Ahintasɛm Kɛse No
‘SƐ W’ANKASA wubetumi abisa Onyankopɔn asɛm biara a wopɛ a, dɛn na anka wubebisa?’ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Engiresi Aburokyiri nnansa yi daa no adi sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 31 pɛe sɛ wohu: “Dɛn na ɛba bere a yɛawu no?”
Sɛ wunya hokwan a, so ɛno na wubebisa?
Nhwehwɛmufo Mog Ball kyerɛw wɔ Death mu sɛ owu “yɛ ade biako a yenim ho asɛm yiye, na yɛne obiara a ɔte ase kyɛ saa nimdeɛ no.” Nanso, wɔ abirabɔ a nokware bi wom mu no, sɛnea Ball kɔ so ka no, “wɔ mpapahwekwa mu no ɛnyɛ nkɔmmɔbɔ asɛmti. Owu nyɛ biribi a wone nkurɔfo a wunnim wɔn yiye ka ho asɛm.”
Nokwarem no, nnipa pii mpɛ sɛ wodwen owu ho mpo. Sɛnea The World Book Encyclopedia ka no: “Nnipa pii suro owu na wɔbɔ mmɔden sɛ wobekwati ɛho a wobedwen.” Nokwarem no saa osuro yi yɛ nea wonnim ho suro efisɛ wɔ nnipa pii fam no, ɛyɛ ahintasɛm. Enti sɛ obi wu a, nkurɔfo ka nsɛm te sɛ “ɔdae wannsɔre,” “waka nkyene agu,” ne “watia ne nan akyi,” anaa kasakoa afoforo a ɛtete saa. Nanso esiane sɛ owu da yɛn nyinaa anim nti, so yɛrentumi nka nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no ho nsɛm penpen anaa?
Akyinnyegyefo bɛka sɛ yɛrebisa nsɛm a enni nnyinaso, sɛ ɛyɛ gyidi asɛm ara kɛkɛ. Sɛnea Encyclopædia Britannica ka no: “Owu nyɛ nkwa. Nanso, wobetumi de ani abu nea ɛyɛ no ara kwa.” Nanso, nhoma koro no ara ka sɛ: “Gyidi a ɛne sɛ nnipa kɔ so tra ase wɔ owu mu ɔkwan bi so no anya adesamma nsusuwii, nkate, ne nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse. Gyidi no wɔ nyamesom nyinaa mu, nea atwam ne mprempren nyinaa.”
Gyidi ahorow yi te dɛn? So ɛto nokware hann gu nea ɛba bere a yɛawu no so, anaasɛ owu da so yɛ ahintasɛm?