Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 11/8 kr. 5-6
  • Apiapia A Ɛma Wonya Ɔbenfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apiapia A Ɛma Wonya Ɔbenfo
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade A Wosua “Fi Mmofraase”
    Nyan!—1982
  • Awofo​—Munnu Mo Ba Komam Fi Ne Mmofraase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Bere a Wofi Ase Nya Su Horow​—Bere a Wohia Mo Mmoa a Ɛsen Biara no Titiriw
    Nyan!—1993
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 11/8 kr. 5-6

Apiapia A Ɛma Wonya Ɔbenfo

“Sɛ wɔtete mmotafowa mmom sen nkwadua a, anka abenfo akɛse te sɛ Einstein, Shakespeare, Beethoven ne Leonardo da Vinci betumi ahyɛ wiase no mu ma.”​—Dr. Glenn Doman a ɔyɛ The Institute for the Achievement of Human Potential no kwankyerɛfo.

“Abofra biara nni hɔ a wɔwo no ɔbenfo, na wɔnwo obiara nso ɔkwasea. Ne nyinaa gyina sɛnea wɔkanyan amemene no nkwammoaa ahorow no wɔ mfe a ɛho hia kɛse no mu no so. Saa mfe no ne fi awo mu kosi bere a wadi mfe abiɛsa. Mmotafowa sukuu bere so bɛyɛ nea aba akyiri dodow.”​—Masaru Ibuka a ɔyɛ nhoma a wɔfrɛ no Kindargarten Is Too Late! no ɔkyerɛwfo no.

ADEYƐ ho ahoɔden a mmofra wɔ no ma awofo hyia gyinaesi bi. Bere bɛn na wufi ntetee titiriw bi ase? Dɛn na wode kyerɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ ne dodow yɛ ahe? Ɛsɛ sɛ ɛkɔ ntɛmntɛm dɛn? Nea efi mu ba no mu binom yɛ ahodwiriw: mmofra nkumaa a wadi fi mfe abien kosi anum tumi kenkan, wɔkyerɛw, wɔka kasa ahorow abien anaa nea ɛboro saa, wɔde sanku te sɛ piano ne violin bɔ tete nnwom, wɔtra apɔnkɔ so, woguare nsu mu, wodi agoru ahorow pii.

Wɔ nhwɛso pii mu no nea wɔde di dwuma no yɛ adwene mmom sen nipadua mu ahoɔden. Abofra bi a wadi mfe abien tumi kan ade kosi 100, ɔyɛ nkekaho pɛpɛɛpɛ, onim nsɛm nkorɛnkorɛ 2,000, otumi kenkan ɔkasamũ a nsɛmfua ahorow 5 na ɛwɔ mu, na watumi anya nne a ɔde to nnwom dɛdɛ. Abofraa bi a wadi mfe abiɛsa tumi bobɔ nkwaboaa afã horow no nyinaa din. Ɔfoforo nso a wadi mfe anan kyerɛ Japan ne Franse kasa ase kɔ Engiresi mu. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ mmofraa nkumaa nkontaabu ka sɛ: “Sɛ migyae nkaprɛ 59 gu fam a, yɛn mmofra no betumi aka akyerɛ wo wo hɔ ara sɛ na ɛyɛ 59 na mmom ɛnyɛ 58.”

Bere a ebinom ani gye ntetee a emu dɔ sɛɛ ho no, ebinom nso wɔ ɛho adwene foforo. Nea nsɛm no mu abenfo binom ka na edidi so yi:

“Sɛ wohwɛ ne nyinaa mu a nea efi mu ba no nyɛ papa biara sɛ wɔbɛma mmofra afi nhomasua ase bere a wosusua. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ayɛ. Nanso, ɛnyɛ sɛ ebia wobetumi ayɛ ne asɛm no na mmom nea efi mu ba mprempren ne daakye nyinaa.”

“Ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ a ɛma mmofra nketewaa dan bɛyɛ computer mfiri nketewa, ɛmma wonnya ɔhome koraa.”

“Mmofraa nam nea wɔn ankasa di kan yɛ ne nea wɔn ankasa tumi hwehwɛ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no mu hu so sua ade. [Ɛdenam adwene no onyin a yebepia akɔ anim so no] ebia yebetwitwa onyin afoforo a ɛrekɔ so [te sɛ nkate ne asetra mu nneyɛe mu onyin] no ananmu.”

“M’asɛm ne sɛ, hwɛ yiye wɔ adenim ne onyin pa a wubesusuw sɛ ɛyɛ pɛ no ho. Wɔtaa nya adenim mu nkɔanim pii bere a mmeae afoforo nkɔso a ɛho hia saa ara anaa mpo ɛho hia sen saa no ka mu.”

“Eyi nyɛ ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ a eye. Nea ɛka kyerɛ mmofra no ne sɛ ‘Medɔ wo efisɛ wunim ade.’”

Akyinnye biara nni ho sɛ awofo binom repia wɔn mma, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔabɛyɛ mmofra abenfo a wɔn ho yɛ nwonwa. Wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu no ɛyɛ awofo pɛsɛmenkominya ne ahantan na ɛda adi. Wɔde mmofra no di dwuma sɛ ahwɛde na awofo no nam anuonyam a efi mu ba no so nya anigye kɛse. Nanso, ɛte sɛ nea ɛnyɛ eyi ne adwene a mmofraase adesua akwankyerɛfo no binom kura.

Glenn Doman a yɛfaa n’asɛm kae wɔ asɛm yi mfiase hɔ no kasa tia adwene a wɔwɔ sɛ wobenya mmofra nwonwaso no. Ne botae: “Sɛnea awofo nyinaa betumi anya sɛnea wɔbɛma wɔn mmofra ayɛ wɔn a wonim ade kɛse, wotumi bɔ mmɔden yiye, na wɔn ho yɛ anika no ho nimdeɛ.” Ɛsɛ sɛ adesua yɛ nea egu ahorow ne anigye ma mmofra. Ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn akwan nyinaa so, adwene mu, nipadua mu ahoɔden mu, nkate mu. Doman kasa tia sɔhwɛ. “Sɔhwɛ yɛ adesua abirabɔ. Nhyɛso ayɛ no ma. Sɛ́ wobɛkyerɛ abofra ade no kyerɛ sɛ worema no akyɛde a n’ani begye ho. Sɔ a wobɛsɔ no ahwɛ no kyerɛ sɛ wokyerɛ sɛ ontua ka​—onni kan nyɛ saa.”

Shinichi Suzuki a wonim no yiye esiane sɛnea otumi tete mmofra ma wɔbɔ violin yiye nti no se: “Saa asɛm ‘Akyɛde ho Ntetee’ yi mfa nimdeɛ anaa nsaanodwuma nko ho na mmom abrabɔ pa, su pa a wobenya, ne ade a ɛyɛ fɛ ho anisɔ a wɔkyerɛ nso ho. Yenim sɛ eyinom nyinaa yɛ ɔdesani su ahorow a wɔnam ntetee ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so nya. Enti ɛnyɛ nea ɛfa yɛn kuw no ho nkutoo ne sɛ ɛbɛtete nea wose wɔfrɛ wɔn mmofra abenfo akɛse, na saa ara na ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yebesi ‘mmofraase ntetee’ no so dua. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ‘ɔdesani mũ no nyinaa a wɔtete no.’”

Suzuki hu ade a wosua yɛ a wɔhyɛ wɔn no sɛ ɛyɛ nea mfaso nni so ne nea ɛmfata. Bere a wobisaa no bere tenten a ɛsɛ sɛ mmofra de suasua no, wɔmmfa nhyehyɛe katee biara amma. Ose: “Eye sɛ wɔde simma abien besuasua mpɛn anum da biara a wɔasiesie wɔn ho na wɔn adwene wɔ so sen sɛ wɔbɛtra ho dɔnhwerew fã na wɔnkɔ anim.” Ne mmara ne sɛ: “Simma abien a anigye wom mpɛn anum da biara.”

Ɛnde, dɛn ne kari a wobɛkari pɛ wɔ ɔkwan pa so wɔ mmofraase adesua a wode bedi dwuma wɔ wo ba ho no? Asɛm a edi hɔ no de akwankyerɛ ahorow bi a wubetumi asusuw ho ma.

[Kratafa 5 mfoni]

Mpiapia no. Suzuki mmara ne sɛ: “Simma abien a anigye wom mpɛn anum da biara”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena