Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 10/8 kr. 24-27
  • So Asɔre Ahorow A Ɛwɔ Britania Ho Bɛka Abom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asɔre Ahorow A Ɛwɔ Britania Ho Bɛka Abom?
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anglikanfo ne Roman Katolekfo Mmɔdenbɔ Ahorow
  • Anglikan ne Asɔre Ahorow a Ɛde Wɔn Ho No Mmɔdenbɔ Ahorow
  • Atirimpɔw Ahorow Nti a Wɔhwehwɛ Biakoyɛ
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Mprempren?
  • Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
    Nyan!—1984
  • Biakoyɛ Ma Yehu Nokware Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yehowa Abusua Wɔ Biakoyɛ A Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Munkura Biakoyɛ Mu Wɔ Nna A Edi Akyiri Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 10/8 kr. 24-27

So Asɔre Ahorow A Ɛwɔ Britania Ho Bɛka Abom?

BERE a Anglikan Asɔre no twee ne ho fii Rome ho no, na ɛyɛ asɔre a ɛwɔ ɔman biako pɛ mu na na Roman Asɔre no yɛ asɔre a ɛwɔ aman ahorow mu dedaw. Nanso na Britania Ahemman a na emu retrɛw no de Asɔre no bɛkɔ wiase no afã horow pii. Ɛnnɛ, asɔre no bi wɔ aman horow bɛboro 20 mu. Wɔn nyinaa de wɔn ho, nanso wɔde wɔn ho abata asɔre no fã a edi kan no ho denam ka a wɔakɔka “Anglikanfo Nkabom” no ho no so. Enti wɔatumi atew Asɔre a ɛwɔ England no bi wɔ aman horow mu na ɛyɛ hokwan a wɔwɔ bere a wɔne Vatican hyia susuw nsɛm ahorow ho no.

Nnansa yi, Katolek Asɔre no agye nkyerɛkyerɛ abiɛsa bi a ama nsonsonoe a ɛda n’ankasa ne Protestant Asɔre ahorow no ntam no ayɛ kɛse atom. Eyi ne Pɛ a Maria yɛ (1854) , Maria a wɔde no kɔɔ soro wɔ ɔhonam mu (1950) ne yɛ a paapa no ntumi nyɛ bɔne nkyerɛkyerɛ (1870) no. Nsɛm ahorow a esiw biako a ɛne asɔre afoforo bɛyɛ no kwan ampa!

Anglikanfo ne Roman Katolekfo Mmɔdenbɔ Ahorow

Wɔ 1966 mu no, Paapa no ne Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury a wobu no sɛ ɔne Anglikan Asɔre no panyin no penee so sɛ wɔbɛtew Anglikan ne Roman Katolekfo Amanaman Ntam Bagua bi. Bere a wofii ase wɔ 1970 mu no, wɔde mfe 12 hwehwɛɛ nsɛnnennen a esiw biakoyɛ kwan no mu na wɔkamfoo ano aduru a eye kyerɛe. Bagua no mufo a wɔyɛ nhomanimfo a 10 fi asɔre abien no biara mu no de wɔn adwene sii nsɛm ahorow abiɛsa a wɔn adwene nhyia wɔ ho no so kɛse. Tumi (a paapa no tumidi ne yɛ a ontumi nyɛ bɔne no ka ho) ; som a Katolekfo som Adidi Kronkron no; ne asɔfo a wɔpaw wɔn.

Asɔre abien no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Bagua no amanneɛbɔ no ho? Wɔn mu biara ampow. Wɔ nokwarem no, wɔhwɛ kwan sɛ ebegye Asɔre no mu biara mfe pii na wɔde ada adwene ankasa a wɔwɔ wɔ ho no adi. Nanso asɛm bi a epuei wɔ London Times mu no ka too hɔ sɛ, “anyɛ yiye koraa no, aka awo ntoatoaso biako ansa na biakoyɛ ankasa aba asɔre abien no [Rome ne Canterbury] ntam.” Nea ɛyɛ akwanside ne nsɛm ahorow te sɛ awo ano a wosiw, asɔfo a wɔware, yɛ a paapa no nyɛ bɔne ne tumi a ɔwɔ, Maria a wɔsom no ne ɔkwan a wɔfa so paw Anglikanfo asɔfo a Leo XIII kaa ho asɛm wɔ Vatican Nhyiam a Edi Kan no ase wɔ 1896 mu sɛ “ɛyɛ nea mmara mma ho kwan” no.

Bere a Paapa John Paul II kɔɔ Britania wɔ 1982 ahohuru bere mu no, ɔne Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury no penee so sɛ wɔbɛtew amanaman ntam bagua bi de ahwehwɛ sɛnea wobetumi ayɛ biako no mu bio.

Anglikan ne Asɔre Ahorow a Ɛde Wɔn Ho No Mmɔdenbɔ Ahorow

Mprempren de, Asɔre a ɛwɔ England no nso ne Asɔre ahorow a wɔde wɔn ho no mu abiɛsa resusuw biakoyɛ ho​—Methodist, Moravian ne United Reformed. Wɔtew United Reformed no bere a Congregationalfo ne Presbyterianfo a wɔwɔ England ne Wales no ka boom wɔ 1972 mu no.

Biakoyɛ ho akwanside a emu yɛ den ahorow wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, Asɔre a ɛwɔ England no sɔre tia mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo bere a Asɔre ahorow a wɔde wɔn ho no mpɛ asɔfodi nhyehyɛe a ɛwɔ Asɔre a ɛwɔ England no mu no. Nanso Asɔre ahorow a wɔde wɔn ho no penee biako a wɔbɛyɛ no so. Nanso bere a Asɔre a ɛwɔ England no asusuw nsɛm a wɔde too gua no ho wɔ July 1982 mu no, wosii gyinae sɛ wɔne Asɔre ahorow a wɔde wɔn ho no renyɛ biako.

Asɔre ahorow a wɔde wɔn ho no aba mu bui kɛse. United Reformed Asɔre no kyerɛwfo kae sɛ: “Misusuw sɛ eyi bɛma Asɔre afoforo no ahwɛ yiye kɛse bere a wɔne Asɔre a ɛwɔ England no redi no.” Methodist Asɔre no kyerɛwfo kae sɛ osusuw sɛ ɛnyɛ nea ɛbɛba sɛ wobetumi ayɛ biakoyɛ ho nhyehyɛe kosi sɛ awo ntoatoaso biako betwam.

Anglikanfo a wɔn ani gye asɔre mu biakoyɛ ho no nso aba mu bui. Biakoyɛ da so ara yɛ nea wɔn nsa ntumi nka bere a wɔadi ho dwuma mfe pii no. Nanso afoforo kaa saa nsanakyi yi ho asɛm sɛ ɛyɛ nea ɛregye asɔre no afi ɔhaw ahorow a ɛwɔ asɔre mu biakoyɛ ho a ɛmma nkurɔfo nhu n’ankasa adwuma a ɛreyɛ no mu. Bere a The Economist repene adwene yi so no, ɛkae sɛ: “Bere tenten bi a ɛbɛma Asɔre a ɛwɔ England no asusuw n’ankasa dwumadi ho da no anim mprempren . . . Asɔre a ɛwɔ England no haw ne ɔkwan a ɛbɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn a wɔpɛ gyidi ho asɛm ahu no ade bere a n’ankasa nnim nea egye di yiye no.”

Enti wɔ asram kakraa bi ntam no, mmɔden akɛse abien a wɔbɔe sɛ wobenya nyamesom mu biakoyɛ wɔ Britania no adi nkogu.

Atirimpɔw Ahorow Nti a Wɔhwehwɛ Biakoyɛ

Dɛn nti na Kristoman mu asɔre ahorow no haw wɔn ho sɛ wɔbɛka abom? Ɔsɔfo Panyin Hume kae wɔ Katolekfo asɔfo mpanyin nhyiam a wɔyɛe wɔ Rome no ase sɛ, “akyinnye biara nni ho sɛ ade titiriw a esiw Yesu Kristo ho asɛmpa a yɛbɛka wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ne ɔhaw a mpaapaemu a ɛwɔ n’akyidifo mu de aba no . . . Ne titiriw no, wɔ afeha yi mu nyinaa no, mpaapaemu a ɛwɔ Kristofo mu no ma wɔkɔ so yɛ basaa na wɔn aba mu bu kɛse.”

Mfe bi a atwam ni no, Anglikanfo sɔfo panyin Charles Brent kaa hia a asɔre mu biakoyɛ ho hia no ho asɛm: “Gye sɛ yɛyɛ biako ansa, anyɛ saa a ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛde aman akɛse a ɛwɔ Apuei Fam Tɔnn no bɛba Kristo Asɔre no mu.”

Afoforo susuw sɛ ɛyɛ biribi foforo nti na wɔhwehwɛ biakoyɛ no. Russel Lewis kyerɛw wɔ Daily Mail mu sɛ: “M’adwene ‘ne sɛ ɛnyɛ atirimpɔw titiriw bi nti na wɔpɛ biakoyɛ na mmom biribi a nnɛyi asɔfo mpanyin a wɔkorɔn ne asɔfo a wɔba fam a wosusuw sɛ ɛbɛma wɔn asɔre mma a wɔn so retew no awae no ayɛ ho nhyehyɛe. Ɛyɛ nwonwa sɛ ɔpɛ kɛse a wɔwɔ ma biakoyɛ no ne nnipa a wɔkɔ asɔre a wɔn dodow so retew ntɛmntɛm a efii ase wɔ mfe Aduosia no mu wɔ Protestantfo asɔre atitiriw no mu ne wɔ mfe Aduoson no mu wɔ Katolekfo mu no hyiae.”

Sɛnea atirimpɔw nti a wɔhwehwɛ biakoyɛ no te biara no, asɔre mu mpaapaemu a akɔ so mfehaha pii wɔ Britania no ne ɔsomafo Paulo afotu ma Kristofo a emu da hɔ no bɔ abira: “Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”​—1 Korintofo 1:10.

Dɛn Na Ɛrekɔ So Mprempren?

Esiane sɛ wonim asɔre mu mpaapaemu a atwa wɔn ho ahyia ne nneɛma ahorow a ɛtwe wɔn san akyi a wɔahyia no nti, wɔn a wɔhwehwɛ asɔre mu biakoyɛ no kɔ so bɔ biako a wɔbɛyɛ no ho mmɔden. Wɔ wɔn fam no, biakoyɛ yɛ adepa a wɔhwɛ kwan daakye bi a ɛwɔ akyiri. Mprempren de, ɛte sɛ nea wɔn ani gye biakoyɛ ne obu a wobenya ama wɔn ho wɔn ho no ho dwuma a wobedi no ho. Asɛm a wɔka ne “biakoyɛ a asɔre bi rennyae ɔkwan a ɛfa so som no mu nkɔka ɔfoforo ho” a Anglikan ne Roman Katolekfo Amanaman Ntam Bagua no atitrafo kaa ho asɛm no.

Bere a ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury reka ade koro no ara ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ asɔre ahorow pii no ananmusifo no sɛ: “M’ani gye yɛ a yɛyɛ soronko no ho. Ɛbɛyɛ awerɛhow, sɛ wɔka yɛn nyinaa bom biako ma yɛyɛ ade biako a.” Enti biakoyɛ a ɛwɔ wɔn adwenem no nyɛ biakoyɛ ankasa koraa na ɛnyɛ dan a wɔbɛdan akɔ nokware Kristosom a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu no ne Bible no so.

Ɛhe na Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔwɔ Britania no gyina wɔ asɛm a ɛfa biakoyɛ ho yi mu. Wɔaka abom ma ɛyɛ nwonwa, a ɛnyɛ biakoyɛ a ɛwɔ Britania nkutoo na mmom wiase nyinaa, na ɛwɔ nkurɔfo a wofi mmusua ne aman horow nyinaa mu no mu. Wɔn biakoyɛ yi nsɛe denam nkyerɛkyerɛ, nneyɛe anaa nniso a ɛwɔ ɔman a wofi mu no mu ho akameakamedi so. Ɛnsɛe bere a aman horow de wɔn ho hyɛ ɔko mu no, efisɛ Yehowa Adansefo kɔ so kura afã biara a wonni ne wɔn Kristofo onuayɛ no mu.

Milwaukee Sentinel kyerɛw wɔ Adansefo no ho sɛ: “Wɔn adwene a ehyia no nnyina nneɛma nketenkete a ɛho nhia ahe biara so na mmom nneɛma a ɛho hia so​—abrabɔ ho mmara horow, nnyinasosɛm ahorow so a wodi ne sɛnea wɔsom Onyankopɔn no so.”

Bere a Britaniafo atesɛm krataa bi reka sɛnea wɔanya biakoyɛ a ɛte saa ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Biribiara a ɔdansefo bi yɛ no gyina Kyerɛwnsɛm mu ntease so. Nokwarem no, wɔn gyidi titiriw biako ne bu a wobu Bible no sɛ . . . nokware no.”

Adansefo no to nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ nokware a asɛm a wɔka yi yɛ no mu. Sɛ wɔba wo nkyɛn bio a, dɛn nti na wo ne wɔn nka ho asɛm?

[Kratafa 27 adaka]

“Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”​—1 Korintofo 1:10.

[Kratafa 25 mfoni]

Paapa John Paul ne Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury, Robert Runcie hyia a wohyiaam wɔ 1982 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena