Mmofra Bisa Sɛ. . .
“Di W’agya Ne Wo Nã Ni”—Nanso Dɛn Ntia?
VEDA agya a wahaw no kae sɛ: “Woyɛ mpi araa ma merentumi mfa wo nyɛ hwee. Wummu me koraa. Worepɛ asɛm ama wo ho.” Ná Veda ne abarimaa bi a ɔnom nnubɔne ne nsa bow afi nantew a edi aware anim ase. Na ɔtaa kɔtra disko ma ade kye. Ɛwom sɛ Veda agya sɔre tiae dennen de, nanso na ɛmfa ne ho.
Veda kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Metee nka sɛ ɔyɛ katee dodo. Saa bere no na madi mfe 18, na misusuwii sɛ manyin na minim ne nyinaa. Metee nka sɛ m’agya tirim yɛ den na ɔmpɛ sɛ migye m’ani, enti mipuei na meyɛɛ nea mepɛ.”
Abeawa foforo a wɔfrɛ no Gina kyerɛwee sɛ: “Ná m’agya nom nsa pii, na na mintumi nna efisɛ m’awofo kasakasae na wɔteɛteɛm pii. Meda mpa so na misu ara kɛkɛ. Na mintumi nka sɛnea mete nka no nkyerɛ wɔn efisɛ ebia me maame besiw me twɛre. Bible no se ‘di w’agya ni,’ nanso mintumi.”
Ebia te sɛ Veda ne Gina no, ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi w’awofo ni. Ebia na wɔhwehwɛ sɛ woyɛ nea wote nka sɛ ntease nnim anaasɛ wɔyɛ nhwɛso bɔne wɔ abrabɔ mu. Nanso Bible no hyɛ fann sɛ: “Di w’agya ne wo na ni!” (Efesofo 6:2) Dɛn na ɛwɔ eyi mu ankasa? Na so ntease pa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ woyɛ saa, mpo bere a awofo ma ni a wubedi wɔn no yɛ den no?
“Nidi” Kyerɛ Dɛn?
Nea ɛwɔ nidi mu ne tumi a wɔahyehyɛ ato hɔ a wubegye atom. Sɛ nhwɛso no, Bible no hyɛ Kristofo sɛ, “Munni ɔhene ni!” (1 Petro 2:17) Bere a ebia ɛnyɛ bere nyinaa na wone ɔman sodifo bi bɛyɛ adwene no, ɛsɛ sɛ wokɔ so ara kyerɛ obu ma ne gyinabea anaa dwumadi no. Wɔ abusua no mu no, Onyankopɔn de tumi maa awofo sɛ ananmusifo. Enti, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔwɔ onyamesuro di saa tumidi no ni. Nanso ɛsɛ sɛ mmofra kyerɛ nea ɛsen obu a wɔahyɛ ho mmara ara kwa.
Nea mfitiase Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “nidi” wɔ Bible mu no kyerɛ titiriw ne sɛ wubu obi sɛ ɔsom bo kɛse. Enti ɛsɛ sɛ wubu ɔwofo sɛ ne bo yɛ den, ɔfata obu kɛse, na wodɔ no. Nea ɛwɔ eyi mu ne sɛ wubenya nkate a emu yɛ hyew na anisɔ wom ama wɔn. Wubisa sɛ, ‘Nanso mɛyɛ dɛn ate nka saa bere a wɔhaw me pii saa no?’
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi W’awofo Ni?
Ade biako ne sɛ, Mmebusɛm 23:22, NW, se: “Tie w’agya a ɔwoo wo, na mmu wo na animtiaa.” Wobu ano sɛ wotu yafunu ɔpepem 55 gu wɔ wiase nyinaa afe biara. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ w’awofo maa kwan ma wɔwoo wo no yɛ ntease biako a enti ɛsɛ sɛ wudi wɔn ni. Gregory a bere bi na ommu ade koraa no behuu eyi. Ogye tom sɛ: “Mifii ase tee nea me maame yɛ maa me no nyinaa ase. Meda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wannyi me angu anaasɛ wammfa me anto nwura adaka mu bere a meyɛ abotafowa no. Onni kunu, na na yɛyɛ baasia. Minim sɛ na ɛyɛ den ma no.”
Nanso mmofra yɛn nyɛ “den” nko na mmom ne bo yɛ den nso. Canadafo amanneɛbɔ bi daa no adi sɛ anyɛ yiye koraa no abofra biako a awofo baanu yɛn no kosi sɛ obedi mfe 18 no bɔ ka dɔla 66,400! Susuw nea w’awofo de kamee wɔn ho de ma wunyaa aduan ne ntade no ho. Gregory kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere bi na nea aka ama yɛn a yebedi nyinaa yɛ aburow kankyee bi ma ne atoko a wɔnnyamee kakraa bi. Me maame noa maa yɛn mmofra no, nanso ɔno de wanni bi. Mekɔdae a na mamee, nanso mekɔɔ so susuw nea enti a Maame annidi no ho. Afei a m’ankasa wɔ m’abusua no, mihu sɛ na ɔrebɔ afɔre ama yɛn. Midwen ho sɛ metumi agyae adidi de aduan no ama me ba anaa. Mintumi nhu sɛnea ɔyɛɛ no no.”
Akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo sii pɛ pii nso de hwɛɛ wo bere a na woyare. Na amoase pii a ɛsɛ sɛ wɔsakra ne wo ntade a ayɛ fi pii a na ɛsɛ sɛ wɔhoro wɔ hɔ. Wobisaa Amerikafo bɛboro 200,000 mmofra dodow a sɛ wobetumi asan awo bio a anka wɔbɛpɛ sɛ wɔwo. Awofo ɔha biara mu 54 kyerɛe sɛ, ‘Yɛbɛpɛ sɛ yɛwo te sɛ dodow a yɛwɔ no ara’! Ɔha biara mu 6 pɛ na wɔkae sɛ, “Yɛrennwo bi.”
Enti w’awofo maa wo nkwa na wɔhwɛɛ wo. Ɛda adi sɛ wɔfata sɛ wode obu ne nidi ma wɔn.
Awofo a Wɔhaw Adwene
Nanso, sɛ w’awofo yɛ nhwɛso bɔne, sɛ ebia wɔn koko nye, wɔyɛ asadweam, anaasɛ wɔn bra nye nso ɛ? Wɔ ntease mu no, ebia nea ebefi mu aba ne sɛ wubehu amane. Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi awofo a wɔte saa ni?a
Sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ no, ebia na w’awofo wɔ nsɛnnennen bi a anibere wom anaasɛ wɔwɔ nipasu mu sintɔ bi. (Ɔsɛnkafo 7:20) Nanso wɔ wɔn sintɔ no nyinaa akyi no, Onyankopɔn ama wɔn w’asetra sodi bi. Ɔhwehwɛ ara sɛ wode nidi ma wɔn tumidi no. Kae, Onyankopɔn kae sɛ wɔmfa nidi a ɛfata mma sodifo mpo. (Romafo 13:7) Eyi hwehwɛ sɛ wobɛhwɛ atra wɔn abrabɔ na wode w’ani asi wɔn dwumadi, anaa gyinabea no so. Enti sɛ anka bere a wote nka sɛ ɔwofo bi de ne tumi no redi dwuma wɔ ɔkwammɔne so na worenkyerɛ obu no, bɔ mmɔden yɛ komm. (Fa toto Ɔsɛnkafo 10:4 ho.) Gyaw asɛm no ma Onyankopɔn, efisɛ “nea ɔyɛ nea ɛnteɛ no benya nea ɛnteɛ a ɔyɛe no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.”—Kolosefo 3:25.
Ɛsɛ sɛ wugye nokwasɛm no tom sɛ mmere tenten a wo ɔwofo hwɛ wo no, ɔno na abusua no asɛyɛde da ne so. Ɔsɛnkafo 8:3, 4 ka sɛ: “Nea ɛsɔ n’ani [onii a odi tumi no] nyinaa na ɔyɛ. Efisɛ ɔhene asɛm di tumi.” Atua a wobɛtew no mma wunnya hwee.
Nanso, ɔkwan bɛn so na wubekwati nitan a wubenya? Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a w’awofo yɛ ade sɛnea wɔyɛ no ase. Afei nso, kaakae wo ho wɔ mfaso horow a wɔde ma no ho. Sɛ nhwɛso no, Dody a na ɔwɔ ɛna a onni tema ne ɛna kunu ɔsabofo no kyerɛwee sɛ: “Ebia me maame anna ɔdɔ adi ankyerɛ yɛn da efisɛ sɛ́ abofra a wɔyɛɛ no basabasa no, wɔankyerɛ no sɛnea wɔyɛ no no da. Sɛ me na kunu no ani so da hɔ a ɔkyerɛ yɛn dwumadi ho anigye, nanso na ɛno ntaa mma. Nanso, na mene me nuabea no anya ɔdan da mu na aduan wɔ hɔ bere nyinaa.” Enti wɔ saa kwan no so no na Dody ahonim mu da hɔ a na onim sɛ ɔreyɛ nea obetumi de adi n’awofo ni.
Obu a wokyerɛ ma obi no nkyerɛ sɛ wone no yɛ adwene biribiara mu. Ɔsɛnkafo 8:2 tu fo sɛ: “Di ɔhene [anaa ɔwofo] anom asɛm so. Onyankopɔn ntam no nti.” Bere tenten a ahyɛde no nto Onyankopɔn mmara no, da ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn adi denam nidi a wobɛkyerɛ wɔ ho so no adi. “Muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.”—Kolosefo 3:20.
Bio nso, sɛ ɔwofo bi nhwɛso nye mpo a, nka sɛ biribiara a ɔka kyerɛ wo no nye. Wɔ Yesu Kristo bere so no, na nyamesom akannifo a wɔwɔ tumi sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no aporɔw. Nanso, Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ.” (Mateo 23:1-3, 25, 26) Ɛdenam obu a wɔbɛkyerɛ ama afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu a wɔde ma no so no, na Onyankopɔn behyira nkurɔfo no. Eyi betumi aba wɔ wo fam nso denam onyamesompa afotu a efi w’awofo hɔ a wobɛkyerɛ nidi ama no so.
‘Nea na Me Papa ka no yɛ Nokware’
Bere bi akyi no, Veda sakraa ne su wɔ n’awofo ho no. Nanso osuae wɔ ɔkwan a emu yɛ den so. Bere a ɔne n’adamfo abarimaa no a na wanom nnuru ne beer abow no te kar mu no, kar no fii ɔkwan no so. Ɛkɔpem kanea dua bi mu bere a na ɛrekɔ akwansin 60 dɔnhwerew biara no, na ɛsɛee kar no na Veda moma so twae kɛse. Abarimaa no guan fii hɔ, na wamma ayaresabea hɔ ammɛboa no.
Veda kae sɛ: “Bere a m’awofo baa ayaresabea hɔ no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ nea na me papa ka no nyinaa yɛ nokware ne sɛ na anka ɛsɛ sɛ mitie bere tenteenten.” Efi saa bere no rekɔ no, Veda sii ne bo sɛ obedi n’awofo ni. Ogye toom sɛ: “Na ɛnyɛ mmerɛw efisɛ na me kɔn da so ara dɔ sɛ mɛkɔ disko, na na ofie tra yɛ anihaw kɛse. Nanso na mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani. Na madi mfomso kɛse, na anka ɛreyɛ ama mahwere me nkwa, enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me mma mensakra me su.”
Veda suaa ade a ɛho hia bi—obu ma tumidi a ɛfata. Eyi a pii ansua no ama wɔantumi anni nkonim wɔ sukuu mu, adwumam, anaasɛ wɔ aware a anigye wom a wobenya mu. Veda a mprempren onya aware mu anigye no daa no adi sɛ: “Ɛda adi sɛ sua a misuae sɛ mɛkyerɛ obu ama m’agya bere a na ɛyɛ den mpo no aboa me ma mabrɛ me ho ase ama me kunu.” Yiw, wone afoforo ntam abusuabɔ a ɛyɛ anigye ne ahonim pa wɔ Onyankopɔn fam nyinaa yɛ akatua a efi w’awofo a wubesua sɛ wubedi wɔn ni mu ba.
[Ase hɔ nsɛm]
a Saa asɛm yi mfa tebea horow a wontumi mpene so bere a wɔyɛ abofra bi honam fam anaasɛ nna fam ayayade no ho. Wɔ nea ɛte saa mu no, ebia ɛho behia sɛ abofra bi hwehwɛ mmoa fi abenfo a womfi fie hɔ nkyɛn. Hwɛ “Mmofra a Wɔne Wɔn Da—Nsɛmmɔne a Ahintaw No” mu wɔ yɛn nsɛmma nhoma yi Borɔfo de a ɛbae February 8, 1981 no mu.
[Kratafa 23 mfoni]
Ɛsɛ sɛ nea w’awofo ayɛ ama wo wɔ mfe no nyinaa mu no ho a wudwen ka wo ma wudi wɔn ni