Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 4/8 kr. 13-17
  • Bible No—So Ne Nyinaa Na Yewɔ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible No—So Ne Nyinaa Na Yewɔ No?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible no Gyinapɛn​—Nhoma a Edi mũ
  • Honhom Nimdeɛ-Som Nkyerɛwee ne Bible no Nhyia
  • Ennyaw Biribiara wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw ho Asɛm a Ɛka no Mu
  • Ennyaw Biribiara wɔ Afotu a Ɛho Hia a Ɛde Ma no Mu
  • So Bible no Ka Yesu Ho Nsɛm Nyinaa Kyerɛ Yɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Apokrifa Nsɛmpa​—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn Ne “Yuda Asɛmpa” No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Nyan!—1986
g86 4/8 kr. 13-17

Bible No​—So Ne Nyinaa Na Yewɔ No?

NÁ ƐYƐ awɔw bere wɔ Upper Egypt wɔ mfe 40 a atwam no mu. Ná Arabni bi a ɔwɔ n’akuraase retutu fam ahwehwɛ asase a eye ma nnɔbae. Ohuu biribi a ɛyɛ nwonwa. N’asɔw no kɔbɔɔ ade dennen bi so​—ɛyɛ ahina. Nea ohuu wom ne aboa nhoma apo 13 a ɛyɛ nea wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu. Nanso ɛyɛ 1955 mu na wofii ase kaa ahude yi ho asɛm kɛse. Ɛda so ara twe Bible akenkanfo adwene efisɛ ebinom kyerɛ sɛ apo ahorow a wohui no kura ahintasɛm ahorow a Yesu kae.

“Eyinom ne ahintasɛm ahorow a ɔteasefo Yesu kae a Didymos Judas Thomas kyerɛwee.” Saa na The Gospel According to Thomas a ɛyɛ Honhom Nimdeɛ-Som mufo nhoma 48 a wohui wɔ Egypt bepɔw bi ho no biako fi ase. Helmut Koester a ɔwɔ Harvard Asɔfo Sukuu mu reka eyi ho asɛm no, ɔkyerɛe sɛ Thomas asɛmpa no bɛma wɔanya asɛm foforo a ɛho hia a ɛbɛma wɔate Yesu nkyerɛkyerɛ no ase. So ɛte saa? So nyansa ahintasɛm bi a ɛho hia ma wo gyidi ayera wɔ Bible mu? Anaasɛ Bible no di mũ? Sɛ wobisa wo nsɛm yi a, wubebua dɛn?

Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible no di mũ. Ɔsomafo Paulo krataa a etia abien a ɔde kɔmaa 2 Timoteo ti 3, nkyekyem 16 ne 17 da wɔn gyidi adi. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”

Osuahu ama Adansefo no ahu sɛ Bible no nnyaw biribiara wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛda no adi anaa wɔ da biara da asetra mu afotu a ɛho hia a ɛde ma no mu. Ɛkyerɛ wɔn nea enti a yɛwɔ ha ne faako a yɛrekɔ. Ne tiaa mu no​—Bible no di mũ.

Bible no Gyinapɛn​—Nhoma a Edi mũ

Dɛn nti na Yehowa Adansefo betumi agye adi sɛ nhoma titiriw biara nyerae wɔ Bible no mu? Efisɛ nkyerɛwee a efi honhom mu a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ” no yɛ nea wɔahyehyɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛma edi mũ. (2 Timoteo 3:16) Bible gyinapɛn no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nhoma ahorow a wɔagye atom sɛ nokware, nea efi Onyankopɔn home mu na ɛfata sɛ wɔde susuw gyidi, nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe hwɛ.

Wɔhyehyɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm (wɔtaa frɛ no Apam Dedaw) no sɛnea ɛte yi wiei wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so anum A.Y.B. awiei mu hɔ. Nhoma a ɛwɔ eyi mu no nkutoo na Yesu Kristo ‘ne n’asomafo no de dii dwuma bere a wɔrefa asɛm aka wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Enti, Yehowa Adansefo di nhwɛso koro yi ara akyi wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no ho. Na nea wɔtaa frɛ no Apam Foforo, anaasɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso ɛ?

Adanse a na ɛkyerɛ sɛ wɔafi ase reboaboa nkyerɛwee a ɛyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ano daa adi wɔ 90-100 Y.B. mu. Na ɛrebedu afeha a etia abien no awiei no, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔawie Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no gyinapɛn a edi mũ no ho adwumayɛ. Tete kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a edi mũ sɛ eyi. Enti, Yehowa Adansefo bu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no sɛ edi mũ. Nanso adanse a ɛsen eyi ho hia na ama Yehowa Adansefo agye atom.

Ɛnyɛ sɛnea nnipa hyehyɛ nhoma bi no titiriw na ɛma Yehowa Adansefo gye tom sɛ edi mũ. Wɔhwɛ emu adanse. Nea wɔhwɛ ni:

◻ Emu nsɛm a edi adanse sɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛma wɔkyerɛwee

◻ Afotu a etia gyidihunu, adaemonesɛmdi, ne abɔde som.

◻ Hyia a ɛne Bible no nkae hyia koraa.

◻ Asɛm a ɛdan nkurɔfo ba Yehowa som ho na ɛkanyan obu kɛse ma n’adwuma ne n’atirimpɔw.

◻ Nea ɛkanyan ɔdɔ ne Onyankopɔn som.

◻ Ɛne ɔsoro “nsɛm pa a eye” no hyia a Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no nso ka ho.​—2 Timoteo 1:13.

Honhom Nimdeɛ-Som Nkyerɛwee ne Bible no Nhyia

Yehowa Adansefo nhu adanse yi mu biara wɔ Honhom Nimdeɛ-Som nkyerɛwee no mu. Honhom Nimdeɛ-Som ahintasɛm no sɔree wɔ mfeha abien a edi kan no mu na wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ ɔsoro nimdeɛ ahintasɛm. Wogyee nokware Kristofo kyim wɔ wɔn a wɔwɔ Yesu ne n’asuafo no nokware nkyerɛkyerɛ ne wɔn nkyerɛwee no ho. So saa Honhom Nimdeɛfo nhoma ahorow no da nsɛm titiriw bi a ɛbɛhyɛ Kristofo gyidi den adi? Dabi.

Ɛnyɛ ka nko na encyclopedia ahorow ne Bible no ho abenfo pii ka sɛ nkyerɛwee yi nyɛ nokware, na mmom wɔka nso sɛ ɛyɛ atoro sɛ wɔbɛka sɛ Bible akyerɛwfo no na wɔkyerɛwee. Sɛnea wɔabɔ amanneɛ wɔ Psychology Today mu no, Andrew M. Greeley, Roman Katolek sɔfo ne asetra ho nsɛm ho ɔbenfo wɔ Arizona sukuupɔn mu no kae wɔ nhoma ahorow yi ho sɛ: “Ɛrentumi nyɛ nea onipa bi a ɔhwɛ nyamesom kwan na aboa no wɔ asetra mu ɔhaw ahorow ho no ani begye ho a onnya nea ɛho hia wɔ asetra mu no ho adwene a ɛnteɛ.” Na bere a Greeley de nhoma ahorow yi totoo Bible ho no. Ɔkae sɛ: “Ɛtɔ bere bi a Honhom Nimdeɛ-Som nkyerɛwee no mu Yesu no nsɛm nyɛ nea ɛtõatõam, ɛtɔ bere bi a ɛnyɛ nea ntease wom, na ɛtɔ bere bi a ɛma ehu ka wo kɛse.”

Nsonsonoe kɛse da Honhom Nimdeɛ-Som asɛmpa no nkyerɛkyerɛ ne Bible Asɛmpa no ntam. Wuhu nsonsonoe yi kɛse bere a wode Honhom Nimdeɛ-Som ne Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn, owusɔre, ne nkwagye ho no toto ho no. Nanso wotumi hu nsɛdi bi wɔ Honhom Nimdeɛ-Som ne tete Helafo nyansapɛ, Buddasom, ne Hindusom ntam.

Honhom Nimdeɛ-Som akyerɛwfo da Yesu bi a ɔyɛ soronko koraa wɔ nea Bible akyerɛwfo da no adi no ho adi. Honhom Nimdeɛfo Gospel of Philip da Maria Magdalene adi sɛ Yesu adamfo a ɔpɛ n’asɛm sen biara na ɛka sɛ “na ɔtaa few n’ano.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Encyclopedia Britannica ka sɛ: “Honhom Nimdeɛfo asetra fi ɔbrasɛe a ɛyɛ ahobow so kosi ahotua a ɛtra so so.”

Ennyaw Biribiara wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw ho Asɛm a Ɛka no Mu

Wɔda Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne ɛsotefo no adi pefee fi Bible no ti a edi kan no so kosi nea etwa to no so. Ɛde hyira a Onyankopɔn hyiraa nnipa baanu bi a wɔte paradise asase bi so na efi ase na ɛde hyira a obehyira nnipa ɔpepem pii a wɔte wiase nyinaa paradise mu na ewie. Na atiri 1,187 a ɛwom no de nkakrankakra da sɛnea Onyankopɔn behyira adesamma ne sɛnea yebetumi afata wɔ atirimpɔw kronkron no mu adi. Bible no yɛ eyi a ennyaw asɛm biako pɛ mpo a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wonya fi nhoma afoforo mu.

Ebia wobɛka sɛ, ‘Eyi nyinaa ye, nanso so Bible afotu no di mũ na eye ma m’asetra mprempren?’

Ennyaw Biribiara wɔ Afotu a Ɛho Hia a Ɛde Ma no Mu

Yehowa Adansefo bu Bible no sɛ akwankyerɛ a edi mũ ma da biara da asetra. Nneɛma atitiriw a nnipa hia nnɛ no te sɛ Bible mmere so de no ara. Ɔkwan bɛn so na Bible de ahiade yi ma? Ma yɛnhwɛ:

ABUSUA​—“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ Awurade mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew. Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani. Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”​—Kolosefo 3:18-21.

GYINAESI​—“Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.” “Hu [Onyankopɔn] w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan, Nyɛ w’ani so onyansafo, suro [Yehowa], na dan fi bɔne ho.”​—Mmebusɛm 29:20; 3:6, 7.

ADWENNWENE​—“Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”​—Filipifo 4:6, 7.

ABOTƆYAM​—“Nso onyamesom pa a ɔpene wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”​—1 Timoteo 6:6-8.

AYƆNKOFA​—“Ayɔnkofo bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn ho wɔn ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” “Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”​—Mmebusɛm 18:24, NW; Efesofo 4:32.

Wɔ nhwehwɛmu tiaa yi mu no, so wutumi hu nea enti a Yehowa Adansefo gye di sɛ Bible no di mũ wɔ nnyinasosɛm a ɛkyerɛ kwan wɔ asetra mu a ɛde ma no mu no? Pii hu. Sɛ nhwɛso no, nea ɔbarima bi kae bere a ɔyɛɛ Bible no mu nhwehwɛmu akyi no ni:

“Mete nka sɛ Bible no ne n’afotu no ye na ɛkorɔn sen biribiara a masua wɔ kɔlege pɛn. Ɛwom sɛ meyɛ ɔfotufo wɔ ntoaso sukuu na magye nhomasua mu abodin ahorow na makenkan nhoma ahorow a ɛfa adwenemhaw ne ade ho de, nanso mahu sɛ afotu a Bible no de ma wɔ nneɛma te sɛ aware a ɛbɛyɛ yiye, mmofra asoɔden ano a wosiw ne sɛnea wonya nnamfo ho no korɔn sen biribiara a makenkan anaasɛ masua wɔ kɔlege.”

Dɛn nti na pii gye mũ a Bible di no ho kyim? Wɔ ebinom fam no, ebia ɛyɛ nhwehwɛmu pa a wɔnyɛ wɔ asɛm no ho. Wɔ afoforo fam no, ebia ɛyɛ guan a wɔpɛ sɛ woguan fi akontaa a wobebu ho wɔ kokoam. Enti ɛho hia sɛ wubetie ɔsomafo Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no: “Hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; dan wo ho fi nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa . . . no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛe teree gyidi no ho.”​—1 Timoteo 6:20, 21.

Fam tutufo bɛkɔ so ara abu nneɛma ahorow, na ebia ebinom bɛma Bible abakɔsɛm ho ntease a yɛwɔ ayɛ kɛse. Nanso emu biara nni hɔ a ebetumi agye nokware a Bible yɛ no ho kyim. Bible no gyina nea egyina ara. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwɛ sɛ ebia yebegye nea Paulo kyerɛwee no atom: “Na sɛ mpo yɛn anaa abɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho a, onnue!” (Galatifo 1:8) Yehowa Adansefo de, wɔasi wɔn gyinae dedaw. Wɔ wɔn fam de, Bible no di mũ.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

So Honhom Nimdeɛfo nsɛmpa no kura ahintasɛm ahorow a Yesu kae ampa?

[Kratafa 16 adaka]

Onyankopɔn Atirimpɔw a Wɔada no Adi

Nea enti a yɛwɔ ha

Asiesie Paradise asase; atie Yehowa Nyankopɔn na yɛasom no: adɔ yɛn yɔnkonom.​—Genesis 1:28; Ɔsɛnkafo 12:13; Luka 10:27

Faako a yɛrekɔ

Yɛbɛtra ase daa wɔ akwahosan a edi mũ mu wɔ Paradise asase a asomdwoe wɔ so so; yɛne adɔfo a wɔawuwu bɛsan ahyiam.​—Adiyisɛm 20:12, 13; 21:3, 4

Sɛnea Onyankopɔn bɛyɛ no

Trenee nniso wɔ Kristo ase beyi nsɛmmɔnedi afi asase so, obenyan awufo.​—Luka 1:32, 33; Yohane 11:25; Adiyisɛm 11:17, 18

[Box on page 16]

“Yesu see no sɛ: Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.”​—Yohane 11:25.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 15]

Honhom Nimdeɛfo Nkyerɛkyerɛ ne Bible Nkyerɛkyerɛ mu Ntotoho

HONHOM NIMDEƐFO BIBLE

Yehowa, obi a ɔba fam (demiurge) , ɛsɛ sɛ wɔpow no Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ a ɛsɛ sɛ wɔsom no.​—Yohane 17:3; Luka 4:8

Owusɔre nyɛ paara, bere a wɔde nya ntease ho sɛnkyerɛnne ara kwa Owusɔre yɛ paara, awufo bɛsɔre.​—Yohane 5:28, 29; 11:11-45

Nkwagye nam w’ankasa nimdeɛ so nkutoo na ɛba Nkwagye nam Kristo afɔrebɔ nkutoo so na ɛba.​—Mateo 20:28; Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 4:12

Eden ɔwɔ no, ɔsoro nyansa ho nnyinasosɛm Satan, ɔtorofo a odi kan, owudifo.​—Yohane 8:44; Genesis 4:3

Hawa, nkwa-mafo, ɔyɛ Adam ɔkyerɛkyerɛfo Yehowa ne Nkwa-Mafo, Adam Ɔkyerɛkyerɛfo.​—Mateo 19:4; Genesis 2:16

Satan na ɔhyehyɛɛ aware, ne awo Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, ohyiraa awo so.​—Mateo 19:4-6; Genesis 1:28; 2:22

[Kratafa 13 mfoni fibea]

Institute for Antiquity and Christianity, Claremont, California, U.S.A.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena