Bible No Adwene
Ntotoso Du Du—So Ɛho Hia?
ANGLICAN asɔre no kyerɛwfo bi a ɔwɔ South Africa adwenem ayɛ no basaa. N’asɔre no sikasɛm mu ayɛ den ma enti ɛyɛ den sɛ wobetumi atua asɔfo no ka. Ano aduru a ɔwɔ: Ntotoso du du a obesi so dua akyerɛ asɔre no mufo.
Nanso dɛn ne ntotoso du du? Ebinom ka sɛ ɛyɛ “nea wonyae nyinaa mu nea ɛto so du du” a wɔde ma de di asɔre nneɛma ho dwuma. Ɛwom sɛ ɛsono sɛnea asɔre biara bu ntotoso du du ho akontaa de, nanso asɔfo pii te nka sɛ ɛho hia sɛ wɔhyɛ ntotoso du du ho nkuran. Katolek sɔfo bi a ɔwɔ Afrika kae sɛ, “Ɛyɛ mmɔbɔ kɛse sɛ yensi ntotoso du du so dua bio.” Worldwide Church of God kaa sɛnea wobekwati ohia denam Onyankopɔn adamfo a wɔbɛyɛ so no ho asɛm wɔ nsɛmma nhoma bi mu sɛ: “Sɛ wubefi wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no ase a, ɛsɛ sɛ wudi kan di Onyankopɔn mmara a ɛfa ntotoso du du ho no so.” Asɛm no de kaa ho sɛ wɔn a wɔnnyɛ saa no “rewia Onyankopɔn.”
Nanso so Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wubeyi ntotoso du du? Ebia nea Bible ka wɔ ho no bɛma wo ho adwiriw wo.
Ntotoso Du Du ne Mose Mmara No
Ná ntotoso du du yɛ mmara ahorow bi a ɛbom a Onyankopɔn nam Mose so de maa tete Israel man no fã. Ná mmara no hwɛ kwan sɛ Israel mmusuakuw dumien no bɛboa abusuakuw a ɛto so 13, Lewi asɔfo, a na wonni asase biara no. Eyi maa Lewifo no de wɔn adwene sii ɔman no honhom fam ahiade so. (Numeri 18:21-24) Esiane sɛ na wɔyɛ akuafo nti, na wɔnhwɛ kwan sɛ Israelfo de sika betua ntotoso du du no. Mmom no, na ɛsɛ sɛ efi wɔn nnɔbae ne wɔn nyɛmmoa mu na ɛba. Sɛ ɛsɛ sɛ Israelni bi yi ne nnɔbae so ntotoso du du na ɔpɛ sɛ ɔde sika mmom ma a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔde abupɛn ɔha mu 20 ka nea anka ɛsɛ sɛ ɔde ma no ho.—Leviticus 27:30-33.
Ná Onyankopɔn mmara a ɛfa ntotoso du du ho no yɛ aniberesɛm. Sɛ Israelni di mfomso fa ntotoso du du no bi a, ɛnde na ɛsɛ sɛ osi ananmu. Ɔkwan bɛn so? Denam abupɛn ɔha mu 20 a ɔde bɛka ho ne aboa afɔre a ɔbɛbɔ wɔ ne bɔne ho no so. (Leviticus 5:14-16) Ɛwom sɛ na ɛnyɛ obiara na obetumi anya asɔfodi no mu kyɛfa de, nanso na obiara betumi aboa denam ntotoso du du no so; Ná eyi nyinaa ka Onyankopɔn mmara a ɛfa ntotoso du du no ho. Enti na ɛne tetefo yi nsɛm tebea hyia. Nanso so ɛne nnɛ nnipa no nsɛm tebea hyia? Nea ɛho hia titiriw no, so wɔhyɛ Kristofo sɛ wonyi ntotoso du du?
Mmara Mu Nsakrae
Yesu wusɔre akyi mfe kakraa bi no, momonotofo a wɔnyɛ Yudafo baa Kristosom mu. Yudafo Kristofo binom kae sɛ, “Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so.” (Asomafo no Nnwuma 15:5) Afoforo ampene so. Enti Yesu asomafo no ne Kristofo afoforo a wɔwɔ osuahu hyiae wɔ Yerusalem sɛ wobesusuw asɛm no ho. Ná wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn apɛde. So na ɔhwehwɛ sɛ Kristo akyidifo di Mose Mmara no so a ntotoso du du no ka ho? Wɔkaa osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo di no asakra na wodii eyi ho adanse fii Onyankopɔn ankasa nkɔmhyɛ Asɛm no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:6-21) Dɛn gyinae na wosii?
Bagua no ano kɔɔ bɛn koro mu. Ɛnsɛ sɛ wɔde Mose Mmara no to Kristofo so. Nanso na ‘nneɛma kakraa bi’ wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so. So na ntotoso du du ka ho? Gyinaesi a efi honhom mu no se: “Ɛyɛɛ honhom kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 15:25, 28, 29) Nea ɛte ne sɛ, wɔamfa Onyankopɔn mmara a ɛfa ntotoso du du ho no anka “nea ehia” ma Kristofo no ho.
Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔnam Yesu wu no so agu Mmara apam a Onyankopɔn ne Israel yɛe no. Ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn popaa] yɛn so nea-ano-nkyerɛwee a ɛwɔ ahyɛde no mu . . . na asɛndua ho a ɔde kɔbɔe no na ɔde ayi afi ntam.” (Kolosefo 2:14) Eyi nkyerɛ sɛ Kristofo nni mmara biara. Mmom no, wɔayɛ nsakrae wɔ mmara no mu a mprempren de no fa “Kristo mmara” no ho.—Galatifo 6:2; Hebrifo 7:12.
Ɔsomafo Paulo traa ase ma ɛne mmara no mu nsakrae yi hyiae. Ɛwom sɛ ɔyɛɛ adwumaden de hyehyɛɛ asafo ahorow de, nanso wansrɛ sɛ wontua no ka denam ntotoso du du so. Mmom no, na ɔpɛ sɛ ɔbɛhwɛ n’ankasa ho denam ntamadan a ɔde ne bere fã nwenee no so. (Asomafo no Nnwuma 18:3, 4) Ná obetumi aka nokwarem sɛ: “Nea ehia me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae.”—Asomafo no Nnwuma 20:34.
Ɛnde akwankyerɛ bɛn na Kristofo wɔ wɔ adema ho? Ahe na ɛsɛ sɛ wode ma?
Adema—Ɔkwan a Kristofo Fa So
Ná Yesu Kristo ne ɔyamyefo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. Ne nhwɛso no akanyan pii ma wɔabɛyɛ ayamyefo. Ɔkae sɛ: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) So anohyeto bi wɔ ha? Dabi. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ womfi wɔn yam mma, na eyi betumi ayɛ nea ɛboro ntotoso du du no so mpo.—Luka 18:22; Asomafo no Nnwuma 20:35.
Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia esiane akwanhyia anaa ɔyare nti, Kristoni bi bɛbɔ ka mpofirim ara. N’akatua mu ntotoso du du a ɔde bɛma yɛ nea ebia ɛbɛma n’abusua no ho akyere wɔn. Ɛno bɛyɛ nea ɛmfata Kristoni.—Mateo 15:5-9; 1 Timoteo 5:8.
Kristofo adema fi komam. Esusuw tebea horow a obiara wom wɔ asetra mu no ho. Bible no se: “Sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.”—2 Korintofo 8:12.
Ɛnde ahe na ɛsɛ sɛ woma? Ɛno yɛ asemmisa a ɛsɛ sɛ w’ankasa wubua. Sɛnea anisɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu den te a ɛnyɛ ntotoso du du bi a wɔadi kan atwa ato hɔ ho adwene na ɛbɛkyerɛ nea wode bɛma. Sɛnea Bible ka kyerɛ yɛn no: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Ná ntotoso du du yɛ Mose Mmara apam no mu nsiesiei a wɔde boaa Israel asɔrefi ne asɔfodi adwuma no. Wɔ Kristofo fam nnɛ no, ɛnyɛ ahyɛde ma wɔn na saa ara na ɛnyɛ nea ɛho hia.