Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 1/8 kr. 20-24
  • Ɔdɔ A Wonya Bere A Edi Kan A Wohu Obi Ne Ɛno Akyi Daa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ A Wonya Bere A Edi Kan A Wohu Obi Ne Ɛno Akyi Daa!
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ Na Ntetewmu Amma
  • ‘Yetumi Su, nanso na Ɛyɛ Yɛn Yiyedi’
  • Wɔte Nea Woka, Wosua Nea Woyɛ
  • Tete Wo Ba No Sɛ Wɔ Ɔkwan Pa So—Na Yɛ Saa Fi Mmofraase!
    Nyan!—1987
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
  • Bere A Wofi Ase Nya Su Horow​—Mubetwa Nea Mugu Mprempren No Akyiri Yi
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 1/8 kr. 20-24

Ɔdɔ A Wonya Bere A Edi Kan A Wohu Obi Ne Ɛno Akyi Daa!

ODURUYƐFO Cecilia McCarton a ɔwɔ Albert Einstein College of Medicine wɔ New York no ka sɛ “sɛ wɔwo mmofra wie na wohwɛ wɔn a, wuhu sɛ wonim wɔn tebea a wɔwɔ mu no yiye. Wonim wɔn nãnom. Wɔte nnyigyei a, wɔhwɛ beae a efi. Na wɔhwɛ wɔn maame anim hãã.” Na ɛnã no hwɛ ne ba no anim. Ɛyɛ ɔdɔ a wonya bere edi kan a wohu wɔn ho—wɔ wɔn nyinaa fam!

Sɛ awo no anyɛ nea wɔafa nnuru a ekum ɛnã ne ɔba no nyinaa nkate ahorow ano a, ɛna ne ɔba no ntam abusuabɔ yi ankasa na ɛba. Ne su ma ɛnã no nufu hyehyɛ. Ne ho a ɔde ka ɛna no ma onya hormone bi a ɛbrɛ mogya a etu no wɔ awo akyi no ase. Ɔbɛwo abofra no na ɔwɔ adwene a ɛma ɔte sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bata obi ho—osu, nufunum, dede ne nnyigyei, asereserew ne ne nsa ne n’anan a ɔtotow na ɔde atwetwe ɛna no adwene. Akokoaa no ho a ɔde fam ɛna no titiriw no ma onya ɔdɔ, afoforo ho hia no, na onya ahotoso. Ntɛm ara agya no bɛyɛ obi a ne ho hia yiye sɛ wɔde ho bata no. Ɔne abofra no ntam nte sɛ ɛna no de no, nanso edi dwuma a ehia bi: anunu, aguma a wodi no bɔkɔɔ a ɛma akokoaa no serew denneennen na okyinkyim ne ho.

Oduruyɛfo Richard Restak bɔ amanneɛ sɛ akokoaa no a wobeso ne mu aturu no no te sɛ aduannuru. Ose, “ne mu a wobeso no hia na akokoaa no anyin wɔ ɔkwampa so te sɛ aduan ne mframa pa. Ɛna trɛw ne nsam na ɔbam akokoaa no, na ɛma adwene ne nipadua mu nneyɛe ahorow di dwuma wɔ ɔkwampa so.” Wɔ adeyɛ yi mu no, adwene no mpo nya, “su afoforo.”

Hwɛ Na Ntetewmu Amma

Ebinom akyerɛ sɛ saa ɛnã ne ɔba ntam biakoyɛ yi amma wɔ awoe a, ɛde asɛnnennen ba akyiri yi. Ɛnte saa. Ɛnã a wofi ɔdɔ mu yɛ ma wonya mmere pii wɔ adapɛn a edi ɛno akyi no mu de hyehyɛ abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, abusuabɔ a ɛte saa a wɔde kame bere tenten no betumi de nsɛnnennen ankasa aba. Oduruyɛfo Restak ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛwom sɛ yɛn nyinaa hia yɛn ho yɛn ho wɔ yɛn asetram nyinaa de, nanso, saa ahiade no mu yɛ den yiye afe a edi kan no. Fa hann, hokwan a akokoaa de bɛhwɛ onipa anim, anigye a onya sɛ obi ma ne so, de no bɔ ne bo, gyigye no agoru, na oso ne mu kame akokoaa no—ɔrentumi nnyina ɛnonom a wɔde bɛkame no no ano.”

Nneɛma pii na ɛma mmofra su. Wɔtaa de hwehwɛ sɛ obi ma wɔn so. Sɛ wosu kosi bere bi akyi na obiara ammua wɔn a, wotumi gyae. Wɔte nka sɛ nea ɔhwɛ wɔn no mmua wɔn. Wosu bio. Sɛ obiara mmua wɔn ara a, wɔte nka sɛ wɔagyaw wɔn, wonni ahobammɔ. Wosu denneennen. Sɛ eyi kɔ so bere tenten na ɛyɛ ntoatoaso na obiara ammua a, akokoaa no te nka sɛ wɔapow no. Nea edi kan no ne bo fuw, denneennen mpo, awiei koraa no ogyae. Ntetewmu ba. Esiane sɛ wɔankyerɛ ɔdɔ amma no nti, onsua ɔdɔ. Onnya ahonim. Onnye obiara nni, onnwen obiara ho. Ɔbɛyɛ abofra bɔne na, ebi wɔ hɔ a, otirimɔdenfo a ɔnte ahonu biara nka wɔ nsɛmmɔnedi ho.

Ɔdɔ a wonya bere a edi kan a wohu obi no nyɛ n’awiei. Ɛsɛ sɛ ɛtoa so tra hɔ daa wɔ ɛno akyi. Ɛnyɛ nsɛm mu nko, na nneyɛe mu nso. “Mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yohane 3:18) Atuuyɛ ne anofew pii. Ntɛm ara, fa Onyankopɔn Asɛm Bible kyerɛkyerɛ nokware abrabɔ gyinapɛn ahorow ansa na aka akyiri dodo no. Ɛno na wo mma bɛyɛ sɛ Timoteo: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa.” (2 Timoteo 3:15) Nya bere ma wɔn da biara da, wɔn mmofrabere mu nyinaa ne bere a aka kakraa na wɔadi mfe aduonu no. “Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne sɔre mu.”—Deuteronomium 6:6, 7.

‘Yetumi Su, nanso na Ɛyɛ Yɛn Yiyedi’

Nteɛso ho asɛm haw nnipa pii. Nanso, sɛ wɔde ma wɔ ɔkwan pa so a, ɛyɛ ɔwofo dɔ no fã bi a ɛho hia. Abeawa ketewaa bi huu eyi. Ɔkyerɛw nhoma kɔmaa ne maame, na ɔkyerɛw so sɛ: “De kɔma Maame, De kɔma Ɔbaa Pa.” Ɔde kreyɔn ayɛ owia, nnomaa a wɔretu ne nhwiren kɔkɔɔ mfonini wɔ so. Krataa no kenkan sɛ: “Eyi yɛ wo de efisɛ yɛn nyinaa dɔ wo. Yɛde krataa yikyerɛ yɛn anisɔ. Sɛ yɛammɔ mmɔden wɔ sukuu a, wode wo nsa hyɛ yɛn nkrataa ase. Sɛ yɛyɛ mmofrabɔnede a, wohwe yɛn. Yetumi su, nanso yenim sɛ ɛyɛ yɛn yiyedi nti. . . . Nea mepɛ sɛ meka nyinaa ne sɛ medɔ wo yiye. Meda wo nea woayɛ ama me no nyinaa ho ase. Ɔdɔ ne anofew. [Mede me nsa ahyɛ ase] Michele.”

Michele ne Mmebusɛm 13:24 yɛ adwene: “Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.” Abaa a wɔde di dwuma a ɛkyerɛ tumi no betumi akyerɛ ɔhwe, nanso mpɛn pii no ɛnkyerɛ saa. Mmofra a ɛsono wɔn mu biara ne ne suban hwehwɛ nteɛso ahorow a ɛsonsonoe. Anim a wɔka wɔ ayamye mu no betumi ayɛ nea ɛdɔɔso; ebia agyimisɛm behia aduru a ano yɛ den: “Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.” (Mmebusɛm 17:10) Nea wobetumi de adi dwuma nso ne: “Wɔmfa nsɛm nteɛ akoa [anaasɛ, ɔba] so, efisɛ ɔte ase nso ommu.”—Mmebusɛm 29:19.

Bible mu no, asɛmfua “nteɛso” no kyerɛ akwankyerɛ a wɔde bɛma, ntetee, asotwe—a ɔhwe nso ka ho na wɔde asiesie suban. Hebrifo 12:11 kyerɛ n’atirimpɔw: “Na asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee.” Ɛnsɛ sɛ awofo de asotwe ma wɔ abufuw pii mu: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Na ɛnsɛ sɛ wɔto wɔn sraha nso: “Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Bɔne ho asotwe a wɔmfa mma no ka sɛ, ‘Yɛ nea wopɛ; nhaw me.’ Asotwe ka sɛ, ‘Yɛ nea ɛteɛ; Mepɛ w’asɛm.’

U.S.News & World Report, August 7, 1989, kae ma ɛfata sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ awofo a wɔmfa abufuw mma asotwe, nanso wɔde anohyeto pintinn ma na wokura mu no mma bɛyɛ mmɔdenbɔfo a wobetumi ne afoforo abɔ.” Asɛm no kae wɔ n’awiei sɛ: “Ebia nyansahu mu amanneɛbɔ a wɔaboaboa ano no nyinaa mu asɛntitiriw ne sɛ ɔdɔ ne ahotoso ne anohyeto a ntease wom ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ wɔ abusua biara mu no ne nea ɛho hia, ɛnyɛ ɛho nimdeɛ mu nkyerɛkyerɛmu pii no. Nteɛso, asɛmfua a ɛne Latin asɛm disciple (osuani) kyerɛ ade koro no nokware atirimpɔw ne sɛ, ɛnyɛ sɛ wɔbɛtwe mmofrabɔne aso na mmom sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn na wɔama wɔn akwankyerɛ na wɔaboa wɔn ma wɔanya ahosodi wɔ wɔn mu.”

Wɔte Nea Woka, Wosua Nea Woyɛ

Nteɛso ho asɛm bi a ɛwɔ The Atlantic Monthly mu nnianim asɛm ka sɛ: “Sɛ abofra bi awofo tra ase ma ɛne abrabɔ gyinapɛn a wɔkyerɛkyerɛ no hyia a, ɛnde wobetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛda suban pa adi.” Asɛm no kɔɔ so kyerɛɛ obi mu ahosodi so mfaso: “Ɛdaa adi sɛ na mmofra a wɔwɔ suban pa awofo ankasa yɛ wɔn a wɔhwɛ wɔn mma, wɔteɛ na wɔwɔ suban pa—wɔn a na wɔtra ase ma ɛne abrabɔ gyinapɛn a wogye di no hyia na wɔhyɛɛ wɔn mma nkuran sɛ wonni akyi. Bere a esiane nhwehwɛmu nti wɔde mmofra pa no fraa mmofra bɔnefo no, wɔn suban no ansakra titiriw biara. Na wɔde wɔn awofo abrabɔ gyinapɛn no ahyɛ wɔn mu tɔnn.” Ɛdaa adi sɛnea Mmebusɛm ka no: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.—Mmebusɛm 22:6.

Awofo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma abrabɔ pa nanso wɔn ankasa anni so no anni nkonim. Wɔn mma no “antumi amfa abrabɔ gyinapɛn a ɛte saa no anhyɛ wɔn mu.” Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “nea ɔde nsonsonoe no bae ne sɛnea awofo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne ɔbra pa a wɔkyerɛ wɔn mma no ahyia no.”

Ɛyɛe sɛnea ɔkyerɛwfo James Baldwin kae no: “Mmofra ntiee wɔn mpanyimfo yiye da, nanso wosuasua wɔn daa.” Sɛ wodɔ wo mma na wopɛ sɛ wokyerɛ wɔn nokware abrabɔ gyinapɛn a, fa ɔkwan a eye sen biara no di dwuma: Yɛ wo nkyerɛkyerɛ ahorow no ho nhwɛso. Nyɛ te sɛ kyerɛwfo ne Farisifo a Yesu frɛɛ wɔn nyaatwomfo no: “Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.” (Mateo 23:3) Anaasɛ te sɛ wɔn a ɔsomafo Paulo bɔɔ wɔn sobo no: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade?”—Romafo 2:21.

Ɛnnɛ nnipa pii ka sɛ Bible no bere atwam na n’akwankyerɛ nyɛ adwuma. Yesu de nsɛm yi kasa tia adwene a ɛte saa: “Nanso nyansa mma nyinaa bu no bem.” (Luka 7:35) Mmusua amanneɛbɔ ahorow a efi aman pii so no ma ne nsɛm no yɛ nokware.

[Kratafa 22 mfonini]

Akokoaa ne ɛnã no ntam abusuabɔ a emu yɛ den no boa no ma onyin wɔ nkate mu

[Kratafa 23 mfonini]

Bere a agya no benya ama akokoaa no nso ho hia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena