Mmofra Bisa Sɛ . . .
So M’awofo Awaregu Bɛsɛe M’asetra?
WONNI sikasɛm mu gyinabea pa, wɔahaw, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu bra bɔne na wɔn aware asɛe—eyinom ne nsɛm a enye a abenfo binom ka fa mmofra a wɔn awofo agu aware no ho. Enti sɛ w’awofo agyae aware anaasɛ wɔatetew mu a, wɔ ntease mu no ebia wubesuro wo daakye ho.
Nokwarem no, ebia na w’awofo awaregu te sɛ nea ɛresɛe w’asetra dedaw. Abofra bi a wɔfrɛ no Denny kae sɛ: “Wɔ m’awofo awaregu akyi no, na minni anigye na na mahaw. Mifii ase hyiaa nsɛnnennen wɔ sukuu mu na midii nkogu afe biako mu. Wɔ ɛno akyi no mekae sɛ, ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ so?’ Enti mebɛyɛɛ sukuu dan no mu aseresɛm yifo na mekoe pii.” Mmofra binom mpo nam asanom, nnubɔne, anaa ɔbarima ne ɔbea nna so a wɔdan kɔ no so na ɛyɛ ho ade—anaasɛ denam gyinae a wogyina nkate so si a epira so.
Nanso, dɛn nti na awaregu sɛe mmofra pii asetra no? Na ɔkwan bɛn so na wubetumi akwati sɛe a wobɛma asɛe wo de?
Nea Nkate mu Yaw Tumi Yɛ
Wɔ awaregu mu no, mmofra binom da wɔn ahoyeraw ne abufuw adi denam ɔbra a wɔbɔ no ɔkwan a anka wɔrensusuw ho da sɛ wɔbɛyɛ saa so. Wɔ mmofra bi fam no, nea wɔhyɛ da yɛ no yɛ ɔkwan bi a wɔrefa so “atwe” wɔn awofo “aso” sɛ woguu aware. Wɔ nsɛm no bi mu no, ɛyɛ mmɔborosu a wɔde retwe awofo a ɛte sɛ nea wɔn ani nnye wɔn mma no ho bio mpofirim ara no adwene. Tina a wadi mfe 15 no twa adwo sɛ: “Ná mama nni fie. Ná nteɛso ne mmara biara nni hɔ, ofie a hwee nnim nkutoo. Ɛno nti na mede me ho hyɛɛ nnubɔne ne ɔbarima ne ɔbea nna mu.”
Nanso, dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a awofo gyaw nteɛso mu to hɔ wɔ awaregu akyi no? Mpɛn pii no, nea ɛte ara ne sɛ wɔn nso rete nkate mu yaw kɛse. Enti ɔbea bi a wagyae aware no ankasa kae sɛ: “Mepow me mma no ankasa. Wɔ awaregu no akyi no, na m’ankasa biribiara ayɛ basaa, na tumi ara na merentumi mmoa wɔn.”
Ɛho Hia sɛ Wofa Asɛyɛde to wo ho So
Abrabɔ a ɛyɛ ahodwiriw betumi aka obi awofo de. Nanso dɛn ankasa na wonya, sen sɛ wɔde ɔhaw ka ɔhaw tebea a ɛwɔ hɔ dedaw no ho? Onii a bɔneyɛ twe “n’aso” no ne ɔdebɔneyɛfo no ankasa. Aberantewaa bi a wadi mfe 19 a wɔ n’awofo awaregu akyi no ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne nom, ɔbrasɛe ne korɔnbɔ mu no gye toom sɛ: “Merehu saa mfomso no mu amane.”—Fa toto Galatifo 6:7 ho.
Ntease wɔ Bible no afotu pa a ɛwɔ Hebrifo 12:13 no mu: “Monsiesie ɔkwan trenee mma mo anan, na nea ɔto apakye no antere ho.” Wɔ faako a awofo nteɛso nni hɔ mpo no, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wobɔ ɔbra bɔne, titiriw sɛ wɔde trenee nnyinasosɛm ahorow akyerɛkyerɛ wo a. “Nea onim papayɛ na ɔnyɛ no. ɛyɛ bɔne ma no.” (Yakobo 4:17) Gye wo nneyɛe ahorow ho asɛyɛde to wo ho so na teɛ wo ho so. (1 Korintofo 9:27) Kwati nneyɛe ahorow a ebia wubenu wo ho wɔ ho wɔ w’asetra nna a aka mu no.
Ahopere mu Gyinaesi
Ɔkwan foforo a mmofra betumi afa so asɛe wɔn asetra wɔ wɔn awofo awaregu akyi no ne sɛ wobesisi gyinae wɔ ahopere mu. Bere a wonni awofo akwankyerɛ a ɛyɛ pintinn no, pii gyae sukuu—a wonsusuw sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho daakye no ho. Ebinom so hokwan biara a wobenya de afi wɔn fie asetra a anigye nni mu no mu. Abeawa bi a wɔfrɛ no Lynn kae sɛ: “Esiane sɛ na mifi ofi a emu apaapae mu nti, metee nka te sɛ nea na me bere a atwam no nnye, te sɛ nea na mayɛ adebɔne bi. Misusuwii sɛ, ‘Hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔware me?’ Enti bere a aberantewaa bi a ofi abusua bi a eye mu pɛe sɛ ɔware me no, mewaree no, ɛwom sɛ na yɛn mu biara nsiesiee ne ho mmaa aware de.” Nea ɛyɛ awerɛhow no, ankyɛ na awaregu dii akyi.
Nanso nokwarem no, nyansa wom sɛ wurensisi gyinae ahorow a emu yɛ duru bere a w’adwene atu afra na wuntumi nsusuw nneɛma ho yiye no. “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛ ɛte sɛ nea w’awofo adwene nni so koraa saa bere yi sɛ wɔbɛyɛ aso ama wo a, dɛn nti na wone adamfo bi a wanyin nnka wo gyinaesi ahorow no ho asɛm?
Asetra mu Ahiade ho Adwennwen
Ebia agya a wunni wɔ fie bio (sɛnea ɛtaa ba no) bɛma wo daakye ho ahude foforo asɔre. Ebia wɔ bere a edi kan mu no, wubehu sɛ woafi ase haw wɔ nneɛma a wɔ bere a atwam mu no na wofa no kwa—aduan, ntade, dabere, sika—no ho.
So wokyen kɔm? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Mpɛn pii no awofo hwɛ akwan horow a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn mma wɔ awaregu akyi, mpo sɛ ɛhwehwɛ sɛ Mama yɛ adwuma a. Nanso nea enye no, mpɛn pii no awofo nkyerɛkyerɛ eyi mu. Enti ebia ɛho behia sɛ woyɛ ɔbabarima anaa ɔbabea ankasa ma w’awofo na wone wɔn bɔ wo haw no ho nkɔmmɔ. (Mmebusɛm 4:3) Fa odwo bisa wɔn wo ɔhwɛ ho nhyehyɛe a wɔayɛ. Sɛ w’awofo ahaw dodo sɛ wɔne wo besusuw nsɛm a ɛte saa ho a, da tema bi adi. (1 Petro 3:8) Twɛn kosi sɛ wubenya bere a eye na woabisa wɔn bio.—Mmebusɛm 15:23.
Wɔ ne nyinaa akyi no, nhoma Surviving the Breakup no bɔ kɔkɔ wɔ ntease pa mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea na bere bi ɛhwɛ abusua a aka abom no hwɛ mmusua abien afei, na ɛma asetra gyinapɛn so tew ma abusua no muni biara a ɛmfa ho sɛ wɔwɔ sika dɛn ara.” Enti ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wutumi tra ase a wunnya nneɛma bi a na anka wunya—te sɛ ntade foforo no. Nanso Bible no kae yɛn sɛ: “Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:7, 8) Ebia wubetumi aboa ma wɔayɛ abusua sika nhyehyɛe foforo. Kae nso sɛ Yehowa yɛ “ayisaa agya.” (Dwom 68:5) Wubetumi agye adi sɛ osusuw w’ahiade ho kɛse.
Sɛnea Ɛka Obi Ankasa Aware
Esiane sɛ w’awofo adi nkogu wɔ aware mu nti, ntease wom sɛ ebia wobɛhaw wɔ w’ankasa hokwan a wowɔ sɛ wubenya aware pa no ho. Nea eye no, anigye a enni aware mu no nyɛ ade a wunya fi w’awofo hɔ—te sɛ ɔsamannya. Woyɛ onipa soronko. Na sɛnea wo daakye aware biara bɛyɛ no nnyina w’awofo nkogudi so, na mmom faako a wo ne wo hokafo no de Onyankopɔn Asɛm di dwuma kodu no so. Ɛho nhia sɛ ofi a anigye nnim a wufi mu no mma wunnya aware a ahobammɔ wom da bi sɛ wohyehyɛ no wɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim so a. Saa ‘ɔdɔ no to ntwa da.’—1 Korintofo 13:8.
Sɛ nhwɛso no, Annette agya a ɔyɛ ɔsabofo a na ogyaw n’abusua no mmere pii no na ɔtetee no. Annete gye tom sɛ: “Nea efii mu bae ne sɛ ama minni ahobammɔ papa. Mprempren, mempɛ sɛ me kunu betu kwan na ɔmma me awerɛhyem sɛ ɔbɛsan aba.” Wɔ ne nyinaa akyi no, Annette kɔ so ka sɛ: “Misii gyinae sɛ sɛ meware a, m’aware bɛyɛ asomdwoe ne sɛ mɛware obi a minim sɛ sɛ mene no wɔ hɔ a m’ani begye. M’ani gye mprempren na mete nka sɛ m’awofo ntetewmu no aka m’akyi koraa.”
Sɛnea Wobɛdan no ma Ayɛ Mfaso
Yeremia kae sɛ: “Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerante bere mu.” (Kwadwom 3:27) Dabi, “enye” sɛ wubehu sɛ w’awofo tetew mu. Nanso wubetumi adan saa adebɔne yi ma ɛho aba wo mfaso.
Sɛ nhwɛso no, ebia ɛbɛhyɛ wo ma woafa ofie asɛyɛde bi aka nea wowɔ ho. Eyi betumi aboa wo ma woanya ahokokwaw bi a ɛbɛyɛ mfaso wɔ asetra mu akyiri yi. Nhwehwɛmufo Judith Wallerstein ka bio sɛ: “Ná nkate ne nyansa mu onyin [wɔ mmofra a wɔn awofo agyae aware mu] a na abusua mu nsɛnnennen de ba no no fata nkamfo na na ɛka koma mmere bi. Mmofra no . . . de animduru susuw wɔn awofo suahu ahorow no ho na wosisii gyinae ahorow a wɔadwen ho wɔ wɔn ankasa daakye ho. Akwan horow a wɔbɛfa so akwati mfomso a wɔn awofo adi no ho asɛm hia wɔn.”
Abarimaa Paul hui sɛ eyi yɛ nokware. N’awofo tetew mu bere a na osua, na odii awofo a akasakasa wɔ wɔn ntam nsam akɔneaba. Nanso, wanya mfaso bi afi eyi mu a ogyinae no mu. Ose: “Masi me bo sɛ merentĩ m’awofo mfomso no mu nyɛ bi.” Bere a wasua sɛ ɔbɛtra tebea a ennyina faako mu no, ose: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ mɛyɛ nsakrae wɔ tebea horow mu.” Keith a ɔyɛ aberantewaa bi a watra awofo awaregu abien ho no nso afi mu pintinn saa ara. Ogye tom sɛ: “Mewɔ nneɛma bi a ɛma misuro. Nanso misusuw sɛ obiara yɛ saa. Na minsusuw sɛ ebewie me sɛnea ɛyɛɛ m’awofo no efisɛ masi me bo sɛ mede me ti bedi dwuma kakraa bio.”
Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo ntetewmu no begyaw agyirae bi wɔ w’asetra mu. Nanso sɛ́ saa agyirae no yɛ nkekae bi a ebefi hɔ anaasɛ kuru a ano abue no gyina wo so kɛse.
[Kratafa 17 mfoni]
Sɛ abofra bi awofo gu aware a ɛka ne daakye anigye dɛn?