Nsɛm A Wɔkeka A Ɛntaa Mma Awerɛkyekye
SƐ WOADI awerɛhow kɛse pɛn a, so mmere bi bae a wotee nka sɛ afoforo nsɛm a wɔka no piraa wo? Bere a ɛte sɛnea nnipa pii nim nea ɛsɛ sɛ wɔka de kyekye obi werɛ no, wɔn a wɔn biribi awu no mu pii kae nsɛm a wɔkae a ammoa wɔn. Ursula Mommsen-Henneberger rekyerɛw wɔ Germanfo krataa Kieler Nachrichten mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ awofo binom wɔ hɔ a “sɛ afoforo ka sɛ: ‘Nanso sɛ mmofra a wɔaka no wɔ bɔ, ɛnte saa?’ a, wɔte yaw nka kɛse.” Ɔma mmuae sɛ: “Ebia afoforo no betumi ayɛ awerɛkyekye nanso wontumi nsi ananmu.”
Ayiyɛ ho ɔfotufo Kathleen Capitulo ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Asɛm foforo a ɛnsɛ sɛ wɔka nso ne sɛ, ‘Minim sɛnea wote nka no.’ Nokwasɛm no ne sɛ obiara nni hɔ a onim nea onipa foforo bi refa mu no ankasa. Mmom no, wubetumi de w’ani abu sɛnea wɔte nka no. Wubetumi ama wɔn awerɛhyem sɛ sɛnea wɔte nka no yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛba.”
Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ nhoma a wɔfrɛ no Recovering From the Loss of a Child mu no, Abe Malawski “te nka dennen sɛ gye obi a ne ba awu pɛn na onim sɛnea abawu te.” Ɔkyerɛe sɛ: “Sɛ wowɔ mma dunnum mpo a, ɛno remma nsonsonoe biara mma. Wurentumi nsi abofra bi ananmu.”
Wɔ ɔpɔn anaa abofra a owu wɔ ɔyafunu mu ho no, nsɛm afoforo a ebia wɔka no nokware mu nanso entumi mmoa bi ni: “Wobɛsan anyinsɛn nnansa yi ara na wo werɛ befi eyi nyinaa.” “Eye sɛ aba saa. Anka abofra no bedi dɛm ɔkwan biara so.” “Ɛyɛ nhyira wɔ ɔkwan bi so.” Wɔ adehwere bere bɔne no mu no, ɛmfa ho sɛ wɔwɔ adwempa dɛn ara no, nsɛm a ɛtete sɛɛ no ntumi mma ɛyawdi no ano mmrɛ ase.
Nyamesom mu akorɔkorɔsɛm bi a asɔfo binom ka nso yɛ nneɛma afoforo a ɛma wɔn a wɔn biribi awu no ho yeraw wɔn. Ka a wɔka sɛ ‘Onyankopɔn rehwehwɛ ɔbɔfo foforo’ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ otirimɔdenfo ne pɛsɛmenkominyafo na ɛyɛ abususɛm. Nea ɛka ho no, enni nnyinaso biara wɔ ntease anaasɛ Bible no mu.
So Ɛsɛ sɛ Kristoni Yɛ Ayi?
Na Kristofo a wɔn ba awu nso ɛ? Ɛtɔ bere bi a ebinom fa Paul nsɛm a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no ka: “Mommma mo werɛ nhow sɛ nnipa a wɔaka a wonni anidaso no.” (1 Tesalonikafo 4:13, New English Bible) So na Paulo rebara awerɛhowdi ne ayiyɛ? Dabi, nea ɔkae ara ne sɛ Kristoni a ɔwɔ anidaso nni awerɛhow sɛnea wɔn a wonni anidaso no yɛ no.—Yohane 5: 28, 29.
Sɛ yɛbɛyɛ eyi ho nhwɛso a, bere a Maria ka kyerɛɛ Yesu sɛ Lasaro awu no, dɛn na ɔyɛe? Asɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnna Yesu huu sɛ [Maria] resu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu na ne ho yeraw no.” Afei, bere a wɔde no kɔɔ faako a wosiee owufo no, “Yesu sui.” Enti so ɛyɛ mfomso sɛ obi di awerɛhow? So ɛkyerɛ gyidi a wonni wɔ Onyankopɔn owusɔre ho bɔhyɛ no mu anaa? Dabi, ɛkyerɛ ɔdɔ a emu dɔ a wɔwɔ ma nea wawu no mmom.—Yohane 11:30-35; fa toto Yohane 20:11-18 ho.
Ɔkwan foforo nso a ebetumi ahaw adwene ne nea wɔde korɔkorɔ a ɛka kyerɛ nea ɔredi awerɛhow no sɛ, ‘Ɛbere ne ɔyaresafo a ɔsen biara’ no. Afei nso, kwati asemmisa a ɛne “Wuntumi nnii wo ho so ara ɛ?” Sɛnea ɛna bi a ɔyɛ Britaniani kae no: “Wɔn a wobisa sɛ ‘Wuntumi nnii wo ho so ara ɛ?’ no nte nea obi a ɔbɛn wo yiye te sɛ wo ba a wɔhwere no no kyerɛ no ase ankasa. Yɛrentumi nni yɛn ho so da kosi sɛ yɛbɛsan anya no bio wɔ owusɔre no mu.” Ebia Shakespeare asɛm yi yɛ nea ɛfata: “Obiara betumi adi awerɛhowdi so nanso ɛnyɛ nea ɔredi awerɛhow no.”
Ɛtɔ bere bi a agya no hu ade a wonsusuw ho mu amane. Agya bi a ne ba awu bo fuwii bere a nkurɔfo bisae sɛ: “Wo yere ho te dɛn?” no. Ɔkyerɛe sɛ: “Wɔremmisa sɛnea okunu no ho te da. . . . Enye koraa, ɛmfata. Okunu te nka sɛnea ɔyere no te nka no ara. Ɔno nso di awerɛhow.”
‘Pene Wo Tirim’?
Wɔ mmeae ahorow pii no, nea wɔkyerɛkyerɛ ne sɛ ɛnsɛ sɛ mmarima titiriw da wɔn nkate ne wɔn awerɛhowdi no adi na mmom ɛsɛ sɛ ‘wɔpene wɔn tirim.’ Afeha ɛto so 18 mu Engiresi ɔkyerɛwfo Oliver Goldsmith kaa “awerɛhowdi mu kommyɛ a ɛkyerɛ ɔbarima a obi yɛ” ho asɛm. Nanso so saa kommyɛ a ɛkyerɛ ɔbarima a obi yɛ no ne ɔkwan a eye sen biara a wɔde di awerɛhowdi so?
Wɔ Harriet Sarnoff Schiff nhoma The Bereaved Parent no mu no, ɔde ne kunu asɛm yɛ nhwɛso: “Ná ɔyɛ ɔbarima, agya a ohui sɛ wɔresie ne ba a na sɛnea amammerɛ kyerɛ no ɛsɛ sɛ ‘ɔpene ne tirim.’ Ɔde ka ho sɛ: “Ɛhaw no kɛse sɛ onyaa saa akokoduru no. Bere a bere rekɔ so no, sɛ́ anka obefi n’awerɛhowdi no mu mmom no, emu kɔɔ so yɛɛ den kɛse.”
Ne kunu no kyerɛkyerɛɛ ne nkate no mu, na ebia afoforo nso behu sɛ ɛte saa wɔ wɔn ho. “Mete nka te sɛ nea menam Artic sukyerɛmma so. Mabrɛ yiye. Minim sɛ sɛ meda hɔ sɛ merehome a, mɛda. Minim sɛ sɛ meda a, awɔw bɛde me ma mawu. Ɛmmfa me ho bio. Merentumi nko ntia brɛ a mebrɛ no bio.”
Enti, afotu bɛn na Harriet Schiff de ma? “Sɛ wobɛma wo werɛ afi saa atetesɛm a wɔka sɛ ma wo bo nyɛ duru no na woasu. Ma nusu no mmra. . . . Ɛhohoro awerɛhow no fi hɔ.” Nhoma a wɔfrɛ no Surviving Pregnancy Loss no akyerɛwfo de afotu a ɛfa mmea ne mmarima nyinaa ho ma: “Ebia ebinom ani begye akokoduru no ho yiye, nanso ɛdenam awerɛhowdi a obi di mu apere no so nkutoo na obetumi ade ne ho afi mu akyiri yi.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.) Sɛ anyɛ saa a, asiane wɔ hɔ sɛ wobɛto nea wɔfrɛ no “awerɛhowdi a ennyae” a ebetumi de nneɛma a enye pii aba wɔ mfe a ɛbɛba no nyinaa mu no mu.
Awerɛhowdi a ennyae yɛ awerɛhow a wonni nwie, bere a onipa no ka ayiyɛ no hyɛ mmom sen sɛ anka ɔbɛma akɔ so na ama watumi agye ntetewmu no atom no. Ebetumi ada ne ho adi anyɛ yiye koraa no wɔ akwan ahorow abiɛsa so—sɛ ayiyɛ a waka ahyɛ, wɔtwentwɛn no ase, na ɛtra hɔ daa. Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa?
Ebia ɔbenfo afotu ho behia. Ebia abusua no oduruyɛfo anaa honhom fam ɔfotufo bi ho behia. Mmusua mufo a wɔwɔ nhumu nso betumi aboa. Onipa no hia mmoa na watumi afa awerɛhowdi bere no mu.
Enti, Jess Romero gye tom sɛ osui dennen bere a ɔhweree ne babea ne ne yere wɔ wimhyɛn a ɛtew hwee no mu no. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Wɔ adapɛn bi akyi no, me nuabeanom de me fi ayaresabea hɔ kɔɔ ofie na bere a yeduu hɔ no, mihuu me babea no mfonini wɔ ɔfasu no ho. M’akonta hui sɛ aka me na ɔkae sɛ, ‘Wo de, kɔ so su.’ Enti misui. Mitumi yii awerɛhow a na ahyɛ me mu kɛse no bi fii.”
Bere a awerɛhowdi bere no betumi ayi ɛyaw no bi afi hɔ no, ano aduru a ɛtra hɔ kyɛ biako pɛ na ɛwɔ hɔ ma nnipa pii a wodi awerɛhow no—sɛ wɔbɛsan ahu wɔn adɔfo no bio. Enti so anidaso wɔ hɔ ma awufo? So owusɔre bɛba? Yɛsrɛ wo kenkan saa nsɛm yi fã a ɛtwa to no.