Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 9/8 kr. 3-4
  • “Di W’agya Ne Wo Nã Ni”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Di W’agya Ne Wo Nã Ni”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munni Nnipa Nyinaa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Afoforo Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 9/8 kr. 3-4

“Di W’agya Ne Wo Nã Ni”

YƐN nsa kaa saa asɛm no fi tete, mfehaha pii ansa na wɔrewo Kristo. Wɔde fi bepɔw bi so a na Onyankopɔn nsateaa akyerɛw agu ɔbo so. Na wɔnam Mose so ayi Israelfo afi Misraim nkoasom mu atwa Po Kɔkɔɔ ma wɔabɛsoɛ Bepɔw Sinai a ɛyɛ abonkyiabonkyi no ase. Bere a Mose adi Yehowa nkyɛn nnafua 40 awia ne anadwo wɔ Bepɔw no so no, ɔde abopon abien bae a na wɔakyerɛw Mmara Nsɛm Du no wɔ so.​—Exodus 34:1, 27, 28.

Abopon yi mu biako so na na wɔakyerɛw mmara a ɛto so anum yi a mprempren epue wɔ Bible no mu wɔ Exodus ti 20, nkyekyem 12 no. Ɛkenkan sɛ: “Di w’agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no so.” Ɔsomafo Paulo ka sɛ, ɛne “mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu,” a bɔhyɛ no ne sɛ: “Na wo nna aware wɔ asase so.”​—Efesofo 6:1-3.

Sɛnea ogya ne wusiw daa adi na Bepɔw Sinai wosowee ɔkwan a ɛyɛ hu so, bere a wɔde Mmara Nsɛm Du no rema a nea ɛto so anum a ɛne sɛ wonni agya ne ɛna ni no nso ka ho no kyerɛe sɛnea ɛho hia. Dɛn na nidi yi kyerɛ? Ɛnyɛ obu ne osetie nko na mmom ɔhwɛ ne honam fam mmoa a wɔde ma wɔ bere a ɛho hia nso mu.

Eyi mu daa hɔ pefee mfehaha pii akyi bere a Yesu ne kyerɛwfo ne Farisifo kasakasae wɔ wɔn atetesɛm ho no. Yesu kyerɛe sɛ honam fam mmoa a wɔamfa amma wɔn awofo a wɔyɛ ahiafo no kyerɛ sɛ wɔanni wɔn agya anaa wɔn na ni. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 15:3-6 no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni! ne: Nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu. Na mo de muse: obi a obese n’agya anaa ne na sɛ: Nea anka wubenya me ho no yɛ ayɛyɛde no, na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm.”

Yesu ankasa fam no, ɔyɛɛ osetie maa n’awofo, brɛɛ ne ho ase maa wɔn. (Luka 2:51) Mfe bi akyi, bere a ɔrewu wɔ asɛndua so no, odii ne na ni denam ɔdɔ nsiesiei a ɔyɛe wɔ ne hwɛ ho no so.​—Yohane 19:25-27.

Na ɔsomafo Paulo nim yiye sɛ ɛyɛ ahwehwɛde a efi Onyankopɔn hɔ sɛ mma, ne mpo mmanana hwɛ awofo a ahia wɔn. Na nea ɛyɛ anigye ne sɛ, ɔkyerɛe sɛ saahonam fam mmoa no yɛ nidi a wɔkyerɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni. Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo [ne nananom] ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Timoteo 5:3, 4) Bere a woyɛ akokoaa a wuntumi nyɛ hwee ne abofra no, w’awofo hwɛɛ wo; bere a wɔn mfe akɔ anim yi, wo nso adu wo so sɛ woboa wɔn wɔ wɔn ahiade ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena