Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 7/8 kr. 30-31
  • So Sigaretnom Nye Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Sigaretnom Nye Ampa?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛyɛ Wo Nkwa
  • Pira a Gyae a Wontumi Nnyae Ne Nom Pira Obi Wɔ Honhom Mu
  • Aduru a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So
  • Sigaret​—Onyankopɔn Bu no Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Sɛ Menom Sigaret a, Ɛhaw Onyankopɔn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 7/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

So Sigaretnom Nye Ampa?

“DƐN nti na ɛnsɛ sɛ mede tawa di dwuma sɛ minya mu anigye a? Sɛ mede m’akwahosan to asiane mu a, ɛyɛ m’ankasa asɛm.” Wɔ nnipa ɔpepem pii a wonya sigaretnom mu anigye fam no, “nsusuwii” a ɛte saa no teɛ.

Nanso, wɔ 1985 mu no, nsɛm amanneɛbɔ ahorow kae sɛ sigaretnom na ekunkum nnipa 100,000 wɔ Britania afe biara, 350,000 afe biara wɔ United States ne nnipa a wowuwu wɔ Greece no mu nkyem abiɛsa mu biako. Nyansa ma ɛda adi sɛ adesamma abusua no rempia nea nnipa dodow a wowuwu yi kyerɛ wɔ abrabɔ fam no nto nkyɛn. Nanso wɔyɛ saa. Dɛn ntia?

Ade biako ne sɛ, nyamesom akannifo pii mpene sɛ wɔbɛhyɛ wɔn asɔre mma ma wɔagyae sigaretnom. Adwene a wokura no yɛ nea nhoma a wɔfrɛ no The Christian Moral Vision no kyerɛwfo ada no adi. Onhu “teɛ a ɛteɛ sɛ wɔbɛhyɛ” obi “wɔ abrabɔ fam bere a wasusuw asiane ahorow no ho na [ɔkɔ so] nom sigaret esiane anigye a onya fi mu nti.” Nanso so eyi ne Bible no adwene? So “anigye” ma nneɛma a asiane wom a ɛho nhia a obi bɛyɛ no yɛ nea ɛteɛ?

Dabi, ɛnte saa. So ɛrenyɛ nea nyansa wom kɛse sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ so anya honam ne adwene mu ahoɔden? Esiane yɛn ankasa yiyedi ne obu a yebenya ama yɛn adɔfo ne yɛn Bɔfo no nti, Bible no hyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛhohoro yɛn ho fi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.’ (2 Korintofo 7:1) So nipadua no nkutoo na tawa tumi pira no?

Nea Ɛyɛ Wo Nkwa

Ɛnyɛ wo nipadua nko na sigaretnom betumi anya so tumi kɛse na mmom w’adwene nso. Wɔ obi nipadua a tawa ma ɛho ba fi akyi no, ɛka “honhom” a tawanomfo de susuw ade ho, wɔde yɛ adwuma, na wɔde di agoru nso​—biribi a ɛka wɔn wɔ wɔn da biara da adwumayɛ mu. Sɛnkyerɛwfo bi gye toom wɔ Reader’s Digest mu sɛ: “Sɛ mannya sigaret a menom da biara no a, merentumi nkyerɛw ade, nnidi, nna, nnya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa anaasɛ merentumi ne me mma nni agoru mpo.”

Dɛn nti na tawanom tumi yɛ ade a ne yɛ tumi gye ntini kɛse wɔ nkurɔfo asetra mu ma wɔde wɔn ani si biribi foforo so bere a wɔrehyia nea awiei koraa efi mu ba no​—owu? Ɛdefa Britania ho no, adwenemyare ho ɔbenfo, Judy Greenwood kyerɛwee wɔ Glasgow Herald a wotintim January 3, 1885 no mu sɛ: “Sɛ ɔhaw foforo bi a wobetumi asiw ano akunkum nnipa 100,000 a, . . . anka ama ɔmanfo bo afuw . . . Nanso sigaretnom yɛ soronko . . . Saa asetra mu ade titiriw a ne yɛ aka nkurɔfo hɔ yi ase atim wɔ yɛn amammerɛ ne yɛn aguadi mu araa ma . . . ɛte sɛ nea afura ɔman no adwene ani.”

Pira a Gyae a Wontumi Nnyae Ne Nom Pira Obi Wɔ Honhom Mu

Yiw, ɛnyɛ anigye nkutoo na mmom gyae a wontumi nnyae ne nom na ama ɔmanfo “honhom” ho atɔ kyima. Na ɔbenfo Pollin a ɔyɛ United States ɔman Sukuu a ɛhwɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ho nsɛm so panyin no ka sɛ mprempren ade a wontumi nnyae ne yɛ a anibere wom kɛse a atrɛw wɔ wiase nyinaa ne sigaretnom​—ɛsen heroin mpo.

Bible no adwene wɔ nnuru a nkurɔfo ntumi nnyae ne nom a ɛbɛma yɛayɛ nkoa ama ade no ne nkurɔfo a wɔtɔn nyinaa no nyɛ nea ɛho tɔ kyima: 1 Korintofo 7:23 ka sɛ, “‘Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa.”

So na nnuru ne nhabamma abu so wɔ Bible mmere no mu? Tobacco and Kentucky ka sɛ yiw, bere a ɛreka “adanse a ɛfa tete abua a wotutu fii . . . Mediterranean Po no mu ne Asia kuma [a na wɔde nom tawa] marijuana ne nhabamma afoforo” ho asɛm no. Nhoma no de ka ho sɛ, nokwarem no, “nnuru ahorow wusiw anaasɛ ne wusiw a wɔtwe kɔ wɔn mu ayɛ ade a wɔde sa yare anaasɛ wɔde gye wɔn ani . . . fi teteete . . . Sɛnea wɔde marijuana ne opium dii dwuma no, saa ara na wɔde tawa nso yɛe.

Sɛnea McClintock ne Strong Cyclopedia kyerɛ no, wɔde asɛmfua “aduruyɛ” dii dwuma “wɔ Kristofo Asɔre no mfiase” de gyinaa hɔ maa “aduru a wɔde yɛ amumɔyɛde.” Dɛn adwene na na Bible no kura wɔ aduru a ɛte saa ne wɔn a na wɔtɔn no ho?

Aduru a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So

Bible no kasa tia aduru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so na ɛnyɛ nea wɔde sa yare wɔ ɔkwan pa so; na bere a “aduruyɛ” a wɔde di dwuma wɔ nnɛ bere yi mu kyerɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan pa so no, nea na ɛkyerɛ kan ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so​—a epira nnipa na ɛnsa yare. Wɔ Bible mu no, wɔde aduruyɛ a ɛte saa no ka nneɛma a enye ho​—“ɔhonam nnwuma” a wɔn a wɔde wɔn ho hyem “rennya Onyankopɔn ahenni” no. (Galatifo 5:19-21) The International Standard Encyclopædia ka sɛ: “Wɔ Galatifo 5:20 no. Paulo de nea ɔfrɛ no pharmakia . . . nnuru a ɔde yi nkonyaa ka efi, abosonsom ne nea ɛkeka ho no ho.” Ɛnde, hyɛ awu kɛse a nnuru a wɔde di dwuma de gye wɔn ani di wɔ honhom mu no nsow: Ɛma Onyankopɔn anim dom a obi wɔ no fi ne nsa​—na ɛtwe no fi Onyankopɔn nkurɔfo ho.

Esiane nnuru a na wɔde yi nkonyaa wɔ Bible mmere mu no nti, Galatifo 5:20, 21, NW kyerɛ phar.ma·kiʹa ase sɛ “ahonhomsɛmdi.” Nanso Kingdom Interlinear nkyerɛase no kyerɛ ase sɛ “aduruyɛ,” na Ferrar Fenton nkyerɛase no de “awuduru” na edi dwuma Bible ho ɔdenimfo Adam Clarke kyerɛe sɛ wɔde “nnuru” ne “wusiw” dii dwuma “de yɛɛ anwonwade.”

Bere a World Pictures in the New Testament resi aduru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so so dua no, ɛka sɛ,” Sɛ obi ho adwiriw no wɔ abayisɛm a wɔde bata aduruyɛ ho no ho a ɛdenam asɛmfua (yɛn adutɔnbea) yi so no, ɛsɛ sɛ ɔkae aduruyɛ mu nnaadaa a ɛwɔ hɔ nnɛ no . . . akɔmfo, gyidi ayaresafo ne nnunsinfo a wɔwɔ Afrika no.” Yiw, ebia yebetumi akae “Amerindiafo nyamesom fapem no ankasa”​—shaman, anaasɛ ɔkɔmfo a ɔde “n’asomdwoe abua” nom tawa no.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm 22:15 ka sɛ Onyankopɔn Paradise Ahenni no “akyi” na “adutɔnfo [phar.ma.koiʹ] ne nguaman ne awudifo wɔ.”​—Int.

Ampa, tawa a wɔnom de gye wɔn ani nnɛ no nyaa ne mfiase fii tete gyidihunu a egu Onyankopɔn ho fĩ mu. Na sɛnea Yesu kaa atoro nyamesom aba ho asɛm siei no, saa ara na nea wonyaa tawa fii mu aba a asow​—honam fam ne honhom fam​—yɛ nea aporɔw.​—Mateo 7:15-20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena