Dɛn Nti Na Pii Redan Yehowa Adansefo?
WƆ NSASE pii so no nea nkurɔfo reyɛ ara nen. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bologna a ɛwɔ Italy no, asɔre mpanyimfo yɛɛ nhyiam bi a na paapa no pene so sɛ wɔde rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asiw Yehowa Adansefo nkɔanim no ano. Sɛnea atesɛm krataa La Republica kyerɛ no, Katolek asɔre no de “abotu teɛɛm” efisɛ Katolekfo mpem du dan bɛyɛ Yehowa Adansefo afe biara.
Jesuitni Guisseppe De Rosa kae sɛ “sɛ wɔhwɛ no ɔsom kwan so a wɔn a wɔn ho yɛ hu kɛse ne Yehowa Adansefo. Wɔba a wɔatetew wɔn yiye; Bible no kura wɔn nsam bere nyinaa.”
Wɔ samufo asɛm a ɛfa Yehowa Adansefo ho titiriw mu no, Jesuitfo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no La Civilta Cattolica a ɛbae February 18, 1984 no kyerɛwee sɛ:
“Ade a edi kan a ama kuw no atrɛw ne ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ [kyerɛ sɛ, wɔ asɛnka adwuma no mu] no. Wɔ ɔkwan bi so no, adwuma no yɛ den, na wɔatete wɔn a wɔyɛ wɔ afie afie mu no wɔ akwan nyinaa so wɔ saa adwuma yi yɛ mu na wogye di yiye . . .
“Ade a ɛto so abien fa ama Adansefo no adi yiye ne tumi a ɛtwetwe adwene a ɛwɔ Yehowafo nsɛm a wɔka no mu a ɛma wonya nea wohia, nea wɔhwehwɛ, ne nea wɔhwɛ kwan wɔ yɛn mmere yi mu no. Nea ɛdi kan koraa no, edi nneɛma a nsa betumi aka ho ahiade no ho dwuma, biribi a nkurɔfo ani sɔ kɛse wɔ biribiara a ayɛ basaa na ehinhim mu no. . . . Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛyɛ nea ɛbɛba daakye a wotumi gye di no ho adiyi, na enti wɔn a wogye tom no nyinaa de wɔn ho fi ehu ne abasamtu nyinaa ho na wotumi de anigye hwɛ daakye kwan a wɔwɔ gyidi sɛ wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn atemmu da kɛse a ɛbɛsɛe wiase bɔne bi no mu na wɔatra ase daa wɔ anigye mu wɔ asase so. Nea ɛto so abien no, Yehowafo no asɛm a wɔka no boa ma ankorankoro tumi di abasamtu nka a wɔte wɔ wiase amanehunu ahorow ho no so, bere a ɛbɔ dawuru sɛ nnɛyi tebea horow a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no yi a wobeyi afi hɔ abɛn, ne sɛ, ɛrenkyɛ mmere foforo bi bɛba na wɔde wiase foforo bi a wobeyi abɔnefo a wodi yiye nnɛ no nyinaa afi mu bɛba. . . .
“Ade a ɛto so abiɛsa a ama Adansefo no adi yiye ne sɛ kuw no ma emufo hu na wɔte nka kɛse sɛ wɔka ho, na ɛyɛ beae a wɔde anigye ne onuadɔ ne biakoyɛ gye wɔn tom.”
Vaticanfo krataa yi pɛɛpɛe nkurɔfo ahiade wɔ saa bere no mu no mu, na Jesuitfo nsɛmma nhoma La Civilta Cattolica no mu nsɛm a yɛafa aka yi kyerɛe sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo asɛm a wɔka no na ɛredi saa ahiade ahorow yi ho dwuma. Wonya eyi ho adanse bio fi Katolekni ɔkyerɛwfo Vittorio Messori hɔ wɔ ne nhoma Scommessa sulla morte no mu, a ɛno mu na ɔkyerɛwee sɛ:
“Sɛ wuhu sɛ adiyisɛm mu fekuw ahorow yi mu biako—Yehowa Adansefo—ne gyidi anaa ɔsom a ɛrenyin ntɛmntɛm sen biara wɔ wiase a, ɛma wufi ase dwen. Ɛka ɔsom ahorow a nnipa pii de wɔn ho hyem wɔ nsase pii so ho asɛm . . . na ebia ɛba nnamyɛ, mmɔdenbɔ, dwumadi, ne sɛnea wotumi sakra afoforo mu mpo a, ɛno na edi kan.
“Na wonhu wɔn dwumadi a wɔhyɛ mu den bere nyinaa yi wɔ nsase a wodi Kristosom atetesɛm akyi nko mu, na mmom ɛtrɛw kɔ wiase nyinaa, na wɔ Yehowa din mu, ne bere tiaa bi akyi no, nea efi mu ba no taa yɛ nea ɛboro nea Katolekfo, protestantfo, ne ortodoksfo asɛmpatrɛwfo de mfe ɔhaha pii ayɛ no so kɛse.
“Gye sɛ obi a ɔmpɛ sɛ ogye saa tumi fɛfɛ a ɛde ntrɛwmu ba yi tom no nkutoo na ontumi nhu sɛ . . . ɔkwan a Yehowa Adansefo fa so kenkan Bible no di ahiade ankasa a nyamekyerɛ afoforo ntumi mfa mma bio no ho dwuma.
“Obi rentumi ntwe ne ho mfi ɔsɛmpɔw no ho denam ka a ɔbɛka sɛ Adansefo no di yiye efisɛ woyi nkurɔfo hu no so. Nea wɔyɛ no bɔ eyi abira koraa: Nea ɛnte sɛ asɔre ‘akɛse’ no, wonnye nni sɛ hell wɔ hɔ, na nea wɔka ho asɛm ne abɔnefo ne wɔn a wonnye nni ase a wɔbɛtɔre, ne sɛnea wobefi hɔ a wonhu wɔn bio wɔ owu akyi. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ biribi a ɛnyɛ anigye; nanso ɛnyɛ hu te sɛ daa ayayade ho ahunahuna no.”
Yiw, Yehowa Adansefo Nyankopɔn no yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, ɔnyɛ obi a oyi nkurɔfo hu.
Wɔfaa asɛm a edi so yi fii Katolekfo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Mondo erre a ɛbae March 1986 mu no mu: “Ɛsɛ sɛ yɛka sɛ Yehowa Adansefo ne wɔn a wodi kan a wɔde gyidi a wɔka ho asɛm no tra ase: Wɔn bo mfuw, wɔnnom sigaret, wɔmmoaboa ahonyade ano, woyi wɔn ho fi amammuisɛm ho akasakasa mu, . . . wotua wɔn tow, wɔbɔ bra pa na wɔdɔ nokware, wɔwɔ anigye ne ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo. Eyinom nyinaa na ama nkurɔfo pɛ wɔn asɛm yiye no.”
obisabisaa Wɔn a na Anka Wɔyɛ Katolekfo Nsɛm
Ɛyɛ anigye sɛ yebesusuw nsɛm a ɛkyerɛ nea enti a nnipa baanu bi a na anka wɔyɛ Katolekfo no paw ɔsom foforo no ho.
Rosanna C. a ɔyɛ ababaa ɔwarefo bi a ɔte Parma mantam mu (wɔ Italy kusuu fam) baabi no se:
“Minyaa asomdwoe wɔ me mmofraase. Minyaa ɔdɔ pii fii m’awofo nkyɛn na minyaa Katolekfo ntetee sɛnea ɛfata. Bere a merebɛn mpanyin afe so no, minyaa ɔpɛ a mmofra pii taa nya no: Na mepɛ sɛ mede me ho ma Onyankopɔn na mesom no. Saa ɔpɛ yi kɔɔ so nyinii denam Asɛmpa no biako a metɔ fii faako a wɔtɔn nhoma a mekenkanee no so. Na menkenkanee bi da. Nea mekenkanee no ma minyaa ɔdɔ maa Yesu. Mihui sɛ ɔwɔ anidaso asɛm bi ma adesamma ɛwom sɛ na mente ase nwie de. Mihui nso sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo kyerɛ ɔdɔ a emu dɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa.”
Nyan!: So na ɔkwan a wofa so di wo som ho dwuma no ma wo koma tɔ wo yam?
Rosanna: Ɛnte saa ankasa. Bere a midii mfe 17 no, na mekyerɛ mmofra a wɔadi fi mfe 10 kosi 12 no katekism. Sɛ́ mmofra kuw bi a wɔfrɛ no Catholic Action no muni no, mekɔɔ wɔn nhyiam ahorow na mede me ho hyɛɛ honhom mu nsusuwii mu. Sɛ mɛka no ɔsom kwan so a, na minni adagyew. Nanso na nneɛma abien bi wɔ hɔ a na mempɛ. Yɛanhwehwɛ Bible a ɛyɛ nhoma a mibu no kɛse no mu da, na na ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu ne biakoyɛ ankasa nni kuw a mewɔ mu no mu. Na ɛnyɛ ne nyinaa nen. Ná nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogye ahodomfo ne mmea a wɔne wɔn ho da tom na wobu wɔn kɛse wɔ kuw no mu no haw me. Awia bi mpo de eyi ma misui.
Nyan!: So na ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wobɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako?
Rosanna: Dabi, na ɛnyɛ mmerɛw! Bere a edi kan a m’awofo fii ase maa Yehowa Adansefo bɛsraa wɔn no, na minni ɔpɛ biara sɛ mɛka wɔn ho. Nanso, akyiri yi, bere a Adansefo no su pa ahorow no kaa me koma no, misii gyinae sɛ mehwehwɛ wɔn ho nsɛm mu na metraa wɔn Bible mu nkɔmmɔbɔ bi mu. Eyi na ɛmaa mitumi sii me gyinae. Nea ɛkaa me koma kɛse ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asɛm biara a mibisae no, wofi Bible no mu maa me mmuae a emu da hɔ.
Nyan!: Wɔ saa nkɔmmɔbɔ no akyi no, wohwehwɛɛ afotu bi fii asɔfo bi hɔ anaa?
Rosanna: Yiw, bebree a na ɔbea bi a ɔresua asɔfodi mpo ka ho. Na ‘oguan a wayera’ a wɔbɛboa no no mfa wɔn ho papa. Bere a masua Bible no yiye akyi no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ me ho so a mahyira ama Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ 1977 mu.
Claudio C. a wadi mfe 30 a ofi Isérnia (Italy mfinimfini hɔ baabi) no kae sɛ:
“Bere a midii mfe 10 no mifi me pɛ mu kɔɔ asɔfodi sukuu a nyamesom kuw a wɔfrɛ wɔn Capushinfo na wɔhwɛ so no mu. Na ɛyɛ me pɛ sɛ mɛsom Onyankopɔn sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Na asɔfodi ntetee asetra no wɔ ne nsɛnnennen esiane tebea ahorow bi a na ɛwɔ hɔ no nti; nanso nea ɛhaw me kɛse ne bere a me mpanyimfo no powee sɛ wɔbɛma me Bible a ɛyɛ nhoma a mewɔ ɔpɛ kɛse sɛ mɛkenkan no biako no. Bere a mehawee kɛse ne bere a ɔsɔfo bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ onipa mfiase fi adannandi mu no. Mihui sɛ merentumi nnya me botae a ɛne sɛ mɛsom Onyankopɔn no mfi asɔfodi sukuu hɔ, enti mifii hɔ bere a na madi mfe 15.”
Nyan!: Ɛyɛɛ dɛn na wuhyiaa Yehowa Adansefo?
Claudio: Wɔbaa me fi. Mekae sɛ mibisaa wɔn nsɛm tẽẽ, na wɔmaa me mmuae tẽẽ a emu da hɔ. Wogyaw nhoma abien maa me, Did Man Get Here By Evolution or by Creation? ne Is the Bible Really the Word of God? Mekenkan wiei no, mihuu sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware, ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no fi Onyankopɔn home mu. Me nuabarima bɛkaa me ho wɔ nokware no a merehwehwɛ no mu na yesusuw ho sɛ ebia Adansefo no na wɔwɔ nokware Kristosom no ampa. Na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no mu fefeefe.
Nyan!: Dɛn na woyɛe afei?
Claudio: Yɛne asɔfo abiɛsa ne Protestantfo asomfo pii bɔɔ nkɔmmɔ. Wɔ nhwehwɛmu a yɛyɛɛ no fefeefe akyi no, yegye dii sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔboa nkurɔfo ma wɔte Bible no ase ankasa. Yɛbɔɔ asu sɛ Yehowa Adansefo, na afei de me nsa aka me mmofraaberem botae a ɛne sɛ mɛsom Onyankopɔn no.
So wowɔ ɔpɛ sɛ wode wo som mu nsusuwii ahorow no bɛtoto Onyankopɔn Asɛm Bible no ho? So wowɔ akokoduru a ɛbɛma wode adwene a emu da hɔ ayɛ saa?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
“Bible no kura wɔn nsam bere nyinaa.”—Jesuitni Guisseppe De Rosa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
“Yehowa Adansefo ne wɔn a wodi kan a wɔde gyidi a wɔka ho asɛm no tra ase.”—Katolekfo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Mondo erre
[Kratafa 28 mfoni]
“Wofi Bible no mu maa me mmuae a emu da hɔ”
[Kratafa 29 mfoni]
“Afei de me nsa aka me mmofraberem botae a ɛne sɛ mɛsom Onyankopɔn no”