Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 10/8 kr. 20
  • “Sɛ Ɔsoro Nsoromma”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Sɛ Ɔsoro Nsoromma”
  • Nyan!—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsoromma Ne Onipa—So Wɔwɔ Abusuabɔ Bi?
    Nyan!—1994
  • Nsoromma Wɔ Asɛm Bi Ka Kyerɛ Wo!
    Nyan!—1994
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 10/8 kr. 20

“Sɛ Ɔsoro Nsoromma”

Ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea.” (Genesis 22:17) Saa na Onyankopɔn hyɛɛ agya panyin Abraham bɔ. Nanso. Bible Review krataa no biako bi a ɛbae nnansa yi da nea ɛte sɛ asɛnnennen wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu adi.

Bible no teɛ wɔ nyansahu mu sɛ ɛde ɔsoro nsoromma dodow toto mpoano anhwea ɔpepepem pii no ho no. Nanso, ɛda adi sɛ wɔ tete mmere mu no na wonnim sɛ nsoromma dodow du ɔpepepem pii. Bible Review kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nsoromma pii nni ɔsoro a wobetumi de ani a hwee mmoa no ahu ankasa. Nsoromma ho nimdefo ka kyerɛ yɛn sɛ sɛ ahwɛde afiri biara nnim a, yebetumi ahu nsoromma bɛyɛ 2,000 kosi 4,000 pɛ, wɔ anadwo a eye mpo mu.” The World Book Encyclopedia kyerɛ sɛ “nsoromma bɛyɛ 6,000 na ɛhyerɛn yiye araa ma wobetumi ahu a ahwɛde afiri nka ho.”

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnea Bible no yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ saa ntotoho yi mu no mu? Nkyerɛkyerɛmu biako ne sɛ Bible no “fi Onyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Nanso, asɛm a ɛwɔ Bible Review mu no bɔ mmɔden kɛse kwati eyi denam ka a ɛka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Abraham yɛ nsoromma ho ɔdenimfo no so! Ɛde asemmisa yi dii nsusuwii a ɛyɛ nwonwa yi akyi: “Ebetumi aba sɛ na tetefo no wɔ ahwɛde mfiri a ɛma wohuu nsoromma a na aniwa ntumi nhu anaa?” Sɛ́ nea wɔde gyina saa nkyerɛkyerɛ yi akyi no, asɛm no faa adanse a ɛkyerɛ sɛ wohuu abo a ɛhyerɛn wɔ Niniwe ne tete mmeae afoforo a na wobetumi de ayɛ hamufo ahwehwɛ a ehu akyiri no kae.

Nanso, adanse a ɛkyerɛ sɛ tetefo de ahwehwɛ a ehu akyiri a ɛte saa dii dwuma de hwɛɛ nsoromma mu biara nni hɔ. Na sɛ na tete ahwɛde mfiri wɔ hɔ mpo a, adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Abraham anaasɛ Genesis ɔkyerɛwfo no wɔ bi? Nokwarem no, Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔde maa Abraham no yɛ nhwɛso pii a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ nyansahu mu no mu biako pɛ. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ ahwɛde afiri mmoa so na odiyifo Yeremia nam bɔɔ biribi a ɛte saa ara a ohuu no pɛpɛɛpɛ ho amanneɛ no: ‘Wontumi nkan ɔsoro asafo na wontumi nsusuw mpoano nhwea.’​—Yeremia 33:22.

[Kratafa 20 mfoni fibea]

NASA photos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena