Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 10/8 kr. 26-27
  • Mununkum​—Ɛka Asɛm Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mununkum​—Ɛka Asɛm Kyerɛ
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛ Osu A Ɛtɔ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Abɔde Ka Sɛ, “Wonni Anoyi Biara”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Me Bible Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Adesua 1
    Me Bible Adesua
Nyan!—1988
g88 10/8 kr. 26-27

Mununkum​—Ɛka Asɛm Kyerɛ

“Mikyinkyinii sɛ ankonam te sɛ omununkum a ɛnenam soro​—wɔ abon ne nkoko so.”​—William Wordsworth, 1804.

ANWONSƐM akyerɛwfo, tete ne nnɛ nyinaa, adan adwene akɔ wim ne mununkum so akɔpɛ biribi a ɛbɛkanyan wɔn. Wɔn a wɔtete nkurow mu mpo hwɛ wim de hu wim tebea a ɛda wɔn anim. Onyansafo a ɔte akuraase kae tete asɛm a ese, “Wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anadwo ma oguanhwɛfo ani gye, wim a ɛyɛ kɔkɔɔ anɔpa bɔ oguanhwɛfo kɔkɔ.” So ɛyɛ anansesɛm ara kwa? Dabi, na egyina mununkum ko a ebetumi ama wɔanya wim tebea pa anaa nea enye wɔ owia hyerɛn mu no so.

Mununkum ba wɔ kɛse ne ani hwɛbea a ɛsonsonoe mu. Ɛka asɛm kyerɛ. Ebinom wɔ hɔ a ɛte sɛ nea wɔboaboa ano kɔ sorosoro wɔ wim. Mpɛn pii no ɛne nea wɔfrɛ no kumulo mununkum a en Latin asɛmfua ma “mmoaboano” anaa “mmobɔso” mu no. Sɛ ɛyɛ kumulo mununkum a ɛde osutɔ ba a, ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ tumm anaasɛ nsonso na afei wɔfrɛ no kumulonimbo a nimbo yɛ Latin asɛm ma “osutɔ.”

Na mununkum ahorow a ɛwɔ wim sorosoro a ɛte sɛ ntakra a akyinkyim no nso ɛ? Sɛ́ anka ɛbɛyɛ nea nsu koko titiriw na ɛwom sɛnea ɛte wɔ mununkum pii ho no, esiane eyinom sorokɔ no nti, ɛyɛ sukyerɛmma ahwehwɛbo na ɛwom na wɔfrɛ no siro a efi Latin asɛmfua ma “nkyimii” no mu. Wɔfrɛ mununkum a ɛbɛn fam a ɛkata wim nyinaa na ɛde sukyerɛmma anaa osutɔ ba no strato (nea ɛte sɛ akataso) mununkum ɛfisɛ esinsen hɔ te sɛ kuntu anaa akataso wɔ wim nyinaa.

Nsonsonoe ahorow pii wɔ eyinom a ɛyɛ atitiriw yi mu, nanso ɛmfa ho sɛ mununkum no mu nea ɛwɔ he na yehu wɔ faako a yɛte wɔ wiase no, yɛda ase sɛ yɛwɔ nsonsonoe a ɛte sɛɛ no wɔ wim no dɛn ara. Wode fa wim a mununkum wɔ hɔ mfonini a eye toto nea ebi nni hɔ ho hwɛ. Mpɛn pii no ɛnkyɛ na woahu mfonini no mu nea ɛwɔ su bi.

Nanso ɔkwan bɛn so na mununkum nam ba? Ɛno yɛ asɛm foforo ma bere foforo. Nanso, bere a edi hɔ a wobɛhwɛ mununkum no, kae Elihu nsɛm yi: “Hwɛ soro, na hu, na hwɛ omununkum a ɛkorɔn sen wo no.” (Hiob 35:5) Afei kae wɔn Bɔfo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no.

[Kratafa 27 mfoni]

Nifa: Siro mununkum

Ase: Stratokumulo mununkum wɔ owiapuei mu

Atifi: Kumulo mununkum

Benkum: Kumulonimbo a ɛreyɛ kumulo a ɛtaa di mmobom anim no bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena