Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 21-22
  • “Dɛn Nti Na Onyankopɔn Faa Ne Ba No?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Dɛn Nti Na Onyankopɔn Faa Ne Ba No?”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛmma Awerɛkyekye na Ennyina Bible So
  • “Ɛnde Dɛn Nti Na Me Ba No Wui?”
  • “Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Me Ba No?”
  • Owu Ho Atosɛm Bi Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Yɛbɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo, Mommɔ Mo Agyapade A Ɛsom Bo Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 21-22

Bible No Adwene

“Dɛn Nti Na Onyankopɔn Faa Ne Ba No?”

ƆWOFO biara ba wu yɛ no yaw. Ɛyɛ amanehunu bi a emu yɛ den a nsɛm ara kwa ntumi mma emfi hɔ. Nanso sɛ adehwere a ɛte saa bi ato wo pɛn na worebisa nea enti a Onyankopɔn faa wo ba no kɔe a, ɛnde na wukura adwene a ɛnteɛ na ɛma w’ahoyeraw no yɛ kɛse. Wuhia sɛ wuhu nokware no: Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔfaa wo ba no.

Nanso, nnipa pii gye nea ɛne eyi bɔ abira di. Sɛ nhwɛso no, ɔbea biako de awerɛhow hwɛɛ funu adaka bi a wɔabue so mu dinn; na ne babarima a wadi mfe 17 a aduru a antumi ansa n’akisikuru no ama ne ti nhwi asɛe na ɔda mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ obi a waba ayi no ase na ɔde nne a ehihi kae sɛ: “Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Tommy ba Ne nkyɛn wɔ ɔsoro.” Ɔyɛ Roman Katolekni na eyi na mfe dodow a ɔde akɔ asɔre no akyerɛ no. Protestantfo nso fi bere tenten de mmofra wu ho asodi ato Onyankopɔn so. Bere a Protestant ɔsesɛwfo John Calvin a ogyee din no babarima a wadi adapɛn abien wui no, ɔde awerɛhow kae sɛ: “Awurade de yɛn ba ketewaa yi wu apira yɛn kɛse.”

Yudafo mpanyinsɛm bi ka sɛ, rabi bi mma mmarima ntafo wuwui bere a onni hɔ. Ɔsan bae no, obisaa ne mma no ase na ne yere kae sɛ: “Sɛ wɔde agude abien fɛm wo, na wɔka kyerɛ wo sɛ bere dodow a ɛwɔ wo nkyɛn no wubetumi adi ho agoru, na sɛ nea ɔde fɛm wo no rebegye n’ade a, so ɛsɛ sɛ wo ne no pere ho?” Obuae sɛ: “Dabida!” Afei ɔkyerɛɛ no mmofra a wɔawuwu no na ɔkae sɛ: “Na Onyankopɔn hwehwɛ n’agude.”

Ɛmma Awerɛkyekye na Ennyina Bible So

So Ɔbɔadeɛ no tirim yɛ den ara ma otumi kunkum mmofra bere biara a ɔpɛ, bere a onim sɛ ebubu wɔn awofo koma no? Dabi, ɛnyɛ Bible mu Nyankopɔn no; 1 Yohane 4:8 ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” Hyɛ ne nsow sɛ ɛnka sɛ Onyankopɔn wɔ ɔdɔ anaasɛ Onyankopɔn kyerɛ ɔdɔ na mmom Onyankopɔn ne dɔ. Onyankopɔn dɔ yɛ kɛse, ɛyɛ nokware, ɛyɛ pɛ, edi mũ wɔ ne nipasu ne ne dwumadi ahorow mu araa ma enti wotumi ka sɛ ɔyɛ ɔdɔ nhwɛso. Oyi nyɛ Onyankopɔn a okunkum mmofra ‘esiane sɛ ɔregye n’agude nti.’

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn wɔ ɔdɔ a emu yɛ den na pɛsɛmenkominya nnim ma mmofra. Yesu Kristo a ne nsɛm ne ne nneyɛe daa ne soro Agya no nipasu adi no kyerɛɛ mmofra ho anigye a emu yɛ den. Bere bi ɔyɛɛ abofra bi atuu na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ wonya abofra su a ɛne ne ho a enni asɛm ne ahobrɛase no bi. (Mateo 18:1-4; Marko 9:36) Mfe haha pii ansa na ɛno reba no, na Yehowa akyerɛ ne nkoa sɛ wommu wɔn mma sɛ wɔsom bo, na wɔntete wɔn na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn na wɔnhwɛ wɔn so saa ara. (Deuteronomium 6:6, 7; Dwom 127:3-5) Ɔhwehwɛ sɛ mmusua bom tra nkwa mu, ɛnyɛ sɛ wɔn mu bɛtetew wɔ owu mu.

“Ɛnde Dɛn Nti Na Me Ba No Wui?”

Nnipa pii te nka sɛ esiane sɛ Onyankopɔn wɔ biribiara so tumi nti, biribiara a ebesi wɔ asase so a mmofra wu ka ho no, ɔno na ɔma ɛba. Nanso ɛnte saa ankasa. Bere a Hiob hweree ne mma du wɔ ɔhaw biako pɛ mu no, osusuwii sɛ Yehowa na ɔde amanehunu kɛse yi aba no so. Na onnim nea Bible no da no adi kyerɛ yɛn a ɛne sɛ obi a ɔwɔ tumi kyɛn ɔdesani, a ɔyɛ Onyankopɔn tamfo a wɔfrɛ no Satan, na na ɔreyɛ saa de abɔ mmɔden ahiahia Hiob ho ma wahwere ne gyidi a ɔwɔ wɔ ne Bɔfo no mu no.​—Hiob 1:6-12.

Saa ara na nnɛ nnipa pii nni sɛnea nkɛntɛnso a Satan wɔ wɔ wiase no mu no te no ho nimdeɛ. Bible no ma ɛda adi sɛ Satan, ɛnyɛ Yehowa ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi sodifo. Sɛnea 1 Yohane 5:19 ka no: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Awerɛhosɛm a esisi wɔ wiase yi mu nyinaa no ho asodi nna Yehowa so. Ɛnyɛ ɔno na ɔfaa wo ba no.

Ɛnde so na ɛkyerɛ sɛ Satan na ɔfaa wo ba no? Yentumi nka no tee sɛ dabi. Wɔ Eden no, bere a onipa tew atua tiaa Onyankopɔn no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ Satan nniso ase. Enti ɔhweree ɔne ne mma daa nkwa akyɛde ne akwahosan a edi mũ. (Romafo 5:12) Enti yɛte wiase bi a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho mu, wiase bi a ɛsɛ sɛ yegyina nea Bible frɛ no “ɛbere ne akwanhyia,” asetra mu nneɛma a yɛnhwɛ kwan na amanehunu wom ano mu. (Ɔsɛnkafo 9:11 NW) Satan na “ɔdaadaa amanaman nyinaa.” (Adiyisɛm 12:9) Nea ehia no titiriw ne sɛ ɔbɛtwe nnipa afi Onyankopɔn ho. Enti ɔka Onyankopɔn ho atosɛm. Atosɛm yi mu biako ne sɛ Onyankopɔn nam owu so hwim mmofra fi wɔn awofo nsam.

“Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Me Ba No?”

Sɛ anka awofo a wɔn mma awu no bɛbɔ Onyankopɔn sobo mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ani to awerɛkyekye a Onyankopɔn de ma wɔ Bible mu no so. Atoro som ama nnipa pii adwene atu afra wɔ faako a wɔn mma a wɔawuwu wɔ ne tebea a wɔwɔ mu no ho. Ɔsoro, hell, ahodwiragya, Limbo​—saa mmeae afoforo yi fi nea wontumi nte ase so kosi nea ehu nnipa hu ankasa so. Nanso Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ awufo nnim biribiara, tebea a wobetumi de atoto nna ho. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 11:11-14) Enti ɛnsɛ sɛ awofo haw wɔn ho wɔ nea wɔn mma bɛfa mu wɔ owu akyi no ho, sɛnea sɛ wɔn mma da yiye a wɔnhaw wɔn ho no ara. Yesu kaa bere bi a “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa” ‘befi adi’ aba nkwa foforo mu wɔ paradise asase so no ho asɛm.​—Yohane 5:28, 29; Luka 23:43.

Nokwarem no, anidaso ɛyɛ anigye a ɛte saa no mma owu ho yaw no nyinaa nkɔ. Yesu ankasa sui bere a n’adamfo Lasaro wui no​—na ɔyɛɛ saa bere tiaa ansa na ɔrenyane no! Ɛnde, anyɛ yiye koraa no, ɛnyɛ bere nyinaa na owu yɛ ade a etwa to. Yesu ne n’Agya Yehowa nyinaa kyi owu. Bible no frɛ owu sɛ “ɔtamfo a odi akyiri” na ɛka sɛ “wobetu no agu.” (1 Korintofo 15:26) Wɔ Paradise a ɛreba no mu no, bere a Satan nniso nni hɔ bio no, owu befi hɔ koraa. Wobenyan wɔn a akunkum wɔn no bio wɔ owusɔre mu. Saa bere no a awofo ne wɔn mma a wɔawuwu no abom bio no, afei yebetumi aka sɛ, ‘Owu, wo nwowɔe wɔ he?’​—Hosea 13:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena