Misuae Sɛ Medi M’abufuw So
NÁ BEAE no yɛ nea wonim dedaw no bi: Europafo asanombea bi a ɛte sɛ pii a na mebɔ nnwom wom no bi. Sɛnea yɛyɛ daa no, na mene me nnamfo anom nsa pii. Menkae nea enti a adetɔfo no binom betuaa yɛn no mpo.
Mekae sɛ ntɔkwaw sii. Na minnyinii na na me ho yɛ den na mebɔɔ adetɔfo no mu biako dennen araa ma obu faa ɔpon bi so. Afei misoo akongua bi mu na mifii ase boroo afoforo no. Wɔ simma kakraa bi akyi no, na obiara nni ɔdan no mu—gye sɛ nipadua a ɛnkeka ne ho a ɛda fam hɔ no nkutoo. Bere a mabɔ hu na mayɛ basaa no, mituu mmirika kɔɔ fie kɔkraa me yere a na migye di yiye sɛ wɔbɛkyere me na wɔabu me fɔ sɛ madi awu!
Nea enye no, na eyi nyɛ bere a edi kan a m’abufuw adi me so. Nanso nea ɛbɛyɛ na woahu nea enti a eyi te saa no, ɛsɛ sɛ wote me mfiasesɛm kakraa ase. Wɔtetee me wɔ Gipsifo abusua mu—ɛnyɛ wɔn a wɔntra faako no bi efisɛ na m’abusua no atra wɔn ankasa fie mu bere nyinaa. Na Papa taa bow nsa na ɔtwe me maame ho ninkunu denneennen. Na akasakasa a ano yɛ den abu so wɔ yɛn fi no mu.
Asetra kwan a akyiri yi midii akyi no nso nyaa me so nkɛntɛnso bɔne pii. Papa hwɛɛ ne ho sɛ odwontofo, na bere a midii mfe awotwe ara pɛ na midii n’akyi. Misuaa sankubɔ, na bere a midii mfe 13 no, na me nkutoo goru anaasɛ mene nnwontofo afoforo bom. Na eyi kyerɛ sɛ migoru wɔ ahohɔdan mu, asanombea, ayeforohyia apontow ase, mpɛn pii no anadwo mũ no nyinaa. Ankyɛ na misuae sɛ mɛnom nsa pii ne sigaret.
Aware ne Ninkuntwe
Eyi mu biara ammoa me amma mannya odwo nipasu. Aware mpo antumi amma mannwo m’ani. Midii mfe 19 no mewaree Gipsini abeawa fɛfɛ bi. Yedii Gipsifo amammerɛ akyi, na yɛmaa abusua panyin yɛɛ amanne no mmom sen sɛ yɛbɛma ɔsɔfo ayɛ. Mekae sɛnea ɔsoo mene m’ayeforo no nsa na ɔka boom a yɛn nsa yam hwɛ soro. Afei ɔhwiee mmosa guu nsa no biara mu. Na ɛsɛ sɛ menom nsa no wɔ ayeforo no nsa yam na ɔno nso yɛ mede saa ara. Efi hɔ no na wobu yɛn wɔ Gipsifo mu sɛ yɛaware wɔ mmara kwan so, ɛwom sɛ akyiri yi yɛkɔɔ kurow no asa so ma wɔkyerɛw yɛn aware no too hɔ de.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihui sɛ m’ankasa te ninkuntwe bɔne a na me papa yi adi no nka. Mifii ase boroo me yere a onnyinii no, na ɛtɔ mmere bi a mprenu wɔ dapɛn biako mu! Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ka ho na ɛma menom nsa pii sen bere foforo biara no. Eyi nso maa m’abufuw no yɛɛ kɛse. Bere bi na mene me Gipsifo ayɔnkofo kakra bi renom nsa wɔ me papa fie. Me nuabarima panyin fii ase totoo me yere ano. Esiane nsa a na mabow no nti, mituu mmirika kɔɔ fie kosoo me yere nsa twee no fii mpa so a ɔhyɛ atade a ɔde da nkutoo de no baa m’agya fie. Mema ɔkaa ntam wɔ mmeamudua anim sɛ nea na me nuabarima panyin no aka no nyɛ nokware!
Ɛwom sɛ ɔkaa biribiara ho ntam de, nanso me bo fuwii kɛse. Mede mmirika kɔɔ fie, mefaa abonnua, na mifii ase bubuu me dan no mfɛnsere. Me nuabarima foforo bae na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeso me mu. Misum no dennen araa ma ɔhwee ase wɔ atrapoe no so ma ne nsam bui.
Nsakrae
M’abufuw dennen no kɔɔ so a na minnii so araa bere bi kosii sɛ asɛm a mekae wɔ mfiase hɔ no sii, bere a misusuwii sɛ makum onipa no. Mekraa me yere no akyi no, mekɔɔ Roman Katolek asɔre a ɛwɔ hɔ no mu na mibuu nkotodwe wɔ ɔkwan no ano na mede nusu bɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ ne bɔne fafiri. Mehyɛɛ bɔ sɛ merenyɛ ade a ɛte saa bio da! Nanso nea ɛmaa me ahotɔ kɛse no, metee sɛ ɔbarima no anwu na mmom ne ho dwiriw no kɛkɛ.
Ɔkwan bi so no, mekɔɔ so tee adwenemhaw ne abasamtu nka. Nnansa akyi ne bere a meda so haw no, na mede keteke retu kwan akɔ adwuma. Aberantewaa bi fii ase kaa Onyankopɔn Ahenni, nniso bi a ebedi nsɛnnennen a ɛka adesamma nyinaa ho dwuma—nniso a ebeyi ɔyare, owu, ne awerɛhow afi asase so ho asɛm kyerɛɛ me! Na aberantewaa no yɛ Yehowa Adansefo mu biako. Esiane sɛ na migye Onyankopɔn di nti, mede anifere tiei. Nanso na nea aberantewaa no reka akyerɛ me no te sɛ nea ɛnyɛ paa ara. Mibisaa no sɛ, “Hena na obetumi ayɛ eyinom nyinaa? Obuae sɛ, “Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no bɛyɛ.”
Saa mmuae yi maa me akomatɔyam ankasa. Ɔmaa me nhomawa bi nso na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba abɛsra me wɔ fie. Ansa na ɔbɛba no, Adansefo afoforo baanu bɛsraa me na wɔde nhoma dedaw abiɛsa, Creation, Reconciliation, ne Riches a ne nyinaa yɛ nea Ɔwɛn Aban Asafo no na etintimii brɛɛ me. Awiei koraa no bere a aberantewaa a mihyiaa no keteke mu no bɛsraa me no, yefii ase suaa nhoma a ɛne “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” no.a
Minyaa nkɔso ntɛmntɛm. Wɔ asram asia mu no, mihu fii saa nhoma ahorow yi a mekenkanee no mu sɛ m’asɔre no nni hwee ma me. Mekɔɔ ɔsɔfo atrae hɔ na mibisae sɛ wonyi me din mfi wɔn asɔre no mu.
Abusua Ɔsɔretia
Nanso, mifii ase hui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ me nipasu mu nso. Ná minim ɔbea panyin bi wɔ faako a meyɛ adwuma no a na ɔyɛ Ɔdansefo. Mibisaa no sɛ: “So Adansefo no de wɔn ho hyɛ anigyede ne ayeforohyia ahorow mu?” Obuae sɛ: “Yiw, wɔyɛ. Nanso wɔbɔ wɔn bra wɔ Kristofo kwan so.” Mibisaa no nea ɛno kyerɛ.
“Wɔmmow nsa; saa ara nso na wɔnteɛteɛm anaasɛ wɔnnom sigaret.”
Efi saa bere yi rekɔ no, mannso sigaret mu bio. Wɔ me Bible sua no ɔsram a ɛto so abiɛsa no mu no, migyaee goru a mene me nnamfo nnwontofo no goru no mpofirim. Mihui sɛ fekubɔ bɔne a ɛte saa no besiw me nkɔso kwan.
Na eyi kyerɛ sɛ mehwehwɛ ɔkwan foforo a menam so bɛhwɛ me ho. Enti meyɛɛ adwuma sɛ ɔbantofo. Nanso, na m’adwuma foforo no mma minnya sika a na odwontofo a meyɛ no ma minya no. Enti me yere, m’agya, me nuabarimanom—nea tiawa mu no obiara a minim no—sɔre tiaa me na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma masan akɔ me kan asetra kwan no so bio. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, migyaee mmosa pii a menom no na mifii ase dii m’abufuw no so.
Ebia wubesusuw sɛ na me nsakrae ahorow no bɛma me yere ani agye. Nanso amma saa. Esiane sɛ na menhwe no anaasɛ mene no nkasakasa bio no nti, ɔtee nka sɛ mennɔ no bio! Ɛno ne Gipsini ɔbea nsusuwii. Afei Buronya bɛnee na mannyɛ ahosiesie biara a mede bedi. Na masua afi Bible no mu sɛ eyi nyɛ afahyɛ a Onyankopɔn pene so.b Nanso me yere ante eyinom mu biara ase. Ne bo fuwii araa ma ogyaw me, na ɔfaa yɛn mma baanan no kaa ne ho. Ɔkɔtraa n’awofo a wɔde nkra yi brɛɛ me no nkyɛn: Sɛ́ wubegyaw wo ɔsom foforo no anaasɛ worenhyɛn yɛn fie bio na wo yere no rensan mma wo nkyɛn bio!
Na eyi yɛ nhyɛso a emu yɛ den efisɛ na medɔ me yere ne me mma no yiye. Mepowee sɛ megyae mu, na wɔ adapɛn abien akyi no, me yere ne mmofra no san baa fie—a na nhyehyɛe biara nka ho. Ɛno akyi bere tiaa bi, bere a mihyiaa saa aberantewaa no akyi asram asia pɛ no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Ɔdansefo.
M’abufuw a Medi So
Ɛwom sɛ mprempren na meyɛ Kristoni a wɔabɔ no asu de, nanso na m’abufuw no a medi so no nyɛ mmerɛw ara. Nanso, ɛdenam Bible adesua ne mpaebɔ a ɔhyew wom so no, Yehowa maa me ahoɔden a mihia no.
Na ɛsɛ sɛ migyina me yere ɔsɔretia nso ano. Mpɛn pii no sɛ mebɔ mmɔden sɛ mesua Bible no a, ɔserew me. Sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛka biribi a merekenkan ho asɛm akyerɛ no a, ofi ase de ɛnne a emu yɛ den to nnwom de kata mede no so! Nanso, wɔ bere bi akyi no, me nipasu a asakra no nyaa ne so nkɛntɛnso. Mfe abien akyi no, ɔno nso bɛyɛɛ Yehowa ɔsomfo ɔnokwafo.
Bere tenten ni a anka mereyɛ akum obi wɔ saa asanombea no mu no. Efi saa bere no manya hokwan sɛ mesom sɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu ne sɛ mahu sɛ me mma no nyinaa agye nokware no gye obiako pɛ. Mene Kristofo ankasa a wonsuro me na mmom wofi wɔn pɛ mu ne me yɛ adwuma wɔ asɛnka dwumadi no mu na ɛyɛ adwuma wɔ asafo bi mu.
Yiw, m’ani agye mmoroso sɛ Bible mu nokware ahorow boaa me ma midii m’abufuw bɔne no so no.—Esiane sɛ saa asɛm yi ɔkyerɛwfo no te ɔman a nniso no abara Kristosom mu nti no, ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne din.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wontintim saa nhoma ahorow yi bio nnɛ.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Midii mfe 19 no mewaree Gipsini abeawa fɛfɛ bi
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Mifii ase boroo me yere a onnyinii no, ɛtɔ mmere bi a mprenu dapɛn biara
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
“Wɔmmow nsa; saa ara nso na wɔnteɛteɛm anaasɛ wɔnnom sigaret”