So Ɛnsɛ sɛ “Papa a Wɔyɛ Yɛ Nea Ɛdɔɔso?
HWƐ sɛnea anka wiase bɛyɛ anigye, sɛ obiara a ɔte ase no ye ampa a! Anka ɛho renhia sɛ obi suro sɛ wobewia no, wɔbɛto no mmonnaa, anaasɛ wɔbɛyɛ no ayayade a ne bɔbeasu anaa mfe a wadi mfa ho. Anka ɛbɛyɛ nea afiase biara nni hɔ, na ɛbɛyɛ nea polisifo anaa asraafo biara nso nni hɔ. Yiw, wiase a ɛyɛ anigye bɛn ara na anka ɛno bɛyɛ!
Ampa, wɔ mprempren tebea horow no mu no, ɛte sɛ nea wiase a ɛte sɛɛ kwan a wɔbɛhwɛ no yɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye. Nanso nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ bra pa no fata nkamfo ara. Ebia wɔn mmɔdenbɔ no rensow aba pii wɔ wiase pa a wɔbɛma aba mu de, nanso anyɛ yiye koraa no, wɔmmmoa mmma wiase no nsɛe.
Nanso so “papa a wɔyɛ” yɛ nea ɛdɔɔso? Ebia ɛno bɛyɛ nea ɛsɔ yɛn nnamfo ne yɛn mfɛfo ani, nanso so ɛyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛsɔ yɛn Bɔfo no ani? Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani bɛpɛ sɛ wohu.
Dɛn na ‘Papa a Wɔbɛyɛ’ no Kyerɛ?
“Ɔyɛ abofra pa” taa yɛ nea ɛkyerɛ sɛ, ɔnyɛ obi a onye, wonhu no sɛ ɔyɛ nneɛma bɔne. Nanso sɛ wɔde di dwuma wɔ nyamesorn mu a, ɛsɛ sɛ papa a wɔyɛ no yɛ nea pii ka ho. Dɛn ntia?
Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, wɔn a wontumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ anaasɛ onni hɔ ne wɔn a wɔmpɛ nyamesom pii no yɛ ade pa. Wonhu wɔn sɛ wɔyɛ nneɛma bɔne. Nanso so papa a wɔyɛ wɔ eyi mu no yɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma wɔasɔ Ɔbɔadeɛ a wɔpow wɔ a ɔwɔ hɔ, wɔn adwenem a ɛyɛ wɔn naa wɔ ne ho anaasɛ wobu wɔn ani gu ne so no ani?Dabida.
Enti, nea Onyankopɔn bu sɛ ɛyɛ papa ho nokware nimdeɛ ho hia, anyɛ saa a, esiane sɛ ‘yennim Onyankopɔn trenee’ nti, yɛbɛhwehwɛ sɛ ‘yɛde yɛn ankasa trenee si hɔ.’ (Romafo 10:1-3) Eyi bɛyɛ mfomso a yedi, efisɛ onipa trenee gyinapɛn ahorow—nea yesusuw sɛ ɛyɛ papa no—tɔ sin kɛse wɔ ɔsoro gyinapɛn ho.
Wɔ n’asase so som adwuma no mu no. Onyankopɔn Ba Yesu Kristo kyerɛɛ nea ɔsoro gyinapɛn a ɛfa papa ho no yɛ. Aberante bi a ɔyɛ ɔdefo bisaa no sɛ: “Adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” Wɔn nkɔmmɔbɔ no ho amanneɛbɔ daa nneɛma pii adi. Yɛkenkan sɛ: “Di mmara nsɛm no so! Osee no sɛ: Nea ɛwɔ he? Na Yesu se: Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na ɛka me bio? Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya ademude ɔsoro, na bra bedi m’akyi! Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.”—Mateo 19:16-22.
Esiane abrabɔ ne asetra mu nneyɛe a emu agow nnɛ titiriw no nti, so ɛnyɛ nea wubebu ɔbarima yi sɛ obi a ɔyɛ papa? Onnii awu da, ɔnsɛee aware da, onwiaa ade da, onnii adansekurum da, wampow da sɛ obedi n’awofo ni anaasɛ ɔbɛdɔ ne yɔnko sɛ ne ho.
Nanso Yesu kyerɛe sɛ papa a ɔbarima yi yɛ no nyɛ nea ɛdɔɔso. Nã ɔda so ara tɔ sin wɔ biribi mu, biribi a amma ne papayɛ no anyɛ pɛ, anaa nea odi mũ no. Ɛne dɛn? Ho a wɔde bɔ afɔre wɔ ɔdɔ mu ma Onyankopɔn a ɛbɛkanyan no nso ma ɔde ne ho ahyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka adwuma a na Yesu retete n’akyidifo ma wɔayɛ no mu nnam so no. Bsiane sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ naɔbarima yi ‘wɔ ahonyade bebree’ nti, ɛyɛ nea ebetumi aba sɛ egyee ne bere pii. Ɛdenam Yesu afotu pa a ɔde maa no sɛ ɔnkɔtɔn nea ɔwɔ na ɔmfa mma ahiafo no a obetie so no, ede honam fam nneɛma bɛto n’afã a ɛnyɛ nea ɛho hia sen honhom fam nneɛma. Ɛno bɛma wanya kwan akɔ so ‘ahwehwɛ ahenni no kan’ a nneɛma pii rennye no asabawmu.—Mateo 6:33.
Enti sɛ́ wobɛyɛ obi a oye wɔ Onyankopɔn anim no kyerɛ pii sen bɔne ho a wobɛtwe wo ho afi. Ɛkyerɛ papa ankasa a wobɛyɛ denam Kristo kyidini a wobɛyɛ no so. Nea ɛka eyi ho ne ‘nokware no ho adanse a wubedi’ a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho, ‘ne din adi a wobɛda’ akyerɛ afoforo, na woasan ne din ho nnam so wɔ atorodi ahorow no nyinaa mu te sɛ nea Yesu yɛe no. (Yohane 17:4. 6; 18:37) Ɛbɛkyerɛ ‘ade a yɛbɛkyɛ afoforo‘ nso.—Hebrifo 13:15, 16.
Ɔkwan a Wobɛfa So Ayɛ Nea Eye Sen Papa a Wɔyɛ
Esiane sɛ papa a wɔyɛ nyɛ nea ɛdɔɔso nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ayɛ nea eye? Luka 10:38.42 ma yɛn ho adwene bi. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta faa [Yesu] kɔɔ ne fi. Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtraa Awurade nan ase tiee n’asɛm. Na Marta de, ɔtenaa ne ho ɔsom pii ho; na obegyinaa hɔ kae sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko na mesom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu. Na Awurade bua see no sɛ: Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; na ade biako na ehia; Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.”
Dɛn na nkɔmmɔbɔ yi da no adi? Ɛwom sɛ Yesu a ɔsom no wɔ honam fam no fata nkamfo de. nanso tie a wobetie ne nkyerɛkyerɛ no na wɔakyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ a ɛfata no ye sen saa. Nea Marta yɛe no yɛ papa. Nanso wɔ saa bere pɔtee no mu de, na ɛno nyɛ nea ɛdɔɔso. Enti nea Maria yɛe no ne nea eye.
Honhom mu nneɛma so dua a wosi a ɛbɔ honam fam de abira no yɛ nea Yesu nso san tii mu wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.”—Mateo 5:3, NW.
So wunim nnipa bi a ɛmfa ho sɛ wɔte saa no, wɔnyɛ “wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn”? Ebia wunim bi. Nokwarem no, ebia wubehu sɛ w’ankasa mpo yɛ wɔn mu biako. Sɛ saa de a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛbɔ mmɔden asua Onyankopɔn gyinapɛn ma nea ɛyɛ papa no denam w’adwene a wode besi honhom mu nneɛma so no no.
Ɛdenam saa yɛ so no, wubetumi anya anidaso a ɛne tra a wobɛtra ase ahu Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛrenkyɛ ɛbɛba asase nyinaa so no. Ɛhɔ de, obiara rensuro sɛ wobewia no, anaasɛ wɔbɛto no mmonnaa anaasɛ wɔbɛyɛ no ayayade. Afiase ahorow bɛyɛ nea enni hɔ bio. Saa ara na polisifo ne asraafo ho renhia—efisɛ eyinom benya adwuma a mfaso wɔ so kɛse ayɛ.
[Kratafa 31 adaka]
“Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako. Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow. Na ahohia ne ahometew bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne akra nyinaa so, Yudafo kan ne Helafo nso.”—Romafo 2:6-9.