Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 8/8 kr. 31
  • Efi Yɛn Akenkanfo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Ho
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dabi a Wobɛka wɔ Nnubɔne Ho
  • To a Obi De Ne Ho Bɛto N’awofo So
Nyan!—1986
g86 8/8 kr. 31

Efi Yɛn Akenkanfo Ho

Dabi a Wobɛka wɔ Nnubɔne Ho

Mepɛ sɛ meda mo ase na miyi mo ayɛ wɔ nsɛm a ɛfa nnubɔne ho a mutintimii wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” afã hɔ no ho. (March 8, 1985 Awake!, November 8, 1985 Nyan!, September 22, 1985 Awake!, February 8, 1986 Nyan!) Wɔ bɛyɛ mfe abiɛsa mu no, na menom marijuana daa na na ɛresɛe me nipadua. Na mintumi nte nea m’akyerɛkyerɛfo kyerɛ no ase wɔ sukuu, na mintumi nkae ade na na mintumi mfa m’adwene nsi biribi so nkyɛ. Ɛnnɛ mede aseda ma Yehowa wɔ n’ayamye a ɛne nnubɔne a wama matumi agyae ne nom no ho. Mprempren minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ na amma mamfi ase annom nnubɔne bio.

G. B. V., Mexico

Meda mo ase wɔ mo nsɛm ahorow a ɛfa nnubɔne ho no ho. Mede nsɛm yi kɔɔ yɛn adesua a ɛfa akwahosan ho no ase wɔ sukuu. Me kyerɛkyerɛfo kyerɛe sɛ mabɔ mmɔden kɛse wɔ sukuu adesua mu esiane bere a migyei de hwehwɛɛ nsɛm a ɛfa nnubɔne ho no nti. Mo nsɛm no ye ampa.

H. P., New York

To a Obi De Ne Ho Bɛto N’awofo So

Merekyerɛw mo Wɔ asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ . . . So Ɛsɛ Sɛ Meka Kyerɛ M’awofo?” no ho. (December 22, 1985 Awake!) Madi mfe 12, na na mihyia ɔhaw ahorow pii na na mintumi nka ho asɛm nkyerɛ m’awofo. Na ɛma m’aba mu bu. Minyaa ahonim a enye na na mintumi nsua ade yiye. Afei mpanyimfo no ne me papa bɔɔ ho nkɔmmɔ na biribiara daa adi. Sɛ na me ne m’awofo adi kan aka ho asɛm a, anka ɛremma saa. Mprempren wɔ asram anan akyi no, merenya ahotɔ bio. Eye sɛ wobɛka ho asɛm.

M., England

Mo asɛm no boaa me ma mihui sa ɛsɛ sɛ meka me haw ahorow ho asɛm kyerɛ m’awofo. Ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ me maame. Me papa asɛm yɛ soronko koraa. Mesrɛ mo momfa ɔhaw yi ho afotu pii mma me. Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ den ankasa.

A. S., Ohio

Mfaso wɔ so sɛ wɔde wo ho bɛto w’awofo baanu no nyinaa so. Bible no ka wɔ Mmebusɛm 1:8 sɛ: “Tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” Hwɛ Mmebusɛm 4:1; 6:20; 23:22; ne Efesofo 6:1-3 nso. Hwɛ nsɛm a wobetintim akyiri yi nso.​—ED.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena