1914—Nsakrae Afe
AHOHURU bere yi ne mfirihyia 75 a otuo biako a ɛtowee no kum Austria-Hungary Bapɔmma Ferdinand. Efii nsɛm pii a esisii bere koro mu ase a nea efii mu bae ne yɛn okyinsoromma yi nyinaa so ɔko a edi kan—July 28, 1914.
Abakɔsɛm akyerɛwfo ka saa ɔko huhu (ne afe a ehuu ne mfiase) no ho asɛm nsɛm pii sɛ nsakrae bere a nneɛma sakrae anaasɛ bere a ɛkyɛ nnipa abakɔsɛm mu. So na 1914 yɛ afe a ɛte saa ankasa ma adesamma?
Hyɛ nea John Wilson kyerɛw wɔ Toronto, Ontario, Canada Globe and Mail mu yi nsow: “Wiase Ko a Edi Kan no yɛ nea wɔahyɛ no nsow wɔ wiase abakɔsɛm mu.” Ɛwom sɛ ogya a ɛdɛwee wɔ wiase nyinaa no ho nneɛma a aka no adan abon a emu afuw, bomb a agye nkannare, nkae adum ne amusiei ahorow de, nanso Mr. Wilson ka sɛ kyɛ a akyɛ no mmrɛ sɛnea ɛho hia sɛ 1914 yɛ nsakrae afe no ase.
Wilson ka sɛ: “Nkonimdi adwene a na wɔwɔ wɔ nhyehyɛe a na ɛde wɔn rekɔ yiyedi a ɛsen biara mu no baa awiei wɔ nnipa ɔpepem 10 wu a ɛyɛ hu no mu. Ɛnnɛ yi nsɛm ho dwuma a wodi no ɔkwan pa so ne abasamtu ahorow no fi Vimy ne Flanders [wɔ kesee fam Franse ne Belgium] nsɛnhunu no. Yebetumi aka 1920 mfe no mu mmabaa a na wɔbɔ ahohwi anaasɛ 1930 mfe no mu akuafo a wogyigyee wɔn nsase fii wɔn nsam no ho asɛm pii asen sɛnea yebetumi aka afa akofofo anaasɛ akyerɛkyerɛfo a wɔtraa ase ansa na 1914 reba no ho. Ɔko kɛse no yɛ nsakrae bere. . . ɔfa biako no yɛ tete a yennim a ɛwɔ abakɔsɛm mu.”
Nanso ɛyɛ nea asisi fii 1914 no na ɛda no adi sɛ ɛyɛ nsakrae afe. Sɛ anka Wiase Ko I bɛyɛ “ɔko a ɛde akodi nyinaa ba awiei” sɛnea na anka ɛyɛ ɛho atirimpɔw mmom no, ɛkyerɛɛ wiase no akodi foforo. Ne nyansramma na ɛsɔɔ Wiase Ko II—nkae afe foforo ma 1989. Wɔ mfirihyia aduonum a atwam no mu, September 1, 1939 mu no, Germany kɔtoaa Poland, na wiase ko a ɛto so abien no fii ase. Ɛmaa Wiase Ko I yɛɛ ade ketewaa bi ankasa denam nnipa ɔpepem 55 a ekunkum wɔn no so na ɛde ehu afoforo hyɛɛ ɔdasani adwene mu; saa ara nso na amfa akodi amma awiei. Efi 1945 no, ɔko ahorow bɛyɛ 150 akunkum nnipa a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem 20!
Wɔ 1914 mu no adesamma hyɛnee mmere a emu yɛ den mu. Sɛnea ɔkyerɛwfo Wilson ka no no: “Ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛkae sɛ nea na ɛyɛ hu wɔ amoa no nyinaa ho ne sɛ, wɔ 1918 akyi no na nea ɛyɛ wiase no ahiade ne sɛ ebesie awufo no nnidiso nnidiso na akae wɔn. Yɛte wiase bi sɛe a amma asraafo a wɔsɛee Vimy Ridge no adwene mu ho hu bere mu. Sɛ wiase ko foforo ba a, hena na ɔbɛbɔ adamoa ama awufo no?”
Bere tenten ansa na 1914 reba no, na Bible Asuafo anokwafo (sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no) reka saa afe no ho asɛm dedaw sɛ ɛbɛyɛ nsakrae afe wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Sɛnea Bible mu mmere bu a wotumi de ho to so kyerɛ no, wiase nhyehyɛe mũ yi nyinaa hyɛnee bere foforo mu wɔ 1914 mu, awiei bere bi a Bible ka ho asɛm sɛ “nna a edi akyiri.”—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:1-14.
Nanso, Bible no nka “nna a edi akyiri” yi ho asɛm sɛ ɛyɛ ɔhaw bere nkutoo. Ɛyɛ anidaso bere nso. Sɛ anka Onyankopɔn bɛma kwan ma onipa atɔre ne ho ase wɔ wiase ko a etwa to mu mmom no, ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde ne ho begye mu na wako atia wɔn a wɔde basabasayɛ ba asase so no nyinaa. Wɔbɛsɛe akode biara koraa. Efi saa bere no rekɔ no, adesamma nyinaa besua trenee akwan, ɛnyɛ ɔko. (Yesaia 2:2-4; Luka 21:28; Adiyisɛm 16:14) Nsakrae bɛn ara na ebɛyɛ sɛɛ yi! Nokwarem no, ɛno na ɛbɛyɛ nsakrae a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu.