Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 2/8 kr. 30
  • Ɔyarefo Bi Bɛyɛ Obi A Oyi Onyankopɔn Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyarefo Bi Bɛyɛ Obi A Oyi Onyankopɔn Ayɛ
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Bere Aso sɛ Wotɔ Mpa Foforo?
    Nyan!—2000
  • Yesu Nguan Tie Ne Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Nyan!—1992
g92 2/8 kr. 30

Ɔyarefo Bi Bɛyɛ Obi A Oyi Onyankopɔn Ayɛ

YEHOWA ADANSEFO baanu a wɔyɛ afie afie ɔsom adwuma wɔ February 1984 mu no ne ɔbea bi kasae wɔ Corcovada akuraase, wɔ Añasco, Puerto Rico. Wɔtee apinisi bi fii ɔdan no mu na wobisae ɔbea no sɛ obi yare wɔ hɔ anaa.

Obuae sɛ: “Yiw, ɛyɛ me kunu. Wayare mfe 14, na sɛ ɛnyɛ sɛ obeguare anaa obedidi a, ompue.”

Adansefo baanu no kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔne ɔyarefo no kasa. Ne yere no kae sɛ ne kunu no mpɛ sɛ ɔne obiara kasa nanso sɛ Adansefo no pɛ sɛ wɔkɔ ne nkyɛn a, wobetumi akɔ.

Adansefo no mu biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛhyɛn ɔdan no mu na yehui sɛ ɔbarima no da mpa so. Bere a yehuu tebea a ɔwom no, n’ade yɛɛ yɛn mmɔbɔ. Na wayɛ mmerɛw araa ma ɔpopo. Yɛkaa Onyankopɔn Ahenni no ne asetra wɔ wiase a ɔyare ne owu mpo nnim ho anidaso no ho asɛm kyerɛɛ no. Osui. Mibisaa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔtra ase wɔ wiase foforo a obiara renyare wom no mu anaa.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Obuae sɛ: “Yiw. Yɛhyɛe sɛ yɛbɛsan aba na yɛne no asua Bible no. Ɔpenee so ma yɛsan kɔe, na yɛyɛɛ adesua no bere a ɔda mpa no so.

“Bere a yɛakɔ hɔ mpɛn dodow bi no, mehyɛɛ no nyansa sɛ ɔnsɔre ntra mpa no so na adesua no ayɛ mmerɛw ama no. Ɔsɔ hwɛe, ɛwom sɛ mfiase no otumi traa ase bere tiaa bi pɛ efisɛ na n’ani so biri no de. Wɔ adesua dodow bi akyi no, bere a onyaa ahoɔden kakraa no, mede nyansahyɛ mae sɛ yɛnyɛ adesua no wɔ asa no so. Ɔpenee so, na dapɛn biara yɛboa no ma ɔnantew kɔ hɔ.

“Ɔbarima no nyaa nkɔanim fɛfɛ wɔ n’adesua no mu, ɛwom sɛ na onhu ade papa na ne nsa popo araa ma na ɛyɛ den sɛ obekura ahwehwɛ a ɛbɛma nkyerɛwee no ayɛ akɛse no. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ mfe 14 a wayare no mu no, ɔnkohuu oduruyɛfo da efisɛ ontumi mfi fie hɔ. Enti yɛyɛɛ nhyehyɛe na yɛde no akɔ oduruyɛfo bi nkyɛn.

“Wɔyɛɛ n’ani oprehyɛn, na ankyɛ na otumi kenkan Bible no a ɔnhyɛ ahwehwɛniwa. Ne nsa mpo gyaee wosow. Ofii ase nantenantew fie hɔ daa, na awiei koraa no anadwo a ɔrekɔda nkutoo na ɔkɔda mpa so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii ase baa yɛn Kristofo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so.

“Bere bi akyi no, Yehowa Nyankopɔn ne Ne bɔhyɛ ahorow ho dɔ a nea anka ɔyɛ ɔyarefo yi wɔ no kaa no ma ɔkaa nea wasua no ho nsɛm kyerɛɛ afoforo. Ankyɛ na ɔne yɛn fii ase yɛɛ afie afie ɔsom adwuma no, ma ɛyɛɛ n’afipamfo ne ne nnamfo nwonwa. Ne ho san no araa ma ofii ase yɛɛ n’afum adwuma mpo.”

Wɔ November 1988 mu no, wɔkaa osuahu yi wɔ Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam bi ase, na ɔbarima no, Pedro Martinez, baa asɛnka agua no so. Awiei koraa no, wɔ November 1989 mu no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena