Ahintasɛm No A Ɛda Adi
SƐ́ ƐYƐ nea tumi bi a ɛboro onipa de so wɔ hɔ a ɛma nkurɔfo tumi yɛ anwonwade ahorow no yɛ nea wogye tom kɛse. Brian Inglis ka sɛ: “Ɛyɛ nea wɔregye tumi a ɛboro onipa de so a wɔde yɛ anwonwade no atom mprempren asen sɛnea na ɛte wɔ mfinimfini mmere no mu no—bere a na wosusuw sɛ ɛnyɛ tumi a ɛboro so biara no.”
Ɛhe na tumi soronko ahorow yi fi? Wɔ mfe mpempem pii mu no, adesamma abusua no mufo pii agye adi sɛ awufo akra kɔ so ara tra ase wɔ honhom wiase bi mu. Na ɛyɛ nea wogye di sɛ awufo yi akra anaasɛ wɔn honhom na ɛma nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa sisi no. Nanso so ɛte saa?
So Efi Awufo?
Sɛ awufo nnim hwee—wɔawuwu ankasa—a, ɛnde ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔne tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi akyi no. Ɛnde na awufo tebea te dɛn?
Kyerɛwnsɛm no reka bɔ a wɔbɔɔ onipa no ho asɛm no, ese: “Onipa yɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7) Hyɛ no nsow sɛ wɔnka wɔ hɔ baabiara sɛ wɔmaa onipa ɔkra a ɛbɛyɛɛ ne fã. Mmom no, ɔkra no ne onipa no ankasa. Enti sɛ onipa wu a, dɛn na ɛba?
Bible no hyɛɛ nkɔm wɔ Yesu Kristo ho sɛ: “Ɔde ne kra too hɔ maa owu.” (Yesaia 53:12) Na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ adesamma nyinaa ho sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4, 20) Adesamma nyinaa akra wu efisɛ wɔn nyinaa nyaa bɔne fii onipa a odi kan Adam a ɔnam asoɔden a ɔyɛ tiaa Onyankopɔn no so bɛyɛɛ ɔbɔnefo no hɔ. Na Bible no ka sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 5:12; 6:23) Enti wɔ owu mu no, ɔkra a ɔyɛ onipa a ɔwɔ adwene no wu.a
Ɛnde so ebetumi ayɛ yiye sɛ awufo ne ateasefo bedi nkitaho? Bible no se: “Onipa home ahome a etwa to, ɔsan kɔ dɔte mu; na saa dɔn no ara mu no, ne nsusuwii nyinaa ba awiei.” Bible no ka nso sɛ: “Ɛnyɛ awufo na woyi Awurade ayɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔasian kɔ kommyɛ mu no; na mmom yɛn a yɛte ase no, yɛn na yeyi Awurade ayɛ.”—Dwom 146:4; 115:17, The New English Bible.
Esiane sɛ awufo rentumi nyi Onyankopɔn ayɛ efisɛ wɔn ‘nsusuwii aba awiei’ nti, ɛyɛ nea wɔne ateasefo ntumi nni nkitaho na saa ara na anwonwade ahorow no rentumi nyɛ nea efi wɔn. Ɛnde efi henanom?
Ahintasɛm no Da Adi
Ɛnyɛ nnipa ne abɔde a wɔwɔ nkwa a wɔkorɔn sen biara. Bible da no adi sɛ bere tenten ansa na Onyankopɔn rebɔ ɔbarima ne ɔbea no, ɔbɔɔ honhom mu mma, abɔfo a aniwa nhu wɔn pii. (Hiob 38:4, 7) Akyiri yi eyinom mu biako fii ase sɔre tiaa Onyankopɔn na otwirii no mpo, na ɔnam eyi so bɛyɛɛ Satan (ɔsɔretiafo) ne ɔbonsam (ntwirifo) . Ankyɛ na honhom abɔde afoforo bɛkaa Satan ɔbonsam ho wɔ n’atuatew no mu ma wɔbɛyɛɛ abɔfo atuatewfo ahyehyɛde, anaasɛ adaemone. So adaemone yi na wɔyɛ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ ahonhonsɛmdi mu no?
Yiw, ɛyɛ wɔn! Ansa na Nsuyiri no reba no, “Onyankopɔn mma” a wɔyɛ ahonhom yi tumi faa ɔhonam nipadua too wɔn ho so na wɔbɛtratraa asase so. (Genesis 6:1, 2; Yuda 6) Nanso efi bere a wɔsan kɔɔ ahonhom atrae no, wɔato nkitaho a wɔne adesamma di no ano hye na enti wɔn na wɔyɛ anwonwade ahorow a abu so wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no.
Wɔn a adaemone yi ne wɔn di nkitaho titiriw ne nnipa a wɔawuwu abusuafo ne nnamfo a wɔte ase na wɔma nnipa a wɔte sɛɛ yi gye atoro a wodi ka sɛ awufo no da so ara te ase wɔ baabi wɔ ahonhom wiase no di. Ɛnyɛ den mma adaemone no sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawu no, efisɛ wotumi hwɛ obi yiye bere a ɔte ase no. Enti wobetumi asuasua onipa no asetra kwan a sɛnea ne nne te ne ɔkwan a ɔfa so yɛ n’ade ka ho pɛpɛɛpɛ.
Nanso ehia wubebisa sɛ, na abɔfo anokwafo no nso ɛ? Ebia wɔn nso wɔne nnipa di nkitaho nnɛ. Ɛyɛ nokware sɛ wɔ tete mmere no mu no Onyankopɔn nam abɔfo so ne nnipa dii nkitaho. Nanso ɛnnɛ yɛwɔ Bible mu no nyinaa wɔ hɔ sɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so ne yɛn, adesamma, di nkitaho tẽẽ wɔ ɔkwan a edi mũ so. (2 Timoteo 3:16, 17) Emu na Yehowa Nyankopɔn hyɛ da bara mmɔden a nnipa bɛbɔ sɛ wɔne ahonhom bedi nkitaho no.
Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Na nkurɔfo bɛka akyerɛ mo sɛ mummisa nsamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no. Wɔbɛka sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ nnipa bisa ade fi ahonhom hɔ na wobisa awufo hɔ ade ma ateasefo.’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Muntie nea AWURADE reka akyerɛ mo no! Munntie wɔn—nea wɔka kyerɛ mo no remfa yiyedi biara mmrɛ mo.’”—Yesaia 8:19, 20, Today’s English Version.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn de akwankyerɛ pii maa Israel man no wɔ sɛnea wɔbɛtwe wɔn ho afi ahonhonsɛmdi ho no ho. Bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmmfa wɔn ho nnhyɛ Kanaanfo no “ahyɛde a wokyi” no mu. (Leviticus 18:3, 30) Wɔada nneɛma ahorow yi pii adi wɔ Deuteronomium 18:10, 11. Nea ɛka ho ne abosonkɔm, ntafoayi, abisa, abayisɛm, kabere a wɔde kyekyere afoforo, osumanni hɔ nneɛma ne afunu a wobisa.
Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Ahonhonsɛmdi Ho!
Sɛ wohwɛ “ahyɛde a wokyi” yi nea edi kan a, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea asiane biara nni ho. Nanso asiane wom. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ eyi betumi ama adaemone akyekyere obi. Kanaanfo bra a asɛe ne wɔn ho a wɔde hyɛɛ ɔbea ne ɔbarima nna mu ne wɔn basabasayɛ no di eyi ho adanse.
Ɛnnɛ nso asiane a ɛte saa ara wɔ eyi akyi a obi di no mu. Ebetumi ayɛ afiri a eyi obi ma ɔbɛyɛ akoa ma adaemone dɔm no. Amanneɛbɔ ahorow a abu so nnɛ ma wohu sɛnea ɔbarima ne ɔbea nna ne basabasayɛ ahorow a ɛwɔ yɛn bere yi so yɛ nea ɛbata ahonhonsɛmdi ho no. Enti kɔkɔbɔ yi a wubetie yɛ w’ankasa yiyedi.
Onyankopɔn ahyɛde a ɔde maa tete Israel no da so ara si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ahonhonsɛmdi ho no so dua kɛse. “Efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.” (Deuteronomium 18:12) Bible akyerɛwfo a na wɔyɛ Kristofo no gyee nokware titiriw yi toom. Ɔsomafo Paulo de “ahonhonsɛmdi” kaa “ɔhonam [a ahwe ase] nnwuma” no ho. (Galatifo 5:19, 20) Na ɔsomafo Yohane kyerɛw Onyankopɔn kɔkɔbɔ yi sɛ “abosonsomfo [anaasɛ, ahonhonsɛmdifo] . . . benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufrɛ dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.”—Adiyisɛm 21:8.
Ebia nnipa binom begye adi sɛ ɛrentumi nyɛ nea asiane wɔ ahwehwɛ mu a wɔhwɛ (Ouija board) a wɔde di agoru no mu. Nanso bɔs afirikafo kuw bi a na wɔwɔ England a na wɔde eyi bi di agoru bere a wɔregye wɔn ahome no hui sɛ wɔn su afi ase resesa. Ebinom bɛyɛɛ basabasayɛfo kɛse. Eyi kaa ɔkwan a wɔfa so ka afiri no mpo. Wɔtee nka denneennen sɛ wɔmfa wɔn mfiri a wɔreka no nkohyia afiri a ɛreba no.
Afei nso ababaa bi a ɔsɔɔ eyi bi hwɛe na enyaa ne so nkɛntɛnso kɛse no wɔ hɔ. Na ogye di sɛ ɔdɔ ɔbarima bi a wawu mfirihyia 300 a atwam no. Ɔkɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔne no bedi nkitaho. Eyi ma ɔkɔdaa keteke kwan so ma owui. Polisifo a na wɔrehwehwɛ asɛm no mu hui sɛ wakyerɛw biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ akɔka ne dɔfo no ho.
Sɛ wususuw sɛ ɛnyɛ nea w’ani gye ahonhonsɛmdi ho kɛse mpo a, hwɛ yiye. Tie afotu a efi Kyerɛwnsɛm mu no: “Mo ani nna hɔ, monwɛn.” Kae nea ɔhyɛ ahonhonsɛmdi akyi no. “Mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Mma saa ‘obi’ no nyɛ wo!
Sɛ́ ɛyɛ nea ɔbonsam ne n’adaemone no wɔ hɔ ankasa, ne sɛ wobetumi anya obi asetra so tumi ampa no yɛ nea asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ɛho nsɛm pii no, yɛsrɛ wo hwehwɛ nhoma a wɔfrɛ no So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ? no bi.
[Box on page 17]
“Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase na awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa. Nea odi nkonim no benya eyinom adi, na mɛyɛ no Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.”—Adiyisɛm 21:6-8.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Ńa ogye di sɛ ɔdɔ ɔbarima bi a wawu mfe 300 a atwam no
[Kratafa 16 mfoni]
So ɛyɛ awufo na wɔne wɔn di nkitaho no?