So Nyamesom Repopa Afi Hɔ?
Efi Netherlands Nyan! kyerɛwfo hɔ
NNIPA pii a wɔwɔ Europa rehyia saa asemmisa yi a epuei wɔ Dutchfo nsɛmma nhoma De Tijd a ɛba dapɛn biara no asɛm bi a edi kan mu no. Nsɛmma nhoma no bisaa nsɛm te sɛ eyi nso: So ɛyɛ nokware sɛ Europa nyamesom rewu afi hɔ? Dɛn na mpapahwekwa susuw wɔ nyamesom daakye ho?
Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wowɔ nsemmisa a ɛfa mprempren nyamesom tebea no ho. Wɔ United States mpo a atetesɛm nyamesom mu da so ara yɛ den no, aniwusɛm a aka TV so asɛnkafo ne Katolekfo mu mpaapaemu no awosow nokwaredi. Wɔ Katolek aman pii so no, wɔahu asɔrekɔ a ɛso atew wɔ mfe aduonu a atwam no mu no nso.
Wɔ Netherlands ha no, bere bi wɔ hɔ a ɛnkyɛe biara a na wobetumi atow tuo wɔ mmorɔn so Kwasida anɔpa a ɛrenka obiara—wɔn nyinaa kɔ asɔre! Mprempren kakraa bi pɛ na wɔkɔ. Dɛn na aba?
Nea na Anka Ɛyɛ Asɔredan Ahorow no yɛ Adidibea ne Aguadidan Mprempren
Wɔ mfe du a atwam no mu no, nyamesom akuw akɛse abien a ɛwɔ Netherlands a ɛyɛ Roman Katolek Asɔre no ne Dutch Reformed Asɔre no hweree emufo ne asɔrekɔfo pii. Gyidifo no mu ɔha biara mu 19 pɛ na wɔkɔ asɔre yi mu biara, na wɔ Katolek Asɔre no fam no, ɛno yɛ wɔn a wɔkɔ asɔre no mu ɔha biara mu 85 wɔ 1967 mu no so a atew!
Sɛ nea afi mu aba no, asɔredan pii wɔ hɔ a ayɛ nea aboro so. Wɔabubu ebinom agu, na wɔatɔn afoforo nso de adi atirimpɔw afoforo ho dwuma. Enti sɛ wohyɛn nea na anka ɛyɛ asɔredan bi mu wɔ Rotterdam anaa Amsterdam na wuhu sɛ mprempren ɛyɛ aguadidan kɛse bi, nhwiren tɔnbea, ntade aguadidan, adidibea, baesekre tɔnbea, agodi asa anaasɛ disko a mma ɛnyɛ wo nwonwa. Eyi ma nnipa pii ho dwiriw wɔn. Saa nnipa a wɔn so tew wɔ asɔre ahorow no mu no ka asɔfo ne asɛnkafo
Asɔfo a Wɔn so Huan ne Nguan a Wɔn mu Apaapae
Sɛnea wɔn nkurɔfo afi asɔre no mu no, saa ara nso na asɔfo ne asɛnkafo agyaw wɔn ɔfrɛ no. Nnansa yi mfe anum bere bi mu no, Katolek asɔfo so tewee bɛyɛ 900. Saa bere no ara mu no, kakraa bi pɛ na wɔde wɔn aka ho esiane sɛ “ɔfrɛ” yi dodow so atew nti. Wɔn a wɔaka no renyin. Sɛ nhwɛso no, mmea nkokorafo a wɔwɔ Netherlands no mu ɔha biara mu 89 adi boro mfe 50.
Asɔfo no hu nso sɛ wontumi nni nsɛnnennen a wohyia wɔ asɔre no mu no ho dwuma bio. Ebinom agyae mu koraa wɔ nsɛnnennen no mu na na ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ adwenem ayaresa. Atesɛm krataa bi a ɛba da biara a wɔfrɛ no Apeldoornse Courant no ka no sɛɛ se: “Sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi atetesɛm akyi wɔ wɔn asɛnka mu a, wɔto asafo no mufo a wɔhwehwɛ nkɔso kɛse no hintidua. Sɛ wokogyina nkɔsofo no afã nso a, eyi de ɔkasatia a efi wɔn a wɔde wɔn ho bata Bible no ho kɛse no hɔ ba. Sɛ ɔsɛnkafo anaasɛ ɔsɔfo bi bɔ mmɔden sɛ obegyina mfinimfini a, ɛnde na ɔda asiane a ɛne sɛ asafo no nyinaa bɛpow no no mu.”
Nokwarem no, saa nsɛm yi anya Dutchfo so nkɛntɛnso. Nnipakan bi a Dutch Amammerɛ Nhyehyɛe Dwumadibea no yɛe wɔ 1985 mu no daa no adi sɛ wɔ bere a edi kan mu no nnipa no mu dodow a ɛboro fã bu wɔn ho sɛ wonni nyamesom biara.
Asɔre mu mpaapaemu a mpɛn pii no ɛfa amammuisɛm ho no ama pii adwenem ayɛ wɔn nãã. Asɔre no mmoa a ɛde ma “ahofadi akuw” wɔ South America ne Afrika aman ahorow mu no de ɔman mu basabasayɛ pii aba. Ɔman dawurubɔ ɔsatu a n’asɛmti ne: WƆMMFA ASƆRE SIKA BIARA MMOA BASABASAYƐ A AKODE KA HO mpo aba.
Woyɛ w’ade dɛn wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ a esisi no ho? So wususuw sɛ asɔre no befi saa nsɛnnennen bere yi mu afi a ne ho nka? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ɛho hia ankasa sɛ yɛhwehwɛ nea ɛde mprempren nyamesom mu basabasayɛ ba titiriw no mu kɔ akyiri.
Dɛn Nti na Nyamesom Repopa Afi hɔ No?
Abakɔsɛm akyerɛwfo, asetra mu nsɛm ho abenfo, ne nyamekyerɛfo mu apaapae koraa wɔ nea ɛde mprempren nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asɔre ahorow mu no aba no ho. Ebinom fa anigyede ho dɔ a ɛwɔ honam fam adedodowpɛ wiase mu ne nnipa no anibiannaso ka. Ɛma yɛkae ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1, 2, 4 no: “Hu eyi sɛ nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”
Afoforo bɔ mmɔden sɛ wobegyina Europa abakɔsɛm so akyerɛkyerɛ nsɛm mu. Mogya ne nusu a efi afeha 16 mu nyamesom akodi mu araa besi sɛnea nyamesom de ne ho hyehyɛɛ yɛn afeha 20 yi mu wiase nyinaa akodi mu no ayɛ abakɔsɛm yi ma. Eyinom nyinaa agyaw nyansapɛ, nyamekyerɛ, ne nsusuwii biara ho anibɔne a emu dɔ bi. Anyɛ yiye koraa no, na eyinom ne nea ɛtaa hyɛ akodi, ɔtaa, ne basabasayɛ akyi.
Wɔ nnɛyi asɔre ahorow mu no, pii hu sɛ daakye akwanhwɛ pa bi ayera. Sɛ yɛbɛfa German Roman Katolek nyamekyerɛfo Ɔbenfo J. B. Metz a ɔwɔ Münster Sukuupɔn mu no asɛm aka a: “Yɛn Atɔe nyamesom no abɛyɛ wiase de kosi ase. Ɛte sɛ nea mesiasɛm ho ade biara nkae koraa. Onyankopɔn nniso ayera afi mu. Onni afã biara wɔ asɔre ahorow anaasɛ wɔ yɛn da yi mu nyamekyerɛ ne asetra mu ne amammuisɛm mu bio.”
Nea ɛka ho no, wiase nyinaa akodi abien a ne nyinaa fii ase wɔ Europa wɔ afeha yi mu no nkɛntɛnso no nso wɔ hɔ. Auschwitz, sɛ adwumayɛban ho sɛnkyerɛnnede wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no amia asɔre no ɔkasatia no mu. Wɔ pii fam no, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Paapa Pius XII a na ɔyɛ Roman Katolek Asɔre no kannifo no muaa n’ano wɔ mmere a na emu yɛ den no mu no yɛ biribi a ɛyɛ den sɛ wobegye atom.
Esiane eyi nti, pii nni ahotoso wɔ asɔre no ne n’akannifo mu. Na w’ankasa wubu saa nneɛma a ɛrekɔ so yi dɛn? So ama woayɛ anibiannaso, na wususuw sɛnea afoforo pii yɛ no: ‘Mɛtra ase akyɛ asen saa tebea yi’? Nanso, sɛ wohwɛ no ɔkwan foforo so a, akyinnye biara nni ho sɛ wubu nuklea awudi ne asase so nneɛma a wɔsɛe no nsɛnnennen ho ahunahuna no, na akyinnye biara nni ho sɛ wususuw nsemmisa yi ho: ‘Nokwarem no, wiase bɛn na ɛwɔ hɔ ma me ne me mma?’ ‘Sɛ wɔreka daakye ho asɛm a, so nyamesom wɔ biribi de ma yɛn?’
Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Europa Nyamesom?
Pii susuw sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ Yudasom-kristosom atetesɛm befi hɔ bere tiaa bi mu. Nyamekyerɛfo binom wɔ adwene bi sɛ Europa abɛyɛ Kristofo mmere akyi asetra mu abusua dedaw.
Dɛn na Bible a ɛyɛ gyidi a Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no fibea no ka wɔ nyamesom daakye ho? Sɛ obi wɔ hɔ a obetumi aka biribi a ɛho hia wɔ saa asɛm yi ho a, ɛnde nokwarem no ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristosom farebae, Yesu Kristo.
Bere a obi sua Bible no, nneɛma ahorow a ɔba behu ntɛm ara no mu biako ne nea ɔsomafo Petro ka faa Bible no ankasa ho wɔ 1 Petro 1:24, 25 no: “Honam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te se wura nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po; na [Yehowa] asɛm de, ɛte hɔ daa.” Bible no bɛtra hɔ daa, na abakɔsɛm da no adi sɛ wɔ nea atamfo ayɛ ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe no nyinaa akyi no, wɔantumi. Na dɛn na aba Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɔkyerɛkyerɛe bere a na ɔwɔ asase so mfeha 19 ni no so? Saa nkyerɛkyerɛ ahorow yi mu ahe na wobetumi ahu wɔ nyamesom ahorow no mu?
Bere a Yesu ne Samariani ɔbea bi rekasa no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛne ɔsom kronn ahwehwɛde no mu: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” Saa “honhom ne nokware mu” som no bɛtra hɔ daa.—Yohane 4:23, 24.
Nanso dɛn na ebefi hɔ? Kristoman a emu apaapae na ɛyɛ amammui wiase no adamfo no. Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ efi hɔ? Efisɛ abu ani agu kɔkɔbɔ yi so: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.”—Yakobo 4:4.
Wɔ Bible mu nhoma a etwa to a ɛne Adiyisɛm no atiri Adi 17 ne 18 mu no, wɔka wiase atoro som ahemman ho asɛm mfonini kwan so sɛ aguaman, “Babilon Kɛse.” Adiyisɛm 17:16 ne 18:8 kyerɛkyerɛ sɛnea amammuifo bɛsɛe no ne wɔn a wɔanya ne bɔne mu kyɛfa na wobenya ne haw bi nso no mu. Enti na wɔde afotu a ɛwɔ Adi 18 ti 18 nkyekyem 4 a edi so yi ma no: “Me man, mumfi ne mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” Saa bere no mu no Sefania nkɔmhyɛ no nso benya ne mmamu: “Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ [Yehowa] din na wɔnyɛ ɔnokoro nsom no.”—Sefania 3:9.
So wuhu faako a wugyina wɔ mfonini no mu? So wone wɔn a wɔbɔ Yehowa din no na ɛresom? Dɛn na ɛho hia na woatumi ayɛ eyi?
Dɛn na Wubetumi Ayɛ na Woanya Ahobammɔ?
Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ Kristoman ne atoro som nyinaa fi hɔ wɔ Europa ne wiase nkae no nyinaa mu de, nanso nokware Kristosom bɛtra hɔ daa. Asemmisa a ɛho hia kɛse no ne sɛ ebia wo gyidi bɛsɛe anaasɛ emu bɛkɔ so ayɛ den sɛnea ɛsɛ a ɛbɛboa wo ma woanya nkwa bere a Kristoman hwe ase no. Dɛn na ɛho hia na woanya nkwa? Ɛsɛ sɛ ‘wosom agya no honhom ne nokware mu.’ Ɔbɔadeɛ no hwɛ kwan sɛ wonam n’asɛm Bible no so behu no. Ɛdefa saa Asɛm no ho no. Yesu kae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Wɔ Bible mu no wɔakyerɛ ɔkwan a wobɛfa so anya nkwa no pefee a ɛmfa ho sɛ ɛhe na wote wɔ asase so.
[Kratafa 20 mfoni]
Asɔredan bi a ɛwɔ Hoorn, mprempren ɛyɛ atrae ne ntade aguadidan
[Kratafa 20 mfoni]
Lutheran asɔredan a ɛwɔ Arnhem, mprempren wɔde di dwuma sɛ adekorabea, sinidan, ne disko