Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 9/8 kr. 24-26
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Basaa A Meyɛ No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Basaa A Meyɛ No So?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra a Wonnii Mfe Aduonu no na Wɔtaa yɛ Basaa
  • Mmofra Tumi Gyina Basaa a Wɔyɛ Ano Sen Biara!
  • Wurentumi Nni ne Nyinaa So
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Dɛn Ne Adwinnwen?
    Nyan!—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 9/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Basaa A Meyɛ No So?

SO woabɔ akongua bi a wuhintiwii no akyene pɛn? Anaasɛ sukuu adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ fie no fonoo wo araa ma wotow wo nhoma nyinaa gui? Ɛnde na basaayɛ a ɛma nkurɔfo yɛ nneɛma a nyansa nnim a akyiri yi wonu wɔn ho no bi aka wo pɛn. So ɔkwan pa bi wɔ hɔ a wubetumi afa so adi basaa a woyɛ no so sen sɛ wobɛkeka nneɛma agu? Yiw, nanso nea edi kan no ɛsɛ sɛ wuhu basaa a wɔyɛ no ho biribi.

Nhoma a wɔfrɛ no Teenage Stress no akyerɛwfo se: “Sɛ wɔbae nea basaa a wɔyɛ no kyerɛ mu a, ɛne nea ɛba nipadua no so bere a biribiara ka no no​—adwenemhaw, ɔyare, awɔw, ɔhyew, opira, ne nea ɛkeka ho.” Nneɛma a eye mpo ka “biribiara” no ho. Wose: ‘W’anigye mmere a ɛsen biara no mu bi betumi ayɛ wo basaayɛ bere a ɛsen biara nso.”

Ɔkwan bɛn so na basaayɛ ka wo? Wunim nea ɛba bere a wohaw na ehu ka wo no: wo koma bɔ, fifiri fi wo nsam, wo nsa popo, w’anim hoa, wo yam bɔ pɔw, na w’anom nsu yow. Nneɛma pii kɔ so wɔ wo nipadua no mu na ama eyinom aba.

Nkwaa ahorow fi ase puw nsu a ano yɛ den, te sɛ nea wɔfrɛ no cortisone ne adrenaline no gu mogya nkwaadɔm ahorow no mu. Wo berɛbo de asikre pii gu wo mogya mu. Eyi nyinaa ma sɛnea koma no bɔ no sakra, ɛma mogya ntini no twitwam, ɛma mogya-bɔ no ano yɛ den, na ɛma ntini ahorow no no mu yɛ den.

Mmofra a Wonnii Mfe Aduonu no na Wɔtaa yɛ Basaa

Mmofra a wonnii mfe aduonu no taa hyia nneɛma a ɛma wɔyɛ basaa pii. Mpanyin afe so a wunyin kɔ no ma nsakrae ahorow pii ba wo nipadua no mu. Na yɛte wiase a nsakrae ba bere nyinaa mu mu. (Fa toto 1 Korintofo 7:31 ho.) Nanso ebia mpanyimfo bebu wɔn ani agu eyi so na wɔaka sɛ, ‘Woyɛ abofra, biribiara nhaw wo, enti ɛsɛ sɛ w’ani gye.’ Nanso ebia wɔn werɛ afi nea abofra a obi yɛ no kyerɛ. Anyɛ yiye koraa no, wo nso wowɔ wo haw​—nea ɛfa w’ahosiesie, wo bɔbea su, apɔwmuden, awofo, nnamfo, akyerɛkyerɛfo, sɔhwɛ, sika, wiase no mu tebea, owu ho. Ɛdɛn, ebetumi aba sɛ bere a woyɛ abofra no ne bere a woyɛ basaa kɛse sen biara! Nanso nsuro. Anidaso wɔ hɔ.

Ade biako ne sɛ, basaayɛ no kakraa betumi aboa wo. Ɔkwan bɛn so? Susuw sɔhwɛ bi a ebia worekɔyɛ no ho. Judith Kelman kyerɛw wɔ mmofra nsɛmma nhoma Seventeen mu sɛ: “Sɛnea abenfo kyerɛ no, basaa a woyɛ kakraa no ma w’adwene ba wo ho so.” Andre-Michel Schub a ɔyɛ kɔnsɛt sankubɔfo a odii nkonim wɔ Van Cliburn Akansi no mu no kae bere bi sɛ: “Agodifo biara te ehu nka bere a ɔrebedi agoru no. . . . Ɛyɛ ɔkwan a ɛma wonya ahoɔden foforo ne ɔhyew foforo, a ɛma wotumi de w’adwene si nea wɔreyɛ no so kɛse na ama watumi ayɛ no yiye.” Enti ɛnsɛ sɛ wopow basaa a woyɛ no wɔ ɔkwan biara so.

Mmofra Tumi Gyina Basaa a Wɔyɛ Ano Sen Biara!

Bio, mmofra taa yɛ wɔn a wɔwɔ ahoɔden a ɛdɔɔso ne anidaso a wɔde bedi nhyɛso so. Bible no se: “Mmerante ahoɔden ne wɔn anuonyam.” (Mmebusɛm 20:29) Teenage Stress akyerɛwfo no se: “Mmofra tumi . . . nya ahotɔ fi nea efi basaayɛ a ɛkɔ akyiri mu ba no mu ntɛmntɛm sen mpanyimfo.” Vincenza a wadi mfe aduonu abiɛsa a ofi New York no yɛ eyi ho nhwɛso. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ:

“Bere a minnya nnii mfe aduonu no, akisikuru kum me maame. Asram dunwɔtwe akyi no, koma yare kum me papa mpofirim. Ɛkaa me ne me nuabarimanom nkumaa baanu. Afei mihyiaa saa aberante yi na ɔbɛyɛɛ me mpena. Nanso asram abien akyi no yegyaee. Sɛ ɛtɔ bere bi a, misusuw ho sɛ, ‘Minkum me ho anaa.’” So na Vincenza betumi agyina saa basaayɛ kɛse yi ano? “Sɛ misusuw ho mprempren a, mintumi nnye nni sɛ mitumi faa mu. Nanso mitumii! Na misuaa nneɛma pii.”

Nea ɛka ho no, Vincenza suaa Bible mu anidaso a ɛne sɛ wobenyan awufo wɔ daakye paradise wɔ asase so ho ade fii ne sewaa a ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no nkyɛn. (Yohane 5:28, 29) Ose: “Ɛwom sɛ na meyɛ Katolekni saa bere no de, nanso mede me werɛ nyinaa hyɛɛ saa Bible mu anidaso foforo a manya yi mu. Ɛboaa me kɛse.”​—Fa toto 2 Korintofo 1:9 ho.

Wurentumi Nni ne Nyinaa So

Nanso obi rentumi nni basaa a wɔyɛ no nyinaa so da. Nhoma a wɔfrɛ no Childstress! no kyerɛwfo se: “Yɛyɛ basaa bere nyinaa. Sɛ ebi nni hɔ bio a na yɛawu.” Bible mmere mu nso na nkurɔfo yɛ basaa. Yɛkenkan Hana a wɔ mfe pii mu no na ɔtaa su di mmuada esiane sɛ ɔde ahoyeraw hwehwɛ ɔba nanso ɔyɛ obonin no nti ho asɛm. (1 Samuel 1:7) Saa ara nso na aberantewaa Yeremia twentwɛn ne nan ase bere a na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔka asɛm kyerɛ amanaman no. (Yeremia 1:6) Hiob hweree n’agyapade, n’abusua, ne n’akwahosan akyi no, ne yam a na anka wɔanwo no koraa (Hiob 3:10) Bere bi no, Yesu baa amanehunu a ɛte saa mu maa ne ho fifiri yɛɛ te sɛ mogya atɔwatɔw.​—Luka 22:44.

Enti obiara rentumi nguan basaayɛ. Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ? Sua sɛ wubedi ho dwuma. Ehia sɛ woyɛ saa efisɛ basaayɛ pii yi betumi ama woanya nipadua mu yare na woahaw wɔ nkate mu. Ebetumi ama w’adwene atu afra, na ahyɛ wo ma woaka na woayɛ nneɛma ahorow bi a wubenu wo ho wɔ ho. Ebetumi asɛe w’adwene ne wo nipadua. Ɛnde akwan ahorow bi a wubetumi afa so adi basaa a wɔyɛ no ho dwuma no bi ni:

1. Tew nneɛma a ɛhyɛ abufuw no so. Dorobɛn mu nsu a ɛsosɔ, ɔpono a egyigye, ɔpon a wɔtwe ase betumi ahyɛ abufuw. Abufuw nketenkete ma basaa a woyɛ no mu yɛ den. Miamia nneɛma mu, fa ngo gugu mu, na siesie. Ma nneɛma a wotaa hia no mmɛn wo. Hyehyɛ nneɛma. Abenfo kyerɛ sɛ yɛde yɛn bere mu ɔha biara mu 20 kosi 30 hwehwɛ nneɛma ara kwa. San hyehyɛ nneɛma no nyinaa, prapra hɔ, na siesie hɔ fɛfɛ. Ma ɛnyɛ nea ahotɔ wɔ hɔ. Nanso nyɛ obi a ɔhwɛ kwan sɛ biribiara bɛyɛ pɛ. Pɛyɛ a wɔhwehwɛ yɛ basaayɛ adesoa a obiara rentumi nsoa.

2. Yɛ wo dwumadi ho nhyehyɛe na tew so. Wɔka asɛm bi sɛ wode w’ani abien hwɛ toa mu a, wo hwene na ehu mu. Kyerɛw nea ɛsɛ sɛ woyɛ da biara no na yɛ ade biako wɔ bere koro mu. Wo ne w’awofo nyɛ bere ne ɔkwan a wobɛfa so ayɛ wo fie nnwuma ho nhyehyɛe. Afei fa ɔpɛ ne anigye yɛ eyinom. Mfa wo ho nhyɛ nneɛma a asiane wom a ɛma woyɛ basaa a ɛde wo bɛba tebea a ɛma wo ho yeraw wo na ehu ka wo mu. Ebia ɛbɛyɛ nea anigye wom wɔ saa bere no mu nanso awiei no ɛsɛe ade.

3. Tew nkogudi ho hu so. Sukuu mu sɔhwɛ betumi ama obiara ayɛ basaa ampa. Nanso sɛ wusiesie wo ho yiye, woyɛ biribiara ho nhyehyɛe pɛpɛɛpɛ ansa na ade akye, woda ntɛm, na woda yiye a, wubetumi atew nkogudi ho hu no so. Nnom biribiara a ɛkanyan adwene. Ɛbɛma woahwere hokwan a wubenya mmom na ɛremma wunya bi. Tɔ wo bo ase, nanso yɛ nea wubetumi. Kae sɛ, sɔhwɛ biako ntaa mma obi nni yiye anaasɛ ɔnsɛe wɔ asetra mu. Sɛ wudi nkogu a, wubenya hokwan afoforo. Mpa abaw. Wɔ Mmebusɛm 24:16 no, Bible hyɛ adwempa ho nkuran sɛ: “Na mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre.”

4. Wo ne obi nkasa. Mfiri ahorow bi hia ntokuru a mframa a emu ayɛ hyew bɛfa mu afi adi. Yɛn nnipa mpo na yehia no kɛse. Sɛ wote nka sɛ ɔhaw ne nhyɛso ahyɛ wo ma a, ɛsɛ sɛ wo ne obi kasa​—adamfo, ɔwofo, onuabarima, anaa onuabea. Ɛtɔ bere bi a ɛho behia sɛ wo ne obi a obetumi aboa wo ma wode Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm ahorow adi dwuma, te sɛ ɔpanyin a ɔwɔ Kristofo asafo no mu kasa. Yɛ saa a biribiara nsiw wo kwan.​—Mmebusɛm 12:15.

5. Fa mpaebɔ di dwuma. Susuw nnipa baanan a Bible ka wɔn ho asɛm a yedii kan bɔɔ wɔn din a wɔne Hana, Yeremia, Hiob, ne Yesu no ho. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi dii basaa a wɔyɛe kɛse no so? Wɔn nyinaa kaa wɔn haw no ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn. Hana yɛɛ saa, na Onyankopɔn de ɔbabarima hyiraa no. (1 Samuel 1:11, 20) Yeremia yɛɛ saa, na Onyankopɔn ma ɔyɛɛ odiyifo a ɔyɛ den na onsuro ma amanaman no. (Yeremia 1:6-10) Hiob yɛɛ saa, na Yehowa hyɛɛ nea ɔhweree no ananmu ma ɛboroo so. (Hiob 42:10-17) Yesu yɛɛ saa, na Yehowa hyɛɛ no den sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asɔre na wɔatoa n’afɔrebɔ kwan no so.​—Luka 22:44-46.

Vincenza hweree ne na, n’agya, ne ne mpena akyi no, dɛn na ɛbae? Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ obi a ɔremfi me nsa. Na ɛsɛ sɛ medɔ obi a ɛremma da sɛ obegyaw me hɔ. Afei midwenee ho sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn! Ɔwɔ hɔ bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɔbɛyɛ m’agya. Ɔne Amansan yi nyinaa Bɔfo.’ Enti mebɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, sɛ wo ne nokware Nyankopɔn no, Amansan yi Bɔfo no a, meyɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsom wo. Mesrɛ wo bra bɛka kyerɛ me.’ Akyiri yi, Yehowa Adansefo mu biako baa me pon ano na ɔkae sɛ: ‘Maba ha efisɛ obi dɔ wo.’” Vincenza penee Bible adesua so. Osuae sɛ ɔbɛyɛ nea wɔka wɔ 1 Petro 5:7 no, sɛ: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen mo ho.” Mprempren ɔrekyerɛkyerɛ afoforo ma wɔayɛ eyi.

Enti ma yentĩ mu bio: Wurentumi nyi basaa a woyɛ no mfi hɔ koraa. Nanso wubetumi asua sɛ wobɛma ɛso atew, wubedi so, na wode wo dadwen ato Onyankopɔn so. Sɛ ɛba saa a, basaa a woyɛ no rentumi nni wo so.​—Dwom 55:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena