Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 30-31
  • So Apam Dedaw No Bere Atwam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Apam Dedaw No Bere Atwam?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Abakɔsɛm
  • Bible Anwonsɛm ne Nkɔmhyɛ
  • So Wɔbɔ Wɔn ho Abira?
  • So Mfaso Da So Wɔ “Apam Dedaw” No So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Apam Dedaw” Anaa “Hebri Kyerɛwnsɛm”—Emu Nea Ɛwɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Edin Yehowa Pue wɔ Apam Foforo no Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 30-31

Bible No Adwene

So Apam Dedaw No Bere Atwam?

◼ “Apam Dedaw no kyerɛkyerɛ ɔtan ne aweredi, ‘ani nsi ani ananmu na ese nsi ese ananmu.’ Apam Foforo a ɛkyerɛkyerɛ ɔdɔ ne fafiri no abɛhyɛ ɛno nyinaa ananmu.”

◼ “Ne tiatwa ara ne sɛ Apam Dedaw no ho nni mfaso mma nnɛyi Kristofo, enti ɛho nhia sɛ wɔkɔ so kenkan!”

SO ABA pɛn sɛ wokaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no bi, anaasɛ wotee sɛ ɔfoforo ka saa? So Apam Dedaw (Hebri Kyerɛwnsɛm) no awu, ne bere atwam, Apam Foforo (Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm) no abɛhyɛ ananmu ampa? Dɛn na Bible no ankasa ka?

Nea ɛyɛ anigye no, Apam Foforo no da no adi sɛ Mmara apam a na ɛyɛ apam a Onyankopɔn ne tete Israel yɛe no ayɛ dedaw na enti ɛnkyekyere Kristofo. (Efesofo 2:15; Hebrifo 8:13) Saa Mmara apam yi ka Apam Dedaw no ho. Nanso pii wɔ Apam Dedaw no mu sen Mmara Apam no!

Apam Dedaw no wɔ afã abiɛsa a ɛma ɛyɛ nea ɛho hia ma wo. Ɛne dɛn? (1) Abakɔsɛm a ɛfa nnipa ho, (2) anwonsɛm a ɛhyɛ den, ne (3) nkɔmhyɛ a ɛkanyan gyidi, a ne nyinaa ho hia kɛse ma nnɛyi Kristofo. Susuw sɛnea eyi te saa no ho.

Bible Abakɔsɛm

Apam Dedaw no mu nhoma 17 a edi kan, efi Genesis kosi Ester no kura abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Onyankopɔn ne nnipa dii fi adebɔ mu besi afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu ho. Nanso, eyi nyɛ abakɔsɛm a awu bi ara kwa! Sɛnea Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee no: “Na eyinom nyinaa [a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Apam Dedaw no mu no] ma wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn [Kristofo] a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.”​—1 Korintofo 10:11.

Dɛn nti na Paulo buu saa abakɔsɛm yi sɛ ɛho hia ma Kristofo a mfehaha a atwam no mfa ho no? Ne tiawa ara ne sɛ efisɛ sɛnea nnipa su nsakrae wɔ mfe no nyinaa mu no, saa ara na Onyankopɔn ankasa nsakrae. (Malaki 3:6) Kristoni suani Yakobo ka faa Yehowa Nyankopɔn ho sɛ: “Ɔno na nsakrae adannan sunsuma nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Owia sunsuma sakra fi nea ɛyɛ tiaa bi owigyinae no bɛyɛ tenten owiatɔe. Nanso Yehowa yɛ soronko. Ne nipasu nsakra.

Enti, yebetumi asua pii afi sɛnea Yehowa ne agyanom mpanyimfo no dii, sɛnea ɔne Israel dii wɔ Po Kɔkɔɔ no mu ne wɔ sare no so, ne sɛnea ɔne nnipa afoforo pii dii no ho abakɔsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Onyankopɔn hawee bere a Israelfo no som abosom anaasɛ wɔbɔɔ aguaman no, saa ara na sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛte saa mu a, n’ani nnye ho. (1 Korintofo 10:1-12) Ɛwom sɛ Mmara Apam no nkyekyere Kristofo de, nanso ɛma wonya Yehowa nipasu mu nhumu a mfaso wɔ so denam nnyinasosɛm a ɛwom no so.

Bible Anwonsɛm ne Nkɔmhyɛ

Nhoma anum a edi hɔ, efi Hiob kosi Nnwom mu dwom, no yɛ anwensɛm nhoma ahorow. Nanso saa nhoma ahorow yi yɛ nea ɛsen nhoma pa ara kwa, efisɛ emu nsɛm no kanyan obi wɔ honhom mu na mpɛn pii no egyina abakɔsɛm mu nsɛm so. Hena na Nnwom no nkanyan ne nkate? Na hena na ontumi nhu afotu pa a ɛfa nokwaredi, anibere, adesamma abusuabɔ mu nneɛma afoforo ho a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no? (Mmebusɛm 11:1; 14:30) Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma ahorow yi ho wɔ mfaso nnɛ sɛnea na ɛte bere a wɔkyerɛwee nea edi kan no.

Apam Dedaw no mu nhoma 17 a etwa to, efi Yesaia kosi Malaki no yɛ nkɔmhyɛ nhoma ahorow. Ekura tete Hebri adiyifo no nsɛm a wɔkae na ɛde Mesia no asase so mmae ho nkyerɛkyerɛmu fefeefe dii kan mae mfehaha pii. Asɛmpa kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Apam Foforo no mu no kyerɛ nkɔmhyɛ ahorow yi pii mmamu, emu nsɛm nketewaa mpo mu. Ampa, sɛnea nkɔmhyɛ ahorow yi yɛ pɛpɛɛpɛ no ho a yesusuw no hyɛ yɛn gyidi wɔ Yesu Kristo mu sɛ nea Onyankopɔn somaa no sɛ ommegye adesamma no mu den!

So Wɔbɔ Wɔn ho Abira?

Nanso so wobetumi aka nsonsonoe a ɛwɔ Apam Dedaw no ne Apam Foforo no mu no abom? Ma yɛnyɛ ho nhwɛso: Ebia agya bi de nteɛso ma ne mma baanu wɔ akwan a ɛsonsonoe so esiane abofra biara nipasu a ɛyɛ soronko no nti. Saa ara nso na ɛte sɛ ɔkwan a Yehowa faa so de afotu mae wɔ Apam Dedaw no mu maa Israel a na wɔyɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no denam awo so ɔman no bɛyɛ soronko afi afotu a ɛwɔ Apam Foforo a wɔde ma Kristofo asafo a wɔyɛ nnipakuw a wɔn ankasa apaw sɛ wobetu wɔn ho ama no no ho.

Enti, Bible no mu nhwehwɛmu a wɔyɛ no yiye kyerɛ sɛ saa afã abien yi ne wɔn ho mmɔ abira, na mmom wɔboa wɔn ho wɔn ho. Afã abien no nyinaa ho hia na ama ‘Onyankopɔn nipa ayɛ nea wɔasiesie no koraa.’​—2 Timoteo 3:16, 17.

Sɛ nhwɛso no, so Apam Dedaw no ma kwan sɛ obi ankasa bedi were bere a Apam Foforo no bara eyi ampa? Ɛnte saa koraa! N’abien nyinaa kamfo kyerɛ sɛ obi nnɔ n’atamfo, na ɛda no adi sɛ Onyankopɔn na aweredi wɔ no. (Fa Deuteronomium 32:35, 41 ne Mmebusɛm 25:21, 22 toto Romafo 12:17-21 ho.) Nokwarem no, sɛ Apam Dedaw no ka sɛ ‘ani nsi ani ananmu na ese nsi ese ananmu’ a, ɛnyɛ nea ɛrekyerɛ sɛ obi ankasa nyɛ bi ntua ka na mmom ɛkyerɛ asotwe a ɛfata a mmara asennibea a wɔahyɛ da ahyehyɛ de ma.​—Exodus 21:1, 22-25.

Dabi, Apam Dedaw no nyɛɛ dedaw anaasɛ ɛmmɔ ne ho abira. Bible no di adanse sɛ Apam Dedaw no te ase na eye ma Kristofo nnɛ sɛnea Apam Foforo no te no ara. Kae Yesu Kristo nsɛm no: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn [Yehowa] anom so.” Na ɛnyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkutoo na ɛka ho na mmom Hebri Kyerɛwnsɛm no nso.​—Mateo 4:4; fa toto Deuteronomium 8:3 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena