Mmofra Bisa Sɛ . . .
Nseku—Bɔne Bɛn na Ɛwɔ Mu?
“Wɔ [mmofra a wonnii mfe aduonu] . . . de wɔn bere gyinagyinaa mmeae ahorow dii nseku kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho.”—Socrates, bɛyɛ sɛ 400 A.Y.B.
SO WATE nea aba no?’ ‘Wususuw sɛ ɛyɛ dɛn?’ ‘Twɛn kosi sɛ wobɛte eyi!’ ‘So wubetumi de kokoam asɛm bi asie?’ Eyinom nyinaa yɛ sɛnea wofi ase ka afoforo kokoam nsɛm kyerɛ, wɔn ho nsɛm a ɛtwetwe adwene na ɛyɛ ahodwiriw—suban a wonim no titiriw sɛ nsekudi.
Sɛnea na ɛte wɔ Socrates bere so no, mmofra titiriw na wɔn ani da so ara gye suban yi ho, na nhwehwɛmufo frɛ nseku sɛ amansan mu ade a wohu wɔ mmusua, bere ne amammerɛ nyinaa mu. Ɛdɛn, sɛnea Journal of Communication kyerɛ no, mmofra nketewa mpo di nseku, “fi bere a wotumi kasa na wotumi fi ase hyɛ afoforo nsow no.”
Nseku yɛ mmea nkutoo suban, so ɛyɛ nokware? Ɛyɛ atoro! Nhwehwɛmufo Levin ne Arluke yɛɛ mmea ne mmarima a wɔyɛ kɔlegefo nkɔmmɔbɔ ahorow mu nhwehwɛmu. Dɛn na wohui? Ɛdaa adi sɛ mmarima anigye nsekudi ho te sɛ mmea ara pɛ!
Nanso, dɛn nti koraa na yɛn ani gye nseku ho saa? So ntease pa wɔ hɔ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho?
Nseku—Papa, Bɔne ne nea Ɛyɛ Tan
Nseku yɛ kasa ara kwa. Nanso, ɛntaa ntwe adwene nsi nneɛma horow so na mmom sintɔ, nkogudi, nkonimdi ne amanehunu ahorow so. Ɛho nhia sɛ kasa a ɛte saa no yɛ nea epira anaasɛ ɛka afoforo ho asɛmmɔne. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ nnipa su sɛ wɔbɛma wɔn ani agye nnipa afoforo ho. Bible no mpo tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnhwehwɛ nsɛm a yɛn nkutoo ani gye ho na mmom nea afoforo nso ani gye ho.’—Filipifo 2:4.
Ɛnde sɛ wɔde ahwɛyiye kyerɛ nseku kwan a ebetumi ayɛ nsɛm a ɛho hia a wɔde ma afoforo ara kwa. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na wubehu sɛ Owurayere Jones yare na ohia obi ma wakodi gua ama no, ne sɛ w’adamfo John werɛ ahow esiane adwuma a ofi sukuu ba a ɔyɛ a afi ne nsa no nti, anaasɛ Sally a wo ne no bɔ fipam no retu akɔtra beae foforo? So ɛsɛ sɛ wɔhyɛ da bɔ wo amanneɛ? Dabi, nea ɛtaa ba ne sɛ yɛtaa te nsɛm a ɛte saa yi fi nkɔmmɔbɔ—nsekudi mu, sɛnea yɛbɛka no saa a.
Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Bible no mu de gyinaa hɔ maa “nsekufo” no fi adeyɛ asɛm a na ɛkyerɛ sɛ “nsɛm abu wɔn so” no mu. (1 Timoteo 5:13; A Greek-English Lexicon, a Liddell ne Scott yɛe) Eyi kae yɛn nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:19 no: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.” Nkɔmmɔbɔ mu mmara pa no kyerɛ sɛ dwen ansa na woakasa!
Nsonsonoe a ɛda nseku a empira ne nea epira ntam no betumi ayɛ nea esua yiye. Asɛm tiaa a wobetumi de aka amanneɛbɔ a ɛne sɛ ‘John nyɛ adwuma wɔ ahɔhodan no mu bio’ ho ne sɛ ‘ɛda adi sɛ John ntumi ntra adwuma biako mu’—ntwiri! Ɛtaa ba sɛ obi ho asɛmpa a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka no mpo tumi kyea. Nea ɛyɛ mmerɛw sɛ ebedi asɛm, ‘Judy ne osuani a onim ade sen biara wɔ kuw no mu’ akyi ne sɛ, ‘Nanso so woahyɛ sɛnea osiesie ne ho no nsow?’ Na mpɛn pii no, nseku tumi bɛyɛ nea ɛyɛ tan, nea wɔnam so ma afoforo te obi ho atosɛm a ɛyɛ ntwiri ne nkɔnkɔnsa.
Nseku Bɔne—Nea Enti a Ɛba
Ɛnde, dɛn nti na mpɛn pii no nseku dan nea ɛyɛ bɔne no? Ade biako ne sɛ, ‘koma yɛ ɔdaadaafo,’ na ɛtaa ba sɛ kasa a wɔka tia afoforo no mee pɛsɛmenkominya nkate ahorow bi.—Yeremia 17:9.
Connie a ɔyɛ abofra no gye tom sɛ, “ɛma wo nya nkate sɛ wo ho hia sɛ wunim biribi a afoforo nnim.” Na saa “biribi” no taa yɛ nokwasɛm bi a ɛfa obi ho. Ɛkame ayɛ sɛ ebinom te nka sɛ sɛ wɔma afoforo sintɔ ne mfomso da adi a, ɛbɛma wɔn ankasa de so akata. Ebinom nso, nseku ne nea wɔnam so ma nnipa pii pɛ wɔn asɛm. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu na wɔatumi ayɛ wɔn a wodi kan ka kyerɛ afoforo. Wobetumi aka wɔn adamfo pa kokoam nsɛm akyerɛ afoforo de akura gyinabea yi mu. Kae sɛ nea ɔka afoforo ho nsɛm kyerɛ wo no, na ɔbɛka wo ho asɛm akyerɛ afoforo.
Wobetumi de nseku adi dwuma sɛ ɔkwan a wɔnam so da abufuw, ɛyaw ne ninkutwe adi. Ebinom twa atoro to obi a wɔmpɛ n’asɛm so na ayɛ no yaw. (Fa toto Mmebusɛm 26:28 ho.) Enti, abeawa bi dii atoro kyerɛɛ nkurɔfo sɛ ne yɔnko sukuuni bi anyinsɛn—ɛda adi sɛ na ne yɔnko sukuuni no ne abarimaa bi a ɔno nso pɛ no no bom fi adi nti.
Ɛnyɛ bere nyinaa na nseku bɔne fi ɔtan pii mu, te sɛ nea efi nsɛm a nyansa nni mu mu no. Abofra bi kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mihu sɛ nea meka no nyinaa nyɛ nokware, na mmom te sɛ nea mede bi aka ho. Meka nsɛm no wie ansa na magyae—na mpɛn pii no akyiri yi ɛhaw me.”
Nseku Bɔne—Nkrante Anofanu
Nseku bɔne yɛ nkrante anofanu a nea ɛnam so ba no mfa ho. Ɔkwan foforo so no, etumi sɛe obi din ne ne suban pa koraa. Sɛnea Teen nsɛmma nhoma no kae no: “Sɛ wudi nnipa afoforo ho nseku, wokasa tia wɔn, wo da wɔn kokoam nsɛm adi, wogugu wɔn ho nsɛm mu dodo anaasɛ mpo wudi atoro ankasa a, na woresɛe nkurɔfo ntam abusuabɔ—na akyinnye biara nni ho sɛ woresiw nnamfo afoforo a wubenya kwan nso.” Anaasɛ sɛnea Bible ka no no: “Nea ɔkata mfomso so no hwehwɛ ɔdɔ, na nea oti nsɛm mu ka no tetew nnamfo ntam.”—Mmebusɛm 17:9; fa toto Mmebusɛm 16:28 ho.
Afei, nseku betumi asɛe osekuni no ankasa nso. Sɛ anka afoforo betie no mmom no, nseku bɛma wayɛ nea wonnye no nni. Mmebusɛm 11:13, (Today’s English Version) ka sɛ: “Osekuni ntumi nkora kokoam asɛm so.” Na ɛda adi sɛ, sɛ obi a wɔaka ne ho asɛm no te sɛ ne kokoam asɛm bi ada adi anaasɛ wɔreka ne mfomso bi wɔ baabiara a, n’ani rennye. Mmebusɛm 25:23, TEV, ka sɛ: “Nseku de abufuw ba sɛnea kusuu fam mframa de osu ba no ara.”
Nea ɔka afoforo ho nsɛmmɔne no sɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso. Mpɛn pii no kasa a nyansa nni mu no yɛ ntwiri. Na Yehowa ne nea “ɔmfa ne tɛkrɛma ntwiri, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne” no nkutoo na ɛfa yɔnko. (Dwom 15:1, 3) Nanso, sɛ yɛma atesɛm a ɛnyɛ nokware trɛw a, ebetumi ama yɛn ayɛ atorofo ankasa—ade a Yehowa Nyankopɔn kyi.—Mmebusɛm 6:16, 17.
Kwati Nseku Afiri no
Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yebegyae afoforo ho asɛm a yɛbɛka—yentumi nnyae koraa. Nanso sɛ wode mmara pa: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no di dwuma a, wubetumi akwati nsɛnnennen.—Mateo 7:12.
Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛpow nseku bɔne a yebetie! Bible no tu fo sɛ: “Mfa wo ho mmɔ okurokurofo ho.” (Mmebusɛm 20:19) Sɛ wutie atoro anaasɛ ɔkasa a wɔde sɛe afoforo a, wopene so. Sɛnea abofra bi a wɔfrɛ no Rosalyn ka no: ‘Nnipa a wotie nseku no hyɛ nsekufo no nkuran.’ Afei, asiane no ne sɛ wubehu sɛ ‘asotiw a wɔayi wo’ no yɛ nea wuntumi nkora so na ɛbɛma wode wo ho ahyɛ ntwiri a epira afoforo mu.
Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛma kasa a etia afoforo agyae. Eyi nkyerɛ ankasa sɛ ɛsɛ sɛ woka nneɛma bɔne a ɛwɔ nsekudi mu no ho asɛm. Mmom no wubetumi abɔ mmɔden asakra asɛm no, ama nkɔmmɔbɔ no afa biribi foforo ho, anaasɛ wobɛka nea moredi ne ho nkɔmmɔ no ho asɛmpa. Sɛ kasa a enye no kɔ so ara a, fa ɛno yɛ wo nnyinaso na yi wo ho fi nkɔmmɔbɔ no mu.
Yiw, ebia na asɛm no yɛ nokware trodoo—yɛnnka dɛ ne anigye a ebia ebetumi ayɛ no ho asɛm, nanso so ɛho hia ankasa sɛ wɔka? So ebepira, ebetwiri, ɛbɛyaw anaasɛ ɛbɛhaw afoforo? So wobɛka wɔ onipa no anim? Sɛ obi ka fa wo ho a, wobɛte nka dɛn? Mmebusɛm 15:2 ka sɛ: “Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm.”
Enti hwɛ w’ano yiye. Wɔka sɛ animdefo ka nimdeɛ ho asɛm, anyansafo ka nneɛma ho asɛm na nkwaseafo di nnipa ho nkɔnkɔnsa! Dandan wo nkɔmmɔbɔ mu. Nneɛma pii wɔ hɔ—nea ɛka ho ne honhom mu nneɛma—a wubetumi abɔ ho nkɔmmɔ a eye sen nsɛnhunu a ɛyɛ nseku bɔne.a
[Ase hɔ nsɛm]
a Asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛka sɛ obi bɛyɛ nea wodi ne ho nseku ho asɛm.
[Kratafa 18 mfoni]
Mpɛn pii no osekuni no ani gye sɛ ɔno na obiara adwene wɔ ne so
[Kratafa 19 mfoni]
Sɛ wutie atoro anaasɛ ɔkasa a wɔde sɛe afoforo a, wopene so