Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 3-4
  • Mmotafowa Amemene A Ɛyɛ Nwonwa No!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmotafowa Amemene A Ɛyɛ Nwonwa No!
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesua Fi Ase Wɔ Awotwaa Mu
    Nyan!—1992
  • Amemene Ho Ɔbenfo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu
    Nyan!—2017
  • Nea Mmofra Hia ne Nea Wɔpɛ
    Nyan!—2004
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 3-4

Mmotafowa Amemene A Ɛyɛ Nwonwa No!

ƐYƐ nwonwa fi ne mfiase. Nyinsɛn akyi adapɛn abiɛsa no, ɛde nkwammoaa 125,000 na efi ase na ɛno akyi no ɛkɔ anim ntɛmntɛm kodu nkwammoaa 250,000 simma biara. Amemene nketewaa no mu biara toa ne nyin a ɛba ntɛmntɛm no so kosi sɛ wɔ awo mu no ne nkwammoaa no dodow kodu bɛyɛ 100,000,000,000​—ɛne nsoromma dodow a ɛwɔ Milky Way nsoromma kuw no mu yɛ pɛ!

Nanso asram bi ansa na ɛno reba no, bere a abofra no da so ara wɔ awotwaa mu no, na n’amemene no afi ase reyɛ adwuma. Ofi nsu a ɔda mu no mu tumi yiyi nneɛma mu. Ɔte asɛm, ɔka ade hwɛ, ohu hann, sɛ biribi ka no a ɔte nka, osua ade, na ɔkaakae nneɛma ahorow. Ɛna no nkate ahorow betumi akã no. Ɔkasa brɛoo ne nnwom bɔkɔɔ ma n’ani gye. Abufuw kasa anaa nnwom a ano yɛ den ma ne ho yeraw no. Ɛna no koma a ɛbɔ te sɛ nnwom nnyigyei no ma ne ho tɔ no. Nanso sɛ ehu ma ne koma bɔ paripari a, ɛnkyɛ abofra no koma bɔ ntɛmntɛm saa ara mmɔho abien. Ɛna a wahaw ma basaayɛ ka abotafowa a ɔwɔ n’awotwaa mu no. Ɛna a n’asom dwo no no ba a ɔyem no no nya asomdwoe. Ɛna a ɔwɔ anigye betumi ama abotafowa a ɔwɔ n’awotwaa mu no adi ahurusi. Eyinom nyinaa ne afoforo pii a ɛka ho no mma abofraa no amemene no nnya adagyew. Wɔ awotwaa mu mpo, ɛyɛ nwonwa.

So amemene ho ntini afoforo ba wɔ awo akyi anaa? Nnansa yi ara nhwehwem a wɔayɛ no se dabi. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ amemene ho ntini no yɛ akɛse wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bere a wɔne wɔn ho wɔn ho di nkitaho afoforo ɔpepepem pii no. Wɔ awo mu no, abofraa amemene no kɛse yɛ ɔpanyin de no nkyem anan mu biako, nanso wɔ afe biako mu no, ne kɛse no bu bɔ ho mpɛn abiɛsa.

Enya ne mu duru a ɛyɛ nkaribo abiɛsa te sɛ ɔpanyin de no ansa na wabɛn mfe 20. Ɛno nkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ te sɛ ɔpanyin. Ɛnyɛ amemene no mu duru anaa nkwammoaa dodow a ɛwɔ no na wɔde hu ne nimdeɛ. Mmom no, ɛte sɛ nea ɛno gyina nkitaho ahorow a amemene ho ntini no ne amemene no di so.

Na saa dodow no yɛ nwonwa! Ebia wobedi nkitaho ahorow ɔpepepepem biako a ɛyɛ ahodwiriw​—ɛno yɛ 1 a ohunu ahorow 15 ka ho! Nanso sɛ amemene no anya nkanyan a ɛfata afi nkate ahorow anum no anaa nea ɛboro saa no hɔ nkutoo a na ebetumi ayɛ saa. Ɛsɛ sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no kanyan adwene ne nkate mu dwumadi nyinaa efisɛ ɛno na ɛma ntini nketenkete a n’adwumayɛ yɛ nwonwa no tumi nyin. Ntini nketenkete no ne nhwi a ɛte sɛ dua nhini a ɛka amemene ho ntini ahorow no bom no.

Ɛbere ho asɛm nso wɔ saa nkitahodi ahorow yi mu: Wɔhyehyɛ ntɛmntɛm wɔ mmofra mu sen mpanyimfo mu. Asɛm a wɔka sɛ, “Wurentumi nkyerɛ ɔkraman a wanyin nneɛma afoforo,” no nyɛ nokware. Mmom no, ɛyɛ den kɛse sɛ wobɛkyerɛ ɔkraman a wanyin nneɛma afoforo. Amemene ho ntini nkitahodi no yɛ nyãã wɔ wɔn a wɔanyinyin mu na ɛnkyɛ na afi hɔ. Nea egye ansa na aba no te sɛ nea ɛte wɔ abofra ho no ara pɛ​—nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a eye na ɛkanyan a wɔma wonya. Ɛsɛ sɛ adwene no kɔ so yɛ adwuma! Ɛnsɛ sɛ ɛte tra da biara da! Adwene no mpɔn adwuma!

Nanso onyin a ɛyɛ nwonwa no wɔ mmotafowa amemene mu. Ɛte sɛ sapɔw a ɛnonom nsu a ɛda mu no! Wɔ mfe abien pɛ mu no abofra tumi sua ɔkasa bi a ɛyɛ den denam ka a wɔka kyerɛ no kwa no so. Sɛ wɔka kasa ahorow abien kyerɛ no a, osua ne nyinaa. Sɛ wɔka abiɛsa a, osua n’abiɛsa nyinaa. Ɔpanyin biako bi kyerɛɛ ne mmofra nkumaa kasa ahorow anum bere koro mu​—Japan, Italy, German, Franse, ne Engiresi kasa. Ɔbea bi maa ne babea nyaa hokwan tee kasa horow pii, na bere a abofra no dii mfe anum no, na otumi ka kasa ahorow awotwe yiye. Mpɛn pii no kasa a wosua yɛ den ma mpanyimfo, nanso wɔ mmofra fam de ɛba ara kwa.

Ɔkasa yɛ nneɛma ahorow a wofi awo mu de ho tumi ahyɛ mmofra amemene mu no mu biako pɛ. Nnwom ne nneɛma ahorow a woyɛ ho tumi, ntini ahorow adwumayɛ, nneɛma mu ntease ne atirimpɔw a wohia, ahonim ne abrabɔ pa, afoforo ho a wosusuw ne ɔdɔ, gyidi ne ɔsom ho nkate​—ne nyinaa gyina nhyehyɛe bi a woahyɛ da ayɛ a ɛwɔ amemene no mu so. (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 17:27.) Ɔkwan foforo so no, wɔahyɛ da adi kan ahyehyɛ amemene ho ntini dwumadi a wofi awo mu asiesie no ma atumi adi eyinom nyin ne nneɛma afoforo a ɛwɔ ho tumi ne ahoɔden no ho dwuma.

Nanso, te ase sɛ, wɔ awo mu no, eyinom nyinaa yɛ nneɛma a ɛwɔ ho ahoɔden, ebetumi adi ho dwuma ara kwa. Ɛsɛ sɛ wɔma enya osuahu ahorow anaa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia anaa adesua ahorow a ɛfata na atumi anya ade paara no. Na, bere nhyehyɛe nso ho hia na ama nneɛma a ɛte sɛɛ a wonya no ho aba mfaso, titiriw no wɔ mmotafowa fam.

Nanso sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no fata na bere no ye a, nneɛma a ɛyɛ nwonwa sisi. Ɛnyɛ kasa ahorow nko na wosua na mmom wobɔ sanku ahorow, apɔwmuden nya nkɔanim, wɔtetew ahonim, wonya ɔdɔ, na wonya nokware som nhyɛase pa. Eyinom nyinaa ba bere a wodua aba pa wɔ abofraa amemene mu na wɔde ɔwofo ɔdɔ gugu so nsu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena