Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 12/8 kr. 4-7
  • Ahintasɛm No Mu Dɔ Ara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahintasɛm No Mu Dɔ Ara
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwasɛm a Wontumi Nnye Ntom
  • Amanne ne Gyidi Horow
  • Ahodwiragya ne Hell
  • Ɔsoro ne Nirvana
  • Dɛn Ankasa Ne Hell?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Hell Yɛ Beae Bɛn?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Dɛn na Aba Hellgya So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Gyidi A Atrɛw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Nyan!—1988
g88 12/8 kr. 4-7

Ahintasɛm No Mu Dɔ Ara

SƐ YETWA owupa ho hyia a yɛbɛn nokwasɛm no ankasa. Nanso, owu da so yɛ osuahu a ehunahuna nkurɔfo, ebɔ hu ankasa mpo sɛ wobesusuw ho. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ bere biara a obi wu no nea wɔde ani bu ne ahintasɛm ba no. Nkwa yɛ tiaa, na sɛnea Shakespeare kae no. “Owu bedi ne bere.”

Ɛnde, dɛn ne honam mu owu? Ɛno ne asemmisa a edi kan a ɛsɛ sɛ yebua.

Nokwasɛm a Wontumi Nnye Ntom

Sɛnea Encyclopædia Britannica kyerɛ no, wɔkyerɛ owu ase tiawa sɛ “nkwa a enni hɔ.” Ɛwom sɛ nnipa betumi agye atom sɛ ɛyɛ adebɔ mu ade sɛ mpataa, mmoa, ne nnomaa wu de, nanso n’ankasa nyansa ka kyerɛ no sɛ ɔdesani owu ba sɛ ɔtamfo, mpo sɛnea Bible kyerɛ no.a

Wɔ asase yi so abɔde nyinaa mu no, onipa nkutoo na otumi susuw n’ankasa wu ho. Ɔyɛ soronko nso wɔ n’awufo a osie wɔn no mu. Sɛnea Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu no, mpɛn pii no awufo a wosie wɔn wɔ amanne kwan so no “fi onipa a ontumi mfi nkate mu nnye owu ntom anaasɛ ɔpow sɛ obegye atom sɛ ɛyɛ ɔdesani nkwa awiei koraa no. Wɔ adanse a ɛyɛ hu a ɛfa sɛnea owu de nipadua porɔw ba akyi no, gyidi no akɔ so atra hɔ sɛ onii no mu biribi wɔ hɔ a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi.”

Sɛ́ nea afi mu aba no, wɔde atetesɛm a akyɛ ne gyidi hunu a ɛyɛ nwonwa kata amanne a ɛka owu ho ba no so.

Amanne ne Gyidi Horow

Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ awufo nnompe nkutoo na ɛwɔ tete ada pii mu na mmom nnuan ne anonne a wɔde siei a na wogye di sɛ owufo no behia saa nneɛma no wɔ ɔdamoa akyi ho adanse nso. Wokurukyerɛw nsase mfonini ne aniwa wɔ Misrifo nnua funnaka ho na akyerɛ wɔn a wɔanya wɔn baabi kɔ no kwan. Wogyaw nnwinnade ne onipa ho nneɛma te sɛ agude nso a na wosusuw sɛ owufo no ani begye sɛ obenya wɔ owu akyi asetra bi mu.

Wɔahu nkrampan binom a wɔdeda wɔn nkyɛn mu na wɔabɔ wɔn mu te sɛ abotafowa a ɔhyɛ awotwaa mu a abenfo binom akyerɛ ase sɛ ɛda obi a wɔsan wo no gyidi no adi. Na Helafo ne Romafo gye di sɛ ehia sɛ wɔde awufo twa Styx a ɛyɛ asaman wiase no mu asukɛse no. Charon a ɔyɛ adaemone ɔkorow harefo no na na ɔyɛ saa adwuma yi. Na wɔde sika pa a wɔde ahyɛ nea wawu no anom na etua n’adwuma no ho ka, adeyɛ a wɔda so yɛ besi nnɛ wɔ wiase mmeae pii.

A Dictionary of Religious Education se: “Emu da hɔ fann sɛ nyamesom titiriw biara wɔ sɛnea owu ba, owu ankasa ne owu akyi asetra ho gyidi ahorow.” Ampa​—na dɛn ntia? Efisɛ wontumi nnye ntom koraa sɛ wobesusuw nkwa mu asetra awiei ho. Adwene ho ɔbenfo Sigmund Freud kyerɛe sɛ: “Obiara nnye n’ankasa wu nni,” na wɔ bere a biribiara nni yɛn “[adwene] mu mu no, yɛn mu biara gye n’ankasa wu a ɔrennwu da di.”

Nsusuwii a ɛte saa no ma wofi awosu mu nya gyidi ahorow pii a abu so. Susuw emu atitiriw no bi ho.

Ahodwiragya ne Hell

Sɛ awufo te ase a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wɔwɔ baabi​—nanso ɛhe? Ɛha na asɛnnennen no wɔ, efisɛ ɛnyɛ wɔn a wɔawuwu no nyinaa na wɔyɛ abɔnefo anaa papafo. Ɛde gyina atɛntrenee adwene titiriw bi so no, onipa fi atetesɛm mu akyekyɛ awufo mu, wayi papafo no afi abɔnefo no ho.

Rabifo adwene sɛnea wɔatintim wɔ The Jewish Encyclopedia mu no kenkan sɛnea edidi so yi: “Wɔ atemmu da a edi akyiri no mu no, akra akuw abiɛsa na ɛbɛyɛ nea ɛwɔ hɔ: wɔbɛkyerɛw treneefo no din ntɛm ara ama daa nkwa; abɔnefo no ama Gehena; nanso wɔn a wɔn papa ne wɔn bɔne kari pɛ no bɛkɔ Gehena na wɔbɛtɛn ani akɔ soro aba fam akosi sɛ wɔn ho befi ma wɔapue.” Pii behu ahodwiragya nkyerɛkyerɛmu wɔ asɛm a etwa to yi mu.

Nea ɛyɛ anigye no, bere a New Catholic Encyclopedia reka nea asɔre mpanyimfo kyerɛ wɔ ahodwiragya ɔkyerɛkyerɛ no ho ho asɛm no, ɛkyerɛ tiawa sɛ: “Awiei koraa no, [Roman] Katolek kyerɛkyerɛ a ɛfa ahodwiragya ho no gyina atetesɛm so, ɛnyɛ Kyerɛw Kronkron so.” Eyi nyɛ nwonwa efisɛ asɛm no mpue wɔ Bible mu, na wɔnkyerɛkyerɛ nsusuwii no wɔ hɔ. Na Gehena a ɛhɔ na The Jewish Encyclopedia kyerɛ sɛ abɔnefo kɔ no nso ɛ?

Gehena yɛ Hela asɛmfua a wɔfa fii Hebri asɛmfua geh hin·nom’, a egyina hɔ ma Hinom Bon a ɛda ɛde rekɔ Yerusalem kusuu fam atɔe hɔ no. Na ɛyɛ baabi a wɔde mmofra bɔ afɔre wɔ mmere a atwam mu ma onyame Molek na sɛnea The Jewish Encyclopedia kyerɛ no, “esiane eyi nti, wobuu bon no sɛ wɔadome no, na enti ankyɛ na ‘Gehena’ yɛɛ nea ɛne ‘hell’ yɛ pɛ wɔ nsusuwso kwan so.”

The World Book Encyclopedia se: “Sɛnea nyamesom ahorow pii kyerɛ no, Hell yɛ beae bi anaasɛ ɔman bi a adaemone te hɔ, faako a wɔtwe nnipa abɔnefo aso wɔ owu akyi.” Eyi yɛ ɔkyerɛkyerɛ a Kristoman asɔre binom ne nyamesom afoforo da so de nnamyɛ kyerɛkyerɛ. Nea afi mu aba ne sɛ nnipa pii anya osuro ankasa sɛ wɔbɛkɔ hell.

Engiresini ɔkyerɛwfo Jerome K. Jerome kyerɛwee wɔ afe 1926 mu sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, na nnipa a wɔwɔ nyamesuro kɛse pii gye Hell ankasa tom sɛ ɛyɛ nokwasɛm. Wɔrentumi ngugu amanehunu a ɛde baa abofra a ɔde n’ani bu ade no so no mu. Ɛma metan Onyankopɔn, na akyiri yi, bere a m’adwene mu rebae no mepow nsusuwii no sɛ ntease nnim na mekasa tiaa nyamesom a ɛkyerɛkyerɛ no.”

Nea w’adwene yɛ wo hell ho biara (hwɛ adaka a ɛka ho wɔ ha, “Hell ne Gehena​—Nsonsonoe a Ɛwom” no mu pɛ nsɛm no pii) no, pii kyerɛ sɛ anigyebea a wɔbɛkɔ no yɛ ɔsoro anaa Nirvana.

Ɔsoro ne Nirvana

The Catholic Religion​—A Manual of lnstruction for Members of the Anglican Church kyerɛ sɛ: “Ɔsoro ne beae ne anigye a enni awiei tebea a nhyira wom wɔ Onyankopɔn ne n’abɔfo kronkron ne akronkronfo no Anim.” Ɛde ka ho sɛ: “Nea ɛka ho nso ne wɔn a na yɛdɔ wɔn wɔ fam ha a wowuwui wɔ anuonyam mu a yɛne wɔn bɛka abom daa ne sɛnea yɛbɛyɛ papa wɔ pɛyɛ mu ne kronkron daa.”

Ɔkwan foforo so no, Nirvana da Buddafo gyidi a ɛne sɛ wobetumi anya “asomdwoe ne nhyira a ɛyɛ pɛ” tebea bere a “owu ne wo a wɔsan wo obi kyinhyia a ɛkɔ so daa na emu yɛ yaw” no ba awiei koraa no adi. Akwan no biara so no, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa Nirvana no, nyamesom ka saa asetra yi mu amanehunu a ebegyae na asetra wɔ asomdwoe ne anigye kɛse wiase bi mu adi akyi aba nsiesiei ho asɛm kyerɛ yɛn.

So saa nkyerɛkyerɛ a wɔne wɔn ho bɔ abira yi boa yɛn ma yebua asemmisa, Dɛn na ɛba bere a yɛawu no? Anaasɛ ahintasɛm no mu kɔ so dɔ? Yɛbɛyɛ dɛn agye adi yiye sɛ nea yɛpaw sɛ yebegye adi no yɛ nokware? So nyamesom rekyerɛkyerɛ nokwasɛm anaa ayɛsɛm?

Nea ɛbɛba yɛn so wɔ owu akyi no bɛkɔ so ayɛ ahintasɛm​—gye sɛ yetumi bua asemmisa a ɛyɛ nnyinaso a ɛno nkutoo na ekura safe no: Dɛn ne ɔkra no? Eyi ne nea edi hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no, 1Ko ti 15, nkyekyem 26.

[Kratafa 6 adaka]

Amu a Wɔde Hyɛ Nwininwini mu ne Daa Nkwa a Owu Nnim?

Amu a wɔde hyɛ nwininwini mu ne ɔkwan a ɛma wotumi kora awufo so wɔ onwini a ɛba fam koraa mu. Wɔde nipadua mũ no nyinaa to kankyee bi a naitrogen nsu ahyɛ no ma mu wɔ onwini nsusuwii a ɛyɛ -385°F. mu, anaasɛ wɔn a wɔhwehwɛ adeyɛ a ɛte saa no betumi apaw sɛ wɔbɛyɛ “adwenem ayarefo” a nea ɛkyerɛ ne sɛ eti no nkutoo na wɔbɛkora so. Britania adwumakuw bi a wɔkamfo amu a wɔde hyɛ nwininwini mu kyerɛ no titrani se: “Minnye owu akyi asetra nni wɔ nyamesom mu ntease mu, nanso m’ani gye asetra mu na misusuw sɛ nkwa asetra a ɛba awiei no yɛ adebɔne.” Adwene a ɛwɔ adetɔn no akyi ne sɛ daakye bere bi mu no, nyansahu betumi ama wɔasan anya nkwa, na mpo ayɛ nipadua foforo ama eti a wɔatwitwa no. “The Sunday Times” bɔ amanneɛ sɛ eyi yɛ ɔkwan biako a wɔnam so “benya daa nkwa a owu nnim.”

[Kratafa 7 adaka]

Hell ne Gehenna​—Nsonsonoe a Ɛwom

Asɛmfua “hellgya” no yɛ sɛnea wɔka “Gehena” a ɛne edin a na wɔde frɛ tete sumina a na ɛwɔ Yerusalem kurow no akyi na Yesu de saa asɛm no dii dwuma sɛ daa ɔsɛe ho mfonini no wɔ Engiresi kasa mu. (Mateo 10:28) Ɛnde, hell ankasa (a wɔkyerɛɛ ase fii Hebri asɛm “she’ol’” ne Hela asɛm “hai’des” mu) no nso ɛ? Sɛ ɛyɛ baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade a, so anka obi bɛpɛ sɛ ɔkɔ hɔ? Ɛyɛ den. Nanso, agya panyin Hiob bisaa Onyankopɔn sɛ ɔmfa no nsie hɔ. (Hiob 14:13) Yona kɔɔ Bible hell no mu wiei bere a na ɔwɔ apataa kɛse no yam no na ofi hɔ bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ onnye no. (Yona 2:1. 2) Bible mu hell no ne adesamma adamoa a ɛyɛ faako a wɔn a wɔawuwu home wɔ Onyankopɔn ɔdɔ nkae mu retwɛn owusɔre no.​—Yohane 5:28, 29.

[Kratafa 5 mfoni]

Wɔyɛɛ ani wɔ tete Misrifo funnaka ho a na wogye di sɛ ‘ɛbɛma akra a wɔawuwu no atumi ahwɛ abɔnten’

[Asɛm Fibea]

Courtesy of the British Museum, London

[Kratafa 7 mfoni]

Nnɛyi Hinom Bon, ɛwɔ Yerusalem kusuu fam atɔe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena