Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 12/8 kr. 27-29
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Pii Afi Kristofo Nhyiam Horow Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Pii Afi Kristofo Nhyiam Horow Mu?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adeyɛ a Edi Kan: Siesie Wo Ho
  • Adeyɛ a Ɛto so Abien: Nya mu Kyɛfa!
  • Adeyɛ a Ɛto so Abiɛsa: Fa Nea Wusua no di Dwuma
  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Kristofo Nhyiam Horow​—Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 12/8 kr. 27-29

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Pii Afi Kristofo Nhyiam Horow Mu?

“ASƆREKƆ a ɛso tew wɔ ɔkwan a ɛyɛ anibere so no kyerɛ sɛ asɔre no redi huammɔ wɔ ne mmofra adwene a ebenya na akura mu no mu.” Saa na Katolek sɔfo panyin Emmett Cardinal Carter kae. Wɔte amanneɛbɔ a ɛte saa ara wɔ wiase nyinaa.

Nanso, Nyan! a edii eyi anim no kyerɛe sɛ mmofra ɔpepem pii rehu sɛ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ wɔn mpɔtam hɔ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no yɛ soronko fi asɔreyɛ bosoo no ho. Nhyiam horow yi ma obi nya hokwan ankasa a ɔde benyin wɔ honhom mu. Ne nyinaa akyi no, kɔ a obi bɛkɔ nhyiam horow yi ara kwa no nkyerɛ sɛ ɔrenya mfaso afi mu.

Sɛ nhwɛso no, aberantewaa bi a ɔkɔɔ ne nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa so no kae sɛ bere a na ɔpɛ nnipa a ohyiaa wɔn wɔ hɔ no asɛm no, “wannte nea na ɛrekɔ so wɔ asɛnka agua no so no ase.” Na sɛ nhyiam horow no yɛ foforo ma wo a, nsɛm te sɛ “Harmagedon,” “nnipakuw kɛse,” ne “nkaefo” betumi ayɛ te sɛ amannɔne kasa a ɛma adwene tu fra ampa. Ɛdɛn, Bible no ankasa gye nsonsonoe no tom na ɛde Onyankopɔn nokware ahorow no toto “kasa kronn” ho.​—Sefania 3:9, NW.

Ɛwom sɛ saa “kasa” yi bɛyɛ te sɛ nea ɛma adwene tu fra nea edi kan no de, nanso mpa abaw. Janet a wadi mfe 15 a nnansa yi ara na ofii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no se: “Nea edi kan no misusuwii sɛ, ‘Dɛn na wɔreka ho asɛm yi?’ Nanso nkakrankakra no mafi ase rete nsɛm ahorow no ase.” Yiw, kasa foforo sua nyɛ mmerɛw. Amannɔne kasa ho nhoma bi se obi hia “ntoboase, pintinnyɛ wɔ adesua mu” ansa na watumi asua kasa foforo bi. Ɛkamfo “daa asuasua” kyerɛ. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ obi betumi asua Bible mu nokware kasa kronn no a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔkɔ faako a wɔka no, Kristofo nhyiam horow ase!

Nanso, daa nhyiamkɔ no yɛ mfiase kɛkɛ. Sɛ wubenya pii afi nhyiam horow no mu a, yɛhyɛ nyansa sɛ di adeyɛ ntiantiaa abiɛsa a edidi so yi akyi.

Adeyɛ a Edi Kan: Siesie Wo Ho

Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, n’asuafo no bisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi twam no?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn. Enti, wɔ osetieyɛ mu no, “asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee twam no.” (Mateo 26:17-19) Bere a na eyi yɛ nhyiam titiriw bi no, ɔkwan koro no ara da so yɛ nokware ma Ahenni Asa so dapɛn dapɛn nhyiam horow no. Nea ɛbɛyɛ na woanya pii afi mu no, ɛsɛ sɛ wo nso ‘wusiesie wo ho’ na ‘wototo nneɛma.’ Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ saa?

Anita a wadi mfe 16 no se: “Mayi mmere pɔtee bi asisi hɔ a mede sua nhoma ahorow a yɛde di dwuma wɔ nhyiam horow ase no.” Malene a wadi mfe 11 no de ka ho sɛ: “Ansa na yɛbɛkɔ nhyiam horow no, mibisa me na ma ɔkyerɛkyerɛ me nsɛm a emu yɛ den a makenkan wɔ Ɔwɛn-Aban mu no ase.” Wosua saa nsɛmma nhoma a egyina Bible so yi daa wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu. Anne a wadi mfe 13 no nso nya mmoa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fida biara, m’agya ne me sua Ɔwɛn-Aban mu adesua no fã. Na afei Memeneda no, yesua ɔfã a ɛto so abien no.” Dɛn na efi mu ba? Wɔba nhyiam horow no bere a wɔasiesie wɔn ho yiye wɔ adwenem. Wɔ nhyiam no ase no, wotumi nya nsɛm no pii ka ho. Anne se: “Wɔ saa kwan no so no, wutumi de wo ho hyem na adesua yɛ mmerɛw.”​—Fa toto Mmebusɛm 14:6 ho.

Ahosiesie betumi ayɛ nea pii ka ho bio. Simeon a wadi mfe 14 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mebobɔ nnwom a yɛbɛto wɔ nhyiam ase no so. Mebɔ kasɛt so nnwom no wɔ fie na meto di akyi. Ɛtɔ bere bi a me nuabarima kumaa no ka me ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Afei wɔ nhyiam no ase no, mitumi de ɛnne dennen to.” (Dwom 105:2) So nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a wubetumi ‘atoto’? Simeon toa so sɛ: “Yiw. Ɛda a edi hɔ ansa na nhyiam no adu hɔ no, mede me Bible, nnwom nhoma, ne adesua nhoma no hyɛ me bag mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛda a edi hɔ no, nea mɛyɛ ara ne sɛ mɛma so.”

Adeyɛ a Ɛto so Abien: Nya mu Kyɛfa!

Sɛ ɛba Onyankopɔn som mu a, na Yesu a na wadi mfe 12 no remmua n’ano. Bible no se wɔ Yerusalem asɔrefi no, wohui sɛ Yesu ‘retie, bisabisa nsɛm, rema mmuae.’ (Luka 2:46, 47) Emu kyɛfa a wubenya nso yɛ ɔkwan foforo a wobɛfa so anya mfaso afi nhyiam horow mu. Nanso, saa a wobɛyɛ no gye mmɔdenbɔ.

Fa otie sɛ nhwɛso. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ wubetie ɔkasa no taa yɛ den sen sɛ wobɛma bi.” Ade biako ne sɛ yetumi dwen ntɛmntɛm sen sɛnea obi tumi kasa bɛyɛ mpɛn anan. Dɛn na efi mu ba? Joseph a wadi mfe 11 no ankasa se: “Ɛtɔ mmere bi a wɔ nhyiam ase no m’adwene kyinkyin​—midwen me sukuu adwuma ho.” Ɛtɔ mmere bi a eyi to yɛn nyinaa. Enti fa ɔkwan bi a akyɛ so siw adwene a ekyinkyin yi ano. Na afeha a edi kan Kristofo no taa de nkuku a abobɔ asinasin ba wɔn nhyiam horow ase. Nhoma Aid to Bible Understanding kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a wɔte sɛ wɔkenkan Kyerɛwnsɛm ahorow no, wɔde adubiri kyerɛw wɔ nkuku mmubui no so.”

Ɛnnɛ, nhoma nketewaa a wokura wɔ wɔn nsam abɛhyɛ nkuku mmubui ananmu. Nanso nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw no da so ara di dwuma. Anita se: “Mekyerɛkyerɛw Kyerɛwnsɛm ahorow a wɔbobɔ din wɔ ɔkasa bi mu no; afei metumi atĩ ɔkasa no mu wɔ fie.” Michael a wadi mfe 16 no de ka ho sɛ: “Mekyerɛkyerɛw emu nsɛntitiriw no. Ɛma m’adwene tumi si so.” Nokwarem no, nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw boa wo ma ‘wuso nneɛma a woate no mu ma ɛboro so.’​—Hebrifo 2:1.

Sɛnea yedii kan kae no, abofraa Yesu bisaa nsɛm na ɔmaa mmuae. Mmofra pii nso nya nhyiam horow mu kyɛfa saa ara. Sɛ nhwɛso no, wɔ Suriname ɔman no mu no, nnansa yi nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ mmofra a wɔadi mfe 12 kosi 20 a wɔkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no du biara mu baason nya dapɛn dapɛn asemmisa-ne-mmuae dwumadi ahorow no mu kyɛfa.

Te sɛ Yesu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mmuae a ɛda ntease adi. Wɔnkenkan mmuae no mfi nhoma a wɔresua no mu ara kɛkɛ na mmom wɔka no wɔn ankasa nsɛm mu. Ebinom kyerɛw wɔn mmuae ahorow no wɔ nhoma ketewaa bi mu na wɔkenkan mmuae a wɔakyerɛw no foforo no wɔ nhyiam no ase. Wɔ asuasua bi akyi no, wɔde nhoma ketewaa no to hɔ, na nea ɛyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anigye no, wɔkasa fi wɔn komam tɔnn. Anil a wadi mfe 13 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ saa kwan yi so no afoforo nya pii fi mu, na saa ara na me nso meyɛ.”​—Mmebusɛm 15:28.

Ampa, ebia wobɛte nka sɛnea abofraa Anita yɛe no: “Na misuro sɛ mɛkasa.” Nanso ɛrenkyɛ wone Michael a mprempren ɔka eyi no bɛyɛ adwene: “Medɔ sɛ mɛma mmuae horow!” Mmebusɛm 15:23 se: “Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no.”

Adeyɛ a Ɛto so Abiɛsa: Fa Nea Wusua no di Dwuma

Adeyɛ a etwa to no ne sɛ wobɛhwɛ sɛ nea wusua no ‘yɛ wo mu adwuma.’ (1 Tesalonikafo 2:13) Eyi kyerɛ nea wusua no a wode bedi dwuma. Tammy a ɔyɛ abeawa kumaa bi wɔ United States no kyerɛkyerɛ mu se: “Fi bere a mekɔɔ nhyiam horow no, masakra kɛse.”

Ebia wo mfɛfo sukuufo behu saa nsakrae yi na wɔafi ase abisa wo ɛho asɛm. Eyi ma wunya hokwan sɛ wone wɔn bɛkyɛ ntetee a wunya wɔ nhyiam horow ase no. Eyi gye akokoduru, nanso akatua wom. Susan a ɔyɛ abeawa bi a ofi Canada no se: “M’ani gye ankasa sɛ medi me nnamfo a wɔwɔ sukuu mu no adanse.” (Mmebusɛm 3:27) Yiw, nea wusua no a wode di dwuma no de bi bɛka w’adesua mu anigye no ho.

Afotusɛm bi a etwa to ni: Suasua adeyɛ ahorow abiɛsa yi daa. Siesie wo ho ma nhyiam horow. Nya mu kyɛfa. Na afei fa nea wusua no di dwuma. Sɛ woyɛ saa a, wubenya Ahenni Asa so nhyiam horow no mu anigye akosi ase. Ɔkwan biara so no, ma nhyiam horow nyɛ ‘ade a woyɛ daa’ sɛnea na Yesu yɛ daa no.​—Luka 4:16.

[Kratafa 27 adaka]

Sukuu Adwuma ne Nhyiam Horow?

Anita se: “Mpɛn pii mɛba fie no na mewɔ sukuu nnwuma pii. Afei ɛbɛyɛ sɔhwɛ sɛ mɛka sɛ, ‘Megyae me nhyiamkɔ na mayɛ me sukuu nnwuma no.’” Ɛtɔ mmere bi a ebia wubehyia sɔhwɛ a ɛte saa ara. Nanso, ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra afoforo redi eyi ho dwuma?

Wanita se: “Meyɛ me sukuu nnwuma no bi ansa na nhyiam bere no adu hɔ, ne nea aka no bere a maba fie no akyi.” Ɔde ka ho sɛ: “Menna ntɛm saa anadwo ahorow no mu sɛnea meyɛ daa no, nanso mede nhyiam no adi kan!” (Mateo 6:33) Simeon de ka ho sɛ: “M’ani gye ho sɛ medi nkɔmmɔ wɔ nhyiam horow no akyi na metra mu kosi sɛ onipa a otwa to no bɛkɔ. Nanso sɛ mewɔ sukuu nnwuma a, mifi hɔ ntɛm ara bɛyɛ m’adwuma no.”

Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso so nhyiam horow no a mɛkɔ no renka me sukuu kyerɛwtohɔ?’ Yiw, nanso ɛnyɛ ɔkwammɔne so. Nokwarem no, ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Scotland kae sɛ Yehowa Adansefo mmofra “bɔ mmɔden wɔ sukuu mu . . . efisɛ efi mfiase pɛɛ no, wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔtra ase tie ne sɛnea wɔde nea wosua no bedi dwuma.”

[Pictures on page 28, 29]

Nea ɛbɛma woanya nhyiam horow mu anigye ne sɛ wubesiesie wo ho na woanya mu kyɛfa, na afei wode nea wusua no adi dwuma nso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena