Asanom Ne Afirika—Dɛn Na Wobetumi Ayɛ Wɔ Ho?
MPOANO kurow a wɔfrɛ no Southampton a ɛwɔ New York no retu nsa a wɔnom de ka kar no so sa. Ɔsatu nhyehyɛe no fã bi ne dɛn? Ofirikafo a Wɔapaw no Nhyehyɛe no. Wɔde di dwuma wɔ ɔkwan bɛn so? Wɔ nhyehyɛe no ase no, sɛ nnipa bi refi adi akogye wɔn ani a, wɔpaw wɔn mu nea ɔbɛka kar no anwummere no. Kurow no mu nsatɔnbea ne adidibea no pii de “Ofirikafo a Wɔapaw No” agyiraehyɛde ma wɔn a wɔapaw wɔn no.
Afei dɛn na wɔyɛ bio? Baguani Patricia Neumann a ɔka wɔn a wɔyɛɛ nhyehyɛe no ho no kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Anwummere no wɔde nsa a ɛmmow ma onii a wɔde agyiraehyɛde no ama no no a ontua sika biara esiane ntease a wanya sɛ ɔno na ɔbɛka kar no akɔ fie nti.”
Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na kurow no yɛ. Baguani Neumann toa so sɛ: “Dapɛn biara yɛn kurow no mu atesɛm krataa no tintim obiara a wɔakyere no bere a wabow nsa na ɔde ka kar no din, mfe a wadi ne n’address wɔ atesɛm krataa no fã titiriw bi.” Dɛn na afi mu aba? Ɔde ka ho sɛ: “Yɛn polisifo a wogyina lɔre kwan so no kyere nnipa kakraa bi a wabow nsa na wɔka kar. Misusuw sɛ nneɛma abiɛsa no nyinaa—polisifo a wogyina lɔre kwan so, nkurɔfo din a wotintim wɔ atesɛm krataa mu ne Ofirikafo a Wɔapaw No Nhyehyɛe—no aboa.”
Ɛno ne nea kurow biako atumi ayɛ. Ɛwom, bere a ebia mmɔdenbɔ a ɛte saa no betumi ama nnipa a wowuwu wɔ lɔre akwanhyia mu dodow so atew no, ɛrentumi nyi ɔhaw no mfi hɔ koraa. Mprempren dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ne w’abusua ho ban? Nneɛma pii.
Hwɛ Yiye Wɔ Nsa a Wɔnom De Ka Kar Ho
Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Nsa yɛ ɔfɛwdifo, mmosa yɛ otutupɛfo, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nhu nyansa.” (Mmebusɛm 20:1) Ɛno kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye wɔ nsa a wode di dwuma no ho na woyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛremma wunni yaw da wɔ nea esii bere a na worenom nsa no ho no so.
Ɛno nkyerɛ sɛ Bible no pene asanom a wɔbɛbara so. Ɛnkasa ntia nsa a wɔde di dwuma wɔ anidahɔ mu wɔ ɔkwan biara so. (Dwom 104:15; 1 Timoteo 3:2, 3, 8) Nanso sɛnea asɛm a edi kan no kyerɛ no, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi bow nsa titaa ansa na ama kar a otumi ka no ho atɔ kyima. Enti ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye wɔ nsa a ɔnom ansa na waka kar no ho. Nokwarem no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nneɛma di agoru denam nsa a wonom de ka kar no so?
Ebia yebetumi asua biribi afi afotu a wɔde maa ahemfo wɔ Bible mmere mu no mu: Mmebusɛm 31:4 ka sɛ: “Ɛnsɛ ahene sɛ wɔbɛnom nsa, [bere a wɔte baguam] anaa atitiriw sɛ wobedi mmosa akyi.” Nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa? Nkyekyem a edi hɔ no Mme 31:5 kyerɛkyerɛ mu: “Na wannom, na ne werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.” Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛne sɛ eye sɛ yɛrennom nsa wɔ mmere horow bi mu, ne titiriw bere a yɛreyɛ nnwuma a ɛfa afoforo nkwa ho tee no.—Hwɛ Leviticus 10:8, 9 nso.
Susuw Bible mu asɛm a ɛwɔ Romafo 14:21 no nso ho: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” Enti mmere horow bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ Kristoni nom nsa esiane afoforo adwene a wɔwɔ ho a osusuw nti. So ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni kwati nsa a wɔnom de ka kar na enti anyɛ afoforo adwene a wɔwɔ ho nko na obesusuw na mmom wɔn nkwa ankasa nso?
Afei asɛm a ɛne nhwɛso a wobɛyɛ ama afoforo, ne titiriw mmofra nso wɔ hɔ. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wowɔ atirimpɔw titiriw nti a ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Ansa na wobɛbɔ wo ba kɔkɔ wɔ nsa a wɔnom de ka kar ho no, hwɛ sɛ w’ankasa nneyɛe boa nea woreka no. Mpɛn pii yɛ nea meka na nyɛ nea meyɛ adwene no mmoa mmofra. Wɔtaa de adwene si nea woyɛ so kɛse sen nea woka.—Fa toto Mmebusɛm 20:7 ho.
Bere a Wo Ne Ofiewura No
Ahɔhoyɛ su a eye kyerɛ pii sen aduan ne nsa a wode bɛma w’ahɔho. Sɛ woto nsa frɛ afoforo ba wo fie a, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ anwummere no. Ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛbɔ wɔn ho ban.
Nokwarem no, wɔwɔ mmara ahorow wɔ mmeae ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ wɔde asodi no bɛto nnipa a wɔde nsa ma nnipa a wɔabow titaa no so sɛ ɛba sɛ nnipa a wɔte saa no nya lɔre akwanhyia a. Bere a Amerika Ɔmanpanyin Bagua a ɛfa kar a wɔka bere a wɔabow nsa ho rekamfo mmara a ɛte saa a wɔbɛhyɛ akyerɛ no, ɛkae sɛ: “Saa mmara ahorow yi si hia a ɛho hia sɛ wɔde asodi no to nea ɔtɔn nsa no anaa onii a ɔde maa wɔn a wɔabow no so sɛ ebia wɔyɛ aguadifo anaasɛ nnipa a wɔakɔsra wɔn no so dua. Mmara horow a [ɛte saa] no nso hyɛ nnyinasosɛm a ɛne sɛ ɛyɛ afoforo asɛyɛde sɛ wosiw wɔn a wɔabow nsa no kwan na amma wɔanka kar no mu den.”
Ɛyɛ nea ɛda adi sɛ sɛ ɛyɛ nea mmara bi wɔ hɔ a ɛkasa tia anaasɛ ɛnyɛ saa no, sɛ wode nsa ma ahɔho wɔ wo fie a, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ sɛ wobɛhwɛ ma wɔadi nneɛma ho dwuma pɛpɛɛpɛ.—Yɛsrɛ wo hwɛ adaka a ɛka ho a ɛne “Yɛ Ofiewura a N’ani Da Hɔ” no mu.
Nea Nniso Ahorow Reyɛ
Bere a susuw a ɔmanfo susuw asiane ahorow a ɛwɔ nsa a wɔnom de ka kar ho renya nkɔanim no, nniso ahorow ama mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi ɔhaw no ho dwuma no anya nkɔso. Nea ebinom reyɛ no bi ni.
Mfe a sɛ obi nya a otumi nom nsa a wɔde bi ka ho: So ɛboa ankasa? Susuw nea esii wɔ United States ne Canada no ho bere a wɔtew mfe a sɛ obi nya a otumi nom nsa no so wɔ mfe bi a atwam no mu no. Amanneɛbɔ bi a Ahobammɔ ho ka Sukuu a ɛfa lɔre kwan so ahobammɔ ho de mae no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ nhwehwɛmu a ɛfa amansin ahorow ne nea ɛwɔ Canada a ɛtew mfe a sɛ obi nya a otumi nom nsa no so fi mfe aduonu biako baa duwɔtwe ho no mu no, wɔkyerɛe sɛ lɔre akwanhyia a ekunkum nnipa no dodow nyaa nkɔanim.” Nanso afei efi 1976 no, wofii ase de mfe no bi kaa nea sɛ obi nya a otumi nom nsa no ho wɔ mmeae ahorow bi a na wɔatew mfe no so no. Dɛn na efii mu bae? Amanneɛbɔ koro no ara buae sɛ: “Sɛ amansin ahorow de mfe no bi ka mfe a sɛ obi nya a otumi nom nsa no ho a, ɛma afirikafo a wobu mmara no so a wonya lɔre akwanhyia a nkurɔfo wuwu wom no so tew.”
Mmara a Emu Yɛ Den a Wɔbɛhyɛ: Wɔ mmeae ahorow bi no, wɔbɔ afirikafo a wɔbow nsa no ka kɛse, wogye tumi krataa a ɛma wotumi ka kar no fi wɔn nsam bere tenten na wɔde wɔn to afiase wɔ mmara koro no ara a wɔkɔ so bu so no ho. So mmara a emu yɛ den a ɛte saa no ne ano aduru? Alcohol Health and Research World ka sɛ: “Wɔ Britania no, nnipa a wowuwu wɔ lɔre akwanhyia mu no dodow so tewee ɔha biara mu 23 mfitiase no, bere a wodii Lɔre Kwan So Ahobammɔ Mmara a wɔhyɛe wɔ 1967 mu a wɔbɔɔ ho dawuru kɛse a na ɛma polisifo kwan sɛ wɔnhwehwɛ afirikafo ahome mu sɛ nsa wom no ho dwuma no. Mmara ahorow a ɛte saa ara a wɔhyɛe wɔ Canada no maa lɔre akwanhyia so tew bɛyɛ ɔha biara mu 8.”
Nanso ankyɛ biara na mfaso a efii mu bae wɔ aman abien no nyinaa mu no so tewee. Dɛn ntia? Amanneɛbɔ no kɔ so sɛ: “Efisɛ afirikafo a dawurubɔ no ama wɔagye asiane kɛse foforo a ɛne kyere a wɔbɛkyere wɔn no adi no hui wɔ osuahu a wonyae wɔ ɛno akyi no mu sɛ asiane no nyɛɛ kɛse ankasa.” Wɔ ɔkwan foforo so no, mmara ahorow a emu yɛ den tumi yɛ adwuma sɛ ɛba sɛ wodi so a. Sɛnea Bible no kae wɔ bere tenten a atwam no mu no: “Sɛ wɔamfa nsɛmmɔnedi ho asotwe amma ntɛmntɛm a, ɛhyɛ nnipa nkuran ma wɔyɛ bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:11, An American Translation a William Beck yɛe.
Ɛda adi sɛ ɔhaw a ɛde owu ba a ɛne nsa a wɔnom de ka kar ano aduru a ne nya nyɛ den biara nni hɔ. Nniso ahorow rebɔ mmɔden sɛ wobedi ho dwuma. Nanso ɛsɛ sɛ obiara yɛ ne fam de. Ansa na wobɛnom nsa de aka kar no, gyina na susuw ho. Susuw w’ankasa nkwa ho. Susuw afoforo a wɔne wo retu kwan no nkwa ho. Na susuw yaw a wɔn a ofirikafo a wabow nsa twaa wɔn nkwa nna so tiaa no adɔfo dii no ho. Sɛnea Shirley Ferrara kae wɔ ne ba Jeff ho no: “Mfe aduonu akron sua sɛ obewu. Ɛte saa ankasa.”
[Kratafa 12 adaka]
Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban Wɔ Ofirikafo a Wabow No Ho
Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ne w’abusua ho ban wɔ ofirikafo a wanom nsa pii dodo no ho? Sɛ wobɔ abɔso (seat belt) a ɛwɔ kar no mu na woma ɔkwan a ɛda wo ne afirikafo afoforo ntam no yɛ tenten kakra a, ɛyɛ nea etumi boa. Bio nso, ma w’ani nna hɔ wɔ ofirikafo a:
● Okyim stia hwimhwim
● Ɔfa lɔre kwan no mfinimfini
● Ɛkaa kakra na ɔde kar pem biribi anaasɛ kar foforo
● Ɔka kar de si nkurɔfo anim
● Ɔmfa n’afã
● Ɔka kar brɛoo
● Ogyina a ntease biara nnim
● Ontia brake so wɔ ɔkwan pa so
● Sɛnkyerɛnne a ɔyɛ ne afirika ho mmara nhyia
● Onni afirika ho sɛnkyerɛnnede ho dwuma ntɛm
● Ɔman mpofirim anaasɛ wɔ ɔkwan a mmara mma ho kwan so
● Otia ogya no so anaasɛ oyi ne nan fi so ntɛmntɛm
● Ɔka kar anadwo a wodunnum kar no anim nkanea
● Egyina The Visual Detection of Driving While Intoxicated a Anacapa Nyansahu kyerɛwee no so. Wosiesie maa U.S. Ɔman Asoɛe a ɛhwɛ ahobammɔ wɔ lɔre kwan so ho nsɛm so, Washington, D.C.
[Kratafa 10 adaka]
Yɛ Ofiewura a N’ani Da Hɔ
Sɛ wode nsa ma ahɔho wɔ wo fie a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama nneɛma akɔ so pɛpɛɛpɛ? Nyansahyɛ ahorow kakraa bi ni:
● Ntwɛntwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ ɔhɔho a ɔbɛka kar sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye wɔ nsa a ɛbow biara a ɔnom no ho
● Tew nsa a ɛbow a wode bɛma wɔn no so
● Fa nsa a ɛmmow nso ma wɔ
● Sɛ ebetumi a, ma wɔn aduan anaasɛ nnɔkɔnnɔkɔwade bi. Kae sɛ aduan brɛ sɛnea nsa kɔ nipadua no mu no ase.
● Nhyɛ afoforo sɛ wɔnnom nsa
● Sɛ obi anom nsa pii dodo a, mma no nka kar. Yɛ nhyehyɛe foforo na ama saa onii no atumi akɔ fie asomdwoe mu
[Kratafa 9 mfoni]
Wɔ mmeae horow pii no, wɔbɔ afirikafo a wɔabow ka kɛse, wogye tumi krataa a ɛma wotumi ka kar fi wɔn nsam kosi bere bi na wɔde wɔn to afiase
[Kratafa 11 mfoni]
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nneɛma di agoru denam nsa a wobɛnom de aka kar no so