Nazini A Ɔyɛ Den Abɛyɛ Kristoni Ɔhwɛfo
MUNTIE! Monhwɛ nifa so! Mmofra Kuw a wofi Boblingen mantam no mu reda wɔn ho adi.” Hwɛ anigye kɛse a mede daa “me mmarimaa” no adi kyerɛɛ yɛn mpanyimfo wɔ nsrabɔ ne ho ntetee ne mmere afoforo mu. Na wɔn osetie ne nneɛma a wɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ no maa m’ani gyei. Minyaa nsɛm afoforo a esisii no mu. Na akyinnye biara nni ho sɛ ɛho hia sɛ nsɛm a ɛte saa sisi wɔ 1930 mfe no mfiase mu hɔ.
Na nsɛm a esisii wɔ Wiase Ko I akyi, fi nneɛma a antumi ankɔ so yiye mfe pii kosi amammui mu mpaapaemu no so ama Germany ahu amane kɛse. Na adwuma a wonnya nyɛ anya nkɔanim kɛse. Saa bere no na meyɛ adwuma ma Stuttgart ɔdepamfo bi a na otua me Marks anan dapɛn biara a etumi tɔ aduan a medi anɔpa ne nkwan kakraa bi a mɛnom awia. Na me tebea no nyɛ soronko. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ basabasayɛ rekɔ so wɔ Germany. Na anidaso biara nni hɔ ma daakye ampa.
Afei “ɔbae!” Awiei koraa no, ɔbarima bi a onim nea ɔreyɛ no bae. Ɛwom, ɛnyɛ obiara na ɔpenee nea ɔyɛe no so nanso na obiara nni hɔ a wannye antom sɛ ɔde tumi dii nnipa no so na biribi fii mu bae. Na sikasɛm nhyehyɛe no anya nkɔso; adwuma a nkurɔfo nnya nyɛ so atew. Na obiara nni hɔ a ɔkɔm de no. Na nneɛma reyɛ yiye. Na eyi yɛ nkonimdi na ɛma wogyee nea ɔkae no dii.
Nnamyɛ a Mede Boae
Wɔwoo me tetee me wɔ Holzgerlingen a ɛyɛ akuraa ketewaa bi a ɛbɛn Stuttgart, Germany. Na meyɛ agumadikuw a ɛwɔ kurow no mu no muni na bere a emufo pii bɛyɛɛ Hitler akyigyinafo no, mekɔkaa wɔn ho. Anyɛ yiye koraa no, nea ɔyɛe no sɔɔ m’ani na hokwan a na ɛwɔ hɔ sɛ metumi anya tebea horow a wɔbɛma anya nkɔso no mu kyɛfa no kanyan me.
Bere a Hitler bedii tumi wɔ 1983 mu—saa bere no na manya mfe 24—na meyɛ Nazi Amanyɛkuw no muni dedaw. Esiane sɛ me nnamfo huu me nnamyɛ nti, ankyɛ biara wɔkae sɛ: “Willi, wobɛyɛ onipa a ɔfata sɛ odi saa adwuma yi anim.” Enti wɔ bere tiaa bi mu no, na mikura dibea ahorow asia wɔ amanyɛkuw no mu. Mibuu no sɛ woahyɛ me anuonyam.
Sɛ nhwɛso no, wɔpaw me sɛ yɛn kurow no mu amanyɛkuw no mu asraafo no panyin. Akyiri yi eyi ma wɔyɛɛ me Hitler Mmofra a wɔboro 2,000 no panyin. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mefi koma nyinaa mu asom wo amanyɛkuw a ɛrenya nkɔso ntɛmntɛm a na obiara benya ne dwumadi mu mfaso no mu! Na me nnamyɛ no gyina kateeyɛ so. Mmusu nka obi sɛ ɔbɛpɛ ne ho asɛm aka asɛm bi a ɛne m’adwene nhyia!
So wubetumi a, susuw anigye a minyae no ho bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ Stuttgart nhyiam bi a Fuhrer no ankasa bɛba ase no ho. Hwɛ nea mihui! Na Nazi asraafo ne Hitler mmofra bɛyɛ 70,000 a wɔato santen nnidiso nnidiso a wɔhyehyɛ ntade a ani yɛ nnodowee nam te sɛ afiri bi. Na afei bere no dui na minyaa hokwan kyiaa “ne” nsam ankasa wɔ saa nipakuw kɛse yi anim.
Biribi Bɛsɛee Nea Na Mereyɛ No
Me ne Martha waree wo 1932 mu. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ minyaa ɔhokafo a ɔne me kura adwene koro. Nneɛma kɔɔ so yiye kosii sɛ ofii ase sɛ ɔne me renyɛ adwene wɔ nneɛma a mereyɛ no ho. Na obi resɛe nea mereyɛ no na anyɛ den amma me sɛ mehu onii no—Mina a ɔyɛ me yere nuabea no. Na wabɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako na wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka ne “nokware foforo a wahu” no nyinaa ho asɛm akyerɛ no. Sɛ Nazini no, m’ani annye eyi ho.
Yɛn aware yɛɛ basaa kɛse. Sɛ nhwɛso no, mekae bere a mifii Stuttgart nhyiam no baa fie a na m’ani agye sɛ makyia Fuhrer no nsam no. Martha serew na ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ eyi kyerɛ sɛ worenhohoro wo nsa bio?” Ɛno maa me bo fuwii. Ɛbɛyɛɛ dɛn na obetumi de nidi anaasɛ hokwan a ɛte sɛɛ adi agoru? So wante ase?
Na metaa teɛteɛm gu no so nanso na ɔyɛ komm, nea na ɛma me bo fuw kɛse. Wɔ abufuw ne yaw a meyaw no nyinaa mu no, onyaa ahoɔden fii he na ɔde yɛɛ n’ade wɔ ho sɛɛ yi? Bere bi mepam no fii me fi. Nokwarem no, ɛno amma tebea no anyɛ yiye na mantumi anna anadwo mũ no nyinaa. Ade kyee no, wɔ nea misusuw sɛ wayɛ atia me nyinaa akyi no, mekɔfaa no baa fie. Wansakra ne su—na mfomso biara nni ho.
So ebetumi aba sɛ me na madi mfomso na ɛnyɛ ɔno mmom? Na m’ani nnye nsusuwii a ɛte saa no ho mpo. Ɛdɛn, ɛno bɛkyerɛ m’ankasa nsusuwii anaasɛ m’adwuma awiei.
Nnɔnhwerew Abiɛsa a Ɛsakraa M’asetra
Da koro bi mifii asraafo a wɔyɛ mmofra nsrabɔ ase baa fie a na meyare atiridii. Mekɔdae na mihui sɛ me yere Bible da ɔpon a esi mpa no nkyɛn no so. Na ɛnyɛ ade a ɔtaa yɛ efisɛ na onim sɛ mɛhyew no esiane katee a meyɛ nti. Ɛwom sɛ esiane faako a me dibea adu no nti metee nka sɛ ɛmfata sɛ mekenkan Bible no de, nanso biribi nti, mefae na mifii ase kenkanee. Wɔ Adiyisɛm 17 ne 18 no. Mihuu nsɛm a ɛfa aguaman bi a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no ho. Na mate din no efisɛ na mate sɛ Martha de di dwuma nanso na mibu me ho dodo sɛ mebisa ma wakyerɛkyerɛ me mu. Afei anyɛ yiye koraa no minim faako a efi. Nanso na minnim nea ɛkyerɛ.
Esiane sɛ na masi me bo sɛ mɛhwehwɛ nti, mefrɛɛ no fii ɔdan foforo mu bae. Na ehu kɛse aka no bere a ohui sɛ mikura ne Bible no, na na osuro sɛ mɛsɛe no. Esiane sɛ na meda so ara bu me ho dodo sɛ metie m’ankasa yere nti, mekae sɛ: “So wubetumi akɔfrɛ Mina aba na wabɛkyerɛkyerɛ nea Babilon yi yɛ no mu akyerɛ me?”
Ebia ne nuabea no besusuw saa bere no sɛ ɛyɛ afiri a masum a ɛbɛma wɔakyere no akɔto adwumayɛban mu. Nanso, bere a wayi ehu biara afi ne mu no, ɔbae. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa a ɛno na ɛsakraa m’asetra koraa no.
Wɔtetee me sɛ Protestantni na na mentaa nkɔ asɔre. Nanso na menyɛ nyamesomni ankasa. Nanso, afei mifii ase hui sɛ nea Bible kae wɔ Babilon Kɛse no ho no yɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa asɔre ahorow no ho ampa. Nkakrankakra mihui sɛnea nkurɔfo ne aman anom “n’aguamammɔ . . . nsa no bi” ne sɛnea “asase so ahene ne no abɔ aguaman” no. (Adiyisɛm 18:3) Na Nazi Germany ka ho!
Bere dodow a Mina kyerɛkyerɛɛ mu no, bere dodow no ara na mitumi tee Bible no mu nsɛm ne nea ɛfa ho wɔ nnɛ bere yi mu no ase kɛse. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahyɛ eyi nyinaa ho nkɔm wɔ mfehaha pii a atwam no mu? Ɛmaa me ho dwiriw me. Afei minim sɛnea ɔsomafo Paulo tee nka—ɛdɛn, na eyi ne nokware no! (Asomafo no Nnwuma 9:1-19) Misii gyinae wɔ bere tiaa bi mu.
Bere a ade kyee a na meda so ara yare atiridii no, mikotwaa me din mu fii amanyɛkuw ne asɔre no nyinaa mu. Nokwarem no, nea ɛka eyi ho ne nnwuma horow asia a na ɛhyɛ me nsa wɔ Nazi Amanyɛkuw no mu no. Na ɛyɛ adeyɛ a asiane wom efisɛ na tumi no nyinaa kura Nazifo no na na wɔsɛe biribiara a ɛne wɔn amammui adwene nhyia no koraa. Na ɛsɛ sɛ mihu eyi efisɛ so na mankasa nyɛ obi a ogyina nhyehyɛe yi akyi kɛse besi saa bere no? Dɛn na ɛbɛba m’adwuma so? Dɛn na ɛbɛba me so?
Mudi Mu Kuro ho Sɔhwɛ Ahorow
Bere a mayɛ obi a wɔka ne ho asɛm kɛse wɔ akuraa no ase akyi adapɛn abiɛsa no, me ne Martha dii ahurusi wɔ yɛn ba a odi kan a yɛwoo no no ho. Nanso yɛn anigye no ankyɛ; abofra no nyaa ɔyare bi na owui wɔ adapɛn abien akyi. Martha yaree denneennen bɛyɛ adapɛn pii. So na eyi yɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ? Ebia afoforo susuw saa nanso yɛanyɛ saa. Ɛtwee yɛn bɛn Yehowa a ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn a ɔmaa Martha san nyaa ahoɔden na ɔhyɛɛ yɛn gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu den a ɛma yenyaa anidaso a ɛyɛ den sɛ yebehu Esther bio no ho kɛse.
Wɔ saa bere no mu no, nkuraasefo no ne nnipa a mapam wɔn nneɛma bere tenten no mu pii fii ase sɛ wobegyae me hɔ adepam. Nanso na wonim sɛ meyɛ adwuma pa ma wɔn bere nyinaa. Enti wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, wɔsan bɛpam nneɛma wɔ me nkyɛn. Wɔn a na mepam wɔn nneɛma ma wɔn no san de wɔn nneɛma brɛɛ me, ɛwom sɛ ebinom de baa anadwo nkutoo sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo renhu wɔn de. Wɔ bere tiaa bi mu no na m’adwuma no reyɛ yiye asen kan no!
Yɛn nsa kaa Adansefo nhoma ahorow a na yɛkenkan no ntɛm ara na yɛde ma afoforo nso ntɛm ara wɔ bere ne bere mu. Nanso esiane sɛ na wɔabara nhoma yi nti, na polisifo taa bɛsra yɛn a wokura adwene sɛ wobehu nhoma yi bi wɔ yɛn fi. Da koro bɛyɛ awia nnɔnabien no, polisifo baanu baa hɔ mpofirim. Akyiri yi wɔkɔɔ so baa hɔ! Na yɛn nsa aka nhomawa bi wɔ da a atwam no mu a ɛsɛ sɛ yɛde ma afoforo saa anwummere no. Wofii ase hwehwɛɛ hɔ nanso mpofirim ara wogyaee na wofii hɔ kɔe a wɔanhu ade a na ɛda radio no so wɔ wɔn anim pɛɛ—nhomawa no!
Na yɛwɔ asiane a ɛne kyere a wobetumi akyere yɛn no mu bere nyinaa. Bere a mifii amanyɛkuw no mu no, Nazifo mpanyimfo a wɔwɔ kurow no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ, “Willi, so wunim nea woreyɛ no? Ɛbɛyɛ sɛ woabɔ dam.” Nanso esiane sɛ na ne nuabarima ware me yere nuabeanom no mu biako nti, ɛda adi sɛ abusuabɔ a na ɔne me wɔ no amma wamma wɔammɛkyere me. Na ɛkame ayɛ sɛ afoforo a wɔwɔ kurow no mu a wonim me yiye na wonim sɛ meyɛ onipa pa na wɔkyerɛ obu ma me no anka ho hwee.
Me werɛ remfi 1935 abatow a wɔkyerɛe sɛ obiara fi ne pɛ mu na ɔde ne ho hyeem no. Esiane nokware a yedi ma Yehowa Ahenni no nti yɛantow aba no bi na yɛpow sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ amammuisɛm mu. Bɛyɛ saa anadwo no nnɔnwɔtwe no. Nazi asraafo bɛyɛ 80 too santen wɔ yɔn fi no anim na wɔteɛteɛm anadwo no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa nyinaa bɛte: Wɔn a wɔte ha no yɛ afatwafo ma Germany ɔman no. Germany nni baabi ma nnipa te sɛ mo. Ɛsɛ sɛ wɔsɛn mo. Monkɔ ɔbonsam nkyɛn sɛnea Yuda yɛe no!”
Sɛ obi a anka ɔyɛ Nazini no m’ani annye ɔfatwafo a wɔfrɛɛ me no ho. Nanso mekaee nea Yesu kae no: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo.” (Yohane 15:18) Enti nitan yi daa no adi sɛ nea na yɛyɛ no teɛ. Akyiri yi asraafo no mu pii de wɔn nkwa bɔɔ afɔre maa adeyɛ a mfaso nni so. Nanso, wɔn mu baanu a na wɔda so te ase wɔ ɔko no akyi bɛpaa me kyɛw wɔ nea wɔyɛe no ho.
Wɔkanyan Yɛn Maa Adwumayɛ
Bere a woyii nea Nazi nniso no de siw wɔn kwan fii hɔ no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany fii ase boaboaa wɔn ho ano. Matra ase ahu yɛn kuw ketewaa a ɛwɔ Holzgerlingen a na emufo yɛ baasia wɔ saa bere no mu no sɛ wɔn dodow abedu nnipa bɛboro ɔha nnɛ. Na hwɛ anigye ara a eye sɛ mahu nnipa 28 a wofi yɛn abusua no nkutoo mu a wɔreyɛ asɛmpaka adwuma no.
Mprempren bɛyɛ mfirihyia 40 akyi no, mayɛ ɔhwɛfo adwuma wɔ asafo no mu. Nokwarem no, menyɛ wɔ ɔhyɛ ne kateeyɛ mu te sɛ nea anka bere a meyɛ Nazini kannifo no, na mmom mede ɔdɔ honhom ne ahobrɛase adwene a wɔhwehwɛ afi Kristofo nguanhwɛfo nkumaa hɔ na ɛsom.—Mateo 23:10, 11; 1 Petro 5:2, 3.
Efi bere a metwee me ho fii Nazi nniso ne Babilon Kɛse no ho wɔ October 1934 mu no anya mfirihyia bɛboro aduonum. Wɔ mfe pii akyi no, metee sɛ wɔ saa ɔsram koro no ara mu no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa de telegram kɔmaa Hitler a ɛkenkan sɛ: “Ayayade a woyɛ Yehowa Adansefo no ma nnipa pa a wɔwɔ asase so nyinaa ho dwiriw wɔn na egu Onyankopɔn din ho fĩ. Gyae taa a wotaa Yehowa Adansefo no; anyɛ saa a Onyankopɔn bɛsɛe wo ne w’amanyɛkuw no.” Metraa ase huu saa asɛm no mmamu.
Hwɛ anigye ara a manya sɛ mihuu nea Nazifo nnaadaasɛm ne wɔn fene ahorow no kyerɛ no ntɛm. Enti mikwatii aniwa a ɛne ne bɔne ahorow ne yaw a ɛyɛ ne haw ahorow no mu kyɛfa a menya akyiri yi sɛnea me kan mfɛfo no nyae no.—Sɛnea Willi Wanner ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Na metaa teɛteɛm gu me yere so nanso na ɔyɛ komm bere nyinaa
[Kratafa 13 mfoni]
Agumadikuw mu nnamfo a na wɔyɛ Nazifo dedaw wɔ 1928 mu. Abarimaa a ogyina benkum so no ne me (mfinimfini wɔ anim) bɛyɛɛ Yehowa Adansefo
[Kratafa 16 mfoni]
Willi Warnner, ne yere Martha ne ne nuabea Wilhelmine