Bible No Adwene
Dɛn Na Ɛba Ɔkra No So Wɔ Owu Akyi?
NÁ SIKATUFO bi a wɔfrɛ no James Kidd taa susuw asɛm yi ho: ‘So ɛyɛ ampa sɛ mewɔ ɔkra bi wɔ me mu a ɔyɛ me fã bi a ɔte ase?’ Bere a saa asɛm a ahaw Owura Kidd wɔ n’asetra nyinaa mu yi ano a obehu ahyɛ ne so no, ogyaw sika bɛyɛ $300,000, na ɔkyerɛe wɔ ne samansew mu sɛ wɔmfa sika no “nyɛ nyansahu mu nhwehwɛmu bi a ɛkyerɛ sɛ ɔdesani nipadua no wɔ ɔkra a ɛkɔ so tra ase wɔ owu mu.”
Nea ɛnte sɛ Owura Kidd no, ebia na w’ani nnye ho biara sɛ wubenya adanse a ɛkyerɛ sɛ wowɔ ɔkra bi a sɛ wuwu a ɛbɛkɔ so atra ase. Nanso wɔ w’adwene mu no ebia na wugye di. Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ gye di esiane nyamesom mu nkyerɛkyerɛ, owu-akyi-asetra mu osuahu ho amanneɛbɔ ahorow, anaasɛ sɛnea wɔn ankasa te nka no nti.
Nanso, nea ɛyɛ anigye no, nhwehwɛmu bi a Nyan! yɛe wɔ wɔn a wogye di sɛ ɔkra no nwu ho no daa no adi sɛ mmuae biako na wɔn nyinaa ma wɔ asemmisa yi ho: “So wususuw sɛ ɔkra no home ansa na atumi atra ase anaa?” Wɔkae sɛ: “Dabi.”
Ɔkra Home
Wɔ Genesis ti 2, nkyekyem 7 no, amanneɛbɔ, a ɛyɛ nwonwa a ɛfa onipa bɔ ho no fi ase sɛ: “Na [Yehowa] Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa.”
Yɛ sɛnea anwonwade no kɔɔ so no ho mfonini wɔ w’adwene mu! Wofi asase mu nneɛma ahorow mu yɛɛ nnompe ahorow 206, nkwaadom ahorow a ɛyɛ hu, ntini ahorow bɛboro 600, ne amemene a ɛyɛ ‘nwonwa, na were kata ne nyinaa ho ma ɛyɛ onipa nsɛso a ɛyɛ pɛ. Nanso, na aka “atomde” biako ansa na wɔawie adebɔ mu adeyɛ a ɛyɛ nwonwa yi: biribi a ɛbɛma saa nipadua yi anya nkwa. Enti afei Onyankopɔn fii ase “huw nkwa home guu ne hwene mu.” Wɔ ha no, ɛdenam mframa (a oxygen ka ho) a Onyankopɔn ma ɛbae so no, ɔmaa nkwammoa ɔpepepem pii a wɔwɔ nipadua no mu honhom a ɛkanyan wɔn, anaa nkwa tumi, wɔ bere koro mu. Afei a wanya nkwa no, saa onipa yi a wɔfrɛɛ no Adam no home kɔɔ ne mu na ɔhome baa abɔnten bɛyɛ mpɛn 14 simma biara, anaasɛ bɛboro mpɛn 20,000 da biara! Nkyekyem ason rekɔ awiei no, hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ onipa a afei otumi “bɛyɛɛ” ɔkra teasefo.
Wobetumi de nea efii mu bae yi atoto nsɛmma nhoma a worekenkan yi ho. Wɔde krataa, adubiri, ne amane na ɛyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi. Nanso sɛ wɔtete saa nneɛma yi mu a anigye biara nni ho. Sɛ wɔkeka bom nkutoo a na wobenya nsɛmma nhoma. Enti sɛ nipadua, ahome, ne nkwa tumi no anka ammom a wɔn ho remma mfaso biara. Enti, Adam “bɛyɛɛ” ɔkra teasefo.
Esiane sɛ wɔnka biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔde ɔkra duaa onipa a odi kan no mu anaasɛ wɔde maa no nti, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: Sɛ bere a ɔhome no fii ase no na “ɔbɛyɛɛ” ɔkra de a, dɛn nti na wɔka sɛ ɔkɔ so tra ase bere a obi agyae ahome na wawu no? Ɔhome yɛ biribi a sɛ ɔkra no anyɛ a obewu.
Enti, Bible akyerɛwfo taa de asɛmfua “ɔkra” no di dwuma sɛ asɛm foforo a wotumi de gyina hɔ ma onipa a ɔhome. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nea ɛtoo Onyankopɔn atamfo wɔ Kanaan asase so no nsow. Onyankopɔn nkurɔfo “de nkrante kunkum akra a ɛwɔ [asase no so] nyinaa sɛee wɔn pasaa, wɔannyaw biribiara a ɛhome.” (Yosua 11:11) Ná ɔkra biara yɛ biribi a ɛhome. Saa ara nso na ɛte sɛ biribiara a ɛhome no yɛ ɔkra. Ɛyɛ nnipa a wɔwɔ ɔhonam, wotumi hu wɔn na wotumi home na wowuwui, na ɛnyɛ honhom bi a aniwa ntumi nhu a atew ne ho mmom.
So Abɔde a Nkwa Wom Nyinaa yɛ Akra?
Bere a nnipa da nsow wɔ mmoa ho no, ɛnyɛ ɔkra a ɔyɛ nti na ɛte saa. Bere a Onyankopɔn de nsu bɛsɛee ade wɔ Noa bere so no, ‘ɔhonam nyinaa, nnomaa, ntɔteboa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea asase so nyinaa ne nnipa nyinaa, ne wɔn a nkwa honhom, ahome wɔ wɔn hwenem wuwui.’ Wɔfrɛ saa mmoa ahorow yi “akra a wɔtete ase” wɔ adebɔ ho kyerɛwtohɔ no mu.—Genesis 7:21, 22; 1:24.
Sɛnea Bible kyerɛ no, ‘ɔhonam nyinaa, mmoa a wɔwea asase so, ne nnipa’ hia mframa na wogyina wɔn ɔhome nhyehyɛe ahorow a ɛsonosonoe no so na wɔkɔ so tra ase sɛ akra ateasefo. Sɛ nneɛma ahorow a ekura nkwa mu no gyae adwumayɛ a, ɔkra san kɔ dɔte mu. Ɔkra no—onipa anaa aboa—nte nka biara bio na ɔnte ase.—Genesis 3:19; Dwom 146:4.
Ɔkra Betumi Atra Ase Daa!
Esiane sɛ gyidi a wɔwɔ sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi no mu atrɛw kɛse sɛɛ nti, ɛda adi sɛ adesamma te nka sɛ ɛsɛ sɛ asetra kyerɛ pii sen nea wohu mprempren no. Saa nkate yi fi awosu mu, efisɛ Bible no se Onyankopɔn “de asetra a enni awiei ahyɛ onipa adwene mu.” (Ɔsɛnkafo 3:11, Revised Standard Version) Wɔ ebinom fam no, wobenya saa asetra a enni awiei no ampa. Nea edi kan no, ɛho hia sɛ wosiesie biribi—sintɔ ne bɔne a ɛma ɔdesani kra no wu no. (Romafo 5:12) Sɛ woyi eyinom fi hɔ a ɔdesani nipadua a Onyankopɔn wowaw no no betumi atra ase daa.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu dedaw no? Nhwehwemufo a wɔde Owura Kidd sika no maa wɔn no annya mmuae no. Wɔ nhwehwɛmu a wɔde mfe anan yɛe mu no, wɔantumi ankyerɛ sɛ ɔdesani kra yɛ onipa no fã bi a efi nipadua no mu wɔ owu mu. Nanso hwɛ sɛnea ntease wɔ anidaso a ɛwɔ Bible mu no mu! Wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan de akra a wɔawuwu aba nkwa mu bio wɔ asase so, yiw, wobenyan wɔn.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15; Hebrifo 6:18.
Ɛno na afei wɔn a wɔanyan wɔn no besua Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma ɔdesani kra no ho ade. Na wɔ wɔn a wɔde Onyankopɔn Asɛm tra ase nnɛ, wɔn a ‘wɔfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu’ no fam de, ɛho nhia sɛ wogyae ahome da!—Hebrifo 10:39.
[Kratafa 24 mfoni]
Eyinom nyinaa yɛ akra