Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 12/8 kr. 24-25
  • So Wubetumi Asiw Ɔwofo Ne Ɔba Ntam Mpaapaemu No Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Asiw Ɔwofo Ne Ɔba Ntam Mpaapaemu No Ano?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Mpaapaemu Yi Ba?
  • Sɛnea Wubetumi Asiw Mpaapaemu no Ano
  • Ɛhe na Wubetumi Anya Mmoa Afi?
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 12/8 kr. 24-25

So Wubetumi Asiw Ɔwofo Ne Ɔba Ntam Mpaapaemu No Ano?

BIRIBI a awofo a wɔwɔ wiase nyinaa hu wɔ wɔn mma ho no haw wɔn. Sɛ mmofra renyin a, wɔtaa twe wɔn ho fi wɔn awofo ho. Eyi ma mpaapaemu a ɛyɛ den sɛ wobesiw ano​—nea wɔrentumi nsiw ano wɔ nsɛm ahorow bi mu​—ba ɔwofo ne ɔba ntam. Ebia woahu eyi na ɛhaw wo.

Dɛn Nti na Mpaapaemu Yi Ba?

Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ awofo ne wɔn mma ntumi ne wɔn ho wɔn ho mmɔ nkɔmmɔ kɛse sɛnea wobetumi. Dɛn ntia? Asɛm biako a Japan aban kae ne sɛ bere a mmofra de nnɔnhwerew abien na ɛhwɛ television da biara no, wɔne wɔn agyanom bɔ nkɔmmɔ simma 25 pɛ, na wɔne wɔn nanom nso yɛ saa simma 40.

Ade foforo nso ne sɛ esiane sikasɛm mu ahokyerɛ a mmusua ahorow rehyia nti ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika a ɛbɛso wɔn di. Eyi kyerɛ sɛ wonnya bere pii mma wɔn mma. Esiane eyi nti, awofo ne wɔn mma betumi abɛyɛ ahɔho ama wɔn ho wɔn ho ɛwom mpo sɛ wɔte ofi koro mu de. Ɛtɔ bere bi na sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nkitaho a, ɛkɔyɛ te sɛ nea wɔafa ɔkwan a ɛnteɛ so esiane ntease a wonnya nti. Sɛnea atesɛm krataa bi mu asɛm bi daa no adi no, awofo taa de ahyɛde kɛkɛ te sɛ “Yere wo ho sua ade” anaasɛ “siesie wo pon so” ma. Nanso ɛno ankasa ntumi nhyɛ obi nkuran na saa ara nso na ɛnyɛ nea ɛma wotumi siw ɔwofo ne ɔba ntam mpaapaemu ano.

Sɛnea Wubetumi Asiw Mpaapaemu no Ano

Wɔ Canada no, ɔbarima bi a ɔde afotu ama mmofra pii a wɔahaw no ka sɛ: “Ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so aboa [mmofra a wɔfɛre ade] ne sɛ wobenya ɔwofo a obetie wɔn.” Bible mpo de afotu ma sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na yɛnyɛ nyaa mfa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Ɔwofo taa di mfomso a ɛne abufuw a ɔde tram ne ba sɛ “Yɛ komm!” anaasɛ “Worehaw me!” no. Sɛ abofra bi te nka sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ komm bere biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkasa no a, nkakrankakra ɛrenyɛ nea ɔbɛkɔ n’awofo nkyɛn bio. Ɛno bɛma wɔn ntam apaapae.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia wobetumi ayɛ adwuma bi ho nhyehyɛe na wɔabom ayɛ sɛ abusua, te sɛ wɔn fi a wobesiesie, ɔdan bi a wɔbɛsan asiesie mu, anaasɛ afifide a wobeduadua wɔ wɔn fi no ho. Ɛho nhia sɛ wɔtwɛn kosi sɛ wobenya adwuma kɛse bi a wɔbɛyɛ. Mpɛnpii ebetumi ayɛ biribi ketewa te sɛ aduan a ɔne ne maame noa anaasɛ biribi a asɛe a ɔne ne papa siesie. Nea ɛho hia ne sɛ ade a wɔbɛyɛ no bɛka awofo no ne mmofra no abom. Eyi nso bue hokwan ma nkɔmmɔbɔ. Nanso hwɛ yiye na woankasa antia wɔn wɔ nea wɔyɛ no ho anaasɛ woanhwɛ pii kwan dodo amfi wɔn hɔ.

Ɛwom, ebia abofra no bɛpɛ sɛ ɔne ne nnamfo a ɔne wɔn bɔ tipɛn no begoru, nanso ɛha na ɛsɛ sɛ abofra no de eyi yɛ no bi bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma okũ mmɛda ɔne n’awofo ntam. Ɛsɛ sɛ awofo nso de wɔn bere no bi ma. Ebia eyi kyerɛ biribi a wɔde bɛbɔ afɔre, nanso ɛho hia kɛse sen honam fam ade biara a ɔwofo betumi de ama ne ba.

Ɛhe na Wubetumi Anya Mmoa Afi?

Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ abofra ne n’awofo nkutoo na ɛtaa bɔ wɔ ne mmofraase nti, wo rempɛ sɛ wobɛsɛe bere a ɛsom bo yi a abofra de nya su ahorow no kwa.

Nanso ebia wobɛte nka sɛ wunnim ɔkwan a wobɛfa so akyerɛkyerɛ wo mma no ade ne nea wode bɛyɛ saa. Awofo pii ahu sɛ afotu pa a ɛsen biara a nnipa nim wɔ Bible no mu. Sɛ wode Bible no di dwuma a, wubetumi aboa wo ba ma wanya abrabɔ pa ho nnyinasosɛm, ayɛ nsi, anya ahosodi, anya obu ama tumidi, ne su pa afoforo pii. Ɛnnɛ awofo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔde Bible tete wɔn mma ahu nokware a Mmebusɛm 22:6 yɛ no, nea ɛka eyi no, sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin a, ɔremfi ho.”

Nanso ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma ahu Bible no? Sɛ ɛnyɛ nea mmofra no anyin a, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛbom akenkan ade, te sɛ Bible no. Mfaso kɛse befi bere a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan yi so no mu aba, bere a mpɛn pii mmofra fi ase ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ na wɔnam saa yɛ so nya wɔn ho wɔn ho mu ahotoso no.

Mmofra ani gye abakɔsɛm ho. Pii wɔ Bible no mu. Nhoma biako a eye a ebetumi aboa awofo ne mmofra ma wɔahu Bible no ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ New York tintimii no. Mfonini akɛse a ɛyɛ fɛ ahorow pii wɔ nhoma yi mu na ɛka nsɛntitiriw a esisii a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu a wɔahwɛ bere a esisii no ahyehyɛ no nnidiso ho asɛm.

Ɔkyerɛkyerɛ mmoa foforo a eye a Yehowa Adansefo kyekyɛ ne nhoma a wɔfrɛ no Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yebetie No no. Ekura atiri ntiantia 46 a wɔayɛ no sɛnea wobetumi ne mmofra nkumaa akenkan na akyerɛkyerɛ wɔn nnyinasosɛm ahorow a ɛho hia na aboa wɔn wɔ asetra mu. Atiri no mu kakraa bi ni: “Osetie Bɔ Wo Ho Ban,” “Nnipa Baanu a Wɔanka Nokware,” ne “Ɔma Mu Wɔ Anigye Pii.” Asɛm yi a wo ne wo mma besusuw ho no bɛboa mo nyinaa ma moate Bible mu nkyerɛkyerɛ no ase yiye.

Ebia wo mma no nnii mfe aduonu ɛ. Sɛ saa a, sɛ ɔwofo no, Your Youth Getting the Best Out of It nhoma no betumi ayɛ mmoa pa ama wo na ɛbɛma woanya biribi a wo ne wo mma bɛbɔ ho nkɔmmɔ. Nhoma yi tumi di ɔhaw ahorow a mmerante ne mmabaa hyia no ho dwuma yiye. Susuw saa atiri yi ho: “Bere a Worenyin Ayɛ Aberante No,” “Bere a Worenyin Ayɛ Ababaa No,” “Nnamfo Bɛn na Wopɛ?” ne “Dɛn na Wohwehwɛ Wɔ Asetra Mu?”

Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ nhoma a ɛte saa a wobɛkenkan ara kwa no bɛma woanya ano aduru koraa. Na mmom ɛyɛ nhyɛase pa. Awofo betumi anya ahotoso sɛ wɔrebɔ mmɔden kɛse. (Efesofo 6:4) Nea ebefi mu aba ne abusua a biakoyɛ kɛse wom a awofo ne mmofra no nyinaa wɔ daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woafi nhyehyɛe a ɛte sɛɛ ase wɔ wo fi.​—Yohane 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena