Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 2/8 kr. 28-30
  • Namibia​—Ɛtrɛw, Ɛso yɛ Dinn, Ɛfrɛfrɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Namibia​—Ɛtrɛw, Ɛso yɛ Dinn, Ɛfrɛfrɛ
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔde mu Ademude
  • Honhom mu Ademude
  • Asɛmpatrɛw Dwumadibea Bɛyɛɛ Yɛn Fie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Namibia Adwini a Ɛsesa Daa
    Nyan!—2001
  • Teokrase Nkɔso Wɔ Namibia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yɛwɔ Nokware a Ɛsom Bo a Yɛbɛka Akyerɛ Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 2/8 kr. 28-30

Namibia​—Ɛtrɛw, Ɛso yɛ Dinn, Ɛfrɛfrɛ

Efi South-West Africa Nyan! kyerɛwfo hɔ

GYATA! Gyata aba nsra no mu!”

Bere a nteɛm no rekɔ so no, mehwɛ yɛn fi a ɛte sɛ kar no mfɛnsere mu na mihu sɛ adwumayɛfo rehwete akɔ afã nyinaa. Wɔ ahodwiriw mu no, mefrɛ m’abusua, na yɛyɛ brɛoo​—brɛoo​—te si abɔnten. Yiw, ɔno na ɔwɔ hɔ no. Gyata kɛse a ne kɔn ho nhwi tuntum bi na ɔnenam ban no ho no​—nanso ɔwɔ baabi a ɛhɔ nye! Nanso, ankyɛ na mmoa ahwɛfo bae na wɔbɛkaa no kɔɔ ban no ho faako a wɔatwa tokuro bi no. Ofi hɔ kɔ, a ɛda adi sɛ ne ho atɔ no sɛ ɔreguan te sɛnea yɛn nso ɛte wɔ yɛn ho sɛ yehu sɛ ɔrekɔ no!

Yɛwɔ ahomegye nsra a ɛwɔ Namutoni a ɛwɔ Etosha Ɔman Turo a ɛyɛ mmoa turo kɛse bi wɔ Namibia (South-West Africa) no mu. Nanso ɛnyɛ abɔde ahorow hwɛ ho akɔnnɔ nti na yɛwɔ saa beae a ɛtɔ bere bi a ɛso ye hu yi. Nokwarem no, ɛyɛ nnipa no na wɔatwetwe yɛn aba ha.

Ɛwom sɛ Namibia so kyɛn Federal Republic of Germany mpɛn abiɛsa de, nanso ɛyɛ mmeae a nnipa nnɔɔso wɔ hɔ koraa no mu biako​—nea ennu nnipa baanan wɔ asase a ne kɛse du ɔkwansin biako so. Nanso nsupɔw nketewaa a nnipa tete so tuatua so nyinaa. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛde “ahenni ho asɛmpa” no bedu eyinom a wɔatew wɔn ho no nkyɛn. (Mateo 24:14)Me ne m’abusua de mfe pii aka asɛm wɔ Hindufo ne Nkramofo a wɔte Natal a ɛwɔ South Africa no mu. Eyi bɛboro akwansin apem wɔ asasepɔn no fã nohoa. Nanso bere a yɛn babea no wiee ntoaso sukuu no, yɛfaa hokwan no sɛ yɛde bɛkɔ akɔsom wɔ asase a wohia Ahenni asɛnkafo pii wɔ hɔ no so.

Enti na yɛwɔ saa asase a ɛtrɛw na ɛso yɛ dinn yi so no. Nanso yehui sɛ Namibia yɛ fɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko so. Ɛdɛn, sɛ nhwɛso no, wuram mmoa ahorow pii na wohu wɔn wɔ Etosha ha: gyata akuw horow 12 anaa nea ɛboro saa, nnomaa akuw horow pii a nnomaa mpem ɔhaha pii na wɔwom, nwansan ahorow a wontumi nkan wɔn. Ɛdɛn, wɔ nsu bɔn biako bi ho no, yehuu asono “mmusua” abiɛsa​—ɛnanom ne mmofra​—a wɔn nyinaa dodow yɛ 51! Mmoa a wɔn ho yɛ nwonwa ahorow pii foforo nso nyɛ na wɔ ha.

Abɔde mu Ademude

Wɔfaa din Namibia no fii Namib Asasetaw a ɛtrɛw bɛyɛ akwansin 800 de kɔpem Afrika atɔe mpoano ho no mu. Ɛha na wohu adan akɛse a adwumayɛkuw ahorow sisii a mprempren anhwea ayɛ no ma a esisi nkurow a wɔnte mu bio a ayɛ adɛnkyɛmmo pere ho nkae no wɔ. Nnompe a ɛho apopɔw ne ahyɛn a asɛesɛe gugu ne mpoano hɔ. Anhwea a ayɛ mmepɔw​—ɛwoware sen biara wɔ wiase​—sakra wɔn su bere nyinaa. Ɛyɛ mfoninitwafo adaeso a aba mu.

Wɔ kesee fam hɔ no, asasetaw bi a abo wɔ so ne Fish River Obon Donkudonku a eye nwonwa kɛse a Grand Canyon (U.S.A.) nkutoo na ɛso kyen no no hyia. Abo akɛse kɔkɔɔ bi fi abon donkudonku no afasu ho pue. Eyinom yɛ abohene bi asinasin na bepɔw biako bi wɔ hɔ a saa abohene fɛfɛ yi nkutoo na ɛwɔ atifi nyinaa. Ademude afoforo wɔ obon donkudonku no kesee fam hɔ, nanso ɔmantam no mu yɛ hyew mmoroso Illustrated Guide to Southern Africa se: “Ahamufo ne wɔn a wɔhwehwɛ abohene nkutoo ne nnipa a bere a tebea bɔne a ɛte saa no mfa wɔn ho no, wɔkɔ saa beae yi.”

Namibia wɔ ademude ahorow ahorow pii a emu biako ne ne “dɛnkyɛmmo tuntum” a eye mmran a wɔde frɛ Karakul oguan no. Atlantic Po no nso mu wɔ ademude pii. Wɔde asawu kyere mman ahorow a wɔn ho te sɛ dwetɛ na wɔde wɔn ba Walvis Bay hyɛn gyinabea hɔ. Wɔyɛ mmɔnkɔ ho adwuma wɔ Luderitz, na wɔde tɔn mpempem pii kɔ wiase afanan nyinaa kɔtɔn. “Nsupɔw” (pataa wɔde nnua ayeyɛ) ahorow wɔ mpoano hɔ nyinaa a po so nnomaa da so na ɛma wonya guano (nnomaa bin) a ɛsom bo a wɔde yɛ asase yiye.

Abɔde mu anwonwade ne ademude afoforo pii wɔ hɔ: abotan akɛse ne abohene ahorow a ɛyɛ fɛ te sɛ bɔwerɛbo, dɛnkyɛmmo, ne abohene ne abohemaa afoforo pii. Yiw, eyinom ne abo afoforo a abu so te se uranium ne kɔbere ma Namibia bɛyɛ abɔde mu ademude akorae kɛse bi.

Honhom mu Ademude

Fi bere a m’abusua no bɛsomee wɔ Namibia no, yɛnhwehwɛɛ anaa yentuu sika ne abohene afoforo biara. Nanso yɛanya ademude ankasa wɔ nkurɔfo no mu. Mprempren yɛte Tsumeb na yɛyɛ asafo ketewaa bi a Yehowa Adansefo a wofi aman ahorow akron so na wɔwom no fã. Yɛka kasa horow awotwe. Anigye bɛn ara na eye sɛɛ yi sɛ wone kuw a ɛte sɛɛ bom som!

Nokwarem no, asase a ɛte sɛɛ so asɛnka de nsɛnnennen ba. Sɛ yɛreyɛ afie afie​—anaasɛ asese asese​—adwuma a, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ yɛfa Bible nhoma ahorow a ɛwɔ kasa horow pii mu: Engiresi, Afrikaans, Kwanyama, Nama, Nkonga, German, Herero, Portuguese, ne Kwangali. Ɛno nyɛ adesoa a emu yɛ hare, titiriw bere a wim ayɛ hyew kɛse (38° C) no! Na ɛkame ayɛ sɛ bere biara obi bebisa sɛ: “Munni biribiara wɔ Chimbundu kasa mu?”

Eyi yɛ nneɛma a ɛhaw adwene no mu ketewaa bi. Namibia mu apaapae pii wɔ amammui mu, na te sɛ wiase afã a aka no, emu nnipa no dwen daakye ho kɛse. Sɛ wutumi de Bible nkrasɛm a ɛma anidaso ne awerɛkyekye no brɛ wɔn a wɔte sɛɛ a, ɛma akomatɔyam kɛse. Ama yɛte nka sɛnea yɛwɔ fie pɛ wɔ saa asase a ɛtrɛw, ɛso yɛ dinn, nanso ɛfrɛfrɛ yi so.

[Kratafa 29 mfoni]

Saa afifide ahorow a Namib so nkutoo no wohu bi wɔ hɔ yi tumi di mfe 2,000

Welwitschia mirabilis

[Kratafa 30 mfoni]

Sukraman nyɛ na wɔ Atlantic mpoano a ɛwɔ Namibia no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena