Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 1/8 kr. 8-11
  • Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotew​—Emu Mfaso Horow
  • Abusua Biakoyɛ
  • Ahobammɔ Akwan
  • Su a Eye
  • So Wubedi Asɛnnennen no ho Dwuma?
  • Ahotew—Dɛn Nti Na Ɛho Hia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahwɛ Fie So?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Akwan 6 a Wobɛfa So Abɔ W’akwahosan Ho Ban
    Nyan!—2003
  • Ahotew Ho Hia Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 1/8 kr. 8-11

Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi

Efi Kenya Nyan! kyerɛwfo hɔ

ABOFRA no teɛm sɛ: “Mamaaa, nakufa!” Ɛkyerɛ sɛ, “Mama, merewu!” So wɔredi no awu? Dabi, abofra ketewaa bi gyina guasɛn mu na ne na retwitwiw ne ho fefeefe. Wɔ ɔsɔretia dennen no nyinaa akyi no, Ɛna wie n’adwuma no!

Nsɛm a ɛtete saa no abu so wɔ Afrika wɔ mmeae a ahia wɔn kɛse no mpo. Nanso, ahotew gyinapɛn mu a wobekura no nyɛ mmerɛw. Afrika wim tebea hyehyeehye no ma aprapra adwuma yɛ den yiye. Mfutuma bɔ gu ɔdan mu baabiara. Sikasɛm mu tebea a asɛe ma aprapra, nneɛma siesie​—ne nsu mpo​—ho yɛ na ma pii. Wɔ mmeae a ɛsɛ sɛ mmea nantew akwansin pii ansa na wɔakɔsaw nsu no, ntease wom sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde ade a ɛsom bo kɛse yi bɛhoro nneɛma.

Nkurow akɛse ne nkuraase nnipa a wɔn dodow rekɔ anim no nso de akwahosan ho nsɛnnennen ba. Ɛkã a ɛso abuebue, nwura pii a wɔnsesaw, ɔmanfo nyinaa tiafi a ɛso ayeyɛ fĩ, nkura, ntɛfrɛw, ne nwansena a wɔde nyarewa nam abɛyɛ nea wohu daa.

Bio, ahotew a ɛfata ho nimdeɛ a wonni abu so. Nkurɔfo sɛe nsu a wonnim sɛnea ebetumi adi awu no. Wɔma nkura ne mmoa afoforo a wɔde nyarewa ba kwan​—mmofra de wɔn di agoru mpo.

Ahotew​—Emu Mfaso Horow

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua horow yɛ nea wobetumi nyinaa na wɔbɔ ka mpo ma nneɛma ho tew? Efisɛ ɔyare mmoawa ne mmoawa a wodidi afoforo ho pɛ baabi a efĩ wɔ. Enti ade a ɛyɛ tiaa te sɛ aguare betumi de nsonsonoe aba owu ne nkwa ntam ama wo ba! Ampa, ahotew ma ofie ka yɛ kɛse. Ebia nsu a wobeguare no bo yɛ den na ɛyɛ den sɛ nsa bɛka. Nanso aduru bo yɛ den kɛse koraa. Samina, nnuru a wɔde siw nsan ano, daagyere, nkura firi, ne nwura adaka nso sɛe sika nanso ennu nea oduruyɛfo begye.

Nea ɛyɛ anigye no, wɔ Bible mu no nsɛm a ɛfa ‘ahotew,’ “kronn,” ne ‘hohoro’ ho no pue bɛboro mpɛn 400. Na Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no wɔ ahyɛde pɔtee a ɛhyɛɛ honam fam ahotew ho nkuran. (Exodus 30:18-21; Deuteronomium 23:11-14) “Dɔ wo yɔnko” ahyɛde no kanyan Kristofo ma wɔma wɔn ho ne wɔn afie tew.​—Mateo 22:39.

Adaka a ɛwɔ kratafa 10 no bobɔ nneɛma bi a etumi boa a wobetumi ayɛ wɔ fie no din. Nnyinasosɛm no tumi yɛ adwuma wɔ asase biara so. Nyansahyɛ ahorow no mu binom, te sɛ daagyere a wode betwitwiw fam (ma enti woatuatua ntokuro nketenkete no) ne nwura adaka a wobɛkata so no remma nkoekoemmoa ne mmoawa afoforo a wɔde nyarewa ba mma wo fie hɔ. Ɛnyɛ mfutuma nkutoo na apon ne mfɛnsere mu ntokuru a wubesiesie no besiw no kwan na mmom mmoa nketenkete a wɔhaw adwene nso. Sɛ biribi foforo ka ho bio a, ɛne sɛ ahotew bɛma wo fie ayɛ beae pa a ɛsɛ sɛ wɔtra!

Abusua Biakoyɛ

Bere a ɔbea warefo bi ahwehwɛ nea wɔabobɔ din no mu akyi no, obetumi ayɛ daa aprapra nhyehyɛe bi. Sɛ abusua no mufo nyinaa yɛ biako a, ɛho nhia sɛ nhyehyɛe no yɛ adesoa.

Sɛ nhwɛso no, Jecinta yɛ ɛna bi a ɔwɔ mma baawɔtwe na wɔte ɔdan ketewaa bi mu wɔ Afrika Apuei Fam kurow bi mu. Bere a wobisaa no sɛnea otumi siesie ne fie kama saa no, obuae sɛ: “Obiara asua sɛ ɔbɛdi ne fã ho dwuma. Sɛ obi hwie biribi gu a, wɔma no ntamagow anaasɛ ade foforo a ɔde bɛpopa so. Yɛakyerɛkyerɛ wɔn sɛ obiara mma ne ho ntew bere a odidi no.” Agya nso betumi ne ne yere ayɛ biako na waboa ne mmɔdenbɔ no. Ɔno nso betumi anya mmofra a wɔtete wɔn fi mmofraase ma wɔn ho tew no mu kyɛfa.

Ahobammɔ Akwan

Ɛtɔ da a obi betumi ama aprapra adwuma no so atew denam ahobammɔ akwan bi so a ɔbɛfa no so. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wunnua nsensan ne nnua wɔ wo fie no ho sɛnea ɛbɛyɛ a mfutuma so bɛtew? Anaasɛ dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubegye ban afa beae bi a ɛbɛn wo fie no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wo mma no benya baabi a ɛhɔ tew adi agoru? Sɛ nkyereso a ɛyɛ hu wɔ mo mpɔtam hɔ a, so ebetumi ayɛ yiye sɛ mubenya baabi a wɔnkyeree so pii akɔtra hɔ? Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ wobɛnantew kakra akɔ adwuma, nanso ebetumi ayɛ nea ɛfata mmɔdenbɔ no.

Afei nso, bɔ mmɔden to nneɛma bi a ɛho nni mfaso a wode asie no gu. Eyi betumi ama wo ne no ade ne ho afi nwura a ɛho nhia ho. Na sɛ osu tɔ na ɔkwan a ɛkɔ wo fie no so yɛ dontori a, dɛn nti na wommfa mmosea ngu so? Sɛ wowɔ tiafi a ɛwɔ wo fie no akyi a, dɛn nti na wommfa safe nto mu na afoforo ankɔyɛ so fĩ?

Su a Eye

Nnya gyidi bi sɛ nea wotumi hu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɛho tew. Ebinom te nka sɛ bere a ɛho hia sɛ ofie anim tew no, mfikyiri no de betumi afuw; sɛ ɛsɛ sɛ ɔdan a wɔtra mu no mu yɛ kama, nanso nea wɔda mu no mu betumi ayɛ basaa anaasɛ nsa ano nsensanee ne wusiw betumi ama mukaase afasu ho ayɛ tumm. Saa nneɛma a wɔne wɔn ho nhyia yi kae yɛn Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Farisifo no: “Mutwiw kuruwa ne abeyaa akyi, na emu de, dwowtwa . . . ahyɛ no ma. . . Twiw kuruwa no mu kan, na akyiri nso afi.” (Mateo 23:25, 26) Yegye tom sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ofi no ho baabiara bɛtew nwann bere nyinaa. Nanso anyɛ yiye koraa no so ɛnyɛ botae pa sɛ ahotew bedi so wɔ wo fie​—a ɛnyɛ sɛ afã bi nkutoo?

Afei nso ɛrenyɛ papa sɛ wubenunu ofiewura no sɛ ɔno na ɔmma ɛhɔ ntew. Ampa, ebia na wɔde nnuru kaa ɔdan no ho akyɛ, nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔrentumi nhohoro afasu no ho. Na ebia wubetumi ne ofiewura no ayɛ nhyehyɛe bi sɛ w’ankasa wubedi ofie no mu siesie no bi ho dwuma​—na ɔde atew wo dan ka no so.

So Wubedi Asɛnnennen no ho Dwuma?

Joseph a ɔyɛ Afrika abusua bi ti no gye tom sɛ: “Mfiase no mannye anni.” Na ɔreka Bible mu ɔkasa bi a ɛfa ahotew ho a otee no ho asɛm. N’abusua no te nnuadan ketewaa bi a ɛhyɛ afipamfo dumien ntam mu. Wɔwɔ ɔmanfo nyinaa tiafi biako ne ne kwan a wɔmmɔe. Nanso, Joseph ne n’abusua no fii ase de saa Bible nnyinasosɛm ahorow yi dii dwuma wɔ wɔn fie. Joseph se: “Mprempren me mma no hyɛ mpaboa, yɛpopa yɛn nan ho, yɛde samina ne nsu hohoro yɛn nsa na yedi ahotew akwan afoforo akyi.” Dɛn na afi mu aba? “Me ho dwiriw me. Mmofra no ntaa nyareyare koraa, na yɛmmɔ ayaresabea ho ka pii no bio.”

Enti ɛdenam ɛka ne mmɔdenbɔ a sɛ wɔde toto ho a esua so no, awofo a wɔwɔ nsase a afei na wɔrenya nkɔso so no betumi ama wɔn afie mu ayɛ mmeae a ahobammɔ wɔ, baabi a ɛhɔ tew ma wɔne wɔn mma. Nanso, ɛda adi sɛ pii wɔ hɔ a ehia sɛ wɔyɛ na wɔde di aman a afei na wɔrenya nkɔso no akwahosan ho nsɛnnennen no ho dwuma. So ntease wɔ hɔ a enti wobetumi agye adi sɛ mmɔdenbɔ a emu trɛw bedi yiye?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Samina, nnuru a wɔde siw nsan ano, daagyere, nkura firi, ne nwura adaka sɛe sika nanso ennu nea oduruyɛfo gye

[Kratafa 10 adaka]

Ofie a Emu Tew​—Nneɛma bi a Ɛsɛ sɛ Wohwɛ

Tiafi:

Bu nsu gu mu bere a wode adi dwuma awie no

Wɔ amoa tiafi so no, fa nnuru kunkum nkoekoemmoa

Sɛ wufi tiafi so afa samina ne nsu hohoro wo nsa

Taa fa nnuru a esiw nsan ano hohoro tiafi adaka no ne tiafi dan mu nneɛma afoforo nyinaa

Mukaase:

Fa samina ne nsu hohoro wo nsa ansa na woanoa aduan ne bere a wokyekyɛ no

Pɛ nwura adaka a ɛwɔ ti; to nwura no gu bere nyinaa

Mma ade nkye nkuku fĩ so

Hohoro nnuadewa ne nnuaba ho yiye ansa na wode adi dwuma

Sɛ wonoa aduan wɔ adiwo a, mma nkankyee ne nkuku no nka fam. Mma mfutuma mmɔ ngu aduan mu

Hohoro ntwea so ne nnaka ho dapɛn biara

Fa nsuhyew hohoro abofra ntoa nyinaa

Wɔ faako a nsu yɛ fĩ no, noa nsu a monom no

Ofie:

Fa ntama fĩ a wɔrebɛhoro no gu kɛntɛn anaa adaka bi mu

Fa nsu pa horo ntama daa

Fa daagyere twitwiw apon, fam, ne nkongua a wɔde nnua ayɛ no bere ne bere mu

Popa afasu, apon, ne akanea ho na ɛho ntew nwann

Hohoro mfɛnsere mu

Sum nkura firi na kunkum wɔn; kunkum ntɛfrɛw ne nkoekoemmoa afoforo

Hwehwɛ mpa mu bere ne bere mu hwɛ sɛ nsonkuronsuo ne mmoawa afoforo aba mu

Fa kɛtɛ bi anaa ntamagow a wɔafɔw no kakra sɛw ɔkwan ano ma wɔmfa mpopa nan ho

Tuatua ntokuru a ɛwɔ afasu ne apon mu ne fam a apaapae

Fa mfɛnsere mparow a abobɔ no bi hyehyɛ mu

Siesie mpikyi ne nkongua a wɔadura ho a ɛho atetew no

Mfikyiri:

Hyew nwura anaasɛ kata so

Yi nnipa anaasɛ mmoa bin fi hɔ anaasɛ kata so

Dan nsukã a ɛso abue no kwan mma ɛmmfa mfikyiri hɔ denam ɛkã a wubetwa no so

[Kratafa 11 adaka]

Kyerɛkyerɛ Wo Fifo​—Nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ a ɛbɛma mo mpɔtam hɔ atew

Sɛ sɛ wɔrehyɛn ofi anaa ɔdan bi mu a wɔmpopa wɔn anan ho

Sɛ wɔnhyɛ mpaboa

Sɛ wommu nsu ngu tiafi mu bere a wɔawie no

Sɛ wɔmfa samina ne nsu nhohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ tiafi awie no ne ansa na wɔadidi

Sɛ wɔmpopa wɔn hwene ano

Sɛ wɔnhyɛ shirt, trousers, anaa atade bi bere a wɔte fam no

Nea ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka:

bin

nkura

ntɛfrɛw

nwura

akraman a wɔnenam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena