Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 9/8 kr. 15-17
  • Su Bɔne A Wubesiw Kwan Na Amma Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Su Bɔne A Wubesiw Kwan Na Amma Bio
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Dɛn Nti Na Mesan Akyi Bere A Nea Ennye Koraa No Atwam No?”
  • Sɛnea Wosiw Su Bɔne Mu A Wɔbɛsan Akɔ No Ano
  • Ko Tia Denam Biribi A Wode Besi Ananmu So
  • Sɛnea Ɛho Hia Sɛ Woko Tia Abasamtu
  • Bere Tiaa Mu Huammɔdi Ne Akyiri A Wobɛsan Koraa
  • Ebetumi Ayɛ Yiye​—Na Ɛfata Saa!
  • Ma Suban Nni Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Boasipem Su No?
    Nyan!—1988
  • So Wubetumi Adi Subammɔne So?
    Nyan!—2004
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Ho Atew Wɔ Onyankopɔn Ani So?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 9/8 kr. 15-17

Su Bɔne A Wubesiw Kwan Na Amma Bio

“M’ADI NKONIM! Ɔko no aba awiei afei!”

Saa nsɛm no kyerɛ obi a wako atia su bɔne na wadi so nkonim anigye.

Nanso, sɛ onipa no san nya saa su no bio a, hwɛ sɛnea ɛbɛhaw no! Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ abasamtu sɛ obehu sɛ su bɔne a osusuwii sɛ ɛkɔ koraa no asan aba mpofirim na emu yɛ den sen kan no!

Ebia woanya su bɔne a wopɛe sɛ wugyae koraa mu a wosan kɔɔ bio no ho osuahu. Sɛ saa a, ɛnde ebia wubefi ase agye akyinnye sɛ wuntumi nnyae subammɔne no koraa. Subammɔne betumi ayɛ pii: adidi ntraso, nnɔkɔnnɔkɔwade di “a wontumi nnyae,” nsa a wɔnom tra so, adetɔ a wonnwen ho, akyi a wɔka wɔ biribiara yɛ mu, kyakyatow, sigaretnom, ne su ahorow pii a ɛkeka ho.

“Dɛn Nti Na Mesan Akyi Bere A Nea Ennye Koraa No Atwam No?”

Ebia ɛbɛyɛ sɛ nea bere a watumi agyae su bɔne bi no, wo ho a wobɛtwe afi ho koraa no bɛyɛ mmerɛw. Nanso nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ eyi nyɛ nokware bere nyinaa.

Akyerɛwfo R. Hodgson ne P. Miller kyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma Selfwatching, no mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ obi betumi ada su bɔne no adi bio wɔ bere a wagyae no akyi asram abiɛsa. Nokwarem no, nhwehwɛmu bi ma ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔnom sigaret, asabofo ne wɔn a wɔnom nnubɔne mu ɔha mu nkyem 66 suban dedaw no san ba bio wɔ bere a wɔadi kan abɔ wɔn tirim sɛ wobegyae no mu nnafua 90. Nanso, wɔn a wotumi di wɔn suban no so wɔ asram abiɛsa kosi asia a edi kan no mu no wɔ hokwan fɛfɛ a wobetumi de ama saa ahosodi no atra hɔ.”

Dɛn nti na su bɔne a ɛbɛsan aba bio no mu yɛ den wɔ asram​—anaa ɛtɔ mmere bi a, mfe dodow bi wɔ bere a edi kan a wogyae no akyi no? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, asetram nhyɛso horow bi betumi asan aba, na ebia bere a atwam no, na su bɔne no yɛ bere tiaa mu kwan a wɔfa so di nhyɛso so. Enti bere a wote nka sɛ woagyae su bɔne bi mpo akyi no, sɛ wo ho kyere wo​—te sɛ nea ebia ohia, ɔyare, huammɔdi ahorow de ba no a​—hwɛ yiye na woansan annya su bɔne no bio! Sɛ w’ani haw anaasɛ woyɛ ankonam na sɛ wo su dedaw no resan aba a, mma ɛnyɛ wo nwonwa.

Nea ɛde su bɔne a wɔsan kɔfa bio ba no bi nso fi fekubɔ mu nhyɛso, ntɔkwaw, nkate bɔne ne sɛ wɔbɛkɔ tebea horow a sɔhwɛ a emu yɛ den wom mu.

Sɛnea Wosiw Su Bɔne Mu A Wɔbɛsan Akɔ No Ano

Bere a woatumi agyae su a wompɛ akyi bere tiaa mpo no, ɛho hia sɛ wode akwan a ɛboaa wo mfiase no ma wugyaee no di dwuma. Wubetumi de saa akwan yi adi dwuma bere nyinaa, anaasɛ wɔ tebea bi te sɛ ahokyere anaa sɔhwɛ a emu yɛ den mmere mu no, nea ehia ara ne sɛ wobɛkanyan no bere ne bere mu.

Sɛ nhwɛso no, ebia na wowɔ kyerɛwtohɔ a wode hwɛ wo nkɔanim da biara da anaa dapɛn biara bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛtew sɛnea wo mu duru te no so. Eyi boa ma wutumi gyae su bɔne bi, na sɛ wote nka sɛ asiane no nni hɔ bio mpo a, ɛnsɛ sɛ wugyae.

Ebia wowɔ ɔkwan a wofa so ma wo ho akatua bere a woatumi agyae su bɔne bi no. Nhyehyɛe kakraa a wobɛyɛ de ama wo ho akatua no betumi aboa wɔ siw a wubesiw su bɔne mu a wɔbɛsan akɔ ano no mu. Anaasɛ, wɔ su bɔne bi a wopɛ sɛ wugyae mu no, so wohwehwɛɛ mmoa fii w’adamfo bi hɔ? Ma ɔmmoa wo na de wo ho fi wo kan su bɔne no ho.

Akwan afoforo bɛn bio na ɛbɛboa wo ma woako atia su bɔne mu a wobɛsan akɔ, titiriw wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den bere mu no?

Ko Tia Denam Biribi A Wode Besi Ananmu So

Oduruyɛfo R. Stuart, adwene dwumadi ho nimdefo wɔ Weight Watchers International, Inc., de nyansahyɛ yi ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔn so bɛtew no: “Fa w’adwene si dwumadi ahorow a egye wo bere nyinaa no so. Adwinidi boa yiye na saa ara na nnwuma a wobɛyɛ de a nso bɛboa. Sɛ ebetumi a, yɛ nea wode bɛyɛ adwuma no nyinaa krado na siesie adwumayɛbea hɔ na woatumi akɔ wo dwumadi no so bere biara.” Ebia saa kwan no betumi aboa wo.

Yiw, fa adwuma pa si wo kan su bɔne no ananmu. Kaɛ sɛ, saa su no ma wunyaa ahotɔ kakra wɔ nhyɛso bere mu, enti paw nea wode besi ananmu a ebetumi adi atirimpɔw koro no ara ho dwuma. Wubetumi akenkan nhoma, ateɛteɛ w’apɔw mu, abɔ nnwom, ayeyɛ mfonini, anaasɛ woakɔsra wo nnamfo. Fi ase kyerɛw dwumadi ahorow a wubetumi de asi su bɔne ananmu no to hɔ mprempren. Hyɛ nea wopɛ sɛ wufi ase de di dwuma no agyirae. Yɛ wo dwumadi afoforo yi mpɛn pii sɛnea anka woyɛ wo kan suban no. Eyi betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wode bedi dwuma bere a wote nhyɛso nka no. Nokwarem no, dwumadi afoforo a wɔde si ananmu yi bɛba abɛyɛ su ahorow​—suban pa!

Sɛnea Ɛho Hia Sɛ Woko Tia Abasamtu

Esiane sɛ su bɔne mu a wobɛsan akɔ no mu yɛ den titiriw wɔ bere a wowɔ nhyɛso ase no nti, so wubetumi asakra w’asetra mu tebea horow no mu bi na abrɛ nhyɛso no ase? Sɛ nsɛnnennen no bi yɛ nea wuntumi nkwati mpo a, wubetumi asua sɛnea wubedi wo nkate so na w’aba mu ammu.

Yɛntaa mmu tumi a abasamtu wɔ no aniberesɛm. Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Onipa honhom tumi soa ne yare [akwahosan], na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?” (Mmebusɛm 18:14) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware! Mpɛn pii no ɛnyɛ asɛnnennen no na mmom abasamtu a efi mu ba no na ɛbrɛ yɛn ase.

Bible mu bɛ foforo ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 24:10) Nkate a enye mmoroso bɛbrɛ yɛn ase. Ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobɛsan akyiri, na ebia ama wode wo ho ahyɛ su bɔne mu bio de ahwehwɛ ahotɔ. Ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ woko tia abasamtu!

Nanso, wɔ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, sɛ wuhu sɛ woafi ase resan akyi nso ɛ?

Bere Tiaa Mu Huammɔdi Ne Akyiri A Wobɛsan Koraa

Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw sɛ: ‘Mantumi nti ɛsɛ sɛ migyae ma ɛka.’ Ko tia adwene a ɛte saa. Mma bere tiaa mu huammɔdi anaasɛ mpo huammɔdi ahorow pii nkyerɛ wo sɛ wadi nkogu.

Susuw mfatoho yi ho: Sɛ woreforo ntrapoe na wowatiri san w’akyi biako anaa abien a, so wobɛka sɛ ‘Mesi fam koraa na makofi ne nyinaa foro ase bio’? Nokwarem no worenyɛ saa! Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode adwene yi di dwuma wɔ su bɔne ahorow a woko tia no mu?.

Nea efi huammɔdi mu ba ne afɔdi nka a wobɛte. Ebia wobɛma nkate yi ahaw wo ntraso ma waka sɛ wunnye, ne sɛ woyɛ mmerɛw na ade pa biara mfata wo. Mfa afɔdi a wɔagugu mu yi mmu wo ho. Ɛsɛe ahoɔden a ɛsɛ sɛ wode fi ɔko no ase bio no. Na kae sɛ: Onipa a ɔsen biara a waba asase yi so pɛn Yesu Kristo, begyee nnebɔneyɛfo na ɛnyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ. Enti yɛn mu biara rentumi nyɛ ade a ɛyɛ pɛ saa bere yi.

Ade biako nso a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ afɔdi betumi ayɛ hokwan a ɛbɛma yɛayɛ ade koro no ara bio. P. McWilliams ne J. Roger kyerɛkyerɛ nea afɔdi betumi de aba yi mu wɔ wɔn nhoma You Can’t Afford the Luxury of a Negative Thought no mu sɛ: “Afɔdi . . . ma yɛyɛ bio. Sɛ ‘yetua’ yɛn ‘bɔne so ka’ wie a, yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ bio bere dodow a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebetua ho ka no. Akatua no yɛ dɛn? Afɔdi a yɛbɛte nka pii.”

Ɛnsɛ sɛ woma bere tiaa mu huammɔdi no ma wosan de wo ho hyɛ su bɔne mu koraa. Ma ɛntra w’adwenem sɛ, awiei koraa no su no a wubedi so nkonim no na ɛho hia, ɛnyɛ akyiri a wɔsanee bere a woreko atia no.

Eyi nti, nyansa wom sɛ wudi kan hu nea sɛ woresan akɔ wo kan su bɔne mu a wobɛyɛ. Nhyehyɛe a ɛte saa a wobɛyɛ ato hɔ no bɛboa wo na sɛ akyiri a wobɛsan no fi ase pɛ a, woako atia.

Ebetumi Ayɛ Yiye​—Na Ɛfata Saa!

Ɛnde su bɔne a wɔko tia no kɔ akyiri sen akyirisan mmere mfiase a ɛyɛ den no. Ɛkyerɛ abasamtu mu a wɔbɛtra a wɔnsan nkɔ su bɔne mu bio.

Ɛyɛ den? Yiw, nanso ebetumi ayɛ yiye koraa. Sɛ wokɔ so de ɔkwan a wofaa so gyaee mfiase no di dwuma a, ɛbɛboa wo ma woadi akyiri a wobɛsan no so. Dɛn ne mfaso a ɛsen biara? Obu a wubenya ama wo ho​—ɛno ara nso yɛ akatua a ɛfata. Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wonim wo no de obu kɛse bɛma wo.

[Kratafa 16 mfoni]

Akyiri a wobɛsan kakraa no nkyerɛ sɛ san kɔhyɛ ase bio

[Kratafa 17 mfoni]

Dwumadi ahorow a egye bere no brɛ akyiri a wobɛsan nhyɛso no ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena