano wɔ kurow no borɔn so. Wɔpaw wɔn mu biako na wosiesie no te sɛ perperuna no. Esiane sɛ wɔhwehwɛ anyame no mmɔborohunu nti, wɔtaa paw abeawa a ɔyɛ ayisaa. Afei wɔde ataade dedaw bi hyɛ no, na wɔde nhaban, nhwiren ne sare mommono tuatua atade no mu fi ne soro kosi ne nan ase. Wɔde tuatuaa ne ho pii araa ma ɛyɛ den ma no sɛ obehu ade. Nokwarem no, wɔde perperuna no a ɔte sɛ dua bi a ɛrenantew no kyinkyin akuraa no ase nyinaa.

Sɛnea amanne kyere no, na perperuna yɛ asase a ɛso akyen no ho sɛnkyerɛnne. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nsu anom de adwudwo ne nsukɔm ano na wama ne nnɔbae no, nkuraasefo no de kɔ afie afie mu bere a mmeawa afoforo di n’akyi pɛɛ na wɔtow dwom a edi so yi denneennen sɛnea wobetumi no:

Perperuna kyinkyin

Bɔ Onyankopɔn mpae denneennen

Awurade, ma osu ntɔ

Na yɛn nyinaa ani nnye bio

Na nneɛma a yɛadua no nnyinyin

Na nnɔbae no nyɛ saa ara.

Sɛ nnipa a wɔato santen no du ofi bi mu a, ɔbea warefo a ɔwɔ hɔ no kyia perperuna no denam nsu a ohwie gu no so no so bere a ɔteɛm sɛ: “Asusow! Asusow! no.” Bere a wahwie nsu pii agu no so akyi no, perperuna no wosow ne ho denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a nsu a akɔ sare ne nhaban no mu no begu fam te sɛ osu a ɛretɔ.

Awiei koraa no, bere a nkuraasefo no de perperuna no akyinkyin akuraa no ase awie no, wɔde no kɔ nsu bi ho. Wɔde no hyɛ nsu no mu mprɛnsa bere a wɔreteɛteɛm sɛ: “Asusow! Asusow!” no.

Ansa na wiase nyinaa ko a edi kan reba no, na wɔyɛ perperuna amanne no wɔ Greece nyinaa. Na wɔyɛ amanne no wɔ mmeae ahorow na na wɔde din ahorow a ɛne no sɛ te sɛ paparuna, perperitsa, ververitsa na ɛfrɛ no. Ɛwom sɛ wɔka sɛ wɔagyae amanne yi, gye sɛ nkuraase na wɔyɛ de, nanso wɔ mmeae ahorow pii no, wɔde nyamesom mu santen a wɔto a asɔre pene so asi ananmu de di atirimpɔw koro no ara ho dwuma. Nkonyaa, atetesɛm ne nyamesom a adi afra ase atim kɛse wɔ aman a nnipa a wɔte so no ka sɛ wɔyɛ Kristofo no asetra mu kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena