“Maria Daa Ɔbaabunyɛ No”—Sɛnea Akã Nkurɔfo
EBIA ɛbɛyɛ akenkanfo binom nwonwa anaasɛ wɔn ho bedwiriw wɔn mpo sɛ wobehu sɛ wɔresusuw “Maria daa ɔbaabunyɛ no” ho wɔ asɛmti a ɛne “Katolek Asɔre No—N’adwene Wɔ Ɔbarima ne Ɔbea Nna Ho” ase. Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛka biribi a ɛbɛhaw Katolekfo anaasɛ yebebu Maria animtiaa. Nokwarem no, yɛwɔ obu kɛse ma no sɛ Kristo asuafo anokwafo no mu biako.
Bio nso, yegye tom koraa sɛ na Maria yɛ ɔbaabun bere a ɔwoo Yesu no. (Mateo 1:18-23) Asemmisa no ne sɛ, So Maria kɔɔ so ara yɛɛ ɔbaabun wɔ n’asase so asetra nyinaa mu?
Katolekfo Pii Adwenem Yɛ Wɔn Naa
Katolekfo nhoma ahorow da no adi sɛ na Katolekfo nhomanimfo adwenem yɛ wɔn naa sɛ Maria kɔɔ so ara yɛɛ ɔbaabun wɔ n’asetra nyinaa mu. Bible no ankasa ka Yesu “nuanom” ne “nuabeanom” ho asɛm mpɛn pii. (Mateo 12:46, 47; 13:55, 56; Marko 6:3; Luka 8:19, 20; Yohane 2:12; 7:3, 5) Nanso Katolekfo binom ka sɛ nsɛm yi kyerɛ “abusuafo,” te sɛ ne na nua mma. So eyi yɛ nokware?
The New Catholic Encyclopedia no se: “Hela nsɛmfua . . . a wɔde dii dwuma de kyerɛɛ abusuabɔ a ɛda Yesu ne abusuafo yi ntam no kyerɛ onuabarima ne onuabea a wɔne no fi yafunu koro mu wɔ nnipa a na wɔka Hela kasa wɔ Asɛnkafo no bere so no mu na ɛyɛ nea saa ara na Helani ɔkenkanfo bɛfa no wɔ asɛm yi mu.” Afei nso The New American Bible a ɛyɛ Katolekfo nkyerɛase no gye tom wɔ Marko 6:16 ase hɔ asɛm bi ho, faako a wɔbɔ Yesu nuanom ne nuabeanom din no, sɛ: “Sɛ ɛnyɛ asɔre no gyidi wɔ Maria daa ɔbaabunyɛ no mu a, anka asɛm a ɛfa ne nkyerɛase ho no rensɔre wɔ ha.”
Bible no kyerɛ pefee sɛ wɔ Yesu akyi no na Maria wɔ mma afoforo; Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ a ese eyi nte saa no na ɛde akyinnyegye no aba. Katolekni ɔkyerɛwfo J. Gilles a ɔhwehwɛɛ Kyerɛwsɛm mu adanse a ɛfa asɛm no ho nyinaa mu no kae sɛ: “Ne tiawa mu, ne wɔ ɔkasa a wɔakari ahwɛ mu wɔ nokwaredi ma [Katolek] Asɔre no mu no, migye di sɛ metumi aka me nhwehwɛmu no ho asɛm tiawa sɛnea edidi so yi. . . . ASƐMPA AHOROW ANAN no de adanse a edi mũ ma . .. sɛ na Yesu wɔ nuanom mmarima ne mmea ankasa wɔ n’abusua mu. . . .
Esiane adanse kɛse a ɛne ne ho hyia yi nti, ɛte sɛ nea [Katolek Asɔre] no tete gyinabea no yɛ nea asɛm wɔ hɔ a emu nyɛ den.”
Faako a Gyidi no Fi
Jesuit sɔfo Ignace de la Potterie ka sɛ: “Wɔ tete nyamesom ahorow pii mu no, na ɔbaabunyɛ som bo wɔ ɔsom mu. Na wɔfrɛ anyamewaa binom (Anath, Artemis, Athena) sɛ mmaabun.” Nanso dɛn na ɛno ne Maria wɔyɛ? Katolekfo sɔfo Andrew Greeley kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Maria sɛnkyerɛnnede no de Kristosom tõa tete anyamewaa a wɔyɛ ɛnanom som no mu tẽe.”
Asɔre abakɔsɛm ho ɔbenfo Ernst W. Benz ka wɔne tete abosonsom ntam nkitahodi yi ho asɛm. Ɔkyerɛwee wɔ The New Encyclopedia Britannica mu sɛ: “Onyankopɔn ne na a wɔsom no no mu bɛyɛɛ den bere a Kristofo Asɔre no bɛyɛɛ ahemman no asɔre wɔ Konstantino ase na abosonsomfo pii baa asɔre no mu no. . . . Wɔmaa nnipa no ani baa wɔn ho so wɔ nyamesom ho nsɛm mu wɔ mfe mpempem no mu denam onyamewaa a ɔyɛ ‘ɛna kɛse’ ne ‘ɔbaabun kronkron’ no som so, adeyɛ a akɔ so fi tete Babilonia ne Asiria nyamesom ahorow a agye din no mu . . . Ɛmfa ho sɛ tete Asɛmpa no ampene eyi so no, wohui sɛ ɔbaabun kronkron ne ɛna som no yɛ ɔkwan foforo a wobetumi afa so wɔ Maria som mu.”
Nanso dɛn na ɛkaa Roman Asɔre no ma egyee onyamewaa a ɔyɛ “ɛna kɛse” ne “ɔbaabun kronkron” som no toom? Ade biako ne sɛ na “abonsonsomfo pii” a wɔreba asɔre no mu no pɛ; na wɔn ani gye wɔ asɔre a ɛsom ‘ɛna a ɔyɛ ɔbaabun kɛse’ no mu. Ɔbenfo Benz ka sɛ: “Wɔ Misraim no na wɔsom Maria dedaw a na n’abodin ne nea ɔwo Onyankopɔn (Theotokos) .” Enti wogyee “ɔbaabun kronkron” som no toom na ama “abosonsomfo pii” a wɔreba asɔre no mu no ani agye wom.
Wɔde Maria som ho adwene no mae wɔ Nicaea Bagua no biakoyɛ nhyiam a edi kan no ase wɔ 325 Y.B. mu. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɛhɔ na wɔmaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ ankasa, na Nicene Gyidikasɛm no daa no adi sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Ebia eyi na ɛmaa Maria bɛyɛɛ “nea ɔwo Onyankopɔn,” anaa “Onyankopɔn ne na” no. Ná ade a edi hɔ ne sɛ wɔbɛyɛ Maria “daa ɔbaabun.” Eyi bae bere a wɔde “daa ɔbaabun” abodin no maa Maria wɔ Konstantinople Nhyiam a etia abien no ase wo 553 Y.B. mu no.
Nea Nkyerɛkyerɛ no de Aba
Ɔbenfo J. J. Pelikan a ɔwɔ Yale no kyerɛw sɛ: “Ahotua adwene a enyaa nkɔso wɔ asɔre no mu no boa maa adwene a ɛne sɛ Maria yɛ nkwa nna nyinaa ɔbaabunyɛ ho nhwɛso no mu yɛɛ den.” Saa “ahotua adwene” yi daa adi nso wɔ nkokorafo ne ɔsom mu sigyadi a ɛkɔɔ so wɔ mfehaha a edii Nicaea akyi no mu. Katolek asɔfo, mmarima ne mmea, ne nkokorafo mpem ɔhaha pii abɔ mmɔden—ebi tumi, pii nso ntumi—sɛ wobedi sigya esiane sɛ wɔn asɔre no akyerɛkyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna ne kronkronyɛ nhyia nti.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔre no kannifo kɛse “Ɔhotefo” Augustine “de mfitiase bɔne no bataa ɔbarima ne ɔbea nna mu akɔnnɔ ho.” Ampa, Katolekfo asɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii nnye nkyerɛkyerɛmu yi ntom bio. Nanso so ɛnyɛ nea Maria daa ɔbaabunyɛ nkyerɛkyerɛno ne asɔfo sigyadi mmara a ɛyɛ ɔhyɛ no ma wonya adwene sɛ ɔbarima ne ɔbea nna yɛ biribi a ɛho ntew? Na so ɛnyɛ nea Vatican gyinaesi a ɛfa awaregyae ne awo ano a wosiw ho a wɔasan asi so dua no ama ɔhaw no ayɛ kɛse ama Katolekfo ɔpepem pii?
Nea ɛho hia titiriw no, dɛn ne Bible no adwene wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“ASƐMPA AHOROW ANAN no de adanse a edi mũ ma . . . sɛ na Yesu wɔ nuanom mmarima ne mmea ankasa.”—Katolekni ɔkyerɛwfo