Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 3/8 kr. 3-4
  • Hia A Sika Ho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hia A Sika Ho Hia
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Sika
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 3/8 kr. 3-4

Hia A Sika Ho Hia

“BƆNE nyinaa ntini ne sika.” So woate sɛ obi ka saa pɛn? Nokwarem no, ɛyɛ asɛm a ɛne, “Bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ” no fã bi ara kwa.a

Yiw, ɛyɛ ampa sɛ pɛsɛmenkominya mu a wofi pɛ ahode no ama wɔayɛ nneɛma bɔne pii. Wodi nsɛmmɔne pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya eyi. Nanso sɛ sika nni hɔ a, anka ɛnnɛ yɛwɔ he?

Ampa, wɔ bere bi mu no na wɔmfa sika nni dwuma. Na bere a wotwaa sika akyi mpo no, na wɔntaa mfa nni dwuma kɛse. Ná akuafo wɔ nneɛma a wohia no mu pii wɔ saa bere no mu na wodii nneɛma a ehia wɔn no ho dwuma. Na wɔde nea wɔwɔ no kɔsesa nneɛma a wɔn ankasa nni bi no. Nanso na wohyia ɔhaw ahorow, ne titiriw no, wɔ obi a ɔwɔ nsaanodwuma pɔtee bi anaasɛ ɔyɛ ɔpaani no fam.

Yesu kaa adwumayɛfo a wɔte saa ho asɛm wɔ bɛ bi a obu faa ofiwura bi a ɔkɔfaa apaafo sɛ wɔmmɛyɛ adwuma wɔ ne bobe turo mu ho no mu. (Mateo 20:1-16) Ɔmaa apaafo no sika dodow bi a ɛyɛ nea ɛda adi sɛ na wɔde sika di dwuma kɛse wɔ saa bere no mu. Nanso fa no sɛ anka woyɛ adwumayɛfo yi mu biako na sɛ anka wɔbɛma wo sika sɛ akatua no wɔmaa wo bobe aba dodow bi!

Afei, ebia w’ani gye bobe aba ho nanso worempɛ sɛ wubedi aduan a wɔde bobe ayɛ bere nyinaa. Wobɛpɛ sɛ wudi nnuan ahorow a ahoɔden wom a nam ne nnuadewa ka ho. Wubehia mpaboa, ntade, krasin ne nneɛma afoforo nso. Enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ nkurɔfo a wɔbɛpɛ sɛ wɔde nneɛma yi bɛma wo de asesa nea wowɔ no.

Na sɛ saa nkurɔfo no mpɛ bobe aba nso ɛ? Ɛnde na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ obi a obegye wo bobe aba no na wama wo biribi a wubetumi de akɔsesa nneɛma ahorow a wuhia no. Eyi betumi agye wo bere pii asen bere a wosɛe de nyaa bobe aba no!

Asɛnnennen foforo a ɛsɔre ne sɛnea wubetwa bo ama nneɛma a wode nea wowɔ kɔsesa no. Sɛ nhwɛso no, bobe aba ahe na ɛne akokɔ bo yɛ pɛ? Ahe na ɛne mpaboa bo yɛ pɛ? Ɛsɛ sɛ biribiara a wɔde kɔsesa biribi foforo no ne ne bo yɛ pɛ.

Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛdɔɔso a ɛsɛ sɛ wokae nko na mmom ɛho behia sɛ wosan yɛ nhwehwɛmu ne nsakrae bere nyinaa efisɛ ɛsono sɛnea nneɛma te wɔ mmeae ahorow. Na sɛ nea wowɔ a wopɛ sɛ wode sesa biribi foforo te sɛ ebia nantwi no bo yɛ den sen abonnua a wopɛ sɛ wotɔ no a, wubedi ho dwuma dɛn? Ɛsɛ sɛ wode nantwi no ma hena, sɛ wopɛ sɛ wode nea wubenya afi mu no tɔ nneɛma ahorow pii fi nnipa ahorow ahorow hɔ a? Hwɛ sɛnea adwuma biara a wobɛyɛ no bɛyɛ den wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu! Enti ɛda adi sɛ na ade biako a wobegyina so atumi de nea wowɔ no asesa nea obi foforo wɔ no ho behia. Enti sika ho behiae.

Enti sika di nneɛma atitiriw a edidi so yi ho dwuma:

● Ɛyɛ ade a yɛnam so de nea yɛwɔ sesa nea ɔfoforo wɔ a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya nneɛma afi afoforo nkyɛn.

● Ɛma yehu biribi bo.

● Ɛma wutumi de nea wowɔ no sie na wode adi dwuma akyiri yi.

● Sika ama yɛatumi anya mfiridwuma akɛseakɛse ne nneɛma pii a ɛyɛ no. Ɛdenam ɛno so no, yetumi nya nneɛma a aba foforo ne nea eye sen biara wom. Ɛno na ɛma sikasɛm nhyehyɛe a aguadi gyina so no nya nkɔso titiriw. Esiane ɛno nti wobetumi adi nneɛma ahorow pɔtee bi ho dwuma akɔ akyiri.

John A. Cochran kyerɛw wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Money, Banking, and the Economy no mu sɛ: ‘“Nanso ɛtɔ bere bi a, sika a ɔyɛ ɔsomfo pa a mfaso wɔ so no yɛ basabasa. Sika betumi ayɛ nhyira kɛse anaasɛ nnome kɛse.” Ɛba saa wɔ nnɛ bere yi mu sikasɛm nhyehyɛe a ɛyɛ hwanyann a obi betumi anya ne ho anaasɛ wahwere nea ɔwɔ da koro pɛ, adwuma a ebetumi anya nkɔso anaasɛ asɛe a nniso ahorow betumi anya wɔn ho anaasɛ woabɔ ka wom no mu titiriw. Nea ɛma nsɛnnennen pii sɔre ne faako a wɔde sika pii sie no​—sikakorabea ahorow. Nnansa yi sikakorabea ahorow rebɔ ka ntɛmntɛm. So ɛsɛ sɛ ɛma ehu ka wo?

[Ase hɔ nsɛm]

a Yehu saa asɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ Makedonia wɔ bɛyɛ afe 61 ne 64 Y.B. ntam no wɔ 1 Timoteo 6:10 wɔ King James Version mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena