M’asetram Da Biako Bi Wɔ Hong Kong A Nnipa Kyere So Wɔ Hɔ No
Hong Kong yɛ wiase no mu mmeae a nnipa wɔ pii no mu biako. Esiane sɛ nnipa ɔpepem 5.8 na wɔte n’asase kilomita 1,070 no so nti, nnipa a wɔte asase no kilomita biako biara so dodow yɛ 14,483. Esiane sɛ asase no mu ɔha mu nkyem 10 pɛ so na nnipa te nti, sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, bɛyɛ nnipa 140,000 na wɔte kilomita a nnipa te so no biako so! Nanso, ɛte sɛ nea kurow a nnipa dɔɔso wom mu asetra ne mu nkyereso, dede a mfiri yɛ ne fĩ no akokwaw ɛhɔfo no yiye.
ME DƆN no nnyigyei a ano yɛ den no nyanee me anɔpa 7:30., na mesɔre fii me mpa so siesiee me ho ntɛm ara. Me ne m’awofo ne me nuanom mmea nkumaa baasa a wɔn nyinaa yɛ adwumayɛfo na ɛte ofi ketewaa no mu. Enti, yɛto aguare ho santen bere nyinaa, na yɛn bere no sua. Bere a mede ahopere adi anɔpaduan awie no, mefa me baesekre na mekɔ keteke gyinabea hɔ. Ɛda no mu ɔbrɛ no afi ase. Medan nnipadɔm a wɔrekɔ adwuma wɔ Hong Kong a adagyew nni hɔ no mu biako.
Me keteke no de me tu mmirika twa afie a ɛbobɔ ho pitipiti no ne abansoro adan a nnipa pii tete mu ho. Afei mefa bɔs de twa hyɛn gyinabea no. Yɛkɔfa asase ase kwan bi a lɔre akyere so pii wɔ so so. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yekopue wɔ Hong Kong Supɔw so, faako a m’adwumayɛbea no wɔ sikasɛm ho dwumadibea titiriw no. Akwantu no nyinaa betumi adi dɔnhwerew anaa dɔnhwerew biako ne fa, sɛnea lɔre dodow a ɛwɔ kwan no so bɛkyerɛ. Awiei koraa no ɛbɛbɔ 9:30 no na madu. Nanso minnya adagyew nhome—telefon no fi ase gyigye. Me nipa a odi kan wɔ ɛda no mu nen. Na saa na ɛyɛ da mu nyinaa—oyi frɛ na oyi afrɛ, mentaa mfa telefon no nto hɔ. Afei migyae bere tiaa kodi awia aduan.
Afei asɛnnennen no ne sɛ menya baabi atra wɔ mpɔtam hɔ adidibea ahorow no biako mu. Ɛte sɛ nea obiara bɔ mmɔden sɛ obedidi bere koro mu wɔ beae koro ne mpɛn pii no ɔpon koro so! Me ne wɔn a minnim wɔn koraa didi wɔ ɔpon biako so bio. Hong Kong a nnipa akyere so wɔ hɔ pii asetra nen. Afei bere a mede ahoɔhare adi Chinafo aduan a ahoɔden wom no awie no, mesan kɔ adwumam.
Anka ɛsɛ sɛ mepɔn adwuma 5:30 da biara, nanso ɛntaa nyɛ yiye saa. Sɛnea wɔbɛhwɛ kwan no, bere a mewie adwuma no na mɛhwɛ dɔn no na abɔ 6:15. Ɛtɔ da bi a nnɔnson pa ho ansa na matumi apɔn. Afei mesan twa kwan kɔ fie.
Nea edi kan no, mefa bɔs, afei mefa keteke no. Awiei koraa no, edu baabi a mesi no na mekɔfa me baesekre no. Bere a mete baesekre so rekɔ fie no, mekae sɛnea yɛn kurow ketewaa no adan nnɛyi kuropɔn a adagyew nnim no. Wɔasisi abansoro adan atenten a ɛtoatoa so fi 20 kosi 30 no asisi akuraase adan ntiantiaa no ananmu. Nsase pii so adan lɔre akwan akɛse a ɛtrɛw, na lɔre bebree a ɛyɛ dede de ahoɔhare fa akwan akɛse a ɛnam soro a wɔayeyɛ so. Kan asetra kwan a ɛyɛ bɔkɔɔ no to atwa koraa.
Yɛn fie yɛ kyɛyɛwaa bi—esua sen mita 28 ma yɛn nnipa baasia na minni me nkutoo dan. Enti na meda mpa a esi yɛn asa so hɔ so no. Anyɛ yiye koraa no, m’awofo wɔ wɔn nkutoo dan, na me nuanom mmea baasa no deda mpa a ebi si ebi so wɔ wɔn dan ketewaa no mu. Sɛ́ obi nkutoo benya ne dan no yɛ ahonya kɛse ma yɛn.
Ɛwom sɛ esua de, nanso eye koraa sen kan de no, bere a yɛn nyinaa da ɔdan biako mu wɔ ofi bi a aban na osii mu no. Nanso hwɛ sɛnea ɛno mpo ye sen nea ɔpepem pii a wɔtete Mong Kok mantam mu a wɔagyigye “adan nketenkete” a ɛtoa so abiɛsa abiɛsa a ne tenten mu yɛ mita 1.8 na ne sorokɔ yɛ mita 0.8 no da mu no. Wɔwɔ beae a wɔde matrɛse bɛto ne beae a wɔde wɔn nneɛma kakraa bi besisi. Wonni beae a wɔde nkongua besisi.
Ɛbɛbɔ nnɔnkoron no na obiara aba fie, na yedi yɛn anwummeduan. Anwummere adidi akyi no, obi sɔ TV. Ɛno sɛe anidaso a mewɔ sɛ mɛkenkan ade asua ade no. Metwɛn kosi sɛ obiara bɛkɔ akɔda nnɔn 11, na afei ɛka me nkutoo wɔ dan no mu ma minya asomdwoe ne kommyɛ a ɛbɛma matumi de m’adwebe asi adesua so. Ebedu ɔdasum no na me nso me nna bere aso.
Mayɛ adwuma fi bere a miwiee sukuu bɛyɛ mfe 12 a atwam ni no. Mepɛ sɛ meware daakye, nanso meyɛ adwumaden na matumi ahwɛ me ho araa ma minnya bere na me ne ɔbea afa adamfo sɛnea ɛfata. Na sɛnea yɛka no no, beae a yɛbɛtra hwehwɛ yɛ den sen sɛ obi bɛforo ɔsoro. Ɛwom sɛ yɛahu sɛnea wɔtra kurom asetra a emu yɛ den yi mu de, nanso wɔ me fam no, ɛte sɛ nea ɛmfata. Nanso mihu sɛ miye koraa sen nnipa ɔpepem pii, ebia ɔpepepem pii a wɔwɔ wiase no mmeae afoforo a wonni afie pa, anyinam ahoɔden akanea, nsu pa anaasɛ mmeae a ɛhɔ tew sɛnea ɛsɛ no. Nokwarem no yehia nhyehyɛe a eye sen eyi, wiase a eye sen eyi, asetra a eye sen eyi.—Sɛnea Kin Keung ka kyerɛe