Sika—W’akoa A Ɔyɛ Osetie
Glasgow Herald bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1968 ne 1986 mfinimfini mu hɔ no, wɔn a wɔanyinyin a wɔwɔ Great Britain a na wɔasie sika wɔ adansi akuw mu no dodow kɔɔ soro fi ɔha biara mu 15 koduu 64.” Nea ɛne no bɔ abira no, krataa no kae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ Kristofo Asɔre mu no dodow so atew.”
Wɔabu sika, anaa mamon, bere tenten sɛ ɛsɔre tia Onyankopɔn a akyinnye biara nni ho sɛ esiane Yesu nsɛm yi nti: “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, . . . Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon [ahonyade].”—Mateo 6:24.
Nanso wɔ bere koro no ara mu no, Bible no se: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Anaasɛ sɛnea ɔdɛɛmani bi ka no no: “Sika ka nyansasɛm wɔ ɔkasa a aman nyinaa te ase mu.”
Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ ahu sɛ sika ho ba mfaso mmom sen sɛ ebedi yɛn so?
Asetra mu Ahiade a Wɔma Ɛno Ara Dɔɔso
Aduan
Ntama
Dabere
Nea ɛwɔ atifi hɔ no yɛ ahiade ahorow. Wuhia na w’ani agye. Sɛnea Bible no ka no: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” Wunhia biribi bio ankasa. “Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ.”—1 Timoteo 6:7, 8.
Nanso sɛ sika a wunya no nnɔɔso sɛnea ɛbɛma woanya nea wususuw sɛ ɛyɛ ahiade no nso ɛ? Ɛnde ebia wubesusuw ho sɛ wubetu akɔ baabi a w’akatua bɛso w’ahiade. Nanso ɛha na ɛsɛ sɛ wode nokwaredi ne ahwɛyiye kari tebea no hwɛ, efisɛ Onyankopɔn Asɛm no kɔ so bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.”—1 Timoteo 6:9.
Fi nyansa mu tie saa afotu yi! Tie Kristoni ɔsomafo Paulo a ɔhyɛe sɛ “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu” no. (Hebrifo 13:5) Pɛɛpɛe wo ho mu na bisa sɛ: ‘So mema ahiade no ara dɔɔ me so? Anaasɛ me kɔn dɔ sɛ menya afɛfɛde?’
Ampa, sika betumi ama wɔanya nneɛma afoforo mu anigye. Bible se: “Ɔserew nti na wosiesie aduan, na nsã ma ateasefo ani gye, na sika na ɛyɛ ne nyinaa.” Nanso nneɛma afoforo a sika betumi atɔ no ho nhia na ama wɔanya nokware anigye.—Ɔsɛnkafo 10:19.
Sika Sohwɛ
Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ de sika ato baabi a ɛfata no, sɛ akoa? Ɛho hia sɛ wotra ase sɛnea wo sika a wunya no te. Sɛ nhwɛso no, Liz a yedii kan bɔɔ ne din no se: “Mprempren mihu sɛ nea ɛde m’abusua mu nsɛnnennen bae bere a na meyɛ abofra no yɛ sika a na wɔnhwɛ so yiye. Na yefiri ade, na enti na ɛka da yɛn so bere nyinaa. Eyi de adwennwen bae.”
Nokwarem no, ɛho behia sɛ wubu sika ankasa a wowɔ no ho akontaa yiye. Sɛ wugye w’akatua a, di kan te nea wode betua ahiade ahorow ho ka no to hɔ. Wɔ saa kwan yi so no, sika bɛyɛ akoa a ɔma onwini, sɛnea Ɔsɛnkafo 7:12 ka sɛ ebetumi ayɛ no.
Nneɛma a wohu sie wɔ ɔkwan a ntease wom so no yɛ sika sohwɛ fã a eye. Fa sika a wubehia de atua ɛka a ɛbɛba to hɔ. Nanso, kae sɛ sika fam daakye dwoodwoo asetra ho haw a wobɛma ahyɛ wo so no yɛ honam fam adepɛ dodow mu ade a epira ankasa.
Kae nso sɛ ebia sika a wowɔ no bi nyɛ wo de ankasa. So wokae bere a wobisaa Yesu asɛm fa towtua ho no? Ɔkae sɛ wɔmfa sika pa mmra na obisae sɛ: “Hena mfonini ne nkyerɛwee ni?”
Wobuae sɛ “Kaesare dea.”
Yesu buae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare.”
Enti, nniso ahorow a wɔde asisi hɔ no gye tow ma ɛfata ma wɔde atua dwumadi ahorow te sɛ akwahosan, nhomasua, ne akwantu nneɛma ho ka. Sɛ wopɛ Onyankopɔn anim dom a, ɛnde na wowɔ ɔhyɛ ase sɛ wutua sika a wɔatwa sɛ tow no.—Marko 12:13-17.
Ahiade Foforo
Wɔ aduan, ntama, ne dabere akyi no, ahiade foforo wɔ hɔ a yɛrentumi mmu ani ngu so a yɛmmfa nsɛnnennen a anibere wom mma yɛn ho so. So wubetumi ahu nea ɛyɛ saa ahiade no afi Yesu nsɛm yi mu: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi mu”?—Luka 16:9.
Ahonyade tumi di huammɔ. Ɛno de yɛn mu pii nim bere a yehu sɛ nneɛma bo a ɛyɛ den no hwim sika tumi a ɛde tɔ ade no kɔ no. Enti, ɛnde, bere tenten a yɛda so te ase no, yɛbɛpɛ sɛ yɛde yɛn sika di dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛafa wɔn a wobetumi agye yɛn akɔ “daa afi mu” no nnamfo so. Henanom ne saa adɛɛfo yi?
Yesu ankasa de mmuae no mae bere a ɔkae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Yiw, sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa wɔ yɛn mprempren asetra tiawa a amanehunu ahyɛ no ma yi akyi a, ɛho hia titiriw sɛ yɛfa yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu nnamfo.
Nanso, wubisa sɛ, ɔkwan bɛn so na metumi ayɛ eyi? Ebegye me dɛn? So eyi de anigye ankasa bɛba?
[Kratafa 8 mfoni]
Yesu nkyerɛkyerɛ ‘momfa Kaesare de mma Kaesare’ no de asɛyɛde to yɛn so nnɛ