Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 13-19
  • Cambodia Nkwa A Minyae Wɔ Tebea A Ɛyɛ Hu Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Cambodia Nkwa A Minyae Wɔ Tebea A Ɛyɛ Hu Mu
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Mmofraase
  • Lon Nol Nniso no Awiei
  • Ahude Bere
  • Aguan No​—ne Onyankopɔn Mu Gyidi
  • Asetra Mu Atirimpɔw a Mehwehwɛe
  • Asetra Mu Atirimpɔw a Mihui
  • Ɔkwan Tenten a Mitu Faa Owu ne Nkwa Mu Wɔ Cambodia
    Nyan!—1998
  • Gyinae a Misii Bere a Misua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 13-19

Cambodia Nkwa A Minyae Wɔ Tebea A Ɛyɛ Hu Mu

Sɛnea Khem Sou ka kyerɛe

WƆ MFE pii mu no, na asomdwoe wɔ Cambodia (anaasɛ Kampuchea) . Afei, wɔ 1970 mu no, Lieutenant General Lon Nol tuu aban no gui. Esiane eyi nti, komunistfo a wɔfrɛ wɔn Khmer Rouge anaasɛ Red Khmer no tew atua. Lon Nol boaboaa nnipa a obetumi anya wɔn wɔ Cambodia nyinaa no ano sɛ wɔne komunistfo no nkɔko.

Saa bere no na meresua mmara ne aduruyɛ ho ade wɔ Phnom Penh Sukuupɔn mu na na meyɛ adwuma nso sɛ ɔkyerɛwfo. Nokwarem no, mekyerɛw me nhoma a edi kan a ɛne Tears of Orphans no bere a na madi mfe 15 pɛ no. Ne titiriw no, na emu nsɛm no yɛ nsɛm a maboaboa ano a na mede asie fi bere a na madi mfe ason no. Wɔtɔɔ nhoma no pii na esiane sɛ na minhia sika no nti, mede sika a minya fii mu no mae sɛ wɔmfa nhwɛ nyisaa.

Bere a na mewɔ sukuupɔn no mu no, na wonim me yiye sɛ ɔkyerɛwfo, dwonkyerɛwfo ne odwontofo. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, mekyerɛw nhoma bɛyɛ 20 ne nnwom ahorow pii. Ebetumi aba sɛ ɔpɛ a emu yɛ den a na mewɔ sɛ mɛkyerɛw nhoma ahorow no fi me maame a na ɔyɛ nhoma a wɔkyerɛw wɔ Franse kasa mu ho ɔbenfo wɔ Phnom Penh Sukuupɔn mu no. Ná ɔpɛ sɛ meyɛ mmaranimfo.

Nanso berɛ a Lon Nol boaboaa nnipa ano sɛ wɔne komunistfo no nkɔko no, na ɛsɛ sɛ migyae m’adesua no na misi gyinae sɛ ebia meyɛ ɔsraani anaasɛ polisini. Ɛwom sɛ na me maame kunu yɛ ɔsraani panyin de, nanso na mempɛ sraadi koraa. Enti mekɔyɛɛ polisini na eduu bere a na madi mfe 22 wɔ 1973 mu no, na manya ɔpanyin dibea.

Nanso bere a na meyɛ polisini no, akomatɔyam a na minni wɔ asetra mu no yɛɛ kɛse. Nokwarem no, ɛkaa me ma mekyerɛw nhoma bi a metoo ne din sɛ Life Has No Purpose. Nea ɛyɛ awerɛhow no, na eyi ne adwene a minyae bere a misusuwii Buddasom ne Fransefo nyansapɛ pii ne adwuma a na meyɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne polisini nso ho kɔɔ akyiri no akyi no.

Me Mmofraase

Bere a na meyɛ abofra no, me ne me nanabea, me wɔfa, ne me sewanom baanu na ɛtrae​—na ɛnyɛ m’awofo. Ankyɛ me maame san waree bio enti bere a midii mfe 12 no, mitumi ne me maame, me maame kunu ne me nuabeanom baanu kɔtrae.

Me nanabea tetee me sɛ Buddani. Bere a midii mfe du no, wɔde me kɔtraa nkokorafo fi bi mu asram abiɛsa sɛnea ɛbɛyɛ a menya nyamesom mu ntetee. Sɛ nkokorafo no fiadi a, mihu sɛ na wosisi wɔn ti ase na wɔyɛ wɔn ho te sɛ wɔwɔ ahobrɛase su kɛse nanso sɛ wɔwɔ nkokorafo fie hɔ a, wɔham da biara.

Na Budda honi ketewaa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ wɔ yɛn abosonnan no mu a na efi faako a esi no wɔ bere ne bere mu. Na ɛwɔ he wɔ saa mmere horow no mu? Nkokorafo no kae sɛ ohoni no tumi tu na ɛkɔ abosonnan afoforo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no mu kɔsrasra hɔ. Bere a mehwɛɛ no yiye akyi no, mihui sɛ na ɔkokorani bi yi fi hɔ de kosie. Ɛhaw me sɛ na nkokorafo no di nnaadaasɛm a ɛte saa. Bere a meka kyerɛɛ me nanabea no, ne bo fuw me kɛse efisɛ na ɔpɛ sɛ obegye adi sɛ ohoni no tumi tu.

Bere a mifii nkokorafo fi hɔ no, gyidi a na minni no kɔɔ so yɛɛ kɛse. Bere a na mekɔ ntoaso sukuu no, ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ yɛn anyamesom mpo no kyerɛe sɛ wɔakyekyɛ Buddasom mu pii na ɛyɛ nyansapɛ ara kɛkɛ. Medan kɔɔ Franse nyansapɛfo pii nkyerɛkyerɛ so a na mewɔ anidaso sɛ menya nsemmisa a ɛfa asetra ho no ho mmuae. Nanso eyinom maa m’adwenem a na ayɛ me nãã wɔ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho no yɛɛ kɛse mmom. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi gye di? Na minnim nanso mekɔɔ so bisae nea enti a mete nkwa mu.

Lon Nol Nniso no Awiei

Ɔko no mu basabasayɛ no mu yɛɛ den wɔ 1973 ne 1974 mu na atɛnkyea a nnipa ahorow ahorow hui no haw wɔn kɛse. Esiane sɛ na meyɛ polisini na na merentumi nyɛ ɔhaw ahorow yi ho ade titiriw biara nti, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ho biribi sɛ ɔkyerɛwfo. Mekyerɛw nhoma bi a wɔfrɛ no The Sky Is Dark a na ɛkasa tia asetra mu nneyɛe no.

Ɛno ne nhoma a etwa to a mekyerɛwee. Mekɔdaa afiase wɔ ho. Wɔde me to afiase mfe abien, nanso esiane sɛ na mifi adehye abusua no mu na me busuani bi nso yɛ aban no nanmusini wɔ Asia aman no biako mu nti, wogyaee me wɔ nna kakraa bi akyi. Aban no nanmusini no de ne nkɛntɛnso dii dwuma de boaa me.

Na ɛda adi sɛ mepɛ ahofadi sen sɛ mɛda afiase de, nanso mante nka sɛ mewɔ ahofadi ankasa. Ná nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ a ɛpɛ sɛ ɛhyɛ obiara ma ogye nsusuwii ne asetra kwan bi tom no te sɛ afiase ma me. Na asetra wɔ kuropɔn a ɛne Phnom Penh a ɛhɔ na wɔwoo me no te sɛ nea asɛe. Ná nnipa a wɔn nneyɛe aporɔw, wɔyɛ honam fam ade dodowpɛfo a wodi anigyede akyi no maa me hawee na mepɛe sɛ meguan. Esiane sɛ na mempɛ sɛ meyɛ polisini bio nti, migyaee polisi adwuma no.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, mitu kɔɔ Pailin mansin a ɛbɛn Thailand hye so no mu. Me ne adwumakuw bi a etu aboɔden abo yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a menya nea mede bɛhwɛ me ho. M’ani gyee akuraase asetra no ho kakra nanso mantumi antra hɔ ankyɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ komunistfo a wɔfrɛ wɔn Khmer Rouge no baa Phonm Penh na wobetuu Lon Nol ade so wɔ April 1975 mu, na ntɛm ara wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ asetra kwan foforo koraa.

Esiane eyi nti, na ɛsɛ sɛ aban mpanyimfo a wɔsomee wɔ nniso dedaw no ase no de wɔn ho kɔkyerɛ aban foforo no mpanyimfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɛkɔ adwumayɛban atitiriw bi mu na wɔasan atete wɔn bio. Mankɔ efisɛ na mempɛ sɛ meyɛ polisini panyin bio. Kɔ a mankɔ no gyee me nkwa. Akyiri yi metee sɛ “ntetee foforo” no dan yɛɛ kum a wokunkum wɔn ankasa. Wokunkum wɔn a wɔkɔe no nyinaa.

Ahude Bere

Sɛnea nkontaabu kyerɛ no, wokunkum Cambodiafo ɔpepem biako kosi abien wɔ asram a edii hɔ no mu. Mihuu nnipa a na wɔrekunkum wɔn, adamoa akɛse a wɔasie nnipa pii wom, ne nsubɔnten ne atare a adan mogya na nnipa afunu ayɛ mu ma nso. Ɔman anidan a ebi mmae da sɛee Cambodiafo amammerɛa na adi bɛboro mfe mpem abien no. Cambodiani biara ansusuw da sɛ nsakrae kɛse a ɛte sɛɛ betumi aba.

Bere a na m’adwene nyinaa atu afra na ehu kɛse aka me no, mibisaa me ho sɛ ebia atirimpɔw bi da so ara wɔ hɔ nti a ɛsɛ sɛ metra nnipa a wodi atirimɔdensɛm a ɛte saa yi mu anaa. Mebɔɔ me tirim sɛ meguan akɔ amannɔne asase bi so. Na Red Khmerfo no rehwehwɛ me dedaw; na meka wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no ho. Efi bere a migyaee polisi adwuma no, na mafa din foforo ato me ho so na ɛno na ɛtwentwɛn hu a, wobehu me no ase no. Nanso esiane sɛ na magye din sɛ dwonkyerɛwfo ne ɔkyerɛwfo nti, na nnipa pii nim onii a na meyɛ na nsa wɔde me din ankasa mpo frɛ me. Enti mihui sɛ me nkwa da asiane kɛse mu.

Saa mpo no, na gyinae a misii sɛ meguan akɔ Thailand no nyɛ mmerɛw. Ɛmfa ho sɛ nniso bɛn na na ɛwɔ hɔ no, na meda so ara dɔ me man. Afei nso na minim sɛ, sɛ mekɔ a, merentumi nhwɛ kwan sɛ mɛsan abehu m’awofo, me nuabarima ne me nuabeanom bio. Afei nso na ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so ahu akwan a wɔde kɔ Thailand. Mantumi ammisa. Na mahu ɔbarima bi a wɔakum no a wɔagyaw ne funu ato ho esiane sɛ ɛbɛdaa adi sɛ na ɔreyɛ nhyehyɛe aguan afi ɔman no mu nti.

Aguan No​—ne Onyankopɔn Mu Gyidi

BERE a Red Khmerfo bedii tumi akyi asram abien pɛpɛɛpɛ no, me ne ɔbarima bi bɔɔ mmɔden sɛ yebeguan. Nanso yɛyerae ma enti na ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi. Nanso mampaw abaw. Nna kakraa bi akyi no, me ne obi a na anka yɛn baanu nyinaa yɛ polisifo san siim bio. Akyiri yi, nnipa afoforo baason a abofra bi a wadi mfe abiɛsa ka ho bɛkaa yɛn ho.

Yɛtee asebɔ mmobom a ɛyɛ hu kɛse wɔ kwae no mu. Nanso wɔn a na wɔn ho yɛ hu kɛse sen asebɔ ne awɔ a wɔn ano wɔ bɔre ne Red Khmer akyigyinafo a wɔnenam kwae no mu bere nyinaa rehwehwɛ aguanfo no. Ɛtɔ bere bi a yehu wɔn. Na nnyigyei kakraa bi betumi ama wɔate yɛn nka na wɔabekunkum yɛn. Ɛtɔ bere bi a, ehu nti yentumi nna.

Bere a yeguan akyi ne nnansa so no, yedii mfomso susuwii sɛ yɛatra ɔhye no. Yɛn ani gyei araa ma yɛnoaa ɔmo a na yɛwɔ no nyinaa dii. Ná ɛyɛ mfomso kɛse! Yɛannya aduan biara anni wɔ nnanan a na edi hɔ no mu. Na anidaso a yɛwɔ ne yɛn ahoɔden nyinaa afi ase resa bere a yehuu nkontromfi kuw bi a wɔtow fi dua biako so kɔ foforo so a wokurakura kwadu siaw mpofirim no. Esiane ɔkɔm a na ɛde yɛn nti, yɛsrɛɛ nkontromfi no sɛ wɔmma yɛn wɔn kwadu no bi. Wubetumi agye adi anaasɛ dabi, kontromfi no biako tow kwadu biako maa yɛn! Afei afoforo no fii ase suasuaa no na sɛ yɛka bom a, wɔmaa yɛn kwadu 20.

Esiane nsɛm a ɛyɛ anigye a esisii wɔ da no mu nti, mantumi anna saa anadwo no. Mehwɛɛ soro a omununkum biara nni hɔ no dinn na mihuu ɔsram a ayi ne ho adi wɔ wim a ayɛ bruu fɛfɛɛfɛ no. Na nsoromma pii hyerɛn. Ná ɛbɛyɛ anadwo a me werɛ remfi da.

Na nsemmisa a ɛfa wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ ho agye m’adwene bɛyɛ bere tenten bi. Bere a mehwɛɛ abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa nyinaa yi no, misusuw nea enti a ɛnsɛ sɛ yedi Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ nyansa ni wɔ eyi ho. Afei bere a mehwɛɛ saa anadwo no fɛ a ɛyɛ no, metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ mpae. Esiane sɛ na minim sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ soro akyirikyiri baabi nti, mede m’ani kyerɛɛ soro na mede nkate a sɛ m’agya na merekasa akyerɛ no a menya no, bɔɔ mpae fii me komam nea edi kan wɔ m’asetra mu. Saa mpaebɔ no ma meyɛɛ nsakrae a ɛho hia.

Bere a mabue me komam mu ama Onyankopɔn akyi no. nneɛma fii ase totɔɔ yiye na mibegye dii sɛ (1) Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ (2) asetra wɔ atirimpɔw. Ná me nsusuwii ne sɛ abɔde mu nneɛma nyinaa di adwini a wɔde nyansa dii ho adanse. Ɛnde so ɛnyɛ atirimpɔw bi nti na Onii a ɔyɛɛ saa mmara ahorow a ntease wom yi de onipa too asase yi so?

Afei asemmisa no sɔre sɛ: “Esiane sɛ ɛda adi sɛ Onyankopɔn wɔ tumi ne nyansa a obetumi de ayi adesamma haw ahorow afi hɔ nti, dɛn nti na wama kwan ma amanehunu pii akɔ so abedu saa bere yi? Afei nso na mepɛ sɛ mihu asɔre a ɛsom Onyankopɔn wɔ nokwarem no. Na nsemmisa atitiriw yi ho mmuae a mɛhwehwɛ no bɛba abɛyɛ ahiade titiriw wɔ m’asetra mu. Ná minnye nni sɛ Onyankopɔn bɛyɛ otirimɔdenfo kɛse ma enti ɔremma nnipa nnya ho mmuae.

Bere a na yɛnenam kwae no mu no, misusuw me maame ho. Ná n’ani gye Kristosom ho kakra. Na asɛmpatrɛwfo bi a wofi France taa ba yɛn fi. Ɛtɔ bere bi a me maame ka ɔsom soronko bi a emufo nni mogya ho asɛm kyerɛ me. Afei nso na ɔka trenee, paradise tebea horow mpo a Onyankopɔn de bɛba ho “asɛmpa” ho asɛm. Saa bere no de, mannye emu asɛm biako mpo anni. Nanso afei mibisaa me ho sɛ: ‘So biribi wɔ hɔ a megyina so akyerɛ sɛ merennye nni? So me maame nyɛ ɔbea nyansafo a ɔkari nneɛma yi na ɔpɛɛpɛɛ mu anaa?’ Na mepɛ sɛ mihu. Nanso nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ mifi Cambodia a meda so te ase.

Na ɛnyɛ nea masiesie me ho yiye na sarong biako pɛ na ɛhyɛ me. Ebeduu saa bere yi na m’anan nyinaa ahonhon. Na yɛn nyinaa abrɛbrɛ na na ɔkɔm rekum yɛn. Yɛwee nhaban sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so atra ase. Wɔ yɛn akwantu no da a ɛto so du no, na ɛsɛ sɛ yɛkɔforo bepɔw bi. Yefi n’atifi hwɛɛ baabi a na yesusuw sɛ ɛyɛ Thailand. Bere a na yɛresian bepɔw no, yɛbɛtoo ɔsese bi a yɛtee nam bi a aporɔw hua wom. Yehuu onipa funu a fã aporɔw ne funu nnompe wom! Na Red Khmerfo anammɔn wɔ ɔsese no ho. Esiane sɛ ebu kaa yɛn nti, yeguanee. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nnipa a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobeguan afi Cambodia no afunu.

Bere a na yɛwɔ kwae no mu tɔnn no, yɛkɔtoo asubɔnten bi a yesusuwii sɛ ɛno ne ɔhye a etwa to no. Nanso na nsu bi a efi bepɔwso gu fam wɔ bɛyɛ basafa 30 wɔ asubɔnten no kesee fam! Akyinnyegye sɔree wɔ me ne m’adamfo no ntam. Esiane asiane a ɛwom nti, ɔkae sɛ mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wotwa asubɔnten no. Esiane sɛ mibuu m’ani guu nea ɔkae no so nti, metwɛn kosii adesae na bere a mede abeawa ketewaa no hyɛɛ m’akyi no, mitwaa asubɔnten no kɔɔ agya. Ná nsu no mu dɔ na memem kɔɔ ase, nanso awiei koraa no mitumi twae! Hwee anyɛ yɛn nyinaa!

Ade kyee no, yɛkɔtoo akuraa ketewaa bi a aburofuw wɔ ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebedwudwo yɛn kɔm ano no, yɛwee aburow no bi amono. Ná ɔsese bi bɛn hɔ na yehuu mankyese adaka bi wom. Ná krataa a ɛkata ho no kyerɛ sɛ wɔyɛe wɔ Thailand, na ɛnyɛ Cambodia. So wubetumi ayɛ sɛnea yɛtee nka no ho mfonini wɔ w’adwene mu? Yɛanya adanse bi wɔ ha! Yɛadu Thailand!

Hwɛ sɛnea mmepɔw ne nsubɔnten ahorow no yɛ fɛ afei! Ɛno akyi bere tiaa bi no, atiridii bɔɔ me na ade tɔɔ me so nnansa. Ɛda adi sɛ hurae bɔɔ me wɔ kwae no mu. Ɛno mpo no, yesusuwii sɛ yɛne nnipa a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so.

Asetra Mu Atirimpɔw a Mehwehwɛe

WƆMAA yɛne Cambodiafo afoforo 200 kɔtrae wɔ aguanfo atrae bi wɔ Thailand. Wɔ ha no, mitumi ne Protestantfo asɔre bi a wɔfrɛ no Children of God no muni suaa Bible no. Kuw yi mufo huu anigye a mewɔ wɔ Kristosom ho no na wɔpɛe sɛ wɔbɔ me asu wɔ hɔ ara. Mepowee asubɔ no efisɛ na minni gyidi ara. Wɔbɔɔ Cambodiafo pii asu ntɛmntɛm efisɛ na wɔma wɔn ntade wɔ asubɔ no akyi.

Minyaa Bible a ɛwɔ me man a ɛne Cambodia kasa mu fii “Children of God” asɔrefo no nkyɛn. Misua fii eyi mu sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa a ɛne Yehowa ne sɛ, saa Onyankopɔn a oyii ne ho adi wɔ ɔkwan titiriw bi so kyerɛɛ tete Yudafo no yi ara ne Kristofo Nyankopɔn no nso. Na ɛyɛ Onyankopɔn yi na na mepɛ sɛ mihu no yiye no.

Wɔ December 1975 mu bere a na matra Thailand asram anum akyi no, International Committee of the Red Cross boaa me ma mitu kɔɔ Austria. Nea edi kan no, wɔde me kɔtraa aguanfo atrae bi mu na misuaa German kasa wɔ hɔ. Asram asia akyi no, wɔde me kɔɔ Linz, faako a mekɔtraa ofi a wotua ho ka mu. Metoaa so suaa German kasa no anadwo na meyɛɛ adwuma awia wɔ adwumayɛbea bi.

Wɔ saa bere yi mu no, mede me ho kɔbɔɔ Evangelist ne Katolek asɔre no ho nanso obiara nni hɔ a otumi maa nsemmisa te sɛ “Dɛn na ɛba wɔ owu akyi?” ne “Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?” ho mmuae a ɛteɛ. Mibisaa Katolek sɔfo bi sɛ ɔnkyerɛ me “asɛmpa” no ase ne sɛ ebia biribi te sɛ “asɛmpa no ho ɔsom” bi wɔ hɔ anaa. Wantumi ammua. Mibisae sɛ: ‘Dɛn ne saa asɛmpa ɔ me maame bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ me no?’

Mpɛn abien a mebɔɔ Onyankopɔn mpae bere a na me nkutoo wɔ fie no, na bere biara a mɛbɔ mpae no awie akyi no, mihu sɛ obi de nsaano krataa abɛhyɛ me pon no ase. Na ɛreto nsa afrɛ me sɛ memmra nhyiam wɔ beae bi a wɔfrɛ no Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Ná edin Yehowa Adansefo no kyerɛ biribi titiriw ma me dedaw nanso henanom ne “Yehowa Adansefo” yi? Dɛn ho adansefo na wɔyɛ? Bere a na nsemmisa pii wɔ m’adwenem namerepɛ nneɛma mu ahu no, misiim sɛ merekɔhwehwɛ Ahenni Asa no wɔ mmere horow abien no nyinaa mu. Mpɛn abien no nyinaa mekɔpuee asɔre ahorow mu. Na Ahenni Asa no wɔ abansoro bi a asanombea wɔ ase so nanso mantumi anhu.

Wɔ mmɔden a ɛto so abien a mebɔe sɛ mahu Ahenni Asa no akyi nna kakraa bi no, na merekɔsra m’adamfo bi a ofi Thailand bere a nnipa baanu a wɔdaa wɔn ho adi sɛ Yehowa Adansefo baa ne pon ano. Bere a mihui sɛ m’adamfo no repam wɔ no, meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne wɔn kasa. Nea edi kan no, mibisaa wɔn nea Onyankopɔn Ahenni yɛ. Wofi Bible no mu kyerɛe sɛ ɛyɛ ɔsoro nniso bi a ɛwɔ Kristo nsam a ɔde bedi asase so. Bio nso wofi Bible no mu buaa m’asemmisa a edi hɔ a ɛfa onipa tebea wɔ owu akyi ho no. M’ani gyee wɔn mmuae a efi Bible mu a ntease wom no ho na ntɛm ara mekae sɛ wɔne me mmɛyɛ Bible adesua. Da no ara me ne m’adamfo no kɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so.

Mitiee ɔkasa no nanso esiane sɛ afei na na meresua German kasa no nti, mante emu fã kɛse ara ase. Nanso metee ase sɛ na ɛfa asɛmpa no, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho. Ɛdenam Yehowa Ahenni no so no. wɔbɛyɛ asase yi paradise, beae a onipa renni awerɛhow wɔ hɔ bio a Onyankopɔn ‘bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo.’ (Adiyisɛm 21:3-5) Na mekae sɛ me maame akenkan nsɛm yi ara akyerɛ me pɛn. Wiase a saa wiase yi mu nnebɔne no mu biara nni mu ne nea na mehwɛ kwan afi Onyankopɔn tumfoɔ ne treneeni no nkyɛn. Nanso afei na mepɛ sɛ mihu nea enti a Yehowa anyɛ wiase a ɛte saa wɔ bere tenten a atwam no mu. Bere a yɛkɔɔ so susuw Bible no ho no, wobuaa saa nsemmisa yi ne afoforo pii nso maa me koma tɔɔ me yam. M’ani gyei as mahu ɔsom a ɛnhwehwɛ sɛ megye biribi a adanse biara nni ho no adi. Bio nso, Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne n’asetra kwan no yɛ nea m’ani gyee ho kɛse.

Nea ɛne “Children of God” asɔrefo no kae bɔ abira no, Adansefo no anka ankyerɛ me sɛ mema wɔmmɔ me asu bere a wɔakyerɛkyerɛ me wɔ bere tiaa bi mu no. Metee ase sɛ asubɔ yɛ ade a wɔhwehwɛ wɔ Kristofo fam enti mibisae sɛ ebia wɔbɛbɔ me asu anaa. Ná mehwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ saa ansa na masesa m’adwene. Nea ɛyɛɛ me ahodwiriw no, na wɔpɛ sɛ metɔ me bo ase si gyinae sɛ ɛyɛ nea mepɛ sɛ meyɛ saa ampa a. Mihui sɛ Adansefo no hwehwɛ nnipa a wɔfata na ɛnyɛ nnipa dodow. Awiei koraa bere a masua Bible no wɔ German kasa mu bɛyɛ asram ason akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ July 1977 mu wɔ nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Linz no ase.

Asetra Mu Atirimpɔw a Mihui

Wɔ nhyiam yi ara ase no, woyii nhomafoforo bi adi. Mfe anan ansa na wɔreyi eyi adi no, na makyerɛw me nhoma a wɔfrɛ no Life Has No Purpose no. Afei na Yehowa Adansefo reyi nhoma a ɛne Life Does Have a Purpose adi a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ me de no ho mmuae. Esiane sɛ mihuu nkwaseasɛm a makyerɛw no nti, mede me koma nyinaa gyee nhoma foforo no toom.

Hwɛ sɛnea na me kɔn dɔ sɛ mɛka asɛmpa yi akyerɛ Cambodiafo a wɔredi awerɛhow no! Saa asɛmpa yi bɛma wɔanya anidaso a enni huammɔ ne botae a ɛyɛ nwonwa wɔ asetra mu. Esiane sɛ na ɛrentumi nyɛ yiye sɛ mɛsan akɔ saa ɔman no mu nti, meyɛɛ nea metumi nyinaa de kaa asɛmpa no kyerɛɛ Cambodiafo a wɔwɔ Austria no. Mebɔɔ mpae te sɛ nea Yesaia yɛe no, sɛ, “Mini, soma me!” a na mewɔ anidaso sɛ Yehowa de me bedi dwuma ma maboa me manfo.​—Yesaia 6:8.

Wɔ 1980 mu no, mewaree ɔdansefo bi a ɔyɛ Japanni wɔ Vienna. Mihyiaa no wɔ Yehowa Adansefo ayeforohyia bi ase. Na me yere nso anya nea na ɔrehwehwɛ no bere a ne yɔnko sukuuni bi a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo a na ɔne no wɔ Vienna Academy of Music no boaa no ma ɔtee Bible no ase no. Yɛwoo yɛn ba a ɔto so abien no, me yere yaree na na ɛte sɛ nea eye sɛ ɔbɛsan akɔ Japan. Yetui wɔ 1983 mu na yɛkɔtraa Tokyo.

Ɔpɛ a emu yɛ den a mewɔ sɛ mɛboa Cambodia aguanfo no nsakrae. Wɔn mu bɛyɛ 600 wɔ Japan na wɔn mu dodow no ara te Tokyo mpɔtam hɔ. M’ani gye kɛse sɛ mɛyɛ adwuma wɔ wɔn mu na maboa wɔn ma wɔate Yehowa atirimpɔw ma adesamma a ɔdɔ wom no ase. Manya hokwan kɛse sɛ mɛboa wɔ ofie Bible adesua bɛyɛ dumien a yɛne Cambodiafo yɛ no mu, sɛ ɛyɛ m’ankasa na meyɛ anaasɛ meboa Japanfo a wɔyɛ no. Mpɛn abien wɔ ɔsram biara mu no, yɛn abusua no nyinaa de dã mu nyinaa som Cambodiafo nkutoo. Ɛwom sɛ eyi hwehwɛ sɛ yɛde kar twa akwansin bɛyɛ 180 de, nanso honhom mu nkɔso pa a wɔn mu binom renya no hyɛ yɛn nkuran kɛse.

Bere a me ne m’abusuafo a wɔwɔ me kurom nkitahodi mu twae bere tenten akyi no, minyaa krataa bi a mekyerɛwee wɔ 1981 mu no ho mmuae. Metee sɛ wɔakum me maame kunu ne me nuabea biako wɔ ɔko a ɛkɔɔ so wɔ ɔman no mu no mu. M’abusuafo no mu baasa a ɛyɛ me maame, me nuabarima ne me nuabea biako da so te ase. Ɛwom sɛ afei de yetumi di nkitaho kakra wɔ afe biara mu de, nanso ɛyɛ den sɛ metumi agyina wɔn nkrataa no so de akyerɛ sɛnea nyamesom mu tebea no te wɔ Cambodia.

Metumi de ahotoso aka sɛ nhyira aba mmɔden a mebɔe sɛ mɛhwehwɛ asetra mu atirimpɔw no so kɛse. Bere a mahu nea asetra kyerɛ ankasa ne atirimpɔw a ɛwom no akyi no, m’ani agye mmoroso sɛ mewɔ abusua a ɔdɔ wom a yɛde biakoyɛ resom yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kɛse no. Hwɛ sɛnea mede ahopere rehwɛ da a me ne me maame, me nuabarima, ne me nuabea no bɛsan abom no kwan! Mprempren de, hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ minya kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa a wosisi wɔn na wɔhyɛ wɔn so no mu!

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

“Afei ne wi yi ase atemmu; afei na wobeyi wi yi ase sodifo no hɔ. Na me de, sɛ wɔma me so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyem. Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu.”​—Yohane 12:31-33.

[Kratafa 15 mfoni]

Phnom Penh ahemfi adan no mu biako. Bere a na meyɛ abofra no, na mesaw kyerɛ ɔhene no wɔ ha

[Kratafa 18 mfoni]

Me ne me yere ne yɛn mma baanu no reyɛ adesua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena