Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 3/8 kr. 15-16
  • Onyankopɔn—So Odwen Me Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn—So Odwen Me Ho?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Dwen Wo Ho
  • Nea Ɛma Yehu Sɛ Odwen Yɛn Ho
  • So Wudwen Onyankopɔn Ho?
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • So Onyankopɔn Wɔ Me Ho Bere?
    Nyan!—1987
  • Nkurɔfo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔabɛn Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 3/8 kr. 15-16

Bible No Adwene

Onyankopɔn​—So Odwen Me Ho?

ƆTEƐƐM sɛ, “Mintumi nnyina ano bio. Sɛ mewɔ akokoduru a ɛbɛma makum me ho a, anka mɛma asetra a afono me wɔ wiase a asɛe yi mu no aba awiei.”

Jill ntumi “nhu atirimpɔw biara wɔ tra a ɔbɛtra ase wɔ wiase a huammɔdi, nitan ne basabasayɛ wom yi mu no mu.” Osusuw sɛ obenya ahotɔ afi nnubɔne, nsa ne nnwom mu. Nanso amma saa. Bere a awaregyae maa n’abusua mu paapae ma ɛbɛyɛɛ ahorow anum no, obisae sɛ: “Saa bere yi nyinaa na Onyankopɔn wɔ he?”

Sɛ nneɛma bɔne ba wo so a, so nsemmisa ahorow a ɛte saa ara ba w’adwenem? Nokwarem no, Onyankopɔn wɔ he wɔ yɛn afeha a ɛto 20 a amanehunu ahyɛ mu ma yi mu? Ɛyɛ asɛm a obiara a ɔpɛ sɛ ogye Onyankopɔn bi a ɔwɔ ɔdɔ di no bisa. So Onyankopɔn susuw nea ɛba nkurɔfo so no ho ankasa?

Onyankopɔn Dwen Wo Ho

Hwɛ wo ho hyia. Sɛ Onyankopɔn nnwen nnipa ho a, dɛn nti na ɔbɔɔ mmɔden bɔɔ nnuan a ɛyɛ dɛ, mmoa a wɔn ho yɛ anika a wɔma koma ani gye, ne abɔde a ɛyɛ nwonwa? Owia a ɛrekɔtɔ a ɛyɛ fɛ no ma nkurow akɛse mu adan atantan no mpo yɛ fɛ. Sɛnea ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ tete Likaoniafo no, Onyankopɔn ‘annyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.’​—Asomafo no Nnwuma 14:17.

Nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ owia a ɛrekɔtɔ a ɛyɛ fɛ no rensakra abusua a wonni anigye mma wɔmmɛyɛ wɔn a wɔwɔ anigye. Mmoa ahorow a wɔn ho yɛ anika remma yaw a obi dɔfo a wahwere no ma odi no mfi hɔ. Nnuaba a ɛyɛ dɛ rentumi mma koma a abasamtu ama abubu no nya ahotɔ. Sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ho ankasa a, dɛn nti na ɔnyɛ nneɛma ahorow a ɛde amanehunu ba nnɛ no ho biribi? Mmuae no ne sɛ ɔreyɛ ho biribi, na wubetumi anya mu mfaso. Susuw adanse a edidi so a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen wo ho no ho.

Nea Ɛma Yehu Sɛ Odwen Yɛn Ho

Onyankopɔn ayɛ paradise bi a ɛyɛ nwonwa ho nhyehyɛe a ɔde besi mprempren nneɛma nhyehyɛe a amanehunu wom no ananmu. Bible no ka asase bi a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio” ho asɛm pefee. (Adiyisɛm 21:4) Henanom na wɔbɛtra ase wɔ saa tebea yi mu? “Ahobreasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Dɛn nti na wummue wo Bible no wɔ Yesaia atiri 11, 35, ne 65 na wonkenkan Paradise yi ho asɛm pii.

Sɛnea ɛbɛyɛ yiye ama WO sɛ wobɛtra ase wɔ saa Paradise no mu no, Onyankopɔn de ne Ba a ɔdɔ no a ɔwoo no koro mae. “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3: 16) Esiane nhyehyɛe yi nti, awufo mpo betumi anya saa Paradise asase no mu mfaso denam owusɔre so.​—Yohane 5:28-30.

Sɛnea ɛbɛyɛ a WUBETUMI anya Onyankopɔn nsiesiei mu mfaso no, wayɛ nhyehyɛe sɛ wɔnka n’Ahenni ho asɛmpa no wɔ asase so nyinaa. “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Wɔ ne Ba no akwankyerɛ ase no, Onyankopɔn ahyɛ ne nkurɔfo sɛ ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa n’asuafo.’​—Mateo 28:18-20.

Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya susuw a Onyankopɔn susuw wo ho no mu mfaso no, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ. Ɛsɛ sɛ woma Onyankopɔn hu sɛ wudwen ne ho.

So Wudwen Onyankopɔn Ho?

So ɛno yɛ wo nwonwa? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Wɔ abusuabɔ biara a ɛwɔ nnipa baanu ntam mu no,ɛyɛ nea ntease nnim sɛ wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔn mu biako nkutoo na obesusuw ɔfoforo no ho, anaa ɛnte saa? Saa ara na ɛte wɔ abusuabɔ a obi ne Onyankopɔn wɔ no mu. Wɔ bere ne bere mu no, n’Asɛm ma eyi mu da hɔ pefee. Yakobo 4:8 se, “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”

Ɛrekyerɛ nea Onyankopɔn hwɛ kwan fi ne nkurɔfo hɔ no, Deuteronomium 30:19, 20 ka sɛ: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.” Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ, sɛ yɛannya yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu mfaso a ɛtra hɔ daa esiane ne ho a yɛansusuw wɔ ɔkwan pa so nti a!

Ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahu ampa sɛ midwen Onyankopɔn ho, ne sɛ efi me komam ankasa?’ Fa no sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ paw gyinabea bi a nkurɔfo ani nnye ho anaasɛ yɛ adwuma bi a nkurɔfo ani nnye ho te sɛ baguam asɛnka ma no. Dɛn na wobɛyɛ? So wubefi wo pɛ mu de wo nneyɛe akyerɛ sɛ wudwen Onyankopɔn ne ne Ba no ho? Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’anuonyam mu no.”​—Marko 8:38.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa ne Yesu ani sɔ wɔn a wodwen wɔne wɔn nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho no. Yesu kae sɛ: “Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.”​—Mateo 10:41, 42.

Yiw, Onyankopɔn dwen wo ne nnipa koma pafo a wɔwɔ asase so nnɛ nyinaa ne wɔn a wɔwɔ adamoa mu mpo no ho. Nanso obi ho a wodwen kyerɛ ɔma ne ogye. So wudwen Onyankopɔn ho? Sɛ saa na ɛte, na wubefi wo pɛ mu akyerɛ sɛ wudwen no ho a, wubetumi anya daakye a enni awiei.

[Kratafa 15 mfoni]

Sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho a, dɛn nti na ɔde nneɛma yi mae?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena