Sika—Owura Otirimɔdenfo
AGUADI dawurubɔ de adwenem nnaadaa na enya adetɔfo. Ɛdaadaa nkurɔfo ma ‘wɔde sika a enni hɔ tɔ nneɛma a wonhia, a ɛtɔ mmere bi a ɛma nkurɔfo a wɔmpɛ wɔn asɛm ankasa ani gye.’
Wɔma pii bɔ mmɔden sɛ wobenya sika pii a wɔwɔ anidaso sɛ ɛno bɛma wɔanya ahobammɔ. Nanso so eyi de nea wɔn kɔn dɔ no ba?
Akyiri yi, Liz a yedii kan bɔɔ ne din no waree kunu bi a na ɔwɔ sika fam ahobammɔ. Ose: “Bere a mewaree no, na yɛwɔ ofie fɛfɛ bi ne kar abien, na yɛn sika fam tebea no ma yenyaa ahofadi sɛ yebenya biribiara a wiase no betumi de ama wɔ honam fam nneɛma, akwantu, ne ahomegye mu no mu anigye. Nea ɛyɛ nwonwa no, na meda so ara haw wɔ sika ho.” Ɔkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu: “Na yɛhwere pii dodo. Ɛte sɛ nea dodow a wowɔ no, dodow no ara na w’ahobammɔ sua. Sika amfa ɔhaw anaa adwennwen mu ahofadi amma.”
Ɛwom sɛ sika a wɔhwehwɛ yɛ ade titiriw a ɛhyɛ yɛn mmere yi nsow de, nanso ɛntaa mfa nokware abotɔyam mma. David Sylvester kyerɛwee wɔ Detroit Free Press mu sɛ: “Ebia sika ho adammɔ no bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ 1980 mfe a ɛyɛ honam fam adepɛ dodow bere no mu awosu mu ade. Nanso mihu saa honam fam adepɛ dodow no sɛ ɛyɛ haw a yɛahaw no ho sɛnkyerɛnne ara kwa.”
Wɔde Firi Anaasɛ Wotua Ka?
Sɛ w’akatua mmoa wo mma wuntumi ntɔ afɛfɛde binom mpo a, yɛn honam fam adepɛ dodow wiase no bɛma woagye adi sɛ wowɔ hokwan sɛ wo nsa ka. Saa ahonyade a wobenya so duasi yi ne nneɛma bo a ɛkɔ soro no de adefiri krataa, anaasɛ rɔba sika, adwuma a enya nkɔso na aba. Adwene a ɛwɔ akyi no ne sɛ ‘nyansa nnim sɛ wobɛtwɛn ansa na woatɔ esiane sɛ sɛ woyɛ saa a ɛda adi sɛ ade no bo bɛkɔ soro kɛse no nti.’
Mprempren Britania a ɛwɔ adefiri ne ɛka nkrataa ɔpepem 22.6 no na agye din sɛ ‘nea ɛde nkrataa a ɛte saa di dwuma kɛse’ wɔ Europa, ebunkam Franse de ɔpepem 6.9 no so. Ɛno mpo, wɔka sɛ ɛho aguadi a ɛwɔ Britania no “mmoroo so ɛ.” Hwɛ sɛnea mmere asakra! The Listener nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Bere bi na ɛka yɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔkwati. Ɛnnɛ, wɔfrɛ no adefiri, na wɔde hyɛ adetɔfo so wɔ afã nyinaa.”
Nea efi mu aba ne sɛ wiase nyinaa ka akɔ soro na mprempren ehunahuna wiase aman a wɔwɔ sika kɛse no. Na wɔ ankorankoro fam no, sɛ wɔde toto ho a ɛka kɔ soro sen akatua sen bere biara. Saa tebea yi nni ɔman biako bi anaasɛ asasepɔn biako bi nkutoo so ɔkwan biara so. Obibini bi a ɔte South Africa se: “Wɔ mmere bi a atwam mu no, na abibifo mfiri ade.” Nanso ɔde ka ho sɛ: “Wɔn adefiri na ɛboa nnwuma akuw, te sɛ wɔn a wɔtɔn nkongua no, ma wɔkɔ so yɛ adwuma.”
Adwuma mu nsɛm ho ɔkyerɛwfo David Sylvester se: “Yɛyɛ san-dan-ho awo ntoatoaso a yedi sika ma ɛboro so, yɛde sika kakraa bi na ɛyɛ adwuma, yɛtra ase te sɛ nea ɔkyena remma da—anaasɛ sɛ ɛba a, ahobammɔ sika bedi yɛn agyinam.” Enti, so saa honam fam adepɛ dodow kwan a wɔfa so tra ase yi de anigye aba?
Nea Afi mu Aba a Ɛyɛ Awerɛhow
London atesɛm krataa The Daily Telegraph maa asɛmti bi sɛ “Kuromfo a wɔyɛ nsi de nnubɔne dwudwo nhyɛso ano.” Yiw, adwumawuranom a wonnyinii a wotua wɔn ka kɛse no pii a wohyia nhyɛso kɛse bere a wɔyɛ sikasɛm nhyehyɛe ahorow no gyae wɔn ho mu ma ɔyaredɔm bi a ɛrekɔ soro daa: nnubɔne nom.
New York sikasɛm mantam a ɛwɔ Wall Street no hyia nsanyare koro no ara. Ɔman Nnuru ho Dwumadi Sohwɛ ananmusifo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔn ho wom no yɛ anifere yiye. Nkurɔfo ntwe nnuru no nkɔ wɔn mu ara kɛkɛ nanso nni mfomso, wɔn mu ɔha biara mu 90 a wɔwɔ sikasɛm mantam no mu no pene dwuma a wɔde bedi no so. Saa mmofra abenfo a wɔn nhyɛso no ayɛ adesoa ama wɔn no bɔ hu sɛ sɛ wɔannom biribiara ammow a, wɔrentumi nyɛ nhyehyɛe biara.”
Nanso nsɛmmɔnedi a mprempren ɛkeka sikasɛm aguadi no mu no mfi nnubɔne a wɔde di dwuma nkutoo ɔkwan biara so. Wɔbɔ nsisi ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no a wɔne wɔn ho di gua no ho amanneɛ.
Wall Street adwene ho ɔbenfo Jay B. Rohrlich bisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na nnipa a wonya akatua bɛboro dɔla ɔpepem biako afe biara no behia sika araa ma wɔasiesie wɔn ho sɛ wobebu mmara so de anya pii mpo?” Bere a Rohrlich rebua n’ankasa asemmisa no, ɔtoa so sɛ: “Sika bow ebinom ankasa na enya wɔn so nkɛntɛnso te sɛ nea nsa ne nnubɔne bow afoforo no ara pɛ.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ wɔn fam no, “sika bɛyɛ nneɛma a wɔde ani bu sɛ ɛnso no ano aduru.”
Wɔ yɛn honam fam adepɛ dodow a ɛrekɔ soro wiase no mu no, apɛgyade a wɔboaboa ano gu hɔ nyɛ nea wɔka ho nsɛmmɔne bio. Nhwehwɛmu bi a wotintimii wɔ Fransefo nsɛmma nhoma Le Figaro mu no daa no adi sɛ sika ‘mmɔn’ bio. Nea ɛyɛ anigye no, bere a wobisaa Fransefo a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no wɔ wɔn mu no nea wosusuw sɛ sika betumi de ama no, wɔn mu ɔha biara mu 45 buae sɛ: anigye. Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow no, n’abirabɔ no na ɛyɛ nokware.
So wobetumi ayɛ biribi de atew sika ho akɔnnɔ mmoroso a ɛde awerɛhow pii aba no so anaa?
Hia a ɛho Hia Sɛ Obi Hwehwɛ ne ho Mu
Ebia wobɛte nka sɛ sika nnyaa wo so nkɛntɛnso. Nanso susuw eyi ho: So sika anaa nea sika betumi atɔ yɛ wo nkɔmmɔbɔ mu asɛmti titiriw anaa? So wusi sika so dua kɛse? So wususuw sɛ w’adwene a wowɔ wɔ ho no nyɛ soronko biara ma enti ɛfata sɛ wunya ho akɔnnɔ anaa?
Akyinnye biara nni sɛ asiane wom sɛ wobɛba sika tumi ase, na woayɛ n’akoa. Ɔkyerɛkyerɛfo nyansafo bi a ɔtraa ase mfe mpem abien ni bɔɔ ne “nnaadaa” no ho kɔkɔ na ɔde sika pii ho anigye totoo nsɔe a emia nnua a ɛsow aba ho. (Mateo 13:22) Bible no bɔ kɔkɔ nso sɛ “bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ” na ‘ɛde yaw pii wowɔ wɔn a wodi akyi no.’—1 Timoteo 6:10, NW.
Ampa, sɛ sika di tumi a, ɛyɛ owura otirimɔdenfo. Nanso, ɛwɔ afã bi a mfaso wɔ so wɔ nnɛ wiase yi mu—sɛ akoa.